JUNE 29–JULY 5, 2026
DWOM 131 “Nea Onyankopɔn Aka Abom”
Monkɔ So Nhyɛ Mo Aware Mu Den
“Adamfo bi de, ɔntwe ne ho da, ɔkyɛn onua mpo.”—MMEB. 18:24.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Ɛbɛma yɛahu sɛ, sɛ okunu ne ɔyere ani begye wɔ wɔn aware mu a, ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa na wɔyɛ nnamfo a mframa mfa wɔn ntam.
1. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛwɔ nnamfo pa a, na Yehowa akyɛ yɛn ade?
WOWƆ nnamfo pa a, na Yehowa akyɛ wo ade. (Yak. 1:17) Nnamfo pa a ɛte saa dɔ Yehowa, na wɔdɔ yɛn nso. Yɛn ani gye a, wɔn ani gye; yɛn werɛ how a, wɔkyekye yɛn werɛ, na yehia afotu nso a, wɔmfa nkame yɛn. Nsu mu oo, awia mu oo, wɔne yɛn ara, enti yegye wɔn di. Anokwa, nnamfo pa ‘ma yɛn koma di ahurusi’!—Mmeb. 27:9.
2. Adɛn nti na ɛho hia sɛ okunu ne ɔyere kɔ so yɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn adamfofa no mu akɔ so ayɛ den? (Mateo 19:6)
2 Ɛho hia paa sɛ okunu ne ɔyere yɛ nnamfo a mframa mfa wɔn ntam. Ɛnsɛ sɛ wɔto wɔn adamfofa no agyaagyaamu, mmom ɛsɛ sɛ wɔkɔ so hyɛ mu kena. Sɛ wɔanyɛ saa a, anhwɛ a wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na ankonamyɛ, abufuw, ne nea ɛkeka ho abegye agua wɔ wɔn aware no mu. Nanso sɛ wɔkɔ so yɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn adamfofa no mu ayɛ den a, biribiara nni hɔ a ebetumi atetew wɔn ntam; wɔbɛbɛn wɔn ho paa. (Kenkan Mateo 19:6.) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea awarefo yɛ a ɛbɛma wɔn aware asɔ twann. Nanso momma yenni kan nhwɛ sɛnea anuanom a wɔnwaree betumi anya obi a ɔfata aware na wɔabom atena afebɔɔ.
SƐNEA WUBENYA OBI A ƆFATA AWARE NO
3-4. Dɛn na ɛbɛboa Kristoni bi ma wanya obi a ɔfata aware no? (Mmebusɛm 18:22)
3 Sɛ yɛrebesi gyinae kɛse bi a, bere a yɛredwen nhyira a ɛde bɛbrɛ yɛn no ho no, nsunsuanso a ebetumi akɔfa aba no nso, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene kɔ so. Gyinae a ɛtete saa no, etumi sesa yɛn asetena koraa, enti ɛho hia sɛ yedwen ho kɔ akyiri.
4 Gyinae a ɛho hia paa a yebesisi wɔ asetena mu no, baako ne nea ɛfa aware ho, efisɛ nea wobɛware no no, wo ne no bɛtena afebɔɔ. Esiane sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware nti, sɛ yɛrepɛ obi aware no a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi ne hɔ. Ɔpɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔyere pa na ɔbea biara nso nya okunu pa. Yehowa nim nea ɛbɛboa yɛn paa. (Kenkan Mmebusɛm 18:22; Yes. 48:17, 18) Afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa Kristoni ma wahwehwɛ obi a ɔfata aware no.
5. Adɛn nti na ɛho hia sɛ woware obi a wabɔ asu?
5 Sɛ yɛbɔ asu a, na yɛabɛyɛ Onyankopɔn adamfo. (Dw. 25:14) Enti sɛ wopɛ sɛ woware a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ obi a ɔno nso yɛ Yehowa adamfo. (1 Kor. 7:39) Sɛ woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wutie Yehowa, na woware obi a ɔte saa a, wubehu sɛ Yehowa ama woanya ɔyere pa anaa okunu pa. (Mmeb. 19:14) Afei nso, sɛ obi ware obi a ɔnsom Yehowa a, ɔhaw a ohyia no, wobɛkwati. (2 Kor. 6:14) Sɛ ɛyɛ wo sɛ worennya Kristoni a ɔfata nware no mpo a, nyansa nnim sɛ wo ne obi a ɔnsom Yehowa bɛyɛ aware nhyehyɛe. Bio nso, nnya adwene da sɛ wo ne obi a ɔnsom Yehowa yɛ aware nhyehyɛe a, ebia akyiri yi ɔbɛba nokware no mu.
6-7. Sɛ wo ne obi reyɛ aware nhyehyɛe a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho?
6 Ɛwom, ɛnyɛ obi a wabɔ asu biara na wubetumi aware no. Sɛ wunya obi a w’ani gye ne ho a, wubetumi abisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Sɛn na ɔne n’abusuafo di? Odwen nnipa ho, na obu ade? Henanom ne ne nnamfo? Sɛ ɔne obi adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, sɛn na ɔyɛ n’ade? Sɛ obi adwenkyerɛ ntia Bible mmara biara a, ɛyɛ a ogyaa mu anaa ɔtwe no twann sɛ kyenkyen ara a nea ɔreka na obiara mfa? Sika ho hia no sen biribiara anaa?’
7 Wubetumi abisa wo ho nso sɛ: ‘Onipa a mepɛ sɛ meware no no, ɔdɔ Yehowa paa? Ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ “suban foforo” no anaa? Ɔbɛboa me ama makɔ so asom Yehowa yiye? Botae a esisi m’ani so wɔ Yehowa som mu no, ɛno ara bi na esi n’ani so? Sɛ meware no a, yebetumi abɛyɛ nnamfo a mframa mfa yɛn ntam koraa?’ (Kol. 3:9, 10) Sɛ woyɛ onuawa a, onua a wo ne no reyɛ aware nhyehyɛe no, obetumi abɛyɛ w’adamfo paa, ne abusua ti a ɔbɔ ne ho mmɔden? (1 Kor. 11:3) Sɛ woyɛ onua nso a, onuawa a wo ne no reyɛ aware nhyehyɛe no, wo sintɔ nyinaa akyi no, ɔbɛkɔ so abrɛ ne ho ase ahyɛ wo ase anaa? Egye bere na woanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae. Enti sɛ wo ne obi reyɛ aware nhyehyɛe a, to wo bo ase hu no yiye.
8-9. Sɛ Kristoni bi ne obi reyɛ aware nhyehyɛe a, dɛn na ɛbɛboa no ama wasi gyinae pa? (Hwɛ mfoni no nso.)
8 Sɛ wo ne obi reyɛ aware nhyehyɛe na wobɔ mmɔden hu sɛnea ɔte yiye a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubesi gyinae pa. Enti bisa afoforo ma wɔnka ne ho asɛm nkyerɛ wo. Wubetumi abisa ne suban ho asɛm ne sɛnea n’asafo mufo hu no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, n’asɛm yɛ den, anaa ɔbrɛ ne ho ase, na ne yam ye? Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Sarah a ɔwɔ French Guiana; ɔware onua bi a ne din de Daniel. Ɔka sɛ: “Mibisaa Daniel ase fii afoforo hɔ. Wɔn mu bi ne onua a na ɔne no te a na ɔne no yɛ akwampae adwuma, n’asafo mu panyin bi, nnamfo a wɔnim yɛn mmienu nyinaa, ne anuanom mmea a ɛwɔ n’asafo mu.” Afei nso, wubetumi abisa onii a wo ne no reyɛ aware nhyehyɛe no sɛ, anyanyanbiara biribi asi wɔ n’abrabɔ mu pɛn anaa biribi rekɔ so a ehia sɛ ɔka kyerɛ wo anaa. Ehia sɛ wuhu efisɛ nneɛma a ɛte saa betumi akɔfa ɔhaw akɛse aba aware no mu akyiri yi.
9 Sɛ wo tirim ntene wo wɔ onii no ho anaa anuanom a wɔn ho akokwaw aka ne ho asɛm bi a ɛnkɔ yiye akyerɛ wo a, mmu w’ani ngu so. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛ ɛsɛ sɛ wotoa aware nhyehyɛe no so anaa ɛsɛ sɛ wutwa so.a Afei momma yɛmfa yɛn adwene nkɔ wɔn a wɔaware dedaw no so, na yɛnhwɛ nea wɔbetumi ayɛ ama wɔn aware asɔ twann.
Wo ne obi reyɛ aware nhyehyɛe a bɔ mmɔden hu sɛnea ɔte yiye (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)
MOMMOM NYƐ NNEƐMA A ƐBƐMA MO AWARE NO ASƆ
10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nya bere ma wɔn ho?
10 Sɛ awarefo ayɔnkofa mu bɛyɛ den a, ɛmfa ho nnwuma a egu wɔn so no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara nya bere ma ne yɔnko. Wei bɛma wɔanya hokwan abɔ wɔn asetenam nkɔmmɔ, na obiara afi ne komam akasa. Afei nso, obiara betumi akyerɛ ne dɔ na wɔabom agye wɔn ani.
11. Dɛn na ebetumi ama aware bi agyigya?
11 Awarefo a wɔdodɔ wɔn ho paa no, wɔmpɛ sɛ wɔn ntam bɛtetew koraa. Ɛwom ɛtɔ da a, biribi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye nti, ebia wɔn ntam bɛtetew kakra. Nanso sɛ ɛkyɛ a, ebetumi akɔfa ɔhaw pii aba. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom agyaw wɔn mmusua hɔ akɔ ɔman foforo so rekɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Ebia gyinaesi a ɛte saa betumi ama wɔanya sika, nanso sɛ obi kɔhyɛ mu kyɛ saa a, ebetumi ama n’aware agyigya.
12-13. (a) Dɛn na awarefo bi ayɛ a ɛma wɔtumi nya bere ma wɔn ho? (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Yehowa akyi no, hena paa na ɛsɛ sɛ ne ho hia wo? (Hwɛ adaka a wɔato din, “Ma Wo Kunu Anaa Wo Yere Ho Nhia Wo Paa” no.)
12 Yɛnhwɛ nea awarefo bi ayɛ a ɛma daa wɔtumi nya bere ma wɔn ho. Leah a ɔte Guam ka sɛ: “Me ne me kunu ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ nneɛma pii abom. Ɛntaa nsi koraa sɛ yɛn mu baako bepue akogye n’ani agya ne yɔnko.” Roxanne nso wɔ United States. Ɔka sɛ: “Yɛpɛ bere de yɛ nneɛma a ɛho hia. Enti ɛmfa ho sɛ nnwuma pii gu yɛn so no, yɛabehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛn nso yɛanya bere ama yɛn ho.” (Fa toto Amos 3:3 ho.) Damien a ɔwɔ France nso ka sɛ: “Yɛn mu biara rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’ani agye nneɛma a ne yɔnko pɛ ho.” (Mat. 7:12) Katie a ɔno nso wɔ United States no ka sɛ: “Ɛtɔ da a, obiara de ne fon to baabi sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bere ama yɛn ho.”
13 Nea ehia paa ne sɛ, nneɛma a moyɛ de som Yehowa no, mobɛbom ayɛ. Myriam a ɔwɔ France ka sɛ: “Anɔpa biara yɛkan Bible. Yewie a obiara ka nea n’ani gyee ho ne ɔkwan a yɛbɛfa so de ayɛ adwuma. Wei ma m’ani gye paa. Afei nso, sɛ me ne me kunu bom bɔ mpae a, mepɛ paa. Ɛno da nkyɛn a, nsɛm a ɔka wɔ ne mpaebɔ mu no ma mihu sɛ ɔdɔ Yehowa paa, na ɛno nso ma m’ani gye.” Katie a yɛadi kan aka n’asɛm no ka sɛ: “Yɛbom kɔ asɛnka a, ɛno paa na ɛma yɛn ani gye. Sɛ yɛn mu biara te sɛnea ne yɔnko di Yehowa ho adanse a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho no mu yɛ den, na daa yɛn mu biara sua nneɛma foforo fi ne yɔnko hɔ.”—Mmeb. 27:17.
Munnya bere mma mo ho daa na ama mo aware asɔ (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)
SƐ ƆHAW BA A, MONNTETEW MU
14-15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo yɛ nea wɔbetumi biara siesie ɔhaw a ebetumi aba wɔn aware mu? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.
14 Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛnyɛ dɛn ara awarefo behyia ɔhaw. Bible ka no pefee sɛ awarefo “ho bɛyeraw wɔn ɔhonam mu.” (1 Kor. 7:28) Nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛ awarefo yɛ dɛn ara a, wɔrentumi nkwati ɔhaw. Sɛ ɔhaw a ɛte saa ba a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo no yɛ nea wɔbetumi biara siesie ɔhaw no na wɔbom tena?
