Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 February kr. 8-13
  • Nea Asubɔ Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Asubɔ Kyerɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA W’ASUBƆ KYERƐ
  • ƆKWAN A KRISTOFO FA SO BƆ ASU
  • “AGYA NE ƆBA NE HONHOM KRONKRON DIN MU”
  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Ehia Sɛ Kristofo Bɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Dɛn Ne Asubɔ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 February kr. 8-13

APRIL 13-19, 2026

DWOM 52 Kristofo Ahosohyira

Nea Asubɔ Kyerɛ

‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo, mommɔ wɔn asu.’—MAT. 28:19.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea asubɔ kyerɛ, nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ asu, ne ɔkwan a yɛfa so bɔ asu.

1. Dɛn na ɛma yehu sɛ asubɔ yɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛho hia paa?

SƐ YEHU sɛ nkurɔfo rebɔ asu a, ɛma yɛn ani gye paa. Pentekoste da no, bere a tete Kristofo no hui sɛ nnipa bebree rebɔ asu no, wɔn nso ani gyei paa. Saa da no, ɔsomafo Petro maa ɔkasa bi de kyerɛɛ nea enti a ɛho hia paa sɛ yɛbɔ asu. (Aso. 2:​38, 40, 41) Afei nso, ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ “Kristo ho nsɛm a yedii kan suae” no, “asubɔ ahorow ho nkyerɛkyerɛ” ka ho. (Heb. 6:​1, 2) Anhwɛ a yɛbɛka sɛ asubɔ de yenim, nanso ɛsɛ sɛ yɛte ase yiye. Adɛn ntia?

2. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛte asubɔ ase yiye paa?

2 Sɛ dan betumi agyina pintinn a enhinhim a, ehia sɛ enya fapem papa. Yɛn nso, sɛ yɛte asubɔ ase yiye a ɛbɛboa yɛn ama yɛn gyidi ayɛ den. Sɛ afei na yɛrekeka kɔ asubɔ ho oo, sɛ yɛbɔɔ asu akyɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛte asubɔ ase yiye. Enti adesua yi bɛboa yɛn ama yɛanya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Dɛn na asubɔ kyerɛ? Ɔkwan bɛn na yɛfa so bɔ asu? Adɛn nti na yɛbɔ asu wɔ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron din mu?

NEA W’ASUBƆ KYERƐ

3. Dɛn na asubɔ kyerɛ?

3 Sɛ wobɔ asu a, woma obiara hu sɛ nea Bible ka fa Yehowa ne Yesu Kristo ho no woagye atom, woanu wo ho wɔ wo bɔne ho na woayɛ nsakrae wɔ w’abrabɔ mu sɛ wobɛsom Yehowa. Afei nso, wugye tom sɛ Yesu na Onyankopɔn nam ne so begye nnipa nkwa. Bio nso, sɛ wobɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ wufi wo koma nyinaa mu abɔ Onyankopɔn mpae na woahyɛ no bɔ sɛ wobɛyɛ n’apɛde, na wo ne n’ahyehyɛde no bɛbɔ. Enti sɛ wohyɛ saa bɔ no anaa wuhyira wo ho so bɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ woatew asi ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.

4. Sɛ yɛde obi nu nsu mu pue a, dɛn na ɛkyerɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Sɛ worebɔ asu a, wɔde wo nu nsu mu puea te sɛ nea woawu ama wɔanyan wo. (Fa toto Kolosefo 2:12 ho.) Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ wɔde wo nu nsu no mu a, ɛkyerɛ sɛ wo kan abrabɔ no, wode aba awiei. Sɛ wupue fi nsu no mu nso a, ɛkyerɛ sɛ worebɛhyɛ abrabɔ foforo ase na Onyankopɔn apɛde nko ara na wobɛyɛ.

Mfoni: Ɔbarima bi asesa afi ne kan abrabɔ ho, na ɔrebɔ asu. 1. Ɔrehwɛ nkurɔfo a wɔrebɔ akuturuku wɔ TV so, na ɔrebɔ gye wɔn so. 2. Ɔrenom sigaret. 3. Ɔrewe nsã. 4. Akyiri yi, wɔrebɔ no asu wɔ nsu mu.

