MARCH 30–APRIL 5, 2026
DWOM 76 Anigyesɛm Bɛn Ni!
Sɛ Worekyerɛkyerɛ Nokware No a, Ma W’anom Kasa Nyɛ Dɛ
‘ Yehowa, nokware Nyankopɔn no.’—DW. 31:5.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yɛbɛhwɛ sɛnea yɛbɛka nokware, ne sɛnea yɛbɛka nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu ma atɔ nkurɔfo koma so.
1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Yehowa agye yɛn atom wɔ n’abusua mu?
SƐ YEHYIA yɛn nua Yehowa Danseni bi na yɛne no rebɔ nkɔmmɔ a, asɛm a yɛtaa bisa ne sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wubehuu nokware no?” Ɛyɛ a ebinom ka sɛ wɔn awofo tetee wɔn wɔ nokware no mu. Afoforo nso tumi ka sɛ nnansa yi ara na wɔbaa nokware no mu. Sɛ yɛde nokware no tetee yɛn oo, sɛ nnansa yi ara na yɛreba mu oo, yɛn mu biara ma nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu kyerɛ no kwan wɔ biribiara mu. Efisɛ yenim sɛ, sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra a, ɛno na ɛbɛma Yehowa agye yɛn atom wɔ n’abusua mu. Ade baako a ɛkyerɛ sɛ yɛde nokware no rebɔ yɛn bra ne sɛ yɛbɛka nokware na yɛabɔ bra pa.—Dw. 15:1-3.
2. (a) Dɛn na na nkurɔfo de nim Yesu? (b) Nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no, sɛn na na ɛbɛma nkurɔfo ayɛ wɔn ade?
2 Ná Yesu ka nokware bere nyinaa, na na obiara nim saa. Ná n’atamfo mpo gye tom sɛ ɔka nokware, nanso na wɔmpɛ nokware no. (Mat. 22:16) Yesu maa n’asuafo no huu sɛnea nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade wɔ nokware a na ɔrekyerɛkyerɛ no ho. Ɔkaa sɛ: “Mede mpaapaemu na ɛbae, na ɔbarima asɔre atia ne papa, na ɔbabea asɔre atia ne maame, na ɔbea warefo asɔre atia n’asebea.” (Mat. 10:35) Ɛnyɛ nea na Yesu pɛ ne sɛ nkurɔfo bɛsɔre atia ɔne n’asuafo no, nanso na onim sɛ nokware a ɔka nti, ɛyɛ dɛn ara a saa na ɛbɛba. (Mat. 23:37) Ná onim sɛ nokware a ɔreka no bɛma nnipa a ɛwɔ wiase no mu akyɛ mmienu; ná ebi ani begye ho, na na ebinom nso remfa nyɛ hwee.—2 Tes. 2:9-11.
3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Yɛn nso nokware a yɛka nti, yɛn ho yɛ nkurɔfo ahi, nanso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka nokware bere nyinaa de asuasua Yesu. Afei nso, nokware a ɛwɔ Bible mu a yɛkyerɛkyerɛ no, ebinom mpɛ ate koraa, nanso yɛnka yɛn ano ntom. Wohwɛ a, wei kyerɛ sɛ ɔkwan a yɛbɛfa so akyerɛkyerɛ nokware no ne bere a yɛde bɛyɛ saa no, ɛnsɛ sɛ yedwen ho anaa? Daabida! Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae: Ɛhefa na yebehu nokware no? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka nokware? Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so aka no? Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nokware no? Saa nsɛmmisa no ho mmuae bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛma yɛn anom kasa ayɛ dɛ bere a yɛrekyerɛkyerɛ nokware no, ne bere a ɛfata sɛ yɛkasa.
ƐHEFA NA YEBEHU NOKWARE NO?
4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa hɔ na nokware no fi?
4 Yehowa hɔ na nokware no fi. Enti asɛm biara a ɔka yɛ nokware. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ne mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware. (Dw. 19:9; 119:142, 151) Afei nso, nkɔm biara a ɔhyɛ bam. (Yes. 55:10, 11) Ɔhyɛ bɔ biara nso a, odi so. (Num. 23:19) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa rentumi nni atoro da! (Heb. 6:18) Wei nyinaa nti na Bible ka sɛ Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn” no.—Dw. 31:5.
5. Adɛn nti na ɛnyɛ den sɛ yebehu “nokware Nyankopɔn” no? Kyerɛkyerɛ mu. (Asomafo Nnwuma 17:27)
5 Ebinom ka sɛ ɛyɛ den sɛ yebehu “nokware Nyankopɔn” Yehowa, nanso ɛnyɛ nokware. Efisɛ biribiara a atwa yɛn ho ahyia di adanse sɛ ɔwɔ hɔ. (Rom. 1:20) Bere bi a na ɔsomafo Paul ne Greekfo nhomanimfo binom rekasa wɔ Atene no, ɔkaa sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ‘yehu no,’ na “ɔne yɛn mu biara ntam nware.” (Kenkan Asomafo Nnwuma 17:27.) Nea ɛwom ne sɛ, nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase a wɔrehwehwɛ nokware no, Yehowa twe wɔn ba ne nkyɛn.—Yoh. 6:44.
6. Nokware a ɛwɔ Bible mu no, ebi ne nea ɛwɔ he, na adɛn nti na ɛyɛ wo dɛ sɛ woahu saa nokwasɛm yi?
6 Ɔkwan baako a yebetumi afa so ahu Yehowa ne sɛ yebesua Bible. Mmarima a wɔkyerɛw Bible no, Onyankopɔn honhom kronkron na ɛmaa wɔtumi kyerɛwee. (2 Pet. 1:20, 21) Enti asɛm biara a ɛwɔ Bible mu yɛ nokware, na yebetumi agye adi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, ne nnipa ne mmoa. (Gen. 1:1, 26) Afei nso, ɛma yehu nea enti a nnipa nyinaa yɛ abɔnefo ne nea enti a amanehunu ne owu atu atese saa. (Rom. 5:12; 6:23) Bio nso, ɛka sɛ ɔhaw a Satan a ɔyɛ “atoro agya” no akɔfa aba no, Yehowa nam ne Ba no so besiesie ne nyinaa. (Yoh. 8:44; Rom. 16:20) Bible ka nso sɛ, Yesu bɛsɛe abɔnefo, obenyan awufo, obesiesie asaase no, na waboa yɛn ama bɔne ne sintɔ biara afi yɛn ho. (Yoh. 11:25, 26; 1 Yoh. 3:8) Nea Bible ka yi nyinaa, yebetumi agye adi paa. Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn nokware no, na wama yɛn kwan sɛ yɛmfa nkyerɛkyerɛ afoforo nso. Wei yɛ hokwan kɛse a ɔde ama yɛn!—Mat. 28:19, 20.
ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐKA NOKWARE?
7-8. Adwene a yɛde ka nokware no ho hia anaa? Ma ɛho nhwɛso. (Marko 3:11, 12) (Hwɛ mfoni no nso.)
7 Sɛnea yɛadi kan ahu no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛka Yehowa abusua no ho a, ɛsɛ sɛ yɛka nokware. Nanso sɛ Yehowa begye yɛn atom a, ɛnyɛ nokware kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yɛka, mmom adwene a yɛde ka nokware no nso ho hia Yehowa. Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, yɛnhwɛ nea esii bere bi. (Kenkan Marko 3:11, 12.) Bere bi a na Yesu reka asɛm no wɔ baabi a ɛbɛn Galilea po no, nnipadɔm betwaa ne ho hyiae. Ná nnipa bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so ka saa nnipadɔm yi ho, na wɔbɛhwee Yesu nan ase teɛteɛm sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.” Adɛn nti na ahonhommɔne no kaa saa nokwasɛm yi faa Yesu ho? Ebia na wɔpɛ sɛ wɔn a wɔtee no gye wɔn di, na wɔde no nkakrankakra atwe saafo no afi Yehowa ho. Nea ahonhommɔne no kae no, na ɛyɛ nokware, nanso na wɔnkura adwempa. Yesu de, na wɔrentumi ntu mfuturu ngu n’ani, efisɛ na wahu wɔn adwene dedaadaw. Enti ɔka kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ mma wɔnka ne ho asɛm nkyerɛ obiara.
8 Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Ɛne sɛ, nea enti a yɛka nokware no ho hia Yehowa paa. Wei nti, Yehowa ho dɔ na ehia paa sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ nokware no, na sɛ afoforo de ɛho anuonyam ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛde ne nyinaa ma Yehowa!—Mat. 5:16; fa toto Asomafo Nnwuma 14:12-15 ho.
Sɛ worekyerɛkyerɛ nokware no a, hena na ɛyɛ a wohyɛ no anuonyam? (Hwɛ nkyekyɛm 7-8)
9. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?
9 Wo de, yɛnhwɛ biribi foforo a ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho anuonyam wɔ ho. Fa no sɛ asafo mu panyin bi aka kokoam asɛm bi akyerɛ yɛn, nanso wobɛhwɛ na yɛrekeka kyerɛ afoforo. Wɔn a yɛbɛka akyerɛ wɔn no, akyiri yi sɛ wɔbehu sɛ nea yɛkae no yɛ nokware a, ebia wɔn ani begye yɛn ho, na wɔanya adwene sɛ yenim kokoam nsɛm bebree. Ɛba saa a, ebia wɔde obu soronko bi bɛma yɛn, nanso ɛrensɔ Yehowa ani. (Mmeb. 11:13) Adɛn ntia? Efisɛ yenni hokwan sɛ yeyi kokoam nsɛm adi ɛmfa ho sɛ nea yɛkae no yɛ nokware no. Ɛno da nkyɛn a, adwene a yɛde kae no nso nye.
ƆKWAN BƐN NA YƐBƐFA SO AKYERƐKYERƐ NOKWARE NO?
10. Sɛ Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anom kasa ‘yɛ dɛ’ a, dɛn na ɛkyerɛ? (Kolosefo 4:6)
10 Kenkan Kolosefo 4:6. Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔte Kolose no sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn anom kasa ‘yɛ dɛ bere nyinaa.’ Ɛno kyerɛ sɛn? Greek asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no, nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ yɛrekasa a, ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm a ɛbɛboa nkurɔfo. Ɛno da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛka ma ɛyɛ dɛ, na ɛtɔ wɔn koma so.
11-12. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ nokware no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye? Ma mfatoho. (Hwɛ mfoni no nso.)
11 Afotu a Paul de mae a ɛne sɛ yɛmma yɛn anom kasa nyɛ dɛ no, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ afoforo nokware no a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. Bible ka sɛ, nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu te sɛ sekan a ano yɛ nnam a etumi paapae ɔkra ne honhom mu. Nea wei kyerɛ ne sɛ, nea ɛwɔ yɛn mu ankasa no, Onyankopɔn Asɛm no betumi ama ada adi. (Heb. 4:12) Nanso sɛ yɛamfa Bible no anni dwuma yiye a, ebetumi ahyɛ nkurɔfo abufuw na akɔfa akyinnye hunu aba. Ɛbɛyɛ dɛn na biribi a ɛte saa atumi asi?
12 Wo de, yɛmfa no sɛ yɛwɔ asɛnka mu, ɛnna yɛakɔto papa bi. Ɔyɛ obi a ɔtaa bɔ ahoni mpae, na ɔne n’abusua di Buronya ne Easter. Ɛwom, yebetumi ama wahu afi Bible mu sɛ ɛnyɛ papa sɛ obi bɛbɔ ahoni mpae, na yɛakyerɛ no sɛ Buronya ne Easter fi abosonsom mu. (Yes. 44:14-20; 2 Kor. 6:14-17) Nanso sɛ yɛyɛ saa da a edi kan no ara a, nokware no na yɛaka akyerɛ no de, nso yɛyɛ saa a na yɛamfa Onyankopɔn Asɛm no anni dwuma yiye.
Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ nokware no yiye? (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)a
13. Yɛbɛyɛ dɛn ama nkyene aba yɛn kasa mu?
13 Paul kae nso sɛ yɛmma nkyene mmara yɛn kasa mu. Ɛnyɛ nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, sɛ asɛm nokware wɔ hɔ a, yɛnkatakata so anaa yenkyinkyim no. Mmom na ɔrehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma yɛn kasa nyɛ dɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛka nokware no akyerɛ nkurɔfo ma aka wɔn koma. (Hiob 12:11) Nanso wei yɛ betumi ayɛ den. Sɛ yɛnoa aduan a, anhwɛ a yebetumi anya adwene sɛ, nkyene dodow a yɛpɛ wɔ aduan no mu no, saa ara na obiara pɛ no. Sɛ yɛrekasa nso a, anhwɛ a yebenya adwene sɛ sɛnea yɛkasa no, obiara ani gye ho, nanso ɛnyɛ nokware saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wokɔ aman bi so a, nkurɔfo ka wɔn nsɛm penpen; sɛ onipa no anyin kyɛn wɔn mpo a, saa ara na wɔkasa kyerɛ no. Nanso aman foforo so no, wɔnkasa saa, enti sɛ obi ka ne nsɛm penpen saa a, wɔhu no sɛ entwa yiye, na etumi haw wɔn paa. Paul kaa sɛ ɛsɛ sɛ yehu sɛnea ‘yebebua obiara.’ Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛrekasa a, ɛsɛ sɛ yɛto yɛn kasa mu nkyene ma ɛyɛ nea ɔretie yɛn no dɛ, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛkasa sɛnea yɛpɛ.
BERE BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐKYERƐKYERƐ NOKWARE NO?
14. Yesu wɔ asaase so no, ɔkyerɛɛ n’asuafo no biribiara a onim anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
14 Sɛ Yesu rekasa akyerɛ n’akyidifo no a, na ɔma n’anom kasa yɛ dɛ bere nyinaa, na ɔtoo ne bo ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii. (Mar. 6:34) Nanso na wɔda so ara wɔ nneɛma pii sua. Wohwɛ a, Yesu hwiee nea onim nyinaa guu wɔn so anaa? Daabi. Ná onim sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, bere nnya nsoe sɛ wɔbɛte ase. Ɔkaa mpo sɛ, nsɛm a ɔwɔ ka kyerɛ wɔn no, wɔrentumi nsoa. (Yoh. 16:12) Dɛn na yesua fi wei mu?
15. Biribiara a yenim no, ɛsɛ sɛ yehwie ne nyinaa gu yɛn Bible asuafo so prɛko pɛ anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Mmebusɛm 25:11) (Hwɛ mfoni no nso.)
15 Nea Yesu yɛe no ma yehu sɛ nokware no a yenim no nkyerɛ sɛ, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, biribiara a yenim no, ɛsɛ sɛ yehwie ne nyinaa gu wɔn so prɛko pɛ. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Ɛsɛ sɛ yɛte nkurɔfo ase. Wo de, yɛnsan nhwɛ papa no a ɔne n’abusua di Buronya ne Easter no. Yenim sɛ saa afahyɛ ahorow yi fi abosonsom mu, na Onyankopɔn nnye ntom. Nanso fa no sɛ, aka nnawɔtwe anaa nnawɔtwe mmienu ama wɔadi Buronya no na wufii ase ne papa no suaa ade. Sɛ yɛma ohu nea Bible ka fa abosonsom afahyɛ ahorow ho na yɛhwɛ kwan sɛ ɛhɔ no ara obegyae Buronya di a, wohwɛ a yebetumi aka sɛ yɛmaa yɛn anom kasa yɛɛ dɛ? Ɛwom, Bible asuafo bi wɔ hɔ a, nea wɔsua fi Bible mu no, wɔde yɛ adwuma ntɛm ara. Afoforo nso de, egye bere ansa na wɔatumi ayɛ nsakrae. Sɛ yebetumi aboa yɛn Bible asuafo ama wɔanya nkɔso a, nea ehia sɛ wɔhu no, ɛsɛ sɛ yehu bere a ɛfata anaa bere a wɔbetumi asoa na yɛka kyerɛ wɔn.—Kenkan Mmebusɛm 25:11.
Sɛ yebetumi asuasua Yesu a, ɛsɛ sɛ yehu bere a ɛfata a yɛde bɛkyerɛkyerɛ nokware no. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yehwie biribiara gu wɔn so prɛko pɛ (Hwɛ nkyekyɛm 15)
16. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible asuafo ama ‘wɔakɔ so anantew nokware no mu’?
16 Sɛ yɛboa nkurɔfo ma wɔbehu Yehowa ho nokwasɛm a, anigye a yenya no, ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛ mu mpo. Sɛ yebetumi aboa afoforo ma ‘wɔakɔ so anantew nokware no mu’ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea edidi so yi: Kɔ so yɛ nhwɛso pa ma wɔn. (3 Yoh. 3, 4) Fa w’abrabɔ kyerɛ sɛ bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, wugye di paa. Sɛ woreka nokware a, fa adwempa yɛ saa. Sɛ worekyerɛkyerɛ nokware no a, ma w’anom kasa nyɛ dɛ bere nyinaa, na hu bere a ɛfata sɛ woka nsɛm bi. Afei nso, sɛ nkurɔfo kamfo wo a, fa ɛho anuonyam nyinaa ma Yehowa. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wosom nokware Nyankopɔn Yehowa.
DWOM 160 “Asɛmpa”!
a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfoni a edi kan no mu no, onua bi wɔ asɛnka mu, na wahu sɛ Buronya dua si papa bi fie; ɔde asɛm bi a ɛwɔ jw.org a ɛkyerɛ sɛ Buronya fi abosonsom mu rekyerɛ no. Mfoni a ɛtɔ so mmienu no mu no, onua no de asɛm bi a ɛwɔ jw.org a ɛbɛboa agyanom rekyerɛ papa no. Akwan mmienu yi, wohwɛ a emu nea ɛwɔ he na ɛbɛboa paa?