Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 February kr. 14-19
  • Yere Wo Ho Yɛ Nsakrae Na Bɔ Asu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yere Wo Ho Yɛ Nsakrae Na Bɔ Asu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A EBINOM TWENTWƐN WƆN NAN ASE
  • NEA ENTI A EHIA SƐ WOMA AWIEI NO TENA W’ADWENEM
  • NEA ENTI A ƐHO HIA SƐ ƐNNƐ YI ARA WOYƐ NSAKRAE BƆ ASU
  • Nea Asubɔ Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Woayɛ Krado Sɛ Wubehyira Wo Ho So Ama Yehowa Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • W’asubɔ Akyi No, Kɔ So Ara Di Yesu Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Ntwentwɛn Wo Nan Ase Sɛ Wobɛbɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 February kr. 14-19

APRIL 20-26, 2026

DWOM 49 Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam

Yere Wo Ho Yɛ Nsakrae Na Bɔ Asu

“Ɛnnɛ ne adom bere.”—2 KOR. 6:2.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wo ne Yehowa fa adamfo denneennen na wobɔ asu.

1. (a) Sɛ yɛbɔ asu a, ɛboa yɛn sɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

WOAHYIRA wo ho so ama Yehowa abɔ asu anaa? Sɛ saa a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ woasrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo ahonim pa. (1 Pet. 3:21) Afei nso, bɔ a woabɔ asu no, ɛyɛ nhwɛso pa ma wɔn a wo ne wɔn wɔ asafo mu a wɔnnya mmɔɔ asu no. Enti gyinae papa paa na woasi no! Nanso sɛ wunnya mmɔɔ asu nso ɛ? Yenim sɛ wodɔ Yehowa, na wopɛ sɛ woyɛ n’apɛde. Wunim nso sɛ ehia sɛ wobɔ asu na ama Yehowa de wo bɔne akyɛ wo, na woatumi afa no adamfo. (Aso. 2:​38-40) Wei nyinaa akyi no, ebia na woda so ara retwentwɛn wo nan ase. Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa wo? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛho hia paa sɛ yɛma awiei no tena yɛn adwenem. Nea etwa to, nea enti a ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae ntɛm bɔ asu no, yebesusuw ho.

NEA ENTI A EBINOM TWENTWƐN WƆN NAN ASE

2. Adɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu?

2 Ade baako a ɛma ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu ne ehu. Ɛwom sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa, nanso wɔsuro sɛ anhwɛ a wɔrentumi nyɛ nea ɛsɔ n’ani. Sɛ saa na wote nka a, kae sɛ, Bible mu nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ; nea ɔpɛ ara ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de asom no. Enti Bible mu nsɛm a ɛte saa no, kenkan na dwinnwen ho. (Dw. 103:​13, 14; Kol. 3:23) Afei nso, sɛ wusuro sɛ nkurɔfo bɛtan w’ani a, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo awerɛhyem a na odwontofo no wɔ no bi. Odwontofo no kaa sɛ: “Yehowa wɔ m’afã; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”—Dw. 118:6.

3. Dɛn bio na ebetumi ama ebinom atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu? (Hwɛ mfoni no nso.)

3 Ebinom nso wɔ hɔ a, nea enti a wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu ne sɛ, wɔsusuw sɛ wɔnnim Bible mu ahe biara. Nanso wohwɛ a, ɛsɛ sɛ wuhu biribiara wɔ Bible mu ansa na woabɔ asu anaa? Wo de yɛnhwɛ Bible mu asɛm yi. Bere bi a na ɔsomafo Paul ne Silas da afiase no, asaasewosow kɛse bi sii wɔ afiase hɔ, na ɛno akyi no, wɔdii nea ɔhwɛ afiase hɔ no ne ne fiefo adanse. Ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima no ne ne fiefo no hui sɛ Onyankopɔn na ɔmaa asaasewosow no sii sɛnea ɛbɛyɛ a Paul ne Silas benya wɔn ho atetew. Afei nso, wɔsuaa Yehowa ne Yesu ho ade pii saa anadwo no. Ɛno kanyan wɔn ma ‘wɔbɔɔ asu ntɛm ara.’ (Aso. 16:​25-33) Wo nso, sɛ wunim Yehowa, wufi wo koma nyinaa mu dɔ no, woate Bible nkyerɛkyerɛ ase sɛnea ɛfata, woanu wo ho wɔ wo bɔne ho, na woasi wo bo sɛ wode Onyankopɔn mmara bɛbɔ wo bra a, ɛnde wubetumi abɔ asu.—Mar. 12:30.

