AUGUST 3-9
YEREMIA 22-23
Dwom 40 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Nea Enti a Yehia Nguanhwɛfo Pa
(Simma 10)
Nguanhwɛfo a na wɔwɔ Yuda no too Onyankopɔn nkurɔfo agyaagyaamu (Yer 23:2; Hes 34:2-5)
Atoro adiyifo no twaa nkontompo, na wɔyɛɛ nneɛma bɔne nso. Saa a wɔyɛe no hyɛɛ ɔmanfo no kutupa maa wɔn nso yɛɛ nneɛma bɔne (Yer 23:14, 15; w94 3/1 8 ¶4; it “Ɔwae” ¶4-mwbr)
Asafo mu mpanyimfo de anigye hwɛ Yehowa nguankuw no so, na wɔbɔ mmɔden yɛ nhwɛso pa ma wɔn (1 Pe 5:2, 3)
MUBETUMI AYƐ WEI HO NHWEHWƐMU: Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yeremia 23:5, 6 a ɛbaa mu no, sɛn na ɛboa Onyankopɔn nkurɔfo?
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yer 23:33—Ɛdɛn ne “Yehowa adesoa” no? (w07-E 3/15 11 ¶1-mwbr)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yer 23:25-36 (th adesua 11)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no, ka emu video no baako ho asɛm kyerɛ no, na wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Nkɔmmɔ a wo ne onipa no bɔɔ no nnaano no, fa nsɛmma nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ saa asɛm no mu ma no. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 5)
6. Ɔkasa
(Simma 4) lmd nkekaho A nkyekyɛm 19—Asɛmti: Yesu Yɛ Onyankopɔn Ba. (th adesua 15)
Dwom 103
7. Tete Wɔ Bi Kyerɛ—Akwankyerɛ Kuw No Hwɛ Ma Baakoyɛ Tena Onyankopɔn Nkurɔfo Mu—Ɔfã 1
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Yi VIDEO no. Afei bisa sɛ:
Ansa na Intanɛt ne abɛɛfo mfiri reba no, ɛdɛn na Akwankyerɛ Kuw no yɛe de kyerɛe sɛ wɔyɛ nguanhwɛfo pa a wɔhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so yiye?
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) wcg ti 2