Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Bere bɛn na amanaman no bɛka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ”?
Ɔwɛn-Abana bi a ɛbaa nnansa yi ara mu no, “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” no ma yehui sɛ, ɛrenkyɛ Yehowa de “ne nsusuwii” bɛhyɛ “mmɛn du” anaa wiase aban ahorow no nyinaa adwenem, kyerɛ sɛ, ɔbɛma wɔde wɔn ahoɔden ne tumi ama “akekaboa kɔkɔɔ” a ogyina hɔ ma Amanaman Nkabom no. Saa akekaboa yi, ɔno ara na wɔsan frɛ no “akekaboa no honi no.” (Adi. 13:14, 15; 17:3, 16, 17) Afei “mmɛn du” no ne akekaboa a wɔama no tumi no bɛtow ahyɛ atorosom so asɛe no pasaa. “Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ”b a amanaman no bɛka no, wɔbɛka ansa na Yehowa asɛe atorosom, anaa ɔsɛe wɔn wie a na wɔbɛka?—1 Tes. 5:3.
Nea ɛwom paa ne sɛ, bere a amanaman no bɛka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ” no, yennim. Sɛ yenim a, anka ɛho renhia sɛ yɛwɛn na yɛma yɛn ani da hɔ. Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo mpɛn pii sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” (Mat. 24:42; 25:13; 26:41) Afei nkɔmhyɛ a Yehowa maa ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no, yensusuw ho nkɔ akyiri.
Paul kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛba sɛ wɔreka sɛ: ‘Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ!’ a, ɛnde mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so prɛko pɛ.” (1 Tes. 5:2, 3) Asɛm a Paul kae yi, yɛn nhoma ahorow no akyerɛkyerɛ mu mpɛn pii sɛ: Babilon Kɛse anaa atorosom nyinaa sɛe na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Enti sɛ aka kakraa bi ma ahohiahia kɛse no afi ase a, saa bere no na amanaman no bɛka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ.” Saa mpaemuka no na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase ara ne sa.
Nanso yɛasan asusuw ho akɔ akyiri ahu sɛ, asɛ ntease foforo bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so. “Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ” a amanaman no bɛka no, ebia atorosom sɛe akyi na wɔbɛka. Adɛn nti na yɛreka saa? Wo de, yensusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho.
Akodi a ɛrekɔ so wɔ wiase no, dɛn na atorosom ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ho wom bi? Bible ka sɛ: “[“Tuutuuni kɛse,” a wɔfrɛ no Babilon Kɛse no] mu na wohuu . . . wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa mogya.” (Adi. 17:1, 5; 18:24) Efi tete nyinaa, tuutuuni kɛse no na wahyɛ nkurɔfo kutupa ma wɔadi ako na wɔakunkum nnipa bebree. Enti sɛ yɛbɔ ne din a, nea ɛba nkurɔfo tirim ne akodi ne aturuturasɛm, na ɛnyɛ asomdwoe ne ahotɔ. Wei de asɛmmisa bi ba. Ɛne sɛ, ɛyɛ bere a wɔasɛe Babilon Kɛse no awie na amanaman no bɛka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ” anaa? Ebetumi aba saa, nanso yɛrentumi nsi no pi.
Sɛ amanaman no ka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ” a, ɛno akyi no, dɛn na ebesi? Paul kaa sɛ: “Mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so prɛko pɛ.” (1 Tes. 5:3) Sɛ ɛkɔba sɛ atorosom sɛe akyi na wiase aban ahorow no bɛka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ” a, ɛnde ɛno akyi pɛɛ na wɔn nso sɛe bɛba.
Sɛ nea Bible aka yi rebam a, dɛn na ɛbɛma Yehowa asomfo ahu? Paul kaa sɛ: “Anuanom, mo de, munni sum mu na saa da no abɛto mo mpofirim te sɛ nea adekyee hann pue akorɔmfo so no.” (1 Tes. 5:4) Sɛ ɛba sɛ amanaman no ka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ” wɔ atorosom sɛe akyi a, ɛnde Yehowa nkurɔfo behu sɛ amanaman no sɛe adu apon ano. Nanso amanaman no de, wɔn sɛe no remmɔ nkae; ɛbɛba wɔn so prɛko pɛ te sɛ ɔkorɔmfo.
Ɛnde, dɛn na yɛrehwɛ kwan sɛ ebesi? Ɛrenkyɛ koraa “mmɛn du” no ne akekaboa a wiase aban ahorow no de wɔn tumi bɛma no no bɛtow ahyɛ atorosom so asɛe no pasaa. Ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Yenim nso sɛ, sɛ edu baabi a, amanaman no bɛpae mu aka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ.” Bere bɛn na wɔbɛyɛ mpaemuka yi? Sɛnea yɛahu no, ebetumi aba sɛ ansa na wɔbɛsɛe atorosom no na wɔbɛyɛ mpaemuka yi. Ebetumi nso aba sɛ, sɛ wiase aban ahorow no tow hyɛ atorosom so sɛe no wie a, ɛnna wɔbɛyɛ saa mpaemuka no. Ebehia sɛ yɛtwɛn hwɛ nea ebesi. Mpɛn pii no, sɛ Bible nkɔmhyɛ renya mmamu anaa ɛba mu a, ɛnna yɛte ase yiye.—Fa toto Yohane 12:16 ho.
Nanso yɛrekasa yi de, ɛnyɛ nea ehia ne sɛ yebehu bere a amanaman no bɛpae mu aka sɛ “yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ.” Mmom nea ehia ne sɛ yɛbɛsom Yehowa yiye. Ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so wɛn na yɛma yɛn ani da hɔ,’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkwan a nsɛm no bɛfa so asisi biara yebehu.—1 Tes. 5:6.
a Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ November 2025 Ɔwɛn-Aban mu no.
b Sɛnea ɔsomafo Paul kyerɛw asɛm no ma yehu sɛ, ebetumi aba sɛ ɛnyɛ pɛnkoro pɛ na wɔbɛyɛ saa mpaemuka no, na mmom ebia wɔbɛka no mpɛn pii.