MONKƆ SO NWƐN!
Awudisɛm a Ɔtanhunu Kɔfa Ba—Ebegyae Anaa? Dɛn Na Bible Ka?
Ɔtan nti, nnipa bebree di wɔn yɔnko nnipa bɔne. Awerɛhosɛm ne sɛ, wei yɛ biribi a ɛrekɔ so paa nnɛ. Wowɔ hɔ ara a wobɛte sɛ obi akodi obi dɛm anaa wakum no. Adɛn a, ɔtan no, esiane sɛ ɛsono baabi a ofi, asɔre anaa ɔsom a ɔwom, anaa ɔyɛ bibini anaa buroni. Obi nso wɔ hɔ a, esiane sɛ ɔyɛ ɔbea anaa barima ara nti, na obi akodi no bɔne. Sɛ awurukasɛm a ɛte saa kɔ so wɔ baabi a, etumi ma nnipa a ɛwɔ mpɔtam hɔ nyinaa bɔ hu, na etumi kɔfa ayamhyehye bɛto nnipa bebree so.
Bible ka too hɔ sɛ, yɛn bere yi so no, nkurɔfo ‘bedi atirimɔdensɛm, wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa,’ na “wɔrennya tema.” (2 Timoteo 3:1-5) Enti awudisɛm a ɔtanhunu kɔfa ba no, ebegyae anaa? Dɛn na Bible ka?
Awudisɛm a ɔtanhunu kɔfa ba no, dɛn na ɛbɛma agyae?
Bible ma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn betumi ayi awurukasɛm afi hɔ, na ɔbɛyɛ nso.
“Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:9-11) Onyankopɔn renhwɛ mma atirimɔdenfo mpira nkurɔfo afebɔɔ.
‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:4) Dɛmdi, adwinnwen, ne kɔdaanna a awudisɛm akɔfa abɛto nnipa so nyinaa, Onyankopɔn beyi afi hɔ.
‘Bere bi bɛba a awufo bɛsɔre.’ (Asomafo Nnwuma 24:15) Onyankopɔn benyan nnipa ɔpepem pii aba nkwa mu bio. Wɔn a ɔtanhunu nti nkurɔfo akunkum wɔn no ka ho bi.
Dɛn na yebetumi ayɛ afa ho nnɛ?
Sɛnea yɛadi kan aka no, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ daakye biribiara bɛyɛ yiye. Nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɔtanhunu a abu so nnɛ no, Bible ma yehu nea yebetumi ayɛ afa ho. Wo de, hwɛ nsɛmmisa a edidi so yi. Ne nyinaa ho mmuae wɔ Bible mu:
Ɔtanhunu a ɛkɔfa awudisɛm ba no, dɛn na ɛbɛboa obi ama wayi afi ne mu? Wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa ho a, kenkan Ɔwɛn-Aban a yɛato din “Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim.”
Adɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma nnipa bebree hu amane saa? Wopɛ asɛmmisa yi ho mmuae a emu da hɔ na egyina Bible so a, hwɛ video a yɛato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?