JULY 27–AUGUST 2
YEREMIA 20-21
Dwom 73 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Ná Ɔyɛ Ɔsɛmpakafo a Ɔwɔ Akokoduru
(Simma 10)
Yehowa atemmusɛm a na Yeremia ka nti, Yudafo no tan n’ani (Yer 20:2, 8)
Yeremia abam bui, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyae Yehowa asɛm no ka (Yer 20:9a)
Yeremia kɔɔ so de akokoduru kaa Yehowa asɛm no. Nea ɛma otumi yɛɛ saa ne sɛ, Yehowa hyɛɛ no den. Afei nso, na onim sɛ Yehowa asɛm a ɔreka no ho hia paa (Yer 20:9b, 11; w11 3/15 30 ¶9; w10 2/15 7 ¶8-9)
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yer 20:12—Saa kyerɛwsɛm yi, ɛdɛn na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ? (w13 3/15 10 ¶11)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yer 20:7-18 (th adesua 2)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Wo ne onipa no mmɔ nkɔmmɔ bi a ɛbɛma wahu sɛ woyɛ Yehowa Danseni. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Bible mu nsɛm a ɛwɔ Dɔ Nnipa nhomawa no nkekaho A no mu no, wo ne onipa no mmɔ baako ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)
6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu
(Simma 4) Ɔyɛkyerɛ. Wɔama abofra bi dwumadi wɔ sukuu. Ansa na ɔbɛkɔ akɔyɛ akyerɛ ne tikya ne ne sukuufo no, ɔne ne maame anaa ne papa rebobɔ so wɔ fie. N’asɛm no gyina ijwfq asɛm 39 no so. (th adesua 13)
Dwom 57
7. Dannan Wo Nsɛm Mu—Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Wudwen Wɔn Ho
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Ansa na yɛrebɛkɔ asɛnka no, ebia asɛm pɔtee bi a ɛda nnipa a wɔwɔ yɛn asaasesin mu dodow no ara ano na yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛne wɔn bɛbɔ ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 3) Nanso, yɛmfa no sɛ yɛakɔ obi nkyɛn, ɛnna yɛahu sɛ asɛm foforo bi mmom na ɛbɛboa no. Yehu saa a, ɛdɛn na yɛbɛyɛ? Ansa na Yesu reka asɛmpa no akyerɛ ɔbarima bi a na n’ani afura no, oyii ne yam yɛɛ biribi boaa no. (Yoh 9:1, 6, 7, 35-38) Nea Yesu yɛe yi, ɛdɛn na ɛreka akyerɛ yɛn? Ɛne sɛ, sɛ obi hu sɛ yedwen ne ho paa a, ebetumi ama watie asɛm a yɛde nam no. Enti, sɛ yɛreyɛ afie afie asɛnka na yɛkɔto obi a, ehia sɛ yɛde yɛn ani to fam na yehu nea ɛhaw onipa no anaa nea ɔredwen ho, na yɛyɛ biribi ma ohu sɛ yedwen ne ho.
Kenkan 1 Korintofo 9:20-23. Afei bisa sɛ:
Ɛdɛn na Paul yɛe a ɛkyerɛ sɛ odwen nnipa ho?
Adɛn nti na Paul faa akwan horow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa ahorow?
Yi VIDEO a yɛato din, Ma Wo Ho ‘Mpere Wo Sɛ Wobɛka Asɛmpa No’—Fa Nneɛma a Wubehia Yɛ Ahoboa—Ne Fã Bi. Afei bisa sɛ:
Ɛwom sɛ na onua no wɔ asɛm pɔtee bi a ɔpɛ sɛ ɔne onipa no bɔ ho nkɔmmɔ, nanso adɛn nti na ɔsesaa nkɔmmɔ no?
Adɛn nti na ehia sɛ yɛma nkurɔfo hu sɛ yedwen wɔn ho?
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) wcg ɔfã 1 no nnianim nsɛm, bere a nsɛm bi sisii, ne ti 1