JULY 20-26, 2026
DWOM 133 Som Yehowa Wo Mmerantebere Mu
Sɛ Woredwen Ho Sɛ Wobɛtoa W’adesua So a, Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woasisi Gyinae Pa
“Onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—MMEB. 14:15.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, nneɛma a ɛho hia sɛ wususuw ho, ne Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa wo.
1-2. (a) Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ mmabun nyinaa si? (b) Sɛ yɛka sɛ “obi retoa n’adesua so” a, ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ “Asɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” no.)
“WUNYIN a adwuma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ?” Sɛ wusua a, ebia nkurɔfo taa bisa wo saa asɛm no. Adwuma papa paa a wubetumi ayɛ ne bere nyinaa som adwuma no. Nanso ebehia sɛ woyɛ adwuma de hwɛ wo ho. (2 Tes. 3:10) Ebia woadwen adwuma a wopɛ sɛ woyɛ daakye ho.
2 Mmerante ne mmabaa binom wɔ hɔ a, ɛyɛ a wɔne wɔn awofo susuw adwuma a wɔbɛyɛ daakye ho, na sɛ ɛho hia a, wɔatoa wɔn adesua so.a Yɛreka yi koraa ebia na woredwen ho sɛ wobɛtoa w’adesua so anaa worentoa so. Sɛ wobɛtoa so a, dɛn na wopɛ sɛ wukosua? Adesua yi mu no, Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa wo ama woasi w’adesua a wobɛtoa so ho gyinae pa no, yebesusuw bi ho. Kae sɛ, gyinae biara a wopɛ sɛ wusi no, sɛ woto wo bo ase susuw ho yiye a, ɛbɛkɔ yiye. Ɛwom sɛ mmabun paa na adesua yi kɔ ma wɔn, nanso yɛn mu biara a ɔredwen ho sɛ ɔbɛtoa n’adesua so no, adesua yi betumi aboa ɔno nso. Awofo nso betumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ adesua yi mu no aboa wɔn mma.
ƐSƐ SƐ WOTOA W’ADESUA SO ANAA?
3. Adɛn nti na ebinom si gyinae sɛ wɔbɛtoa wɔn adesua so?
3 Aman bi so no, sɛ obi wie ntoaso sukuu a, obetumi anya adwuma pa ayɛ de ahwɛ ne ho a enhia sɛ ɔtoa n’adesua so. Nanso aman bi so de, gye sɛ obi toa so ansa na wanya adwuma a ɛte saa. Sɛ Kristoni bi nya adwuma pa a ennye ne bere nyinaa a, ebetumi aboa no ma watumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, anaa watumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Nanso sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛtoa n’adesua so a, ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɔremfa no fow saa, na ebehia sɛ ɔde nneɛma bi nso bɔ afɔre.
4. Sɛ Kristoni bi bɛtoa n’adesua so a, hena na ɛsɛ sɛ osi ho gyinae? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
4 Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ obiara ‘soa n’ankasa asɛde a ɛda no so.’ (Gal. 6:5; ase hɔ asɛm) Wei kyerɛ sɛ, sɛ ɛba sukuu a obi bɛtoa so a, ɛsɛ sɛ Kristoni biara si n’ankasa gyinae.b Mmofra a wɔnnyinii nso, wɔn awofo na ɛsɛ sɛ wɔsisi sukuu a wɔbɛkɔ ho gyinae. (Efe. 6:1) Mmofra a ɛte saa nyinyin a, mmoa a wɔn awofo de maa wɔn no bɛboa wɔn ama wɔahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔtoa wɔn adesua so anaa ɛnsɛ sɛ wɔtoa so.—Mmeb. 22:6.
5. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ obi fi ase dwen ho sɛ ɔbɛtoa n’adesua so anaa ɔrentoa so, na adɛn ntia? (Hwɛ mfoni no nso.)
5 Ansa na mmabun bewie sukuu a aban no hwehwɛ sɛ wɔkɔ no, mpɛn pii no saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔsi gyinae sɛ wɔwie a, wɔbɛtoa wɔn adesua so anaa wɔrentoa so. Enti sɛ abofra bi pɛ sɛ ɔtoa n’adesua so a, ɛsɛ sɛ odi kan ne n’awofo bɔ ho nkɔmmɔ koraa ansa na wasi ho gyinae. Wei bɛma wɔanya bere ne no abom ayɛ nhwehwɛmu ahwɛ nea ɛbɛboa no. Sɛ wɔyɛ saa a, ebetumi ama wɔahu ade pɔtee a abofra no sua wɔ sukuu a ɛbɛboa no ma wanya adwuma ayɛ. Sɛ wɔsi gyinae sɛ ɔbɛtoa n’adesua so nso a, ɛbɛma wɔahu nea ɔbɛyɛ. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ kyenkyen ara wɔsi wei ho gyinae ansa na abofra no awie sukuu a aban no hwehwɛ sɛ ɔkɔ no anaa? Ɛnte saa ankasa. (Mmeb. 21:5) Mmabun no bi wɔ hɔ a, wɔasi gyinae sɛ wɔbewie sukuu, apɛ adwuma ayɛ, na wɔafi akwampae adwuma ase ansa na wɔahwɛ sɛ wɔbɛtoa wɔn adesua so anaa wɔrentoa so. Obi betumi asi saa gyinae no bere biara a ɔpɛ; ɛnyɛ bere a ɔda so wɔ sukuu no nko ara.
Awofo bi reboa wɔn ba ma wahu nea obetumi asua bere a ɔpɛ sɛ ɔtoa n’adesua so (Hwɛ nkyekyɛm 5)
6. Sɛ obi pɛ sɛ ɔtoa n’adesua so a, dɛn na ɛbɛboa no ma wasi gyinae pa?
6 Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woasi gyinae pa? Hwɛ hu sɛ wobɛbɔ asɛm no ho mpae. (Yak. 1:5) Afei bɔ mmɔden fa nyansahyɛ a edidi so yi yɛ adwuma. Nea edi kan, bisa wo ho sɛ, ‘Adɛn nti na mepɛ sɛ metoa m’adesua so?’ (Dw. 26:2) Afei, sɛ wopɛ sɛ wotoa so a, nea wopɛ sɛ wukosua no, bɔ mmɔden hu nea ɛwom nyinaa. (Mmeb. 14:15) Momma yensusuw emu biara ho.
BISA WO HO SƐ, ‘ADƐN NTI NA MEPƐ SƐ METOA M’ADESUA SO?’
7. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtoa yɛn adesua so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
7 Sɛ woredwen ho sɛ wobɛtoa w’adesua so a, asɛm a ɛho hia sɛ wubisa wo ho ne sɛ, ‘Adɛn nti na ade wei na mepɛ sɛ misua?’ Nnipa pii wɔ hɔ a, nea enti a wɔpɛ sɛ wɔtoa wɔn adesua so ara ne sɛ wɔpɛ sɛ wɔnya adwuma a ɛda wɔn koma so, anaa adwuma a akatua no ye. Sɛ obi nya saa adwene no a, ɛnhyɛ da nyɛ bɔne. (1 Tim. 5:8) Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yedi ahonyade akyi, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to sika so wɔ saa wiase wei mu. (Mmeb. 23:4, 5; 1 Tim. 6:8-10; 1 Yoh. 2:17) Enti sɛ ahonyade anaa anuonyam nti na wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, ɛnde anigye a ɛde anigye de, anhwɛ a worennya bi. Afei nso, woanhwɛ yiye a, ebetumi ama woatwe wo ho afi Yehowa ho.
8-9. (a) Ɛsɛ sɛ yɛma sukuu a yɛbɛkɔ yɛ ade titiriw wɔ yɛn asetenam anaa? (Mateo 6:33) (b) Dɛn na wusua fi asɛm a Josefina, Morine, ne Iris kae no mu?
8 Yemmisa sɛ, ɛsɛ sɛ woma sukuu a wobɛkɔ yɛ ade titiriw wɔ w’asetenam anaa? Nea ɛwom ne sɛ, biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn paa sen Yehowa a yɛbɛsom no. (Mat. 22:37, 38; Filip. 3:8) Enti sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, adwene a ɛsɛ sɛ wunya ne sɛ, ɛrebɛboa wo ma woanya biribi de ahwɛ wo ho na ama wode wo koma nyinaa asom Yehowa.—Kenkan Mateo 6:33.
9 Momma yɛnhwɛ nea ɛboaa anuanom mmea bi ma wɔnyaa Yehowa adwene wɔ sukuu a wɔbɛtoa so no ho. Josefina a ofi Chile ka sɛ: “Sukuu a mekɔe no, aboa me ama manya biribi a mede hwɛ me ho, na mitumi som Yehowa yiye. Merekɔ sukuu no, ade a na m’adwene ne me koma wɔ so paa ne Yehowa som, na ɛnyɛ me sukuu adesua no.” Onuawa bi a ne din de Morine de afe baako kosuaa tiyɛ. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Ɔka sɛ: “Ná me botae ne sɛ mɛkɔ akɔsom wɔ baabi a wɔhia mmoa. Enti mepɛɛ biribi a misua a ɛbɛboa me ma matumi adu saa botae no ho. Bere a misuaa tiyɛ no wiei no, mede yɛɛ adwuma, na misiee sika sɛnea ɛbɛyɛ a metumi atu akɔ baabi a mmoa ho hia. Baabi a mitu kɔe no, nea misuae no boaa me ma minyaa adwuma wɔ hɔ nso.” Iris nso de mfe pii kosuaa ɛse ho ade. Nea ɔkae ni: “Ɛwom, sɛ wotoa w’adesua so a, ɛboa wo wɔ ɔkwan bi so, nanso ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma woanya anigye ne akomatɔyam. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi de Yehowa di kan wɔ n’abrabɔ mu a, ɛno na ɛbɛma wanya anigye ne akomatɔyam a edi mu.” Asɛm paa ara na waka no. Sɛ yɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa no ho hia yɛn sen biribiara a, ɛno na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa, na yɛn ani agye afebɔɔ.
NEA WOPƐ SƐ WUKOSUA NO, BƆ MMƆDEN HU NEA ƐWOM NYINAA
10. Sɛ obi pɛ sɛ osi gyinae sɛ ɔbɛtoa n’adesua so a, ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ Deuteronomium 32:29 no betumi aboa no?
10 Ebia adwuma pɔtee bi a worepɛ ayɛ nti, ɛno ho ade na wopɛ sɛ wukosua. Nanso sɛ wudwen nnwuma foforo a wubetumi asua ho ade nso a, ɛbɛboa wo. (Fa toto Mmebusɛm 18:17 ho.) Ɛnnɛ, akwan pii wɔ hɔ a obi betumi afa so atoa n’adesua so; ebi ne sɛ obetumi afa intanɛt so ayɛ saa. Biribi foforo a wubetumi adwen ho nso ni: Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mantoa m’adesua so a, merennya adwuma a ɛbɛboa me ma mahwɛ me ho anaa?’ Wo de, yɛnhwɛ onuawa bi a ne din Johanna a ofi Finland; ɔno de wantoa n’adesua so. Ɔka sɛ: “Miwiee sukuu a aban no hwehwɛ sɛ obiara kɔ no, mekɔyɛɛ adwuma bi a na memfa me bere nyinaa nyɛ, na mifii akwampae adwuma ase. Mayɛ adwuma bebree na mahu sɛ, Yehowa de, ɛbɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia no, odi so bere nyinaa.” Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛtoa w’adesua so a, kae sɛ ɛnyɛ mfaso nko ara na wubenya; ɔhaw nso wom. Enti bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mede mfaso no toto ɔhaw no ho a, mehwɛ a eye sɛ mɛkɔ?’ (Kenkan Deuteronomium 32:29; 1 Kor. 10:23) Yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛbɛboa wo ma woanya saa asɛmmisa yi ho mmuae.
11. Nea worekosua no, adɛn nti na ɛho hia sɛ wuhu sɛnea ɛho nhyehyɛe te? (Hwɛ mfoni no nso.)
11 Ɛho nhyehyɛe te sɛn? Nnawɔtwe biara, nnɔnhwerew dodow sɛn na wode bɛkɔ sukuu, anaa wode bɛyɛ wo homework? Nneɛma a woyɛ wɔ Yehowa som mu no, wobɛkɔ so anya bere de ayɛ? W’asɛde wɔ w’abusua mu nso ɛ, wubenya bere ayɛ? (Filip. 1:10) Sukuu adesua no bɛtwe wo mu nsu ara ma ɛbɛyɛ den sɛ wubesiesie wo ho ama adesua, anaa wobɛyɛ kokoam adesua? Biribi saa na ɛtoo Jeroz a ofi India. Ɔka sɛ: “Ná ɛyɛ den ma me sɛ mede m’adwene besi Yehowa som so. Ɛtɔ da bi a, na mintumi nkɔ adesua mpo. Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, mihu sɛ bere ne ahoɔden a mesɛee wɔ sukuu no ho no, mannya so mfaso ahe biara.” Sukuu adesua no bi nso wɔ hɔ a, ennye bere pii; ɛnyɛ bere nyinaa na ebehia sɛ wukosua ade, na ebi nso wɔ hɔ a, ɛho homework nnɔɔso. Rabeca a ɔwɔ Mozambique no sei, wahu sɛ nea okosuae no na eye paa. Ɔka sɛ: “Ná mede nnɔnhwerew mmienu pɛ na esua ade da biara, na ɛno boaa me maa mitumi toaa akwampae adwuma no so.”
Sɛ woredwen ho sɛ wobɛtoa w’adesua so a, hwɛ hu sɛ wubenya bere de ayɛ nneɛma afoforo a ɛho hia (Hwɛ nkyekyɛm 11)
12. Sɛ ɛba sukuu a obi bɛkɔ a, dɛn na onii no bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔde ne bere redi dwuma yiye? (Ɔsɛnkafo 12:1)
12 Ebedi bere tenten sɛn? Bisa wo ho sɛ, abosome anaa mfe dodow sɛn na wode bɛkɔ sukuu no awie? Sukuu a ɛte saa a wobɛkɔ no bɛkyerɛ sɛ, wode wo bere redi dwuma yiye anaa? (Efe. 5:15-17) Sɛ woyɛ ɔbabun a, sukuu a wopɛ sɛ wokɔ no, ɛbɛboa wo ama woafi wo koma nyinaa mu asom Yehowa, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a woayɛ bere nyinaa som adwuma no bi anaa? (Kenkan Ɔsɛnkafo 12:1.) Ade a wopɛ sɛ wukosua no, wubenya ɛho sukuu a woremfa wo bere pii nkɔ anaa? Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sukuu a wɔkyerɛ nsaanodwuma no, ebia worensɛe sika ne bere pii te sɛ suapɔn a wobɛkɔ. Mario a ofi Chile ka sɛ, “Mede mfe mmienu kɔɔ sukuu a wɔsua nsaanodwuma, na na ɛyɛ fo sen suapɔn. Nnawɔtwe no mu no, na mede nnanan pɛ na ɛkɔ sukuu, na ɛno boaa me ma mitumi yɛɛ akwampae adwuma no.”
13. Sɛ obi fi n’abusuafo nkyɛn kɔtoa ne sukuu so wɔ baabi foforo a, asiane bɛn na ɛwom?
13 Wobɛkɔ no wɔ he? Ebia wubetumi anya baabi a ɛbɛn fie na woakɔ sukuu no wɔ hɔ. Nanso sɛ baabi a wunyae no wɔ kurow foforo so nso ɛ? Ebehia sɛ wokɔda sukuu mu hɔ anaa? Kae sɛ, sɛ wufi w’abusuafo nkyɛn ne wɔn a wɔnsom Yehowa kɔtena a, ɛyɛ hu paa, efisɛ ebetumi asɛe wo ne Yehowa ntam. (Mmeb. 22:3; 1 Kor. 15:33) Wo de, yɛnhwɛ Matias a ofi Mozambique. Sukuu a ɔkɔe no, ɔde afe baako na ɛkɔe, na na ɛyɛ fo nso. Nanso ɔka sɛ, ohui a anka wankɔ sukuu no. Adɛn ntia? Wo de, tie nea ɔkae: “Sukuu mu hɔ ara na na meda, enti daa na wɔsɔ me hwɛ sɛ menyɛ nea Yehowa mpɛ. Me de, nea mɛka ne sɛ anka obiara mpɛ sukuu a ɛremma ɔne n’abusuafo ntam ntetew.” Onuawa bi a ofi Russia nso ka sɛ: “Esiane sɛ metenaa m’awofo nkyɛn kɔɔ sukuu nti, ɔhaw a mekɔtenaa sukuu mu a anka mehyia no, ɛboaa me ma mitumi kwatii ne nyinaa.” Nea ɛwom ne sɛ, wubetumi akɔ sukuu no wɔ Intanɛt so mpo.
14. Sɛ woresusuw ho sɛ wobɛtoa w’adesua so a, ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Luka 14:28 no betumi aboa wo ma woasi gyinae pa?
14 Ɛka sɛn na wobɛbɔ? Aman bi wɔ hɔ a, sɛ obi pɛ sɛ ɔtoa n’adesua so a, ɔremmɔ ka pii; ebi wɔ hɔ koraa a, aban no tumi fa ho ka no. Baabi a ɛte saa no, obi betumi afa saa kwan yi so anya nimdeɛ anaa wasua adwuma bi a ebetumi ama wanya adwuma ayɛ a ɔremmɔ ka pii. Nanso mmeae afoforo de, sɛ obi pɛ sɛ ɔtoa n’adesua so a, ɛka a ɔbɛbɔ nyɛ agorɔ. Ebi wɔ hɔ a, ansa na obi benya kwan atoa n’adesua so wɔ sukuu bi mu no, ɛsɛ sɛ ɔpɛ obi ma ɔkyerɛ no ade wɔ fie; ɛno nso yɛ ɛka foforo. Nneɛma a wɔkɔsua no bi wɔ hɔ a, ɛho ka dɔɔso; ebetumi agye obi mfe pii ansa na watua awie. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Adilson a ofi Mozambique; wanu ne ho sɛ osii gyinae toaa n’adesua so. Ɔka sɛ: “M’abusua de aduan ne nneɛma a yehia wɔ asetenam bɔɔ afɔre de tuaa mfe nnan a mede toaa m’adesua so no ho ka.” Sɛ woredwen ho sɛ wobɛtoa w’adesua so a, bisa wo ho sɛ: ‘Ɛka sɛn na mɛbɔ? Me anaa m’abusua betumi atua ho ka no? Biribi foforo wɔ hɔ a metumi asua a ɛrennye sika pii anaa?’ (Kenkan Luka 14:28.) ‘Sɛ mesoa ɛka gu hɔ a, ebegye bere tenten sɛn ansa na matumi atua awie? Sɛ daakye minya adwuma yɛ mpo a, m’akatua no bɛso me na manya bi atua ɛka no?’—Mmeb. 22:7.
15. Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wudi kan hwɛ sɛ wuwie a wubenya ɛho adwuma ayɛ?
15 Wuwie a wubenya adwuma ayɛ anaa? Baabi a wote anaa baabi a wuwie sukuu no a wopɛ sɛ wokɔtena no, bisa wo ho sɛ, nea wukosuae no, wubenya ho adwuma ayɛ wɔ hɔ anaa? Nneɛma no bi wɔ hɔ a, wusua gu wo tirim kɛkɛ; mfaso biara nhyɛ da nni so. (Kol. 2:8) Onuawa bi a ɔwɔ India ka sɛ: “Ntetee a na ɛsɛ sɛ minya na obi atumi afa me adwumam no, ade a mikosuae no ammoa me amma mannya. Enti nea mikosuae no, mannya ho adwuma anyɛ.” Nneɛma no bi nso wɔ hɔ a, sɛ wusua a, esiane baabi a wowɔ nti, anhwɛ a worennya ho adwuma nyɛ. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Sublime; ɔwɔ Central African Republic. Osuaa sɛnea yesiesie air conditioner. Nanso ɔka sɛ: “Baabi a mete no, nkurɔfo nneɛma sɛe a, wɔn ara na ɛyɛ wɔn ade, enti etumi yɛ den sɛ menya adwuma ayɛ.”
16. Wuwie w’adesua no a, adwuma ko a wobɛyɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wudwen ho?
16 Wuwie w’adesua no a, adwuma ko a wobɛyɛ no, dwen ɛno nso ho. Bisa wo ho sɛ, w’ani begye ho anaa? (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Baabi a wobɛyɛ adwuma no, sɛn na ɛhɔ te, na nnipa bɛn na wo ne wɔn bɛyɛ adwuma? Adwuma no yɛ hu anaa ebetumi de wo nkwa ato asiane mu? Wo ne wɔn a wɔsi akan na ɛbɛyɛ adwuma, anaa adwuma no bɛtwe wo mu nsu? Saa adwuma no, wɔtua adwumayɛfo ka yiye? Akatua no bɛso wo? Sɛ wunya adwuma no wie mpo a, ɛwom ara a ɛsɛ sɛ wotoa w’adesua so na adwuma no amfi wo nsa anaa? Nea ɛsen ne nyinaa no, saa adwuma no bɛboa wo ma wode Ahenni no adi kan anaa? (Ɔsɛnk. 12:13) Ɛwom, sɛ adwuma ho yɛ den na woyɛ mempɛ-mempɛ a, anhwɛ a worennya bi nyɛ. Nanso sɛ wusua ade a mfaso wɔ so a, ebetumi aboa wo ma woanya adwuma ayɛ daakye. Onuawa bi a ne din de Tabitha a ofi India de abosome nsia kosuaa adepam. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ, sɛ mepam ade a, ɛbɛboa me ma mayɛ akwampae adwuma no. Ɛyɛ adwuma a entwam da, efisɛ nkurɔfo bɛpam ade daa. Afei nso me ho bɛhan me, na minhia sika kɛse na mede afi ase.” Adepam a Tabitha suae no boaa no ma otumi yɛɛ akwampae adwuma no.
17. (a) Nea wopɛ sɛ wusua no, wobɛyɛ dɛn anya ho nsɛm pii a ɛbɛboa wo ma woasi gyinae pa? (b) Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wo ma woasi gyinae pa? (Hwɛ adaka a yɛato din “Bible Nnyinasosɛm a Wubetumi Asusuw Ho.”)
