Gye Sɛ Wohwere Biribi Ansa na Woatumi Ayɛ Adwuma
OKUNU biako gye toom sɛ, “Na mempɛ sɛ me yere yɛ adwuma Nanso sɛ mo akatua nso mo di a, ɛsɛ sɛ woma ho kwan. Enti ofii ase yɛɛ adwuma na ɛno maa nneɛma mu yɛɛ mmerɛw kakra.”
Wɔ wiase nyinaa no, awarefo reka sɛ ɛyɛ den sɛ wɔde akatua biako bɛhwɛ wɔn ho. Wɔ Australia, France ne Sweden no. ɛkame ayɛ sɛ aduan ne ɔdan ho ka kɔɔ soro mmɔho abien wɔ 1975 ne 1982 mfe no ntam. Wɔ United States no, aduan a abusua a emufo yɛ baanan di ho ka kɔɔ soro fi bɛyɛ $67 koduu beboro $100 dapɛn biara wɔ 1983 mu! Ɛkame ayɛ sɛ sika a obi sɛe wɔ n’ankasa kar ho wɔ United States no kɔɔ soro bɛyɛ mmɔho abiɛsa wɔ 1970 ne 1981 mfe no ntam.
Wɔda so ara boaboa ɛho nsɛm a ɛma nkurɔfo aba mu bu no ano. Na bere a esiane nneɛma bo a ɛrekɔ soro no nti wɔn akatua ntumi nso wɔn di no (sɛnea mpɛn pii asɛm no te no) , ebia awarefo bɛte nka sɛ ade biako pɛ na wobetumi ayɛ wɔ ho: Wɔbɛma ɔyere no ayɛ adwuma. John Naisbitt a ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wɔtɔ ne nhoma sen biara ne asetra ho nsɛm ho nhwehwɛmufo no ka sɛ sɛ mprempren nsɛm tebea no kɔ so a, ebedu afe 2000 mu no, na “mmea a wɔwɔ Amerika no mu ɔha biara mu 85 yɛ adwuma.”
Mpɛn pii akatua a ɛto so abien ntumi mmoa wɔ sika fam ahokyere mu. Ade biako ne sɛ mpɛn pii wɔmma mmea akatua a ɛkɔ anim te sɛ mmarima. Ampa, awarefo a, wɔrehyia sika fam ahokyere ani gye akatua biara a ɔyere no nya no ho. Nanso nhoma a wɔfrɛ no Making It Together as a Two-Career Couples no akyerɛwfo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow wɔ asetra mu biako ne sɛ awarefo a wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma no mu pii ntumi nhu sɛ gye sɛ wosɛe sika ansa na woanya sika. . . .Gye sɛ wohu nokwasɛm a emu yɛ den yi, anyɛ saa a, awarefo bɛpɛ sɛ wɔhwɛ nneɛma a ɛnyɛ nokware sɛ wɔn nsa bɛka a wɔn akatua a ɛka ma wɔn bere a wɔatua wɔn tow ahorow awie no bɛma wɔanya no kwan bere a wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma no.”
Enti yi akatua ho tow ahorow, sika a wɔde hwɛ mmofra, aduan ho sika a ɛkɔ soro, (ɛyɛ den ma awarefo a wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma no sɛ wobenya bere de akodi gua na mpɛn pii wodidi wɔ adidibea anaasɛ wodi nnuan a ne nnoa nnye bere pii) sika a wɔsɛe wɔ akwantu ho, ntade ne nneɛma afoforo ho ka fi ɔbea akatua mu—na mpɛn pii ɔyere akatua a ɛka no nyɛ ahe biara. Enti na Jeanne a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne nhoma asekyerɛfo no gyaee n’adwuma no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me ne me kunu nyinaa hui sɛ ɛbɛyɛ den sɛ ɛho bɛba yɛn mfaso.”
Mmusua ahorow rehu sɛ ɔyere akatua no ma wɔhwere nneɛma ahorow bi wɔ akwan foforo nso so. Na ebinom rebisa sɛ mfaso wɔ so anaa.