Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb26 July kr. 4-5
  • July 13-19

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July 13-19
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2026
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2026
mwb26 July kr. 4-5

JULY 13-19

YEREMIA 16-17

Dwom 34 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Ɛnyɛ Obiara Kɛkɛ Na Ɛsɛ Sɛ Wode Wo Ho To No So

(Simma 10)

Yehowa kyi wɔn a wɔde wɔn ho to onipa dasani so (Yes 30:​1, 2; Yer 17:5)

Wɔn a wɔde wɔn ho to onipa dasani so no, asetenam bɛyɛ den ama wɔn (Yer 17:6; it “Ɔpopaw” No. 2-mwbr)

Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no bɛyɛ frɔmfrɔm (Yer 17:​7, 8; w22.09 2 ¶2; w18.05 9 ¶3)

Mfoni Ahorow: 1. Dua bi a awu si sare so; nhaban biara nni so. 2. Dua bi a ne nhaban ayɛ frɔmfrɔm si asubɔnten bi ho.

2. Tweetwee Bible

(Simma 10)

  • Yer 17:7—Anuanom a wɔdi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no, sɛ yetie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. Adɛn nti na yɛreka saa? (w22.02 4 ¶7-8)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Yer 17:​5-18 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no, ka emu video no baako ho asɛm kyerɛ no, na wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka kyerɛ fiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 19 no afã a yɛato din, nea yɛasua, ntimu, ne fa wei si w’ani so. (lmd adesua 11 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 54

7. Mmerante Ne Mmabaa, Afotu a Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu No, Munnya Mu Ahotoso

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Mmerante ne mmabaa, mo paa na Satan atu n’ani asi mo so, efisɛ onim sɛ munni nimdeɛ pii. (Ge 3:1) Da biara a mobɛkɔ sukuu no, muhyia ɔhaw. Sɛ ɛnyɛ wei a, na ɛyɛ wei. Sɛ mutie Yehowa, na moyɛ nea ɔnam n’Asɛm Bible so ka kyerɛ mo a, morensisi gyinae bɔne a ɛbɛma moadi yaw anaa awerɛhow. Ɔhaw a edidi so yi, kyerɛwsɛm bɛn na ebetumi aboa wo ama woadi ho dwuma, anaa onipa bɛn na ne ho asɛm wɔ Bible mu a ne nhwɛso betumi aboa wo ama woasi gyinae pa? Kyerɛw to hɔ.

  • Esiane sɛ wonyɛ nea wo sukuufo yɛ no bi nti, wɔserew wo anaa wɔdi wo ho fɛw

  • Obiara nni w’asafo mu a ɔne wo bɔ tipɛn a wo ne no bɛfa adamfo

  • Wo sukuuni bi taa sɛnde-sɛnde wo tɛs mɛsegye wɔ fon so anaa sohyia midia so

  • Wuwie sukuu a, wopɛ sɛ wode wo bere nyinaa yɛ Yehowa som adwuma, nanso tikyani bi pɛ sɛ ɔsɛe w’adwene

Yi NNEƐMA A WƆADRƆDRƆ AYƐ NO VIDEO a yɛato din, Wohwɛ a Bible Betumi Aboa Wo? Afei bisa sɛ:

  • Dɛn na woasua afi video yi mu?

SƆ WEI HWƐ: Kenkan Bible daa! Kenkan eti baako da biara. Sɛ wokan wie a, nea wuhui wom a wopɛ sɛ wunya ho nsɛm pii no, yɛ ho nhwehwɛmu. Hwɛ sɛ nna dodow sɛn na wutumi kan toãã mu ara a woannyae antom. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woadwen nneɛma ho te sɛ Yesu. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wusi biribi ho gyinae ntɛm so a, wubetumi asi gyinae pa.—1Ko 2:16.

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) lfb adesua 102-103

Nsɛm a Yɛde Wie (Simma 3) | Dwom 22 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena