JULY 20-26
YEREMIA 18-19
Dwom 44 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Sɛ Yɛayɛ Yehowa Bɔne Mpo a, Yebetumi Ne No Afa Adamfo Bio
(Simma 10)
Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ, nneɛma bɔne a wɔyɛ a agye ntini wɔ wɔn mu no, wɔnnyae (Yer 18:11; it “Baal” No. 4 ¶23-mwbr)
Ɛwom sɛ Yudafo no nyaa adwene sɛ: “Ɛho nhia!” Nanso Yehowa de, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ ne nkurɔfo no betumi asesa wɔn abrabɔ (Yer 18:12)
Yebetumi ako atia bɔne na yɛadi so nkonim (Yer 18:7, 8; w25.08 23 ¶11-12)
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yer 18:6; 19:10, 11—Yehowa ne Ɔnwemfo Kɛse no, enti tumi bɛn na ɔwɔ wɔ nnipa so? (it “Ɔnwemfo” ¶8-mwbr)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yer 19:1-11 (th adesua 5)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka kyerɛ nipa no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. Afei wo ne no nsua ade kakra na onhu sɛnea yɛyɛ Bible adesua. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ bere a edi kan a wokɔɔ onipa no nkyɛn no, womaa no kratawa bi. Nkɔmmɔ a wo ne no bɔe no, montoa so. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)
6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu
(Simma 4) Ɔkasa. ijwbq asɛm 44—Asɛmti: Yetumi Yɛ Nea Yɛpɛ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho? (th adesua 20)
Dwom 38
7. Sɛ Yɛne Yehowa Ntam Asɛe a, Ɛdɛn Na Yebetumi Ayɛ Na Yɛasan Ne No Afa Adamfo Bio?
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Nnipa a wɔagyae Yehowa som no, bebree da so ara dɔ no. Nanso, ebia wɔnhu ɔkwan a wɔbɛfa so asan aba Yehowa nkyɛn, anaa ɛyɛ wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔbɛsan asom no bio. Tete no, Yehowa nkurɔfo a wɔgyaee ne som no, ɔboaa wɔn ma wɔsan bɛsom no bio. Saa ara na ɛte nnɛ. Nnipa a wɔagyae Yehowa som na wɔpɛ sɛ wɔsan bɛsom no no, obetumi aboa wɔn ama wɔasan abɛsom no.
Sɛ obi agyae Yehowa som a, ɛnsɛ sɛ onya adwene sɛ, sɛ obetumi aba asafo no mu bio a, gye sɛ nneɛma a na ɔyɛ wɔ asafo no mu no, ofi ase prɛko pɛ yɛ ne nyinaa bio. Ebia ebegye bere kakra ansa na watumi asi ne dedaw mu. Ɛdɛn na obetumi ayɛ, na nkakrankakra wasan afi ase asom Yehowa bio?
Bɔ Yehowa mpae, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo. (1 Pe 5:7) Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛasan ayɛ den.—Yes 40:28, 29
Sua Bible mu nsɛm kakra da biara. Wubetumi akɔ jw.org na woakenkan asɛm bi anaa woahwɛ video bi wɔ hɔ. Wubetumi nso abɔ Bible no fã bi atie, anaa woakenkan ne fã kakraa bi. Sɛnea yedidi a yɛn nipadua nya ahoɔden no, saa ara na sɛ yesua Yehowa ho ade a, yɛne n’adamfofa mu yɛ den.—Dw 1:2, 3
Bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ adesua anim anim yi ara. Sɛ wokɔ adesua a, Yehowa bɛhyɛ wo nkuran na waboa wo.—Heb 10:24, 25
Yi VIDEO a yɛato din, Mesesaa M’abrabɔ Koraa. Afei bisa sɛ:
Ɛdɛn na woasua afi video yi mu?
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) wcg “Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ” ne nnianim nsɛm