BIBLE MU NIPA BI
Suro Onyankopɔn Te Sɛ Obadia
Ɔhemmɔne Ahab a na wama Baal som ate atese wɔ Israel no, Obadia na na ɔhwɛ ne fie so. ‘Efi Obadia mmofraase’ nyinaa na osuro Yehowa. (1 Ahe. 18:1-13) Enti bere a Ɔhemmaa Yesebel hyɛe sɛ wɔnkunkum Yehowa adiyifo nyinaa no, Obadia hui sɛ ɛsɛ sɛ onya akokoduru na ɔyɛ ho biribi. Odiyifo baako mpo, sɛ wode no rekosie a, na ɛyɛ hu, nanso Obadia de adiyifo 100 kohintawee. Saa bere no, na ɔkɔm kɛse bi asi ɔman no mu, nanso Obadia hwɛ maa wɔn nyinaa aduan. Ná adiyifo a wɔsom abosom no dɔɔso paa wɔ ɔman no mu, enti na ɛbɛyɛ den sɛ Obadia de Yehowa adiyifo no besie a wɔrenhu akyi nkɔbɔ ɔhene ne ɔhemmaa no amanneɛ.—1 Ahe. 18:19.
Ɔbarima a na osuro Yehowa yi, dɛn na yebetumi asua afi ne hɔ? Ɛwom sɛ na Obadia yam hyehye no sɛ Ahab hu akyi a ɔbɛtwe n’aso, nanso esiane sɛ na osuro Onyankopɔn paa nti, ɛmaa onyaa akokoduru de bɔɔ Yehowa adiyifo ho ban. Yɛn nso, sɛ yesuro Yehowa na wɔbara nokwaresom wɔ baabi a yɛte no a, ɛbɛma yɛanya akokoduru de aboa yɛn nuanom.