JUNE 22-28, 2026
DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran
Suasua “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” No
‘Momma yɛmfa awerɛkyekye a yenya fi Onyankopɔn hɔ no nkyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu mu no werɛ.’—2 KOR. 1:4.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛnea Yehowa kyekye afoforo werɛ ne sɛnea ebinom nso suasuaa no. Wei bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛbɛkyekye afoforo werɛ.
1. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyekye afoforo werɛ?
‘SƆHWƐ ahorow betumi ama yɛn werɛ ahow,’ enti ɛtɔ mmere bi a yɛn mu biara hia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ. (1 Pet. 1:6) Sɛnea yɛn ani gye ho sɛ afoforo bɛkyekye yɛn werɛ no, yɛn nso sɛ obi rehu amane a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm kɔkyekye ne werɛ. (Mat. 7:12) “Amanehunu biara” a yɛrehyia no, Yehowa a ɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no kyekye yɛn werɛ. Wei nti ɛsɛ sɛ yesuasua no, na yɛn nso ‘yɛkyekye afoforo werɛ.’ (2 Kor. 1:3, 4; 1 Tes. 4:18) Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ yɛn asɛde ara nti na yɛkyekye yɛn nuanom werɛ, mmom ɔdɔ na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ. Adesua yi mu no, sɛ Bible ka awerɛkyekye a, yɛbɛhwɛ nea ɛkyerɛ. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛbɛkyekye afoforo werɛ, ne nea yebetumi ayɛ bere a yɛn nso yehia awerɛkyekye.
SƐ BIBLE KA AWERƐKYEKYE A, DƐN NA ƐKYERƐ?
2. Bible mu no, dɛn na asɛmfua awerɛkyekye tumi kyerɛ?
2 Bible mu no, Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “awerɛkyekye” no, etumi kyerɛ nneɛma bebree. Etumi kyerɛ asɛm a wɔka de hyɛ obi nkuran, anaa asɛm a wɔka de kanyan obi ma ɔyɛ biribi. (Rom. 12:8) Nea asɛmfua “awerɛkyekye” kyerɛ paa ne sɛ wɔbɛfrɛ obi aba obi foforo nkyɛn sɛ ɔmmɛboa no. Enti yɛbɛka a, ɛte sɛ obi rehu amane na n’adamfo bi atutu mmirika de mmoa biara a ohia akɔma no. Ɔkwan biara a ɔbɛfa so akyekye ne werɛ no, ebewie ase no, ɛsɛ sɛ nea ɔrehu amane no nya nkuranhyɛ.
3. Dɛn na yebetumi asua afi Barnaba hɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)
3 Momma yɛnhwɛ Bible mu nhwɛso bi. Ná Kristoni bi wɔ hɔ a ne din de Yosef. Ná otumi kyekye afoforo werɛ ara ma eduu baabi no, asomafo no too ne din “Barnaba.” Saa din no kyerɛ “Awerɛkyekye Ba.” (Aso. 4:36) Ná saa din no fata no paa, enti efi bere a wɔde saa din no maa no no, Bible amfa ne din ankasa amfrɛ no bio. Bible ma yehu sɛ na Barnaba taa kɔboa anuanom a wɔn ho akyere wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni akyi bere tiaa bi no, ɔkɔɔ Yerusalem sɛ ɔrekohyia asuafo no. Nanso na wɔsuro no, efisɛ na wɔnim sɛ watu n’ani asi Kristofo no so retan wɔn ani. Barnaba de, na ogye di sɛ wasesa, enti odii n’anim de no kɔɔ asomafo no nkyɛn.—Aso. 9:26-28.
Ná Barnaba din no fata no paa (Hwɛ nkyekyɛm 3)
SƐNEA YƐBƐKYEKYE AFOFORO WERƐ
4. Akwan a yɛfa so kyekye afoforo werɛ no, baako a eye paa ne sɛn? (Romafo 1:11, 12)
4 Ɛbɛyɛ yiye a, kɔsra wɔn. Yehowa fa n’asomfo so kyekye afoforo werɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a odiyifo Elia adwene tu frae no, Yehowa maa ɔbɔfo bi kɔhyɛɛ no nkuran. (1 Ahe. 19:4-7) Ná ɔsomafo Paul nso nim sɛ, sɛ ɔkɔsra ne nuanom a, obetumi ahyɛ wɔn nkuran na wɔn nso ahyɛ no nkuran. (Kenkan Romafo 1:11, 12.) Sɛ worekɔsra obi ahyɛ no nkuran a, nyɛ no gya-so-gya-so, mmom munnya bere mmɔ nkɔmmɔ. (1 Kor. 16:7) Sɛ wuntumi ntutu wo nan nkɔsra onipa no a, nea edidi so yi mu biara nso betumi aboa. Wubetumi afrɛ no wɔ fon so, akyerɛw no krataa, anaa woakyerɛw nsɛm bi agu kaad so akɔma no. Wubetumi nso asɛnde no tɛs mɛsegye. Yehowa pɛ sɛ ɔfa wo so kyekye afoforo werɛ. Wobɛma no kwan anaa?
5. Adɛn nti na ɛtɔ da a ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkyekye yɛn nuanom werɛ?
5 Wiase yi rekɔ n’awiei no, nneɛma mu bɛyɛ den paa. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yetutu yɛn nan kɔ yɛn nuanom nkyɛn kɔkyekye wɔn werɛ a, ebia yɛremfa no ahogono so koraa. Bere a wɔkyeree Paul too afiase wɔ Roma no, Onesiforo a na ofi Efeso no bɔɔ mmɔden kɔhwehwɛɛ no. Ná anka atumfoɔ no betumi akyere no ato afiase anaa wɔakum no mpo. (2 Tim. 1:16-18) Anuanom a wɔwɔ Russia no nso, wɔsuasua Onesiforo, enti ɛyɛ a wɔkɔkyekye wɔn nuanom a aban no retan wɔn ani no werɛ. Sɛ aban no de anuanom kɔ asɛnnibea a, anuanom afoforo kɔ hɔ bi kɔtaa wɔn akyi. Ɛwom, wɔnim sɛ saa a wɔyɛ no betumi ama wɔakyere wɔn, nanso wɔmmɔ hu. Wo nso, wubetumi asuasua wɔn akokoduru no. Wobɛyɛ no sɛn? Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔboaa wɔn nuanom a nkurɔfo tan wɔn ani no, bɔ mmɔden sua wɔn ho ade. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma woahu nea wɔyɛe a ɛboaa wɔn maa wɔn ani kɔɔ so gyei.
6. Sɛ yɛrekyekye afoforo werɛ a, dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Yehowa? (Hwɛ mfoni no nso.)
6 Yɛ aso tie wɔn. Bere a odiyifo Elia hui sɛ Yesebel repɛ no akum no no, ɔkaa sɛnea ɔte nka no kyerɛɛ Yehowa. Ɛwom sɛ na Yehowa nim nea ɛrehaw Elia, nanso bere a ɔrekasa no, Yehowa yɛɛ aso tiee no. Elia san kaa asɛm koro no ara, nanso ɛno nso Yehowa nyaa abotare tiei. (1 Ahe. 19:9, 10, 14) Odiyifo Habakuk nso, bere a na ɔreka sɛnea ɔte nka ne amanehunu a na ɛrekɔ so no akyerɛ Yehowa no, na asɛ ɔne Yehowa reko. Ne nyinaa mu no, Yehowa maa no kwan ma ɔkasae. (Hab. 1:2, 3) Ɛnnɛ nso, ɛwom sɛ Yehowa nim nea yehia, nanso sɛ yɛbɔ no mpae a, ɔyɛ aso tie. Enti sɛ yɛn nuanom reka wɔn haw akyerɛ yɛn na yɛyɛ aso tie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yebu wɔn na yɛresuasua Yehowa. Ɛno nti sɛ wɔrekasa a, ɛsɛ sɛ yetie no yiye, na ɛnsɛ sɛ yetwa wɔn ano. Sɛ wɔn kasa yɛ hatuhatu anaa wɔka asɛm koro no ara mpɛn pii mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw.—Yak. 1:19; Ɔsɛnk. 7:9.
Sɛ wo nuanom reka wɔn haw akyerɛ wo na woyɛ aso tie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ woresuasua Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 6)
7. Yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛbɛboa obi a ɔrehu amane?
7 Bɔ mmɔden hu ade pɔtee a ɛbɛboa onii no. Yɛn de, yɛnte sɛ Yehowa, enti yɛrentumi nhu nea ɛwɔ obi komam. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea yebetumi ayɛ de akyekye obi werɛ a, gye sɛ yɛyɛ aso tie no. Nea onii no refa mu no, sɛ wo na worefa mu a, ebia wunim nea ɛbɛboa wo. Nanso kae sɛ, ɛsono sɛnea yɛn mu biara te, enti nnya adwene sɛ nea ɛbɛboa wo no, ɛno ara na ɛbɛboa onii no nso. Mmom nya ne ho abotare, yɛ aso tie no, na bisa nsɛm a ɛbɛboa no ma waka nea ɛwɔ ne komam.—Mmeb. 20:5.
8. Bere a Lasaro wui no, sɛn na Yesu kyekyee Marta ne Maria werɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)
8 Bere a Marta ne Maria nuabarima Lasaro wui no, yɛnhwɛ sɛnea Yesu kyekyee wɔn werɛ. Ɛwom sɛ wɔn mmienu nyinaa na na wɔn nuabarima awu, nanso ɛsono sɛnea Yesu kyekyee wɔn mu biara werɛ. Bere a Marta ne Yesu kasae no, Yesu kaa owusɔre no ho asɛm kyerɛɛ no, na gyidi a na ɔwɔ wɔ owusɔre no mu no, ɔboaa no ma ɔhyɛɛ mu den. Nanso bere a Maria baa Yesu nkyɛn a na ɔresu no, ɛda adi sɛ Yesu anka owusɔre no ho asɛm. Mmom ɔne no sui, na obisaa no baabi a wɔde Lasaro toe. (Yoh. 11:20-35) Dɛn na yesua fi mu? Nea yesua ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛfa ɔkwan koro no ara so kyekye obiara werɛ, mmom ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu nea ɛbɛboa obiara.
Sɛ worekyekye afoforo werɛ a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden hu nea ɛbɛboa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 8)a
9. Yɛbɛyɛ dɛn de Bible akyekye afoforo werɛ? (Romafo 15:4, 5)
9 Fa Bible no kyekye afoforo werɛ. Sɛ wode ‘awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu’ kyekye obi werɛ a, wubetumi aboa no ama wanya anidaso. (Kenkan Romafo 15:4, 5.) Saa anidaso no bɛkɔ so ara akyekye ne werɛ, na ɛbɛboa no ma wahu sɛ Yehowa dɔ no, na ɔbɛhwɛ no. (Yes. 40:31) Ɛnde, wobɛyɛ dɛn anya Bible mu asɛm bi de akyekye obi werɛ? Ebinom kyerɛw kyerɛwnsɛm a wɔbetumi de akyekye afoforo werɛ no to hɔ, na sɛ ɛho behia a wɔde adi dwuma. Wubehu kyerɛwnsɛm a ɛte saa no bi wɔ Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra nhoma no mu. Ɛwɔ asɛmti a ɛne “Awerɛkyekye” afa hɔ. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu ɔkwan pa a wobɛfa so de Bible no akyekye afoforo werɛ ma ahyɛ wɔn nkuran. Obetumi de ne honhom no aboa wo ma woakae Bible mu nsɛm a wubetumi de akyekye obi werɛ.—Yoh. 14:26.
10. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ obi nkuran a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anom kasa yɛ dɛ?
10 Ma w’anom kasa nyɛ dɛ. Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “awerɛkyekye” no, etumi kyerɛ asɛm a wɔka de kanyan obi ma ɔyɛ biribi. Enti onipa a worekyekye ne werɛ no, ɛtɔ da a, ebia ebehia sɛ woka asɛm bi a ɛbɛkanyan no ma watene n’adwene. Sɛ ɛho behia sɛ woyɛ saa a, dwen nea wobɛka ho yiye paa ansa na woakasa, sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a wobɛka no rempira no, na mmom ɛbɛkyekye ne werɛ. (Mmeb. 12:18) Yehowa ayɛ wei ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ ama yɛn. Bere bi, Elia nyaa adwene sɛ adwuma a ɔreyɛ no, mfaso biara nni so, na Israel nyinaa, ɔno nko ara na aka a ɔresom Yehowa. Sɛ́ anka Yehowa bɛka no pen akyerɛ Elia sɛ adwene a wanya no nte saa no, ɔtoo ne bo ase ne no kasae kama, na ɔboaa no ma ɔtenetenee n’adwene. (1 Ahe. 19:15-18) Wo nso, sɛ wudwen nea wobɛka ho yiye a, wubetumi aboa wo nuanom ma wɔatenetene wɔn adwene. Sɛ worema ɔkasa anaa worema mmuae wɔ adesua ase a, ma w’anom kasa nyɛ dɛ bere nyinaa. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ anuanom nkuran.
11. Wɔn a wɔrehu amane no, mpɛn pii no, dɛn na wɔhia? (1 Yohane 3:18)
11 Yɛ biribi fa boa wɔn. Wɔn a wɔrehu amane no, ɛnyɛ kasadɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn, mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi nso de boa wɔn. (Kenkan 1 Yohane 3:18.) Barnaba yɛɛ wei ho nhwɛso kamakama maa yɛn. Bere bi, ɔtɔn n’asaase de sika no kɔmaa asomafo no ma wɔde boaa anuanom a na wɔabɔ asu foforo a na wɔredi hia no. (Aso. 4:36, 37) Ɛnnɛ nso, yɛn nuanom Kristofo bebree suasua Barnaba, na wɔboa wɔn nuanom ma wɔn nsa ka nea wɔhia. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Gabriela a ofi Poland. Bere bi nsuyiri sɛee ne fi pasaa. Tie nea ɔkae: “Me koma tui paa, na na m’adwene nyinaa atu afra; m’awofo a na wɔne me te nso saa ara. Ná minhu nea mɛyɛ. Nanso anuanom a ɛwɔ nsafo a ɛbemmɛn baabi a yɛte no de da koro pɛ besiesiee yɛn fie no maa yɛn. Wei hyɛɛ me gyidi den, na ɛma mihui sɛ Yehowa nam n’asomfo so kyekye wɔn a wɔrehu amane no werɛ.”
12. Sɛ wumia w’ani gyina amanehunu mu a, sɛn na ɛboa wo nuanom Kristofo?
12 Mia w’ani gyina amanehunu mu. Paul ka kyerɛɛ Tesalonikafo no sɛ amanehunu a na wɔrehyia no, bere a ɔtee sɛ wɔamia wɔn ani agyina mu no, ɛkyekyee ne werɛ, na ɛma onyaa ahoɔden foforo. Ohui sɛ adwumaden a ɔyɛe no anyɛ kwa. (1 Tes. 3:5-8) Ná ɔno nso nim sɛ, sɛ omia n’ani gyina amanehunu mu a, ɛbɛkyekye ne nuanom werɛ; wɔn a na wɔnhyiaa no da mpo, na ɛbɛkyekye wɔn werɛ. (Kol. 2:1, 2) Yɛn nso, sɛ yɛn nuanom Kristofo hu sɛnea Yehowa reboa yɛn ma yɛagyina amanehunu a yɛrehyia ano a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa.