Paul ne Silas redi nea ɔhwɛ afiase hɔ no ne ne fiefo adanse anadwo. Wɔn nyinaa ayɛ aso retie.

Paul ne Silas dii nea ɔhwɛ afiase hɔ no ne ne fiefo adanse, na ɛno kanyan wɔn ma ‘wɔbɔɔ asu ntɛm ara’ (Hwɛ nkyekyɛm 3)


4. Ade foforo bɛn na ɛma ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Ebinom pɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso ɛyɛ wɔn sɛ nsakrae a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no bɛma wɔahwere biribi. Ɛwom, gyinae biara a wubesi no, ehia sɛ wususuw ho hwɛ sɛ ɛbɛboa wo anaa ɛremmoa wo. (Luka 14:​27-30) Nanso ebinom wɔ hɔ a, nsakrae a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔatumi abɛsom Yehowa no, wɔte nka sɛ wɔyɛ a ɛbɛma wɔahwere ade. Wo de, yɛnhwɛ Candace. Bere a ɔyɛ abofra no, osuaa Yehowa ho ade, nanso wamfa ammɔ ne bra. Bere a onyinii no, ofii ase suaa Bible bio. Ɔkaa sɛ: “Ná minim nea ɛsɛ sɛ meyɛ na matumi asɔ Yehowa ani, nanso ɔbra a na mewom no, na ɛma m’ani gye. Enti na minim sɛ ɛbɛyɛ den sɛ mɛsesa m’abrabɔ.” Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔnim sɛ, sɛ wɔbɔ asu a, Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔbɛbɔ bra a ɛho tew bere nyinaa, nso ɛyɛ wɔn sɛ wɔrentumi. Ɛyɛ a wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔn asubɔ akyi no, anhwɛ a na wɔakɔyɛ bɔne kɛse bi ama wɔayi wɔn afi asafo no mu. Sɛ weinom bi na ɛyɛ wo haw a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Onuawa bi ne ɔbea bi resua ade. Onuawa no rekasa, nanso ɔbea no retwa ho mfoni wɔ n’adwenem sɛ ɔne ne nnamfo wɔ disko, na ɔrenom nsa redi asa.

Ebinom wɔ hɔ a, nsakrae a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔatumi abɛsom Yehowa no, wɔte nka sɛ wɔyɛ a ɛbɛma wɔahwere biribi (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Sɛ yɛretwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛbɔ asu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so? (Mateo 13:​44-46)

5 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtɔ biribi a, ɛnyɛ ade no bo nko ara na yɛhwɛ, mmom yɛhwɛ mfaso a ɛwɔ so nso. Sɛ ade no bo yɛ den mpo na yehu sɛ ɛbɛboa yɛn paa a, ɛda adi sɛ yɛbɛtɔ no ntɛm ara. Sɛ woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu nso a, biribi saa na ɛsɛ sɛ woyɛ; nnwen nsakrae a ɛsɛ sɛ woyɛ no nko ara ho. Mmom sɛ wo ne Yehowa fa adamfo a, nhyira kɛse a wubenya no, ɛno paa na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so. Yesu de mfatoho mmienu kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu. (Kenkan Mateo 13:​44-46.) Mfatoho no biara mu no, ɔbarima bi kohuu biribi a ɛsom bo, na ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe. Wo nso, nokware no a woahu no som bo paa. Enti nsakrae a ehia sɛ woyɛ na woatumi asom Yehowa no, sɛ wunhu mfaso a ɛwɔ so a, ɛnde dwen Yesu mfatoho no ho yiye. Wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Nokware no a mahu no, migye di paa sɛ ɛyɛ biribi a ɛsom bo? Ayɔnkofa a me ne Yehowa wɔ, anidaso a wama manya, ne anuanom a wɔdɔ me a wama manya no, ɛsom bo ma me?’ Saa nsɛmmisa no ho mmuae betumi aboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woatumi abɔ asu.

6. Yɛbɛyɛ dɛn anya koma pa?

6 Ogufo ho mfatoho a Yesu mae no, ɔkyerɛe sɛ sɛnea ebinom koma te nti, ebetumi ayɛ den sɛ wɔbenya nkɔso. Nanso ɔsan kyerɛɛ mu sɛ, ebinom ‘de koma pa a emu tew’ betie Ahenni ho asɛmpa no. (Luka 8:​5-15) Enti nea woresua no, sɛ ɛyɛ wo sɛ worentumi mfa nyɛ adwuma a, mma w’abam mmmu. Efisɛ Onyankopɔn betumi aboa wo ma ‘woanya koma foforo,’ kyerɛ sɛ, obetumi aboa wo ma woadi n’akwankyerɛ so. Enti srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na nya koma pa, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛmpa no betumi awura wo komam.—Hes. 18:31; 36:26.

7-8. Dɛn na ɛtwe mmabun binom asubɔ san? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Mmabun a wɔdɔ Yehowa no bi wɔ hɔ a, nkurɔfo nsɛnkeka ne wɔn nneyɛe na ɛtwe wɔn san, enti wɔntumi mmɔ asu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia sukuu akyerɛkyerɛfo no bi betumi atu wɔn sukuufo fo sɛ abrabɔ a Onyankopɔn kyi mpo, sɛ obi de ne ho hyɛ mu a mfomso biara nni ho. Nanso sɛ obi tie saa afotu no a, ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ no. (Dw. 1:​1, 2; Mmeb. 7:​1-5) Nea ɛbɛboa wo ma woakwati ɔhaw a ɛte saa no, wubetumi asuasua odwontofo no. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Mewɔ nhumu sen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, efisɛ midwen wo nkaesɛm ho.”—Dw. 119:99.

8 Nhwehwɛmu kakra a yɛayɛ kyerɛ sɛ, awofo a wɔyɛ Adansefo no bi wɔ hɔ a, wɔtwe wɔn mma asubɔ san. Sukuu a wɔn mma bɛkɔ ne adwuma a wɔn mma no bɛyɛ na daa wɔka ho asɛm. Ebi nso a awofo no mmoa wɔn mma ma wɔmfa botae nsisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu. Nanso, sɛ wuhu sɛ w’awofo betumi aboa wo paa ma woanya nkɔso abɔ asu a, wo ne wɔn nsusuw ho. Sɛ woanyin oo, sɛ wusua oo, nya awerɛhyem sɛ wubetumi ne Yehowa afa adamfo.—Mmeb. 20:11.

Aberantewaa bi ne n’awofo rekasa, na wabue adesua 23 wɔ “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhoma no mu.

Wo ne w’awofo nsusuw w’asubɔ ho (Hwɛ nkyekyɛm 8)


9. Adɛn nti na ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu?

9 Ebinom wɔ hɔ a, wuhu sɛ wɔbetumi abɔ asu nanso wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ saa; ebia wɔretwɛn sɛ wɔne wɔn adamfo bi anaa wɔn busuani bi bɛbɔ asu da koro. Ɛwom, ɛnyɛ bɔne sɛ wo ne obi a wopɛ n’asɛm bɛbɔ asu da koro. Nanso wohwɛ a, ɛno yɛ biribi a ɛsɛ sɛ esiw wo kwan sɛ wobɛbɔ asu? Kae sɛ, sɛ wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn a, ɛyɛ wo ne ɔno nko ara ntam asɛm. Enti ɛnyɛ nea afoforo bɛyɛ na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ wo bere a wobɛbɔ asu.—Rom. 14:12.

NEA ENTI A EHIA SƐ WOMA AWIEI NO TENA W’ADWENEM

10. Ade foforo bɛn na ebia ɛbɛma ebinom atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ nsakrae abɔ asu?

10 Nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa da nkyɛn a, ade foforo a etumi ma ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu ne sɛ, ɛyɛ wɔn sɛ awiei no nnya mmae. Nanso wohwɛ a, eye sɛ obi benya saa adwene no? Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ: “Monyɛ krado, efisɛ bere a mo ani nna no, saa bere no na onipa Ba no bɛba.”—Luka 12:40.

11. Sɛnea Dwom 119:60 kyerɛ no, sɛ yesua Yehowa ho ade hu no yiye a, ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ dɛn?

11 Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yehyira yɛn ho so ma Yehowa. Enti sɛ yesua Yehowa ho ade hu no yiye a, ɛma yehu sɛ ɔdɔ yɛn paa, na yɛn yiyedi nti na ɔhyehyɛ mmara ma yɛn. Yehu no saa a ɛbɛma yɛn ho apere yɛn mpo sɛ yebedi n’ahyɛde so. (Kenkan Dwom 119:60.) Osuani Yakobo nso ma yehu ade foforo nti a ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebedi Yehowa mmara so: Ɛne sɛ, yɛn mu biara nnim ɔkyena asɛm. Enti da biara, ɛsɛ sɛ yɛyɛ “adepa,” kyerɛ sɛ, nea Yehowa pɛ na ɛsɛ sɛ yɛyɛ.—Yak. 4:​13-17.

12. Bobefuw ho mfatoho a Yesu mae no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

12 Wo de, yɛnhwɛ bobefuw ho mfatoho a Yesu mae no. Yesu kaa sɛ ebinom yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nso wɔne wɔn a wɔyɛɛ adwuma da mu nyinaa nyaa akatua koro. Ɛnde, wɔn a wɔyɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ no, adɛn nti na wɔanhyɛ ase ntɛm? Wɔkaa sɛ: “Obiara mmɔɔ yɛn paa ntia.” Ɛnyɛ sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ adwuma, mmom na obiara mmɔɔ wɔn paa. Enti bere a bobefuw wura no frɛɛ wɔn no, ntɛm ara na wɔkɔyɛɛ adwuma. (Mat. 20:​1-16) Ɛnnɛ nso, Yesu afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ n’asuafo na yɛnkɔka Ahenni ho asɛmpa no. Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea waka no ntɛm ara.

13. Nea ɛtoo Lot yere no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

13 Ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ nsakrae abɛsom Yehowa, efisɛ wɔsusuw sɛ aka kakraa bi ma awiei no aba a, wɔbetumi ayɛ saa nsakrae no. Nanso sɛ wunya saa adwene no bi a, wode no ɛnnɛ mɛyɛ, ɔkyena mɛyɛ, ɛdede mu saa ara ebedu baabi no, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛyɛ saa nsakrae no. Ná Yesu nim saa, enti ɔbɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ: “Monkae Lot yere no.” (Luka 17:​31-35) Ná Lot yere no nim paa sɛ aka dɛ ma Onyankopɔn asɛe Sodom ne Gomora, nanso asɛ na ne koma akodi nneɛma a wagyaw no hɔ no mu, enti na ontumi nyi n’adwene mfi so. (Gen. 19:​23-26) Afei nso, n’asɛm no kae yɛn sɛ, seesei Onyankopɔn abue pon no ato hɔ kakraa sɛ nnipa nsakra na wɔmmenya nkwa. Nanso sɛ ne bere a wahyɛ no so a, ɔbɛto pon no mu a ɔremmue bio.—Luka 13:​24, 25.

14. Bible nkɔmhyɛ a ɛfa awiei no ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan wo ma woyɛ?

14 Ade rekye a ade resa nyinaa, nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no ma yehu sɛ nkɔm a Bible hyɛ faa awiei no ho no rebam. Sɛ ebi nnya nsii wɔ baabi a wowɔ no mpo a, wuhu sɛ ebi resisi wɔ mmeae afoforo. Enti ɛsɛ sɛ ɛno kanyan wo ma woyɛ nsakrae ntɛm bɔ asu. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ tete Kristofo no bi sɛ ‘wɔnyɛ krado,’ anaa ‘wɔmma wɔn ani nna hɔ,’ efisɛ na ‘ade nyinaa awiei abɛn.’ (1 Pet. 4:7; ase hɔ asɛm) Kyerɛwsɛm yi mu no, ɛbɛyɛ sɛ “awiei” a na Petro reka ho asɛm no gyina hɔ ma Yerusalem ne asɔrefie no sɛe no. Wɔn a Petro kyerɛw saa asɛm no kɔmaa wɔn no, na wɔnte mmɛn Yerusalem koraa, enti na Yerusalem sɛe no renka wɔn. (1 Pet. 1:1) Nanso sɛ wɔnya hu sɛ saa nkɔmhyɛ no abam a, na ɛbɛma wɔanya ahotoso kɛse sɛ Yehowa bɔhyɛ a aka nyinaa nso bɛbam. Wo nso, sɛ wuhu sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa awiei no ho no rebam a, ɛsɛ sɛ ɛkanyan wo ma woyɛ nsakrae biara a ehia na wobɔ asu.

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho ma Yehowa da no? (2 Petro 3:​10-13)

15 Bere a ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a ɛtɔ so mmienu no, ɔkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho ma Yehowa da no. Bere a ɔkyerɛw saa asɛm no, na saa da no nnya mmae koraa, nanso ɔka kyerɛɛ Kristofo a na ɛwɔ hɔ no sɛ ‘wɔmma Yehowa da a ɛreba no nyɛ ntɛm wɔ wɔn adwenem’ anaa ‘wɔnhwɛ Yehowa da no kwan denneennen.’ (Kenkan 2 Petro 3:​10-13; ase hɔ asɛm) Sɛ yɛyɛ krado na yɛhwɛ Yehowa da no kwan denneennen a, ɛkyerɛ sɛ yɛrema saa da no ba ayɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem. Nea ɛkyerɛ sɛ yɛrehwɛ saa da no kwan denneennen ne sɛ, ‘yɛbɛma yɛn abrabɔ ho atew na yɛde onyamesom pa atena ase.’ Enti sɛ Yehowa hu sɛ woreyɛ saa a, ɛma n’ani gye paa! Sɛ ohu sɛ woahyira wo ho so ama no abɔ asu a, akyinnye biara nni ho sɛ obedi ahurusi paa!

NEA ENTI A ƐHO HIA SƐ ƐNNƐ YI ARA WOYƐ NSAKRAE BƆ ASU

16. Bere bɛn na eye paa sɛ woyɛ nsakrae na wobɔ asu? (2 Korintofo 6:​1, 2) (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Ɛnnɛ yi ara ne bere a eye paa sɛ woyɛ nsakrae na wobɔ asu. (Kenkan 2 Korintofo 6:​1, 2.) Etiopiani a ɔyɛ ahemfie panyin a Filipo hyiaa no no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ asu ntɛm ara. Enti bere a Etiopiani no tee asɛmpa no a onyaa hokwan sɛ ɔbɛbɔ asu no, wanka sɛ: ‘Mepɛ sɛ misua pii ka ho ansa. Wo de, ma menkɔ; mehu nsu foforo wɔ anim hɔ na mabɔ asu.’ Mmom obisaa Filipo sɛ, “Dɛn na esiw me kwan sɛ mɛbɔ asu?” (Aso. 8:​26, 27, 35-39) Wei yɛ nhwɛso papa paa ma yɛn! Bere a Etiopiani no bɔɔ asu wiei no, “ɔde anigye kɛse toaa so kɔɔ ne kwan.”

Mfoni: 1. Etiopiani a na ɔyɛ ahemfie panyin no de ne nan asi nsu bi mu, na Filipo reka akyerɛ no sɛ ɔmmra na ɔmmɔ no asu. 2. Onuawa a na ɔwɔ mfoni baako no mu ne ɔbea a na ɔne no resua ade no, wɔne mpanyimfo mmienu rekasa wɔ Ahenni Asa so, na wɔn ani agye.

Sua biribi fi Etiopiani a na ɔyɛ ahemfie panyin no hɔ: Ɛnnɛ yi ara ne bere a eye paa sɛ woyɛ nsakrae na wobɔ asu (Hwɛ nkyekyɛm 16)a


17. Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

17 Sɛ woretwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ asu a, ɛnde nya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ paa sɛ wobɛyɛ n’adamfo. (Rom. 2:4) Dɛn na ɛresiw wo kwan? Ɛyɛ ehu, anaa wususuw sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wobɛyɛ nsakrae, anaa nkurɔfo nsɛnkeka na ɛrebu w’abam? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi aboa wo. Sɛ wunya bɔ asu na wunya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim a, ɛda adi sɛ wo ara wubehu sɛ ‘nneɛma a woagyaw wɔ w’akyi no,’ ɛho nhia wo bio. (Filip. 3:​8, 13) Afei wubetumi anya awerɛhyem sɛ ‘nneɛma a ɛwɔ w’anim no,’ wo nsa bɛka; kyerɛ sɛ, nneɛma a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama no abɔ asu no, wo nsa betumi aka ne nyinaa.—Aso. 3:19.

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu?

  • Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ obi bɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ asu?

  • Bere bɛn na eye paa sɛ woyɛ nsakrae bɔ asu?

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea Etiopiani a na ɔyɛ ahemfie panyin no ka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no, Bible suani bi nso reka akyerɛ asafo mu mpanyimfo sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena