Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb26 May kr. 10-11
  • June 8-14

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June 8-14
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2026
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2026
mwb26 May kr. 10-11

JUNE 8-14

YEREMIA 4-6

Dwom 56 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Hwɛ Yiye Na Woansuasua Yudafo No Subammɔne No

(Simma 10)

Yudafo no, na wɔn aso yɛ den, na na wɔyɛ atuatewfo (Yer 4:​4, 14; w13 3/15 9-10 ¶8-9)

Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ nea wɔreyɛ no nye no, wɔsisiw wɔn aso, kyerɛ sɛ, wɔantie no (Yer 5:31; jr 114 ¶2)

Esiane sɛ Yudafo no antie kɔkɔbɔ a Yehowa de maa wɔn nti, na ɔbɛtwe wɔn aso (Yer 6:​17-19)


BISA WO HO SƐ, ‘Ɛdɛn na mɛyɛ na subammɔne anni me ti?’

Mfoni Ahorow: 1. Onuawa bi de Bible, tablɛt, ne “Insight” nhoma no reyɛ kokoam adesua, na ɔredwinnwen nea wakenkan no ho. 2. Dɔkta bi de ne nsa atene nipadua mfoni a ɛwɔ ne tablɛt so.

Sɛ woyare denneennen a, ɛbɛyɛ wo dɛ sɛ wubenya dɔkta bi ama wayɛ wo nipadua mu nhwehwɛmu ahu dekode pɔtee a ɛrehaw wo na wahwɛ wo ntɛm ara, ɛnte saa? Ɛnde, sɛ wo ne Yehowa ntam asɛe a, wunnye nni sɛ ehia sɛ woyɛ no ntɛm siesie?

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Yer 4:10—Yeremia kaa sɛ, Yehowa adaadaa ne nkurɔfo no. Saa asɛm a Yeremia kae no, na ɛkyerɛ sɛn? (w07 3/15 9 ¶4)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Yer 5:​1-11 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BAGUAM ADANSEDI. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) AFIE AFIE ASƐNKA. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 3)

6. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Onipa no ka sɛ, onnye nni sɛ nea Bible ka no yɛ nokware. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 3)

7. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 3) Ɔyɛkyerɛ. ijwfq asɛm 5—Asɛmti: Adɛn Nti na Wɔfrɛ Mo Yehowa Adansefo? (th adesua 7)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 60

8. Hwɛ Yiye Na Woannye Nsɛm Nyinaa Anni

(Simma 8) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Adiyifo atorofo ne adehufo a na wɔwɔ tete Israel no kekaa atosɛm a na ɛyɛ nkurɔfo no asom dɛ de daadaa wɔn. (Yes 30:10; Yer 5:31) Saa ara na ɛte nnɛ. Nnipa a wɔkeka nsɛm a ɛnyɛ nokware no, ɛyɛ a wɔka nsɛm a nkurɔfo repɛ atie. Ɛdɛn na wobɛyɛ, na nsɛm a ɛte saa annaadaa wo?

Video a yɛato din, “Hwɛ Yiye Na Woannye Nsɛm Nyinaa Anni” no, emu mfoni na yehu wɔ ha yi. Abarimaa bