JUNE 8-14, 2026
DWOM 8 Yehowa Ne Yɛn Guankɔbea
“Nokware Nyankopɔn No” Di Ne Bɔhyɛ So Bere Nyinaa
“O Yehowa, nokware Nyankopɔn, woagye me.” —DW. 31:5.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Ɛbɛma yɛanya ahotoso sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɛrenkyɛ ɔde n’Ahenni no bɛba abeyi atoro ne nnaadaa nyinaa afi hɔ.
1. Sɛnea Dwom 31:2-5 kyerɛ no, adɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so?
ATORODI, nnaadaa, ne huammɔdi adokoro wiase yi, na ɛyɛ den sɛ yebegye obi adi. Aguadifo bebree yɛ nkurɔfo bukata. Sɛ ade a wɔretɔn no nyɛ papa mpo a, wɔbɛbɔ ho dawuru dɛdɛɛdɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛtɔ. Afoforo nso, wɔn nnamfo a wɔne wɔn bɔ kosua tafere mpo, ɛtɔ da a wɔnni wɔn bɔhyɛ so. Nanso Yehowa de, ɔnte saa; nsu mu oo, awia mu oo, yebetumi de yɛn ho ato no so! Ɔno ne “nokware Nyankopɔn” no. (Kenkan Dwom 31:2-5.) Nokware yɛ ne nipasu, afura no ntama. Enti asɛm biara a ɔka anaa ɛbɔ biara a ɔhyɛ no, odi so. Enti yebetumi de yɛn ho ato no so.
2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
2 Adesua yi mu no, yebedi kan ahwɛ nea enti a yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so wɔ biribiara mu. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ sɛnea nokware Nyankopɔn no bɛsɛe Satan wiase bɔne yi. Afei yɛbɛhwɛ nea Onyankopɔn reyɛ seesei mpo na ama n’atirimpɔw abam. Wei bɛma yɛanya akokoduru de adi Yehowa ho adanse a yensuro.
NEA ENTI A YEBETUMI DE YƐN HO ATO NOKWARE NYANKOPƆN NO SO
3. Adɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so koraa?
3 Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so, efisɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no. Ɔno na ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, na ɔno ara nso ne nkwa nyinaa Farebae. (Gen. 1:1; Dw. 36:9; Adi. 4:11) Ɔno na ɔma yɛn mframa, awia ne nsu. Afei nso, ɔno na ɔhwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atena nkwa mu. Amansan yi nyinaa yɛ ne dea, na obiara rentumi nnye mmfi ne nsam. Esiane sɛ ɔyɛ nyansa ne tumi nyinaa wura nti, yebetumi de yɛn ho ato no so na wakyerɛ yɛn kwan wɔ abrabɔ mu na wama yɛn daa nkwa.
4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dɔ yɛn?
4 Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so efisɛ ɔdɔ yɛn. Wohwɛ a, adɛn nti na ɔbɔɔ yɛn? Nea enti ɔbɔɔ yɛn ne sɛ, nkwa ne anigye a ɔwɔ no, na ɔpɛ sɛ nnipa nso nya bi. Sei na Yehowa kaa no: “Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛnea yɛte.” (Gen. 1:26) Ɔmaa yɛn kwan sɛ yɛn mu biara betumi asisi ne gyinae. Ɔbɔɔ asaase fɛfɛɛfɛ yi maa yɛn. (Dw. 115:16) Afei ɔka kyerɛɛ yɛn awofo a wɔdi kan no sɛ wɔnsiesie asaase no nkakrankakra nkosi sɛ ne nyinaa bɛdan Paradise. (Gen. 1:28; 2:15) Nneɛma pa a ɛwɔ asaase so nyinaa, ɔde maa wɔn. Wei nyinaa kyerɛ sɛ “Yehowa dɔ nni huammɔ, na ɛwɔ hɔ daa.”—Dw. 103:17.
5. (a) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden no, nea na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no sesae anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Onyankopɔn bɔhyɛ a wadi so no, ebi ne nea ɛwɔ he? (Hwɛ adaka a yɛato din “Onyankopɔn Di Ne Bɔhyɛ So Bere Nyinaa” no.)
5 Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so, efisɛ odi ne bɔhyɛ nyinaa so. Yehowa ‘ammɔ asaase no kwa na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.’ (Yes. 45:18, 19) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden no, owu ne wɔn bɛtenae. Enti ɛkɔyɛɛ te sɛ nea Yehowa nsa asi fam. Nanso sɛ Yehowa bɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biribi a, biribiara ntumi nsiw no kwan. (Yes. 46:10, 11) Ne tirim a ɔbɔe sɛ ɔbɛma atreneefo ahyɛ asaase so ma no ansesa. Ɛno nti na Yehowa maa Adam ne Hawa woo mma no. Afei, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae sɛ agyede de gyee Adam asefo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi anya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa.—Yoh. 3:16.
NOKWARE NYANKOPƆN NO MA N’ATIRIMPƆW BAM
6. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, dɛn na ɔkae?
6 “Ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan” no, ɔno na ɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden.a (Adi. 12:9; Gen. 3:4, 5; Yoh. 8:44) Nea ɔyɛe no nti, Yehowa kaa sɛ daakye obeyi no afi hɔ koraa. (Gen. 3:15) Ansa na obeyi no afi hɔ no, nkurɔfo bebree besuasua no na wɔayɛ nneɛma bɔne. Nanso afoforo nso bedi Yehowa nokware.
7. Henanom na wɔakodi Satan akyi, na ebewie wɔn sɛn?
7 Nnipa ne abɔfo bebree akodi Satan Ɔbonsam akyi. Esiane sɛ wɔsɔre tia Yehowa nti, wɔakɔyɛ Satan apamfo. Nanso bere a Onyankopɔn ahyɛ no so a, ɔbɛsɛe Satan ne n’akyitaafo nyinaa.—Dan. 2:44; Rom. 16:20.
8. Dɛn na Yesu yɛe wɔ afe 1914 mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
8 Ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ ɔbɛsɛe Satan ne n’akyitaafo atirimɔdenfo no, dɛn na ɛma yenya awerɛhyem paa sɛ ɛbɛbam? Afe 1914 mu no, Yesu tuu Satan Ɔbonsam ne ahonhommɔne no so sa, na ɔpam wɔn fii soro baa asaase so. (Adi. 12:7-9) Ɛwom sɛ ɔko no kɔɔ so wɔ soro, nanso ɛso nsunsuanso no aka asaase sofo nyinaa. Bible ka sɛ, “asaase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka sua.” (Adi. 12:12) Efi afe 1914 no, Satan atu n’ani asi asaase sofo so. Ɛno nti nneɛma bɔne kɔ ara na ɛrekɔ anim. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible kaa sɛ ‘asaase nnue.’ Nanso ɛrenkyɛ, Yesu ‘bewie ne nkonimdi koraa,’ na obeyi Satan ne n’akyitaafo nyinaa afi hɔ. (Adi. 6:2) Afei ɔbɛtew Yehowa din ho afebɔɔ. (Dw. 45:4-6) Wei bɛma obiara ahu sɛ, Yehowa ne nokware Nyankopɔn no ampa!—Hes. 38:23.
Wiase Ko a Edi Kan: U.S. National Archives photo; topae: USAF photo; nsanyare: blvdone/stock.adobe.com; basabasayɛ: inhauscreative/E+ via Getty Images
Efi afe 1914 no, nneɛma bɔne kɔ ara na ɛrekɔ anim (Hwɛ nkyekyɛm 8)
NOKWARE NYANKOPƆN NO HWEHWƐ WƆN A WƆPƐ SƐ WƆHU NOKWARE NO
9. Ɛnnɛ, henanom na Yehowa reka wɔn abom?
9 Ɛnnɛ Yehowa ‘reka nneɛma nyinaa abom wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asaase so.’ (Efe. 1:10) ‘Nneɛma a ɛwɔ soro no’ gyina hɔ ma Kristofo a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ soro no. ‘Nneɛma a ɛwɔ asaase so no’ gyina hɔ ma wɔn a wɔbɛtena ase daa wɔ asaase so no. Yehowa asomfo yi nyinaa ayere wɔn ho reka asɛmpa no de apa Satan ho ntama, na wɔreboa komapafo ma wɔabehu nokware no.
10. Ɔkwan bɛn na Yehowa nam so reboa nkurɔfo ma wɔahu nokware no? (Adiyisɛm 14:6, 7)
10 Ɛnnɛ, yɛreyɛ asɛnka adwuma a yɛnyɛɛ bi saa da wɔ wiase baabiara, na Yehowa nam so rehwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhu nokware no. (Kenkan Adiyisɛm 14:6, 7.) Ɛwom, Yehowa nam yɛn so na ɛreka asɛmpa no, nanso abɔfo no kyerɛ yɛn kwan kɔ wɔn a wɔwɔ koma pa no nkyɛn, na yɛboa wɔn ma wɔbɛka Yehowa asomfo ho. Ɔbonsam nam Babilon Kɛse anaa atorosom so akeka Yehowa ho atosɛm fi teteete. Enti yɛnam asɛnka adwuma a yɛreyɛ yi so repa wɔn ho ntama. (Adi. 18:2, 4) Ɛrenkyɛ, nokware Nyankopɔn no bɛsɛe atorosom korakora, na wɔn a wɔdɔ no no de anuonyam a ɛfata no bɛma no.—Adi. 17:16.
11. Obi bɛyɛ dɛn ahu sɛ weinom ne Yehowa asomfo anokwafo?
11 Ɛnnɛ, Yehowa atwe nnipa ahorow nyinaa bi aba n’asafo no mu. (Adi. 7:9, 10) Bere a nnipa a wɔte saa tee “asɛmpa no,” wɔhui sɛ nokware no ni, na wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛba abɛka Yehowa nkurɔfo ho. (Mar. 13:10) Ɛnnɛ, ɛnyɛ den koraa sɛ obi behu wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokware mu no. Wei nyɛ nwanwa efisɛ odiyifo Malaki ka too hɔ sɛ: “Mobɛsan ahu nsonsonoe a ɛda onipa trenee ne onipabɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Mal. 3:18) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa asomfo nam wɔn abrabɔ ne asɛnka adwuma no so da no adi sɛ wɔn na wɔresom nokware Nyankopɔn no.
12. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no boa ma Onyankopɔn atirimpɔw bam?
12 Sɛ yɛka “Ahenni no ho asɛmpa” a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi Yesu ahyɛde so. Bere koro no ara nso, ɛma Bible nkɔmhyɛ bam. (Mat. 24:14; 28:18-20) Asɛnka adwuma yi nti, nkurɔfo fi wiase afanan nyinaa bɛyɛ Kristo asuafo, na ɛma wɔnya anidaso sɛ wɔbetumi asom nokware Nyankopɔn no afebɔɔ. Ɛyɛ hokwan kɛse paa na yɛanya sɛ yɛreboa ma Yehowa atirimpɔw abam!
YEBETUMI AGYE ADI PAA SƐ DAAKYE NEA YEHOWA AHYƐ HO BƆ NO BƐBAM
13. Henanom paa na Satan atu n’ani asi wɔn so, na adɛn ntia?
13 Satan Ɔbonsam bo afuw denneennen efisɛ onim sɛ “ne bere a aka sua,” na ɛrenkyɛ Yehowa bɛsɛe wiase bɔne yi. (Adi. 12:12, 13) Wɔn a Yehowa asra wɔn sɛ wɔnkodi ade wɔ soro no, wɔn paa na Satan atu n’ani asi wɔn so, efisɛ ‘wodi Onyankopɔn ahyɛde so, na wokura Yesu ho adansedi adwuma no mu.’ (Adi. 12:17; 14:12) Obiara a ɔtaa wɔn akyi na ɔboa wɔn wɔ adwuma a wɔreyɛ no mu no, wɔn nso Satan de n’ani asi wɔn so.
14. Sɛ Satan tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, dɛn na ebesi? (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no wie a, Satan akyitaafo bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so. Na ɛno na ɛbɛkɔ akɔfa Armagedon ko no aba. (Adi. 16:13, 14, 16) Ɛba saa a, Yesu ne ne soro asafodɔm no bɛko agye Yehowa asomfo, na wasɛe Satan wiase no pasaa. (Adi. 19:19-21) Atorofo oo, nnipabɔnefo oo, nnaadaafo oo, yɛrenhu wɔn bio da. (Adi. 21:8) Saa bere no, obiara behu sɛ Yehowa yɛ nea ɛtene bere nyinaa, na ɔno ne nokware Nyankopɔn no ampa.
Yesu ne ne soro asafodɔm tete apɔnkɔ so rekɔ Armagedon ko no akɔsɛe Onyankopɔn atamfo (Hwɛ nkyekyɛm 14)
15. Adɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ nea Yehowa ahyɛ ho bɔ sɛ ɔbɛyɛ daakye no bɛbam? (Yesaia 65:16, 17) (Hwɛ mfoni no nso.)
15 Ɛnnɛ nnipa mu apaapae sen bere biara. Nanso Yehowa mmoa so nti, baakoyɛ wɔ n’asomfo mu. Yehowa gu so rehwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhu nokware no. Enti adwuma a n’asomfo reyɛ de ahwehwɛ saafo no, ɔkwan biara so obehyira so; biribiara rentumi nsiw no kwan. (Kenkan Yesaia 65:16, 17.) Yebetumi agye adi paa sɛ nea Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ daakye no bɛbam. Adɛn ntia? Efisɛ ɔsomafo Paul nsɛm a ɛwɔ Romafo 8:38, 39 no ma yenya awerɛhyem sɛ: “Owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa aban anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa nea ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.”
Wiase foforo no mu no, ɔhaw a yɛrehyia nnɛ no, yɛrenkae bio da (Hwɛ nkyekyɛm 15)
16. Adɛn nti na wubetumi de wo ho ato Yehowa so koraa?
16 Besi ha yi, yɛahu sɛ yebetumi de yɛn ho ato nokware Nyankopɔn no so. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn, na ɔdɔ yɛn paa. Nnipa bebree fi aman nyinaa mu rebɛsom Yehowa, enti ama nnipakuw kɛse no dɔ ara na ɛredɔɔso. (Yes. 60:22; Sak. 8:23) Yenim sɛ Yehowa di ne bɔhyɛ so bere nyinaa, na ɛrenkyɛ, atosɛm ne nnaadaa a Satan de akɛntɛn wiase yi so no, Yehowa beyi afi hɔ. Sɛnea Dawid bɔɔ mpae no, yɛn nso yɛbɔ mpae sɛ: “Ayeyi nka Yehowa Nyankopɔn . . . ; ne nkutoo na ɔyɛ anwonwade. Ayeyi nka ne din kɛse no daa; n’anuonyam nkata asaase nyinaa so.”—Dw. 72:18, 19.
DWOM 2 Wo Din Ne Yehowa
a Saa ɔbɔfo bɔne yi, Bible mmɔ ne din ankasa. Mmom ɛde edin bi te sɛ “Ɔbonsam” ne “Satan” na ɛka ne ho asɛm. Ɔbonsam kyerɛ “Dinsɛefo,” na Satan kyerɛ “Ɔsɔretiafo.”