15 Yɛnhwɛ mfatoho bi. Sɛ dan anaa adwinni bi a ɛyɛ fɛ paa ho baabi tɔ kyima a, ɛyɛ dɛn ara a, wɔn a ɛyɛ wɔn dea no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbesiesie. Ebia ɛka a wɔbɛbɔ wɔ ho nyɛ asɛm ketewa, na ebi nso a ebegye mfe bebree ansa na wɔasiesie awie, nanso wɔbɛyɛ. Adɛn ntia? Efisɛ saa dan anaa adwinni no som bo ma wɔn paa. Saa na aware biara nso te; ɛsom bo paa. Awarefo a wɔdodɔ wɔn ho mpo, mente-me-ho-ase betumi asɔre wɔ wɔn ntam. Nanso, sɛnea wɔtumi siesie dan anaa adwinni bi a ɛho atɔ kyima ma ɛsan si ne dedaw mu no, saa ara nso na sɛ ɔhaw ba aware mu a, awarefo no betumi asiesie ama wɔasan ayɛ baako. Ebia ebegye bere ne adwumaden na awarefo no atumi asiesie ɔhaw a aba no na wɔabom atena fɛfɛɛfɛ. Nanso sɛ wɔyere wɔn ho yɛ saa a, Yehowa ani begye wɔn ho. (Mal. 2:16) Ɛbɛkyerɛ sɛ obiara wɔ ɔdɔ ne obu ma ne yɔnko, na Yehowa a ɔhyehyɛɛ aware no nso, wɔdɔ no na wɔbu no.
16. Sɛ awarefo rehyia ɔhaw a ani soso wɔ wɔn aware mu a, sɛn na 1 Korintofo 13:4-8a betumi aboa wɔn? (Hwɛ mfoni no ne adaka a yɛato din “Nea Ɛbɛboa Wo Ama W’aware Asɔ” no.)
16 Sɛ ɔhaw bi sɔre wɔ w’aware mu a, mpere wo ho ne wo kunu anaa wo yere ntetew mu. (1 Kor. 7:10, 11) Mmom bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ de ahyɛ ɔdɔ no mu den?’ Nea Bible ka fa ɔdɔ ho no, sua ho ade. Afei, asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 13:4-8a no, yere wo ho fa yɛ adwuma. (Kenkan.) Sɛ́ anka wobɛfa kwan bi so ne wo kunu anaa wo yere atetew mu no, yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛsan atɔ ne dɔ mu ntentan bio. Hwɛ nea wubetumi ayɛ ama mo aware no asan asɔ. Enti bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo. Afei nso, kenkan asafo nhoma na hwɛ video ahorow a ɛbɛboa wo. Bio, hwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo ne anuanom a wɔn ho akokwaw hɔ. Yehowa na ɔka ho ma w’aware no yɛ “hama a ɛbɔ ho abiɛsa,” enti sɛ wo de wo ho to no so a, ɛbɛyɛ den sɛ mo ntam bɛtetew.—Ɔsɛnk. 4:12.
Sɛ ɔhaw bi ba mo aware mu a, monyɛ nea mubetumi biara na mo ntam antetew (Hwɛ nkyekyɛm 16)
17. Wɔn a wɔaware ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware bɛyɛ dɛn ama wɔn ani agye?
17 Yehowa asomfo a wɔaware ne wɔn a wɔnwaree nyinaa, Yehowa pɛ sɛ wɔn ani gye. Enti sɛ afei na wopɛ sɛ woware a, pɛ obi a ɔfata a wubetumi ne no atena anigye mu afebɔɔ. Sɛ woaware nso a, kɔ so ara yɛ nneɛma a ɛbɛma mo aware no asɔ twann. Ɔhaw biara a ɛbɛsɔre wɔ mo aware no mu no, momma Yehowa mmoa mo na munsiesie. Woyɛ saa a, wo ne wo kunu anaa wo yere a wodɔ no no ‘ani begye’!—Ɔsɛnk. 9:9.
DWOM 132 Yɛayɛ Baako
a Sɛnea mubehu mo ho yiye no, sɛ mopɛ ho nsɛm pii a, monhwɛ asɛmti ketewa a yɛato din “Obiara Mmɔ Mmɔden Nhu Ne Yɔnko Yiye” no. Ɛwɔ May 2024 Ɔwɛn-Aban, adesua asɛm a yɛato din “Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’aware Nhyehyɛe Akɔ Yiye” no mu.