Courtesy Jamie Christiani/Bulletin of the Atomic Scientists
MONKƆ SO NWƐN!
Nyansahufo Kyerɛ Sɛ Wiase Awiei Abɛn Pɛɛ
Nyansahufo kyerɛ sɛ nnipa nneyɛe betumi akɔfa wiase sɛe aba. Wɔwɔ wɔɔkye bi a wɔde kyerɛ bere a aka ama wiase asɛe. Wɔkyerɛ mu a, sɛ wɔɔkye no kɔtɔ 12 no so a, wiase bɛsɛe. January 27, 2026 no, nyansahufo piaa wɔɔkyea no nsa no kɔɔ n’anim kakra kaa ho de kyerɛe sɛ wiase awiei abɛn paa.
“Nhoma a yɛato din Bulletin of the Atomic Scientists no, ne fã a ɛka nyansahu ne ahobammɔ ho asɛm no de asɛm bi too gua nnɛ. Wɔkaa sɛ wɔɔkye no, wɔapia kɔ n’anim kakra. Enti seesei aka simma baako ne anibu 25 na atɔ 12 no so. Ɛnkɔɔ n’anim saa da.”—Bulletin of the Atomic Scientists.
“Baabi a wɔɔkye no akɔda seesei no de, biribiara kyerɛ sɛ wiase awiei abɛn paa. Nneɛma a ebetumi akɔfa wiase awiei aba no, kɔ ara na ɛrekɔ n’anim. Wiase aman a anka ɛsɛ sɛ wɔka wɔn ti pam ho yɛ ho biribi no nso, ntease nyɛ adwuma wɔ wɔn ntam. Bere nso kɔ ara na ɛrekɔ. Ehia sɛ yɛyɛ ho biribi, na yebetumi ayɛ nso. Enti ɛsɛ sɛ ɔmanfo nyinaa ka wɔn mpanyimfo no so.”—Alexandra Bell, ɔno ne panyin paa a ɔda Bulletin of the Atomic Scientists no ano.
Ɛyɛ ampa sɛ wiase awiei abɛn saa? Ɛsɛ sɛ yesuro nea ebesi daakye anaa? Dɛn na Bible ka?
Nea ebesi daakye
Bible ka sɛ “asaase de, ɛwɔ hɔ daa,” na nnipa ‘bɛtena so daa.’ (Ɔsɛnkafo 1:4; Dwom 37:29) Enti nnipa rensɛe asaase yi. Saa ara nso na ɛrenkɔba sɛ wɔbɛsɛe asaase so nneɛma akosi sɛ afei de, obiara rentumi ntena so.
Nanso, Bible ma yɛte ase sɛ, awiei bi bɛba. Ɛka sɛ “wiase . . . retwam.”—1 Yohane 2:17.
Sɛ Bible ka wiase awiei a, ɛkyerɛ sɛn? Sɛ wopɛ sɛ wuhu a, kenkan asɛm a yɛato din “Wiase Yi Reba Awiei Anaa? Bible Aka Sɛ Biribiara Bɛsɛe Anaa?”
Wiase awiei, ne nsɛm a ebedidi akyi aba no, bere bɛn na ɛbɛba? Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa ho a, kenkan asɛm a yɛato din “When Will the World End?”
Mma w’aba mu mmmu
Ɛwom sɛ ɔhaw atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase yi mu de, nanso Bible betumi aboa yɛn na yɛn aba mu ammu. Adɛn ntia?
Bible ma yɛn afotu a ɛboa yɛn wɔ yɛn daa daa asetena mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Kenkan asɛm a yɛato din “How to Control Worry.” Ɛbɛma woahu sɛ, wiase haw bebrebe yi nyinaa akyi no, Bible betumi aboa wo na w’aba mu ammu.
Bible ma yenya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. (Romafo 15:4) Ɛma yehu nsɛm a ebesisi wɔn yɛn bere yi so ne nea ebesisi daakye, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɛbɛba biara yɛremmɔ hu.
Sɛ wopɛ sɛ Bible no boa wo paa a, yɛsrɛ wo ma obi ne wo mmesua Bible a worentua hwee.
a “Wiase sɛe ho wɔɔkye no, nyansahufo de bɔ nnipa kɔkɔ ma wɔhu sɛnea wiase yi sɛe abɛn. Wɔkyerɛ a, nneɛma huhuuhu a nnipa reyɛ te sɛ atopae ne ne nkekaho no, ɛno na ɛbɛma wiase asɛe. Enti wɔɔkye no, wɔde kae yɛn sɛ, nneɛma a ebetumi ama wiase asɛe no, yɛnhwɛ ho asɛm nka na annye nsam.”—Bulletin of the Atomic Scientists.