Sɛ wobɔ asu a ɛkyerɛ sɛ wo kan abrabɔ no, wode aba awiei na woahyɛ abrabɔ foforo ase, na Onyankopɔn apɛde nko ara na wobɛyɛ (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woatumi abɔ asu no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛte sɛ adwuma a Noa yɛe wɔ adaka no ho no? (1 Petro 3:​18-21)

5 Kenkan 1 Petro 3:​18-21. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woatumi abɔ asu no, yebetumi aka sɛ ɛte sɛ adwuma a Noa yɛe wɔ adaka no ho no. Sɛ afei ara na woafi ase resua Yehowa ho ade a, ebia wubenya adwene sɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woatumi abɔ asu no, ɛbɛyɛ den dodo. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ne yɛ bɛyɛ den te sɛ adaka kɛse a Noa yɛe no. Nanso, wunnye nni sɛ ehia sɛ wumia w’ani yɛ biribi a ɛte saa? Wo de, yɛnhwɛ Noa. Onyankopɔn kyerɛɛ no ɔkwan a ɔmfa so nyɛ adaka no; nea na ehia ara ne sɛ obetie Onyankopɔn na wayɛ nea waka no pɛpɛɛpɛ. Sɛ ɔyɛ saa na nsuyiri no ba a, na ɔne ne fiefo benya nkwa. Noa nyaa Onyankopɔn mu gyidi na ɔyɛɛ nea ɔkae no pɛpɛɛpɛ. Enti Onyankopɔn boaa no ma otumi yɛɛ adaka no. Sɛnea Noa yɛe no, wo nso ‘nea Onyankopɔn aka no,’ wubetumi ayɛ.—Gen. 6:22.

6. Ɔkwan bɛn so na asubɔ betumi agye wo nkwa?

6 Sɛ wohwɛ 1 Petro 3:21 a, ɔsomafo Petro kaa sɛ asubɔ ‘gye yɛn nkwa.’ Nea ɛwom ne sɛ, sɛ wɔde obi nu nsu mu a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ obenya nkwa anaa asubɔ no ahohoro ne bɔne. Yesu mogya no nko ara na ebetumi ahohoro yɛn bɔne. (1 Yoh. 1:7) Nanso ɛno kyerɛ sɛ asubɔ ho nhia anaa? Daabida, ɛho hia paa! Nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ de som no no, asubɔ di mu akoten. Afei nso, “ɛyɛ adesrɛ a yɛde to Onyankopɔn anim de bisa ahonim pa.” Saa adesrɛ no nso de, Onyankopɔn rensisiw n’aso wɔ ho da; obetie na wagyina Yesu afɔre no so de wo bɔne akyɛ wo. Enti sɛ Bible ka sɛ asubɔ ‘gye yɛn nkwa’ a, nea ɛkyerɛ no no; ebetumi ama obi anya anidaso sɛ ɔbɛtena ase daa.

ƆKWAN A KRISTOFO FA SO BƆ ASU

7. Sɛ Kristofo rebɔ asu a, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no?

7 Bible ma yehu sɛ, sɛ wɔrebɔ obi asu a ɛsɛ sɛ wɔde no nu nsu mu, nanso ɛnhyɛ da nka biribiara nka ho bio. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ataade bɛn na ɛsɛ sɛ asubɔfo no hyɛ? Bɛhwɛadefo no nso, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade? Bible nhyehyɛɛ ho mmara biara, nanso Bible nnyinasosɛm wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ama yɛahu ataade a ɛsɛ sɛ asubɔfo no hyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ bɛhwɛadefo no yɛ wɔn ade. (1 Kor. 14:40; 1 Tim. 2:9) Afei nso, mpɛn pii no, asafo mu panyin na ɔbɔ nkurɔfo asu. Sɛ obi nya saa hokwan no a, yɛnhoahoa no mfa nidi soronko bi mma no. (1 Kor. 1:​14, 15) Sɛ obi asubɔ bedi mu a, ennyina nnipa dodow a ɛbɛba abɛhwɛ no so; sɛ wɔdɔɔso oo, sɛ wɔsua oo, ɛnyɛ ɛno na ehia.—Aso. 8:36.

8. Nsɛmmisa bɛn na ɔkasafo no bisa asubɔfo no, na adɛn ntia? (Asomafo Nnwuma 2:​38-42) (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ano ka yɛn gyidi kyerɛ nkurɔfo,’ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nkwa. (Rom. 10:​9, 10) Enti ɛnyɛ asɛnka mu nko ara na yɛpae mu ka yɛn gyidi, mmom sɛ yɛrekɔbɔ asu nso a, ɛfata paa sɛ yɛpae mu ka yɛn gyidi, efisɛ ɛho hia na ama yɛanya nkwa. Ɛno nti, wɔn a wɔrekɔbɔ asu no, ɛyɛ a ɔkasafo no bisa wɔn nsɛm mmienu bi. Nea edi kan, “Woanu wo ho wɔ wo bɔne ho, woahyira wo ho so ama Yehowa, na woagye atom sɛ Yesu Kristo na Yehowa nam no so begye yɛn nkwa anaa?” Saa asɛmmisa no ma yehu nea obi ayɛ dedaw a ama wafata sɛ wɔbɔ no asu. Ɛte sɛ asɛm a ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ nnipa a na ahyiam wɔ Pentekoste da no. Asɛmmisa a ɛtɔ so mmienu a ɔkasafo no bisa ne sɛ, “Wugye tom sɛ, sɛ wobɔ asu a, woabɛyɛ Yehowa Danseni, na woabɛka Yehowa ahyehyɛde no ho anaa?” Saa asɛmmisa no ma nea ɔrekɔbɔ asu no hu nea ɔbɛyɛ wɔ n’asubɔ akyi: Ɛne sɛ, akwankyerɛ biara a Yehowa ahyehyɛde no de bɛba no, ɔhyɛ bɔ sɛ obedi so, na ɔne ne nuanom Kristofo bɛbom asom Yehowa. Biribi saa na wɔn a wɔbɔɔ asu wɔ Pentekoste da no yɛe wɔ wɔn asubɔ akyi. (Kenkan Asomafo Nnwuma 2:​38-42.) Enti obiara a obefi ne komam ayi saa nsɛmmisa no ano sɛ yiw no, ɔfata sɛ wɔbɔ no asu.

Asubɔfo bi a ɛsono mfe a wɔn mu biara adi repae mu aka wɔn gyidi wɔ nhyiam bi ase; wɔgyina anim pɛɛ.

W’asubɔ da no, wode w’ano pae mu ka wo gyidi kyerɛ nkurɔfo; woyɛ saa de kyerɛ sɛ wopɛ sɛ wunya nkwa (Hwɛ nkyekyɛm 8)d


9. Anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ obiara tu na ama Onyankopɔn agye no atom?

9 Ansa na worebehu nokware no mpo, ebia na wobɔ bra pa anaa woanhyɛ da anyɛ bɔne akɛse biara da. Ebi nso a, w’awofo tetee wo wɔ nokware no mu, na wɔboaa wo ma wobɛdɔɔ Yehowa. Ɛno saa no, wohwɛ a ɛho hia sɛ wunu wo ho na wobɔ asu, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn begye wo atom anaa? Yiw. Ɛmfa ho ntetee a yɛanya no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ wɔwoo yɛn wɔ bɔne mu, enti ama yɛne Onyankopɔn ntam atetew. (Dw. 51:5) Nanso sɛ yehu Yehowa yiye a, yɛde nea yɛpɛ to nkyɛn na yɛyɛ nea ɔpɛ. Ɛba saa a, yenu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho, na yɛsesa yɛn akwan, na yɛbɔ bra a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɛno akyi no, yetumi bɔ asu.—Aso. 3:19.

10. Sɛ wobɔɔ asu wɔ ɔsom bi mu ansa na woresua Bible no a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

10 Sɛ wobɔɔ asu wɔ ɔsom bi mu ansa na woresua Bible no a, ɛho da so ara hia sɛ wobɔ asu bɛyɛ Yehowa Danseni anaa? Yiw. Adɛn ntia? Efisɛ saa bere no, nokwasɛm a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ne Yesu ho no, na wonte ase yiye. Sɛ mpo wobɔɔ Onyankopɔn mpae hyiraa wo ho so maa no a, na wonhyɛ da nnim n’apɛde, enti ɛbɔ a wohyɛɛ no no, na enni mu. Yɛhwɛ ɔsomafo Paul sei a, bere bi a ɔkɔɔ Efeso no, ohyiaa mmarima bi a na wɔabɔ asu dedaw. Nanso na wɔnte Kristo nkyerɛkyerɛ ase yiye, enti Paul ma wɔhui sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan bɔ wɔn asu.b (Aso. 19:​1-5) Ɛnnɛ nso, saa na ɛte. Sɛ obi asubɔ bedi mu a, ɛsɛ sɛ ohu Onyankopɔn ne n’apɛde yiye.

“AGYA NE ƆBA NE HONHOM KRONKRON DIN MU”

11. Sɛ Bible ka sɛ yɛmmɔ asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu” a, ɛkyerɛ sɛn? (Mateo 28:​18-20)

11 Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ nkurɔfo asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Kenkan Mateo 28:​18-20.) Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Sɛ wohwɛ Bible mu a, asɛmfua a wɔakyerɛ ase “edin” no, mpɛn pii no ɛkyerɛ edin a obi agye, sɛ ebia ɔwɔ din pa anaa dimmɔne. Etumi nso kyerɛ tumi anaa dibea a obi wɔ. Enti sɛ yɛbɔ asu wɔ Yehowa ne Yesu din mu a, ɛkyerɛ sɛ yegye tom sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Afei nso, sɛ yɛbɔ asu wɔ honhom kronkron din mu a, ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan. Momma yensusuw nea yɛaka yi ho nkɔ akyiri kakra.

12. Agya no din mu a yɛbɛbɔ asu no kyerɛ sɛn? (Adiyisɛm 4:11) (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Agya no din mu. Wei kyerɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa ne yɛn Agya a ɔwɔ soro, na ɔno na ɔmaa yɛn nkwa. Ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ, na ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. (Kenkan Adiyisɛm 4:11.) Yegye tom nso sɛ ɔno ne Mpaebɔ Tiefo, na yɛrebɔ mpae a yɛbɔ ne din. Afei nso, sɛ yɛreka ne ho asɛm akyerɛ afoforo a yɛbɔ ne din. (Dw. 65:2) Nanso ɛnyɛ nea ɛkyerɛ nyinaa ni, biribi foforo nso ka ho. Wo de, yɛnhwɛ wɔn a na wɔretie Petro Pentekoste da no. Ɛwom sɛ na wɔnim Yehowa ho asɛm dedaw, nanso na ehia sɛ wɔgye tom sɛ ɔno na obegye nnipa nkwa, na ɔnam Yesu Kristo so na ɛbɛyɛ saa.—Rom. 5:8.

Anuanom mmea a na wɔrekɔbɔ asu wɔ mfoni baako no mu no, wɔn mu baako rebɔ mpae wɔ ne fie.

Sɛ wobɔ asu wie mpo a, ɛsɛ sɛ wokɔ so tie Agya no (Hwɛ nkyekyɛm 12)


13. Yɛbɔ asu wɔ ɔba no din mu a, ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Ɔba no din mu. Wei kyerɛ sɛ yegye tom sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ba a ɔwoo no koro. Afei nso, ɔno ne “ɔkwan no,” kyerɛ sɛ ɔno nko ara na yebetumi afa no so ne Yehowa afa adamfo. (Yoh. 14:6) Yesu yɛ yɛn Gyefo nso, efisɛ owu maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya nkwa. Wei nti, yɛpɛ sɛ yesuasua no da biara, ɛnyɛ da a yɛrebɔ asu no nko ara. (1 Yoh. 2:6) Enti yɛde nsi ne ahokeka ka asɛmpa no sɛnea Yesu yɛe no, na yɛmma biribiara nsiw yɛn kwan. (Luka 4:43) Afei nso, nokware a yedi ma Yehowa nti sɛ wɔtan yɛn ani mpo a, yɛasi yɛn bo sɛ yebemia yɛn ani agyina mu. (2 Tim. 3:12) Yegye di sɛ Yesu ne “asafo no ti,” enti wɔn a wapaw wɔn sɛ wɔnni nneɛma anim na wɔnhwɛ n’akyidifo so no, yɛbrɛ yɛn ho ase tie wɔn.—Efe. 4:​8, 11, 12; 5:23.

Anuanom mmarima a na wɔrekɔbɔ asu wɔ mfoni baako no mu no, wɔn mu baako reyɛ afie afie asɛnka, na wakɔto ɔbarima bi rekenkan kyerɛwsɛm bi akyerɛ no.

Sɛ wobɔ asu wie mpo a, ɛsɛ sɛ wokɔ so tie Ɔba no (Hwɛ nkyekyɛm 13)


14. (a) Yɛbɔ asu wɔ honhom kronkron din mu a ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Asu foforo bɛn bio na Kristofo a wɔasra wɔn no bɔ? (Hwɛ adaka a yɛato din “Wɔn a Wɔasra Wɔn No Asubɔ Ahorow Bi.”)

14 Honhom kronkron din mu. Yegye tom sɛ honhom kronkron nyɛ onipa, na yegye tom nso sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. Mmom yegye di sɛ honhom kronkron yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade. Yegye di nso sɛ Yehowa de honhom kronkron boaa adiyifo no ma wɔhuu nea wɔbɛka, na ɔde boaa Bible akyerɛwfo nso ma wɔhuu nsɛm a wɔbɛkyerɛw. Ɛno nti yɛkenkan Bible daa, na yɛde emu nsɛm nso bɔ yɛn bra. (2 Pet. 1:​20, 21) Afei nso yɛbɔ mmɔden twe yɛn ho fi bɔne akɛse ho, efisɛ yenim sɛ yɛanyɛ saa a, ɛbɛma Onyankopɔn ayi ne honhom afi yɛn so, na wayi afi asafo no nso so.—Efe. 4:30.

Anuanom mmea a na wɔrekɔbɔ asu wɔ mfoni baako no mu no, wɔn mu baako rekenkan Bible wɔ ne fie.

Sɛ wobɔ asu wie mpo a, ɛsɛ sɛ wokɔ so ma honhom kronkron kyerɛ wo kwan (Hwɛ nkyekyɛm 14)


Wɔn a Wɔasra Wɔn No Asubɔ Ahorow Bi

Nsu mu asubɔ akyi no, Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ asu foforo bi a wɔbɔ.

  • Sɛ wɔpaw obi sɛ ɔnkɔka Yesu ho ne no nni ade wɔ soro a, wɔde honhom kronkron bɔ no asu. (Mat. 3:11)

  • Wɔn a wɔasra wɔn no bɔ ‘asu kɔ Kristo mu,’ kyerɛ sɛ wɔne Yesu nya abusuabɔ a emu yɛ den paa ma enti yebetumi aka sɛ wɔyɛ Kristo nipadua. (Gal. 3:​27, 28; 1 Kor. 12:27)

  • Wɔn a wɔasra wɔn no, wɔbɔ wɔn asu kɔ Yesu wu mu. Ɛno kyerɛ sɛ, wɔbɔ mmɔden di nokware de suasua Yesu kosi sɛ wɔbewu ama wɔanyan wɔn akɔ soro. (Rom. 6:​3-5)

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ wode si w’ani so sɛ wobɛyɛ?

15 Sɛ woyɛ obi a woabɔ asu dedaw a, fa si w’ani so sɛ wobɛte “asubɔ ahorow ho nkyerɛkyerɛ”c no ase yiye. Afei nso, ɛbɔ a wohyɛɛ Yehowa de hyiraa wo ho so ansa na worebɔ asu no nso, mia w’ani di so. Nanso yɛrekasa yi, sɛ wunnya mmɔɔ asu nso ɛ? Wohwɛ a dɛn na esiw wo kwan? Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea wubetumi ayɛ na ama woafata ama asubɔ.

WUBEBUA SƐN?

  • Dɛn na asubɔ kyerɛ?

  • Nsɛmmisa bɛn na wɔbisa asubɔfo no, na adɛn ntia?

  • Sɛ Bible ka sɛ yɛmmɔ asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu” a, ɛkyerɛ sɛn?

DWOM 161 Mede Anigye Na Ɛyɛ W’apɛde

a Greek asɛmfua ba’pti-sma a yɛakyerɛ ase “asubɔ” no, ɛkyerɛ sɛ “wode obi renu nsu mu,” anaa “wode no rehyɛ nsu ase.” Enti asubɔ nyɛ nsu a wɔde petepete obi so kɛkɛ, sɛnea ɔsom ahorow bi yɛ no.

b Mmarima a na ɛwɔ Efeso no, asu a wɔbɔe no na ɛyɛ “Yohane asubɔ.” (Aso. 19:3) Yohane Suboni ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ, wɔnsakra wɔn adwene, na nsɛm a ɛwɔ Mose mmara no mu a wɔabu so no, wɔnhwɛ nni so. Wɔn a wɔyɛɛ saa no, Yohane bɔɔ wɔn asu. (Mar. 1:​4, 5) Nanso bere a Mose mmara no baa awiei no, na Yohane asubɔ no nni mu bio wɔ Yehowa ani so. Efi saa bere no, “asubɔ baako” pɛ na Yehowa gye tom, na ɛno na egye obi nkwa.—Efe. 4:5.

c Kɔ jw.org anaa JW Library® na hwɛ asɛm a yɛato din “Dɛn Ne Asubɔ?” Ɛwɔ ɔfã a yɛato din “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae.”

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asubɔfo bi repae mu aka wɔn gyidi wɔ nhyiam bi ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena