BIBLE MU NIPA BI
Nya Akokoduru Na Kɔ So Bata Yehowa Nkurɔfo Ho Te Sɛ Benaia
Ná Benaia yɛ ɔsraani kokodurufo a na ɔka Ɔhene Dawid asraafo ho. Akyiri yi ɔbɛkaa Ɔhene Solomon asraafo nso ho. Ná Benaia papa yɛ ɔsɔfo; asɔfo nso de, na wɔnkɔ ko. Nanso Benaia nyaa akokoduru bɛyɛɛ ɔsraani ko maa Yehowa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, okum gyata wɔ abura bi mu, na okum ɔsraani tenten gram bi a okura akode nso. Dawid gyee Benaia dii paa, enti ɔde no sii n’awɛmfo so panyin.—2 Sam. 23:20-23.
Bere a Absalom ne Adoniya sɔre tiaa Dawid no, Benaia de, ɔkɔɔ so bataa Dawid ho. (2 Sam. 8:18; 15:18; 1 Ahe. 1:8) Dawid nkwakoraabere mu a na wɔresi Solomon hene no, Benaia kɔtaa Solomon akyi. (1 Ahe. 1:32-40) Nokwasɛm ne sɛ, bere a ebinom ammata Yehowa ne wɔn a wapaw wɔn no ho no, Benaia de, wanyɛ saa.
Yɛn nso yehia akokoduru paa na yɛatumi ako atia yɛn tamfo kɛse Satan ne n’akyitaafo. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo nso sɛ yɛbɛkɔ so de Yehowa mmara abɔ yɛn bra bere nyinaa. (Efe. 6:11; 1 Pet. 5:8, 9) Sɛ ebinom dan wɔn akyi kyerɛ Yehowa mpo a, yɛn de, yɛbɛkɔ so abata ne ho denneennen, na yegye di sɛ obehyira yɛn.—2 Sam. 22:26.