17 Adesua yi mu no, yɛaka nneɛma pii ho asɛm a, sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a wubetumi asusuw ho. Nea wopɛ sɛ wukosua ho ade no, sɛ wopɛ sɛ wunya ho nsɛm pii na woatumi asi gyinae pa a, wubetumi akɔ sukuu hɔ akobisa ho asɛm, anaa woahwɛ wɔn wɛbsaet. Afei nso, nea wopɛ sɛ wukosua ho ade no, hwɛ sɛ ɛyɛ a nnwumakuw taa bɔ ho dawuru sɛ wɔhia nnipa bi a ɛte saa anaa. Wubetumi nso abisa wɔn a wɔasua biribi a ɛte saa anaa wɔyɛ saa adwuma no bi. (Mmeb. 13:10) Bisa wɔn sɛ, “Nea wopɛ sɛ wukosua ho ade anaa adwuma a wopɛ sɛ woyɛ no, ɛbɛboa wo sɛn na ɔhaw bɛn nso na ɛwom?” Anuanom a wɔde anigye resom Yehowa no, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. (Mmeb. 15:22) Bisa wɔn sɛ, ‘Dɛn na wusua a ɛbɛboa wo?’ Ebia wɔbɛka adwuma bi a w’adwene nkɔɔ so da ho asɛm.
18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?
18 Sɛnea yɛahu no, sɛ obi toa n’adesua so a, mfaso wɔ so, ɛnna ɛso nsunsuanso nso wɔ hɔ. Enti bɔ ho mpae paa na dwen nea wopɛ sɛ woyɛ no ho yiye. Sɛ wotoa w’adesua so a, ebetumi aboa wo ma woanya adwuma ayɛ de ahwɛ wo ho. Nanso kae sɛ, nea ebetumi ama w’ani agye paa ne sɛ wo ne Yehowa bɛfa adamfo denneennen. (Dw. 16:9, 11) Yehowa de, sɛ ne somfo bi akɔ sukuu adu he oo, sɛ he oo, ɛnyɛ ɛno na ɔhwɛ; ɔbɛhwɛ n’asomfo daa. (Heb. 13:5) Wo de, yɛmfa no sɛ woasi gyinae sɛ wobɛtoa w’adesua so. Dɛn na ebetumi aboa wo ma wo ne Yehowa ntam akɔ so ayɛ kama bere a woreyɛ saa no? Yebesusuw wei ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.
DWOM 45 Me Komam Nsusuwii
a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Adesua yi ne nea edi hɔ no, sɛ yɛka sɛ “obi retoa n’adesua so” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ sukuu a aban no hwehwɛ sɛ ɔman ba biara kɔ no, wakɔ awie ɛnna ɔrekɔ bi aka ho. Ebi ne sukuupɔn, kɔlegyi, sukuu a wɔkɔ kosua nsaanodwuma, ne nea ɛkeka ho.
b Bere bi a atwam no, sukuu a onua anaa onuawa bi bɛtoa so no, na yɛn nhoma ahorow no nhyɛ ho nkuran. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, October 1, 2005 Ɔwɛn-Aban no mu no, adesua asɛm bi wom a yɛato din “Awofo—Dɛn Na Mopɛ Sɛ Mo Mma Yɛ Daakye?” Sɛ obi kɔ sukuupɔn anaa osua nhoma kɔ akyiri a, saa adesua asɛm no kaa asiane a ɛwom no ho asɛm. Ɛwom, asiane a saa Ɔwɛn-Aban no kaa ho asɛm no da so ara wɔ hɔ, nanso sɛ obi bɛtoa n’adesua so oo, sɛ ɔrentoa so oo, ɛyɛ ɔno ara n’asɛm. Enti sɛ Kristoni bi yɛ n’adwene sɛ ɔbɛtoa so a, nea ɔbɛkɔ akosua no, ɛsɛ sɛ odi kan hwɛ sɛnea ɛho nsɛm te. Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa ho na ɔbɔ ho mpae paa ansa na wasi gyinae sɛ ɔbɛkɔ anaa ɔrenkɔ. Sɛ onipa no yɛ abofra a, ɛnde abusua ti na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yɛ weinom nyinaa. Ne nyinaa mu no, gyinae biara a obi besi wɔ wei ho no, yɛn mu biara anaa asafo mu mpanyimfo mpo nni hokwan sɛ wɔkasa tia no.—Yak. 4:12.