13. Sɛ yɛrekyekye anuanom a wɔn abam abu werɛ a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?
13 Nya wɔn ho abotare. Sɛ yɛrekyekye anuanom a wɔn abam abu werɛ a, ebia ɛnyɛ hɔ ara na yebehu sɛ wɔn werɛ akyekye. Nanso Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛnkɔ so nhyehyɛ yɛn ho nkuran.’ Wei kyerɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa. (1 Tes. 5:11) Enti wɔn a wɔn abam abu no, sɛ worekyekye wɔn werɛ a, nya wɔn ho abotare. (1 Tes. 5:14) Nanso ɛtɔ da a yɛn mu biara hia awerɛkyekye. Sɛ ɛba saa a, dɛn na yebetumi ayɛ?
BERE A WUHIA AWERƐKYEKYE
14-15. Sɛ yɛredi awerɛhow anaa dadwen hyɛ yɛn so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
14 Bɔ Yehowa mpae. Sɛ woredi awerɛhow anaa dadwen ahyɛ wo so a, srɛ no sɛ ɔnkyekye wo werɛ. (Dw. 94:19) Sɛnea wote nka no, ka kyerɛ no; mfa biribiara nsie. (Dw. 62:8) Ɛwom sɛ Yehowa nim nea worefa mu, nanso sɛ woka wo komam nsɛm kyerɛ no a, ɛkyerɛ sɛ wugye no di. Sɛ woyɛ saa a, sɛnea ɛte biara ɔbɛfa kwan bi so abua wo mpaebɔ no. (Mar. 11:24) Filipifo 4:6, 7 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa yɛn adesrɛ nto Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so no bɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban.’
15 Hwehwɛ mmoa fi afoforo hɔ. Ka nea ɛrehaw wo no ho asɛm kyerɛ w’adamfo bi a ne ho akokwaw anaa ɔpanyin bi a wugye no di. Wo nuanom betumi akyekye wo werɛ paa, nanso sɛ woantɔn wo yare a, worennya ano aduru, enti ka nea ɛrehaw wo ne nea wuhia ho asɛm kyerɛ wɔn. (Mmeb. 14:10) Wubetumi aka akyerɛ wɔn sɛ, worekasa a wɔnyɛ aso ntie wo. Afei nso, kyerɛwsɛm bi anaa asɛm bi a ɛwɔ asafo nhoma mu a wɔhu sɛ ebetumi akyekye wo werɛ no, wubetumi ama wɔaka ho asɛm akyerɛ wo.
16. Sɛ wo nuanom rehyɛ wo nkuran a, dɛn na ebetumi asi, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wokae?
16 Nya wɔn ho abotare; mma wo bo mmfuw. Sɛ wo nuanom rehyɛ wo nkuran a, wɔbetumi aka asɛm bi anaa wɔayɛ biribi ma ahaw wo. Ɛba saa a, nya wɔn ho abotare. (1 Kor. 13:4, 7) Afei nso, kae asɛm a ɛwɔ Yakobo 3:2 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no, bɔne nni ne ho.” Kae sɛ wo nuanom dwen wo ho, na wɔpɛ sɛ wɔboa wo. Mma wo werɛ mmfi sɛ, “honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.”—Mat. 26:41.
17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
17 Esiane sɛ yɛte awiei mmere no mu nti, yɛn nyinaa hia awerɛkyekye. Afei nso, nneɛma mu yɛ ara na ɛreyɛ den, na Onyankopɔn atamfo nso atu wɔn ani asi yɛn so denneennen, enti yebehia awerɛkyekye asen bere biara. Ɛnde, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so akyekye yɛn ho yɛn ho werɛ.
DWOM 130 Fa Bɔne Kyɛ
a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi akɔsra onua bi a ne yere wui nkyɛe, na wayɛ aso retie no paa. Akyiri yi, ɔpanyin no akɔsra onua bi a ne yere wui akyɛ, na wɔrekaakae nneɛma pa a ɔte ase no ɔyɛe.