JULY 6-12
YEREMIA 13-15
Dwom 123 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
Yehowa ama Yeremia akwankyerɛ bi; Yeremia redwinnwen ho
1. Ɛfata Sɛ Yetie Yehowa
(Simma 10)
Ɛwom sɛ akwankyerɛ a Yehowa de maa Yeremia no, wante ase de, nanso ɔyeree ne ho dii so (Yer 13:1-7; jr 51-52 ¶17-18)
Nea enti paa a Yehowa de saa akwankyerɛ no maa Yeremia no, akyiri yi na ɔtee ase (Yer 13:8-11; jr 52 ¶19)
Akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no, sɛ yɛnte ase mpo a, yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yeremia na yɛayɛ osetie (w22.12 20 ¶16; w08 6/15 19 ¶7)
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yer 15:16, 17—Sɛ yɛn abam bu a, ɛdɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yeremia? (w07 3/15 10 ¶4)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yer 13:1-14 (th adesua 2)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa yɛn nkratawa no bi fi nkɔmmɔ ase. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Bere bi a wokɔsraa onipa no, wo ne no bɔɔ nkɔmmɔ bi. Fa asɛm bi a ɛwɔ jw.org a ɛfa nkɔmmɔ a mobɔe no ho kyerɛ no. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 4)
6. Ɔkasa
(Simma 5) lmd nkekaho A nkyekyɛm 18—Asɛmti: Nea Ɛrekɔ So Nnɛ No, Na Yesu Adi Kan Aka Sɛ Ebesisi. (th adesua 7)
Dwom 49
7. “Osetie Ye Sen Afɔre”
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Yehowa nam odiyifo Samuel so de akwankyerɛ a emu da hɔ fann maa Ɔhene Saul, nanso ɔhene no anni akwankyerɛ no so. Nea Ɔhene Saul yɛe nti, Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “osetie ye sen afɔre.”
Kenkan 1 Samuel 15:3, 7-9, 22, 23. Afei bisa sɛ:
Ɛdɛn na Ɔhene Saul yɛe de buu Yehowa akwankyerɛ so, na ɛbɛyɛ sɛ dɛn ne dɛn nti na ɔyɛɛ saa?
Yehowa a yebetie no no, ehia sen afɔre. Adɛn ntia?
Atuatew yɛ bɔne a emu yɛ duru te sɛ abosonkɔm. Adɛn ntia?
Kenkan Luka 16:10. Afei bisa sɛ:
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ osetie wɔ nneɛma a yɛn adwene yɛ yɛn sɛ ɛyɛ nketenkete mpo mu?
Nneɛma bɛn na ebia ebinom bɛfa no sɛ ɛyɛ nneɛma nketenkete?
Yi VIDEO a yɛato din, Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Yentumi Nhu Onyankopɔn, Enti Adɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yetie No? Afei bisa sɛ:
Dɛn na woasua afi video yi mu?
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb adesua 100-101