Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 February kr. 20-25
  • Woasiesie Wo Ho Ama Ɔhaw a Wubetumi Ahyia Wɔ W’asubɔ Akyi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woasiesie Wo Ho Ama Ɔhaw a Wubetumi Ahyia Wɔ W’asubɔ Akyi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BERE A YƐN NUA KRISTONI BI AYƐ BIRIBI AMA AHAW YƐN
  • BERE A W’ANI AGYINA NNEƐMA A WOAGYAW HƆ NO
  • BERE A OBI AGYAE YEHOWA SOM
  • ‘Wɔn a Wɔn Koma Abubu No, Yehowa Sa Wɔn Yare’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Yɛn Nuanom a Yɛbɛbɛn Wɔn No Ye Ma Yɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 February kr. 20-25

APRIL 27–MAY 3, 2026

DWOM 99 Anuanom Mpempem Bebree

Woasiesie Wo Ho Ama Ɔhaw a Wubetumi Ahyia Wɔ W’asubɔ Akyi?

“Mma m’anammɔn mmfi w’akwan so.” —DW. 17:5.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ sɛnea wɔn a wɔabɔ asu foforo betumi asiesie wɔn ho ama ɔhaw a wɔbetumi ahyia.

1-2. Ɔhaw a yebetumi ahyia wɔ yɛn asubɔ akyi no, dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho? Ma mfatoho.

ESIANE sɛ yɛwɔ Satan wiase mu nti, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ daa nneɛma bɛkɔ yiye. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛnea ɛte biara hintidua bɛba.” (Mat. 18:7) Asɛm a Yesu kae no nti, ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwene mu sɛ, ɔhaw de, ɛyɛ dɛn ara yebehyia bi. Ebi ne sɛ, yɛn nua Kristoni bi betumi atia yɛn nan so. Enti ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho, na sɛ ɔhaw no ba a yɛahu nea yɛbɛyɛ.

2 Wo de, yɛnhwɛ mfatoho bi. Yehowa asafo no taa hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsiesie yɛn ho mma atoyerɛnkyɛm. Ɛyɛ a yɛyɛ no sɛn? Nea edi kan, yɛbɔ mmɔden hu atoyerɛnkyɛm a ebetumi asisi wɔ yɛn mpɔtam. Sɛ afei koraa na yɛakɔtena mpɔtam hɔ foforo mpo de a, yɛma wei ho hia yɛn paa. Afei sɛ yehu atoyerɛnkyɛm a ebetumi asi a, yɛyɛ ntotoe na sɛ biribi si a yɛn ani antutu anka yɛn nsam. (Mmeb. 21:5) Yɛn nso, ɔhaw a yebetumi ahyia wɔ yɛn asubɔ akyi no, ɛsɛ sɛ yehu na yesiesie yɛn ho, na sɛ ɛba a yɛahu nea yɛbɛyɛ. Yɛyɛ saa na sɛ ɔhaw bi yi ne ti a, yebetumi agyina ano, na ansɛe yɛne Yehowa ntam. (Dw. 17:5) Ɛno nti, momma yɛnhwɛ ɔhaw mmiɛnsa bi a yebetumi ahyia wɔ yɛn asubɔ akyi ne nea yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho ama emu biara.a

BERE A YƐN NUA KRISTONI BI AYƐ BIRIBI AMA AHAW YƐN

3. Sɛ yɛbɔ asu wie a, ɔhaw bɛn na yebetumi ahyia wɔ asafo no mu?

3 Wokae bere a edi kan a wokɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam? Wuhuu ɔdɔ a na ɛwɔ wɔn ntam no, ɛma wugye dii sɛ woahu nokware no. (Yoh. 13:35; Kol. 3:12) Saa na Onuawa bi a ne din de Blancab tee nka. Nanso ɔbɔɔ asu akyi no, biribi a ɔnhwɛ kwan sii. Ɔka sɛ: “Onuawa bi ne me dii no nwenweenwene. Mihui nso sɛ na ɔkeka anuanom ho nsɛm yayaayaw. Nanso na mabehu sɛ, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɔdɔ ne asomdwoe atena wɔn ntam, enti manhwɛ kwan sɛ onuawa no bɛyɛ biribi saa.” Ɛwom, wo nuanom Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn suban ayɛ fɛ, nanso kae sɛ wɔyɛ nipa, enti bɔne wɔ wɔn ho. (Efe. 4:​23, 24; 1 Yoh. 1:8) Enti ɛtɔ da a, wɔn mu bi betumi aka asɛm bi anaa wɔayɛ biribi ama akɔ wo ho paa. (Yak. 3:8) Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a, nea onua anaa onuawa bi de ayɛ wɔn nti wɔagyae Yehowa som.

4. Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ na sɛ ɛba sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, yɛannyae Yehowa som? (Efesofo 4:32)

4 Dɛn na wubetumi ayɛ nnɛ na sɛ ɛba sɛ wo nua Kristoni bi yɛ biribi ma ɛyɛ wo yaw a, amma woannyae Yehowa som? Asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:32 (Kenkan) no, fa kɔ adwinnwen mu, na bɔ mmɔden sɛ wode bɛyɛ adwuma. Sɛ woyere wo ho sɛ wobɛda ayamye adi na woanya ayamhyehye ama afoforo a, ɛbɛboa wo paa na ankɔfa wati-me-ne-waka-me biara amma wo ne afoforo ntam. Afei nso, fa si w’ani so sɛ, sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw wo a, wubeyi wo yam de akyɛ no koraa. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woatumi ayɛ saa? Wo de, hwɛ mpɛn dodow a wosrɛ Yehowa sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo; wosrɛ no nso a ɔde kyɛ wo boro so. (Mat. 6:12) Sɛ wudwinnwen sɛnea Yehowa yi ne yam de wo bɔne kyɛ wo no ho a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wo nso wode afoforo mfomso bɛkyɛ wɔn.

5. Sɛ yɛn nua bi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, Bible mu afotusɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn? (Mmebusɛm 19:11) (Hwɛ mfoni no nso.)

5 Kenkan Mmebusɛm 19:11. Bible ma yehu sɛ, obi a ɔwɔ nhumuc no, sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw no a, ɔtwentwɛn n’abufuw ase. Saa afotusɛm yi aboa onuawa bi a wɔfrɛ no Rima; ɔbɔɔ asu mfe kakra ni. Ɔka sɛ: “Sɛ mihu sɛ me nua Kristoni bi ayɛ biribi ama ahaw me paa a, ɛhɔ ara na makae asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 19:11. Nea onipa no afa mu wɔ asetena mu, ntetee a onyae, ne nea enti a ebia ɔyɛɛ me saa no, ɛyɛ a mebɔ mmɔden dwinnwen ho. Afei nso, ɛyɛ a mebɔ mmɔden sɛ me ne onipa no bɛnantew asɛnka mu. Meyɛ saa a, ɛboa me ma mihu no yiye.” Asɛm paa na yɛn nua no aka no. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu yɛn nuanom yiye, na ɛno bɛma yɛate wɔn ase yiye. Ɛba saa na wɔyɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, ɛrenyɛ den sɛ yɛde bɛkyɛ wɔn.

Mfoni: 1. Anuanom mmienu resiesie Ahenni Asa bi abɔnten, na onua baako ani annye sɛnea onua foforo no ne no kasae no ho. 2. Akyiri yi, onua a asɛm no haw no no de anigye ne onua foforo no reyɛ afie afie asɛnka.

Sɛ mente-me-ho-ase bi wɔ wo ne wo nua Kristoni bi ntam a, bɔ mmɔden sɛ wo ne no bɛkɔ asɛnka (Hwɛ nkyekyɛm 5)


6. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛne yɛn nuanom ntam ayɛ kama?

6 Dɛn na wubetumi ayɛ na ama wo ne wo nuanom ntam ayɛ kama? Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wubehu wo nuanom Kristofo yiye a, suban pa a ɛwɔ wɔn ho no, ɛno paa na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so. (Fa toto Mmeb. 10:12; Rom. 12:10; Filip. 2:​2, 3 ho.) Onua bi a ɔbɔɔ asu nkyɛe a ne din de Mark yɛɛ saa na ɛboaa no paa. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɛn anuanom a ɛwɔ n’asafo mu, na ɔyɛɛ saa no, ohuu nneɛma bi a ɛnkɔ yiye wɔ wɔn ho. Nanso dɛn na ɔyɛe a amma wɔn sintɔ no anto no hintidua? Ɔka sɛ: “Mibehui sɛ, anuanom mfomso nketenkete na mede m’adwene si so. Nanso bere a mede saa mfomso no totoo bɔne akɛse a nkurɔfo yɛ wɔ wiase no ho no, mihui sɛ anuanom mfomso no nnu ho hwee. Enti mfomso nketenkete a ɛwɔ me nuanom ho no, mihui sɛ ɛnsɛ sɛ mede m’adwene si so. Mmom mifii ase hwehwɛɛ suban pa a ɛwɔ wɔn ho.” Sɛ wo nso woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ama wo ne anuanom ntam ayɛ kama wɔ asafo no mu.

BERE A W’ANI AGYINA NNEƐMA A WOAGYAW HƆ NO

7. Dɛn na ebetumi ama yɛn kɔn adɔ nneɛma a yɛagyaw hɔ wɔ Satan wiase no mu?

7 Bere a wobɛyɛɛ Yehowa Danseni no, yegye di sɛ w’ani gyei paa sɛ woagyaw Satan wiase bɔne no hɔ. Ebia wobɛka sɛ ‘Saa wiase bɔne yi de, hena paa na ɔpɛ sɛ ɔsan de ne ho kɔhyɛ mu?’ Nanso sɛ nneɛma mu yɛ den ma wo a, saa nneɛma a wugyaw no hɔ ansa na worebɛsom Yehowa no, w’adwene betumi asan akɔ so, na ebia wo kɔn bɛdɔ sɛ wobɛsan anya saa nneɛma no. (Fa toto Numeri 11:​4-6 ho.) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anuanom bi wɔ hɔ a, ebia na wɔyɛ nnwuma akɛse a ɛma wɔgyee din, nanso na egye wɔn bere, enti ebia wɔgyaee. Ebinom nso wɔ hɔ a, bere a wɔfii ase suaa Bible no, ebia wɔn nnamfo twee wɔn ho fii wɔn ho. Afoforo nso, ebia na subammɔne bi a wɔn ani gye ho aka wɔn hɔ, nanso bere a wɔbehui sɛ Yehowa kyi no, wɔyeree wɔn ho gyaee. Sɛ yɛma nneɛma a yɛagyaw hɔ wɔ Satan wiase no mu twetwe yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi Yehowa ho a, wunhu sɛ ɛbɛma ne werɛ ahow paa? Enti dɛn na wubetumi ayɛ nnɛ na sɛ wuhyia ɔhaw a, nneɛma a woagyaw no hɔ no, woansan ankɔ ho bio da?

8. Dɛn na yesua fi Abraham ne Sara hɔ?

8 Yɛhwɛ Bible mu a, yehu sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo pii gyaw nneɛma bi hɔ a anka wɔn kɔn betumi adɔ sɛ wɔbɛsan akɔ ho. Abraham ne Sara sei, bere a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntu mfi Ur kurow a na wɔabɔ ho ban no mu na wɔnkɔtena ntamadan mu no, wɔtiei. (Heb. 11:​8, 9) Ɛnyɛ dɛn ara a, ebia ɛwom ara a na wɔbɛkae asetena pa a na wɔwɔ wɔ Ur no. Nanso “sɛ wɔkɔɔ so kaee” nneɛma a wɔagyaw wɔ wɔn akyi, anaa wɔmaa wɔn ani gyinaa saa nneɛma no a, anka ɛbɛtwetwe wɔn sɛ wɔnsan nkɔ wɔn nkyi. Mmom wɔde wɔn ani sii nea na Yehowa de ahyɛ wɔn bɔ no so.—Heb. 11:​15, 16.

9. Nneɛma a ɔsomafo Paul gyaw hɔ bɛsom Yehowa no, obuu no sɛn? (Filipifo 3:​7, 8, 13)

9 Yɛnhwɛ ɔsomafo Paul nso; ogyaw nneɛma bi hɔ bɛsom Yehowa. Ansa na Paul rebɛyɛ Kristoni no, Gamaliel a na ɔyɛ mmaranimfo a wagye din no, ɔno na ɔkyerɛkyerɛɛ Paul. (Aso. 22:3) Ná anka Paul betumi abenya dibea kɛse wɔ Yudasom mu. (Gal. 1:​13, 14) Nanso bere a ɔtee asɛmpa no, ogyaw ne nyinaa hɔ. Bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni no, ɔfaa no fow anaa? Daabi, wamfa no fow saa. Wɔhwee no, ɔdaa afiase, na ɔno ara ne manfo nso tan n’ani. (2 Kor. 11:​23-26) Sɔhwɛ bebrebe a na ɔrehyia no, sɛ ɔde totoo asetena a na ɔwom kan no ho a, ebia anka ɔbɛka sɛ, ‘Me koraa mibedii Yesu akyi yɛɛ dɛn?’ Nanso Paul anyɛ saa, mmom hokwan kɛse a na wanya sɛ Yesu Kristo kyidini ne akatua kɛse a na obenya daakye no, ɛno na ɔde n’adwene sii so. Ná Paul gye di sɛ saa nhyira no dɔɔso sen nneɛma a na ɔde abɔ afɔre no koraa.—Kenkan Filipifo 3:​7, 8, 13.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛtaa dwinnwen ho? (Marko 10:​29, 30) (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Dɛn na yesua fi mu? Nneɛma a wugyaw hɔ wɔ Satan wiase no mu ansa na worebɛyɛ Kristoni no, sɛ wufi ase sɛ woredwinnwen ho a, ɛnde ɛyɛ a kae nea enti a wugyaw no hɔ no nso. (Ɔsɛnk. 7:10) Nhyira a wobaa nokware no mu woanya no, sɛ wode toto nneɛma a wugyaw no hɔ no ho a, wubehu sɛ nhyira no dɔɔso. Wo de hwɛ oo, seesei wo ne Amansan Hene no afa adamfo denneennen. (Mmeb. 3:32) Afei nso, anuanom a ɛwɔ w’asafo mu ne anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa abɛyɛ w’abusua, na wɔdɔ wo paa. (Kenkan Marko 10:​29, 30.) Bio nso, wowɔ daakye papa bi da w’anim! (Yes. 65:​21-23) Sɛ wotaa dwinnwen nhyira a Yehowa som ama woanya ho a, ɛda adi sɛ ɛremma w’ani nyɛ wo w’akyi w’akyi.

Sɛ anka wobɛma w’ani agyina nneɛma a woagyaw no hɔ no, fa anigye yɛ asɛnka adwuma a Yehowa de ahyɛ wo nsa no (Hwɛ nkyekyɛm 10)e


11. Dɛn na wusua fi Rosemary suahu no mu?

11 Onuawa bi a ne din de Rosemary bɔɔ asu no, na wadi bɛyɛ mfe 50. Nneɛma a ogyaw no hɔ no, yɛnhwɛ nea ɔyɛe a ɛma oyii n’adwene fii so. Ɔka sɛ: “Bere a mebɛyɛɛ Yehowa Danseni foforo no, edu Buronya bere a, na me werɛ ahow, efisɛ saa bere no, na me ne m’abusua hyiam gye yɛn ani. Ná m’ani gye ho sɛ mɛkyɛ m’adɔfo ade. Sɛ me mma ne me nananom twa Buronya dua no ho hyia na wɔbuebue akyɛde a mede ama wɔn no so, na mihu sɛnea wɔn ani agye no a, na me koma atɔ me yam sei.” Dɛn na aboa Rosemary? Ɔka sɛ: “Manya biribi de asi Buronya anan. Ɛne sɛ afe biara, mepɛ da bi ne m’abusuafo hyiam, mekyɛ wɔn ade, na mekyerɛ wɔn nea enti a mepɛ wɔn asɛm.” Rosemary hyiaa ɔhaw foforo nso. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Bere a mihuu nokware no, me nnamfo a na me ne wɔn bɔ no ne me twaa ayɔnkofa mu. Ɛtɔ da a na mafe wɔn, na na ɛma mete nka sɛ mayɛ ankonam.”d Dɛn na ɛboaa no? Ɔne anuanom mmea bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne wɔn bɛtaa akɔ asɛnka. Ɔka sɛ: “Meyɛɛ saa no, manya nnamfo foforo a medɔ wɔn na wɔsom bo ma me.” Dɛn na wubetumi asua afi onuawa yi hɔ? Nneɛma bi a na ɛma w’ani gye a wugyaw hɔ bere a wubehuu nokware no, ɛwom ara a, ebia w’ani begyina saa nneɛma no. Nanso wubetumi anya nneɛma foforo a ɛsom bo ahyɛ anan. (Filip. 4:​8, 9) Afei nso kae sɛ, sɛ wode wo ho ma Yehowa a, wontow wo ho ngui; nea ɔde bɛma wo no, ɛkyɛn nea wugyaw no hɔ no koraa.

BERE A OBI AGYAE YEHOWA SOM

12. Dɛn na ebetumi asi wɔ asafo no mu a ebetumi ahaw wo paa?

12 Bere a wobɛyɛɛ Yehowa Danseni no, ɛda adi sɛ ɛyɛɛ wo dɛ sɛ woagyaw wiase a aporɔw no hɔ abɛka Yehowa nkurɔfo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ bra pa no ho. (Yes. 65:14) Nanso ɛtɔ da a, ebia wobɛte sɛ obi ayɛ bɔne kɛse bi wɔ asafo no mu. Ebetumi aba mpo sɛ wɔbeyi onii no afi asafo no mu. (1 Kor. 5:13) Saa asɛm yi bi sii wɔ onuawa bi a ne din de Samar asafo mu. Yɛnhwɛ sɛnea ɛma ɔtee nka. Ɔka sɛ: “Mebɔɔ asu no, ankyɛ koraa na asafo mu panyin bi yɛɛ bɔne kɛse bi ma wɔyii no fii asafo no mu. Ɛkaa dɛ anka ɛreyɛ ato me hintidua, efisɛ na minnye nni sɛ asafo mu panyin betumi ayɛ Yehowa ne asafo no bɔne saa.” Ɛwom, yɛn nuanom de, bere nyinaa ɛsɛ sɛ yegye wɔn di sɛ wɔdɔ Yehowa, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani. (1 Kor. 13:​4, 7) Nanso awerɛhosɛm ne sɛ afe biara, wɔyi ebinom fi asafo no mu. Sɛ onii no yɛ obi a ɔbɛn wo paa anaa obi a wohwɛ no sua no a, ebetumi ahye wo paa.

13. Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ na sɛ obi a ɔbɛn yɛn gyae Yehowa som a, anto yɛn hintidua?

13 Dɛn na wubetumi ayɛ nnɛ na sɛ obi a ɔbɛn wo gyae Yehowa som a, anto wo hintidua? Kɔ so hyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa no mu den. (Yak. 4:8) Kae sɛ Yehowa na woasi gyinae sɛ wobɛsom no, enti mma wo gyidi nnyina obi de so. Ɛwom sɛ yɛne yɛn mmusua ne asafo no taa bom som Yehowa, nanso ɛsɛ sɛ yɛn ankasa nso bɔ mpae na yɛkenkan Bible daa.—Dw. 1:2; 62:8.

14. Dɛn na yesua fi ɔsomafo Petro asɛm no mu? (Yohane 6:​66-68)

14 Bere bi, Yesu akyidifo no bebree gyaee n’akyidi. Nanso nea ɔsomafo Petro yɛe saa bere no, yɛn nso yebetumi asua biribi afi mu. Asɛm a Yesu kae a ɛtoo ebinom hintidua no, ebetumi aba sɛ Petro nso ante ase. Nanso hwɛ nea ɔkae wɔ Yohane 6:​66-68. (Kenkan.) Ɛha yi, Petro ansuasua asuafo a wɔgyaee Yesu akyidi no, mmom ɔde n’adwene sii nokwasɛm a na Yesu akyerɛkyerɛ no no so. Enti Petro amma nea wɔyɛe no anto no hintidua. Ɛnnɛ nso, sɛ obi gyae Yehowa som a, mma ɛno nto wo hintidua, mmom kae sɛ Yehowa ahyehyɛde no na ɛmaa wuhuu nokware no, enti kɔ so bata ahyehyɛde yi ho na so nokware no mu denneennen. Samar a yɛadi kan aka n’asɛm no ka sɛ, “Da biara, mekae me ho sɛ, sɛ onipa baako bi yɛ bɔne a, ɛnkyerɛ sɛ saa na asafo no mufo nyinaa suban te. Afei nso, ɛnkyerɛ sɛ saa na Yehowa nso suban te.”

15. Dɛn na wusua fi nea ɛtoo Emily no mu?

15 Yɛnhwɛ nea ɛtoo onuawa bi a ne din de Emily. Ɔbɔɔ asu no, nnawɔtwe baako pɛ akyi na ne maame gyaw abusua no hɔ. Afei nso, wɔyii no fii asafo no mu. Emily ka sɛ: “Manna adwene ho da sɛ me maame betumi ayɛ biribi saa. Ɔhaw a mahyia no, wei kyɛn ne nyinaa, na mafe me maame nso paa.” Dɛn na aboa Emily? Ɔka sɛ: “Me papa boa me paa, na asafo no mufo nso ayɛ sɛ m’abusua; wɔka bɛn me, enti menyɛ ankonam. Minim sɛ obiara wɔ ne haw. Ɛno nti, ɛho hia sɛ yɛtwe bɛn yɛn ho yɛn ho, na yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.” (1 Pet. 5:9) Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn sɛ ɔhaw bi beyi ne ti ansa na yɛahyɛ yɛne yɛn nuanom ayɔnkofa mu den. Saa bere yi ara na ɛsɛ sɛ yɛbɛn yɛn nuanom paa. Yɛyɛ saa na sɛ ɔhaw bi yi ne ti a, ɛremma yɛnyɛ ankonam, efisɛ yenim sɛ yɛn nuanom wɔ hɔ a wɔbɛboa yɛn.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Kae nso sɛ, wɔn a Yehowa dɔ wɔn na ɔteɛ wɔn so. (Heb. 12:6) Obiara a wɔayi no afi asafo no mu no, Yehowa pɛ sɛ ɔsan ba. (2 Pet. 3:9) Enti sɛ wɔayi obi a ɔbɛn wo paa afi asafo no mu a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ mpanyimfo no bɛyɛ nea wɔbetumi biara aboa no ma wasan aba Yehowa nkyɛn.—2 Tim. 2:​24, 25.

Asafo mu mpanyimfo mmienu akɔsra ɔbarima bi a wɔyii no fii asafo no mu. Ɔpanyin baako abue Bible mu kura no, na baako no nso abue “San Bra Yehowa Nkyɛn” nhomawa no baabi de rekyerɛ ɔbarima no.

Sɛ wɔayi obi a ɔbɛn wo paa afi asafo no mu a, kae sɛ mpanyimfo no pɛ sɛ wɔboa no ma ɔsan ba Yehowa nkyɛn (Hwɛ nkyekyɛm 16)f


17. Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

17 Sɛ obi bɔ asu a, ɔhaw a obetumi ahyia no, yɛasusuw emu kakraa bi ho. Ɛwom ɔhaw no bi wɔ hɔ a, emu betumi ayɛ yaw paa, nanso nsuro. Nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de asiesie wo ho. Afei nso, mma wo werɛ mfi da sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ hɔ ma wo. Ɔno ara na waboa wo abesi saa bere yi, na ɔbɛkɔ so akurakura wo afebɔɔ! (1 Pet. 5:10) Sɔhwɛ biara a wubehyia no, ɔbɛhyɛ wo den na waboa wo ma woamia w’ani agyina mu. Sɛ woma Yehowa kɔ so boa wo a, ɔhaw biara a wubehyia no, ɛnyɛ ade a ɛbɛtwe wo afi Yehowa ho da!—Dw. 119:165; Rom. 8:​38, 39.

ƆHAW A YEBETUMI AHYIA A EDIDI SO YI, DƐN NA YEBETUMI AYƐ DE ASIESIE YƐN HO?

  • Bere a yɛn nua Kristoni bi ayɛ biribi ama ahaw yɛn

  • Bere a yɛn ani agyina nneɛma a yɛagyaw hɔ no

  • Bere a wɔayi obi afi asafo no mu

DWOM 154 Nokware Dɔ

a Ɛwom sɛ wɔn a wɔabɔ asu foforo na adesua yi kɔ ma wɔn, nanso ebetumi aboa yɛn nyinaa.

b Wɔasesa din ahorow no.

c Onipa a ɔwɔ nhumu no, sɛ obi ka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi a, ɔmfa no traa, na mmom odwen ho kɔ akyiri. Wei betumi ama wahu nea enti a onipa no kaa saa asɛm no anaa nea enti a ɔyɛɛ nea ɔyɛe no.

d Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa boa Bible asuafo ne wɔn a wɔabɔ asu foforo ma wɔn ani ka asafo no mu. Adesua asɛm a yɛato din “Asafo No Nyinaa, Mommoa Bible Asuafo Mma Wontumi Nnya Nkɔso Mmɔ Asu,” a ɛwɔ March 2021 Ɔwɛn-Aban mu no, hwɛ nkyekyɛm 15 ne 16.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi nam asɛnka mu, na wahu mmea bi a wɔrebɔ bɔɔl, na ama wakae bere a na ɔno ara nso bɔ bɔɔl no. Akyiri yi, onuawa no redi ɔbea bi a ɔbɔ bɔɔl adanse; ebia kan no, na ɔne no wɔ bɔɔlbɔ kuw baako mu.

f MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mpanyimfo mmienu akɔsra ɔbarima bi a wɔyii no fii asafo no mu, na wɔrehyɛ no nkuran sɛ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena