Mma Yɛ “Agyapade a Efi Yehowa Hɔ”
SƐ WOTE asɛmfua “agyapade” a, dɛn na ɛba wo tirim? Ebia nea ɛbɛba wo tirim ne sika, asaase, anaa biribi a ɛsom bo a wo busuani bi de ama wo. Agyapade a ɛte saa no som bo, na yegye di sɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara ahwɛ so yiye.
Bible ka sɛ mma yɛ “agyapade a efi Yehowa hɔ.” (Dw. 127:3) Enti, awofo a wɔsom Yehowa bu wɔn mma sɛ wɔyɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama wɔn. Wei nti wɔyɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban, wɔbɛma wɔn nea wɔhia, wɔbɛma wɔn ani agye, na wɔaboa wɔn ma wɔne Yehowa afa adamfo.
Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ awofo binom nhu wɔn mma sɛ wɔyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Yes. 49:15; 2 Tim. 3:1-3) Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔpɛ paa sɛ wɔhwɛ wɔn mma, nanso ɛnna fam mma wɔn. Ɛnde, nneɛma a ɛma ɛyɛ den sɛ awofo bɛhwɛ wɔn mma no, ebi ne sɛn? Dɛn na Yehowa pɛ sɛ awofo yɛ ma wɔn mma? Ɔkwan bɛn na awofo bɛfa so atete wɔn mma ma asi wɔn yiye?
ƆHAW NO
Nhyɛso a efi abusuafo ne afoforo hɔ. Aman bi so no, awofo a wɔn mma dɔɔso no, nkurɔfo bu wɔn paa. Enti awarefo betumi ate nka sɛ, sɛ wɔwo pii na wɔrentumi nhwɛ wɔn mpo a, ɛsɛ sɛ wɔwo, efisɛ ɛno na abusuafo ne afoforo pɛ.
Awarefo no daakye ho a wɔdwen. Aman bi so no, esiane yare, aduan pa a mmofra nnya nni, ne ayarehwɛ papa a enni hɔ nti, awarefo bi wo bebree sɛnea ɛbɛyɛ a anyɛ hwee koraa no, ebi wu a, ebi bɛka. Awarefo bi nso tumi wo bebree sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔbɔ nkwakoraa ne mmerewa a, wɔn mma no bɛhwɛ wɔn. Aman a aban no nni mmoa papa biara a wɔde ma nkwakoraa ne mmerewa no, ɛhɔ paa na awarefo taa yɛ saa.
Awo a wɔsiw ano. Mmeae afoforo nso, nneɛma a wɔde siw awo ano no nnɔɔso, enti ɛmma awarefo nnya nea ɛbɛboa wɔn. Awarefo bi nso wɔ hɔ a, nneɛma a wɔde siw awo ano a wɔbenya no nyɛ papa, enti wɔsuro sɛ anhwɛ a na akɔfa yare abrɛ wɔn. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔntumi ntɔ nneɛma a wɔde siw awo ano no, efisɛ ne bo yɛ den.a
DƐN NA YEHOWA PƐ SƐ AWOFO YƐ MA WƆN MMA?
Nya bere ma wo ba biara
Ma wo mma nea wɔhia. Yehowa pɛ sɛ awofo ma wɔn mma nea wɔhia. Enti Yehowa hwɛ kwan sɛ awofo bɛyere wɔn ho ayɛ adwuma na wɔama wɔn mma nyinaa anya aduan, ntaade, ne baabi a wɔde wɔn ti bɛto. Afei nso, Yehowa hwɛ kwan sɛ awofo bɛma wɔn mma anya nhomasua a ɛfata. Enti awofo hwɛ sɛ wɔremma wɔn mma nkɔtena sukuu mu sɛ wɔnkɔ sukuu. Mmom wɔma wɔtena wɔn nkyɛn kɔ sukuu na wɔsua biribi a ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi abɔ wɔn bra daakye. Bio nso, wɔnya bere ma wɔn ba biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mma no bɛte nka sɛ wɔdɔ wɔn na wɔdwen wɔn ho. Ne nyinaa akyi no, Yehowa nhwɛ kwan sɛ awofo bɛyɛ asikafo ansa na wɔatumi ahwɛ wɔn mma. Awofo a Yehowa de ne Dɔba no hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔntete no no mpo, na wɔnni sika, nanso wɔyeree wɔn ho yɛɛ adwuma hwɛɛ no.—Mat. 13:55, 56; Luka 2:24.
Bible mu afotusɛm: “Nokwasɛm ni, sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nkurɔfo, ne ne titiriw no, ne fifo a, wapo gyidi no, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni mpo.”—1 Tim. 5:8.
Yehowa nim sɛ, sɛ awofo nyin a, ebia wɔbehia mmoa. Nokwasɛm ne sɛ, ɔkwan baako a mma betumi afa so adi wɔn awofo ni ne sɛ wɔbɛhwɛ ama wɔn awofo anya nea wɔhia bere a wɔanyinyin. (Ex. 20:12; 1 Tim. 5:4) Nanso sɛ awofo amma sɛnea wɔn mma bɛhwɛ wɔn daakye no annye wɔn adwene, na mmom wɔyere wɔn ho hwɛ wɔn mma no a, ɛma Yehowa ani gye paa.—2 Kor. 12:14.
Kyerɛkyerɛ wo mma ma wɔnhu Yehowa. Awofo asɛde nso ne sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma wɔabɛdɔ Yehowa na wɔasom no. Yehowa hu no sɛ, ɛno ne ntetee a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ awofo de ma wɔn mma.—Deut. 6:6, 7.
Bible mu afotusɛm: ‘Monkɔ so ntete mo mma wɔ Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ mu.’—Efe. 6:4.
YEHOWA PƐ SƐ ƆBOA WO
Mma dodow a mopɛ sɛ mowo no, munni kan nsusuw ho
Munni kan nwen ho yiye. Sɛ mopɛ sɛ mowo a, monhwɛ sɛnea mo asetenam te. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ mowo bebree a, mubetumi ama wɔn aduan adi, ama wɔn ntaade ahyɛ, na mode wɔn nyinaa akɔ sukuu? Mohwɛ na morentumi a, munsusuw ho nhwɛ sɛ mobɛtew mma dodow a mopɛ sɛ mowo no so anaa. Ebia ɛno bɛboa mo ma moatumi ahwɛ wɔn mu biara sɛnea Yehowa pɛ. Ɛwom Yehowa nim sɛ, nea moabɔ mo tirim sɛ mobɛyɛ no, ɛnyɛ daa na ɛbɛkɔ pɛpɛɛpɛ saa. (Ɔsɛnk. 9:11) Nanso mmɔden biara a mobɛbɔ de atete mo mma sɛnea Yehowa pɛ no, obehyira so.
Bible mu afotusɛm: “Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.”—Mmeb. 21:5.
“Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi abantenten a onni kan ntena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɔde bewie?”—Luka 14:28.
Momfa Yehowa nni kan wɔ mo abusua no mu. Momma Yehowa som ho nhia mo nsen biribi foforo biara. Sɛ mowɔ mma dedaw a, momfa nsi mo ani so sɛ mobɛkyerɛkyerɛ wɔn mu biara ma wabɛdɔ Yehowa. Sɛ mokɔ adesua a, mommoa wɔn mma wɔntie nea ɛbɛkɔ so no yiye. Afei nso, monyɛ Abusua som nnawɔtwe biara. Mo ne wɔn nkɔ asɛnka nso, na monkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no. Ɛnsɛ sɛ mode saa asɛde yi to mo mma a wɔanyinyin anaa mo abusuafo so, efisɛ mo na ɛyɛ mo asɛde. Egye bere ne adwumaden na moatumi atete mo mma ma wɔabɛdɔ Yehowa, nanso emu nhyira dɔɔso.
Bible mu afotusɛm: “Biribiara nni hɔ a ɛma m’ani gye sen eyi: Sɛ́ mɛte sɛ me mma da so ara nam nokware no mu.”—3 Yoh. 4.b
Momfa mo ho nto Yehowa so. Sɛ afei na moredwen ho sɛ mobɛwo oo, sɛ mowɔ mma dedaw oo, munhu sɛ Yehowa akwankyerɛ a mubedi so no, ɛho hia koraa sen mo amammerɛ anaa nea nkurɔfo pɛ sɛ moyɛ.
Egye bere ne adwumaden na moatumi atete mo mma ma wɔabɛdɔ Yehowa
Sɛ moanwo bebree a, munnya awerɛhyem sɛ, sɛ munyin a, Yehowa bɛhwɛ mo. Enti ɛnsɛ sɛ munya adwene sɛ morewo na daakye mo mma abɛhwɛ mo. Ɛnsɛ sɛ musuro da sɛ munyin a morennya obi a ɔbɛhwɛ mo. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhwɛ mo, na Yehowa nso de, ɔhyɛ bɔ a, odi so.—Yos. 23:14.
Bible mu afotusɛm: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho nto w’ankasa wo ntease so. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔbɛma w’akwan ateɛ.”—Mmeb. 3:5, 6.
“Ná meyɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu sɛ Onyankopɔn apo ɔtreneeni anaasɛ n’asefo srɛsrɛ aduan.”—Dw. 37:25.
“Enti, monkɔ so nhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—Mat. 6:33.
Mma yɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama awofo. Enti sɛ awofo tete wɔn mma sɛnea Yehowa pɛ a, ɛma Yehowa ani gye paa! Wei nti, awofo dwen mma dodow a wɔbɛwo ho, na wɔdi Onyankopɔn akwankyerɛ so sen sɛ wɔbɛma wɔn amammerɛ anaa nea nkurɔfo pɛ sɛ wɔyɛ akyerɛ wɔn kwan. Afei nso, wɔma wɔn mma nea wɔhia, wɔma wɔn ani gye, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ Yehowa. Sɛ awofo yɛ wei nyinaa a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn mma paa na wɔbu wɔn sɛ wɔyɛ “agyapade a efi Yehowa hɔ.”
a Mma dodow a awarefo bi bɛwo ne bere a wɔpɛ sɛ wɔwo no, wɔn ara na ɛsɛ sɛ wɔsi ho gyinae. Afei nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa kwan bi so siw wɔn awo ano, na sɛ ɛnyɛ nea ɛbɛsɛe nyinsɛn a, ɛyɛ wɔn ara gyinaesi. Ɛnsɛ sɛ obiara bu wɔn atɛn wɔ gyinae a wɔbesi ho. (Rom. 14:4, 10-13) Bio nso, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔaware ma afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 7:3-5 no tena wɔn adwenem.
b Ɛwom, mma a kyerɛwsɛm yi ka ho asɛm no, ɛfa wɔn a na Yohane akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔabɛyɛ Kristofo ho. Nanso awofo nso tumi te nka saa ara fa wɔn mma a wɔsom Yehowa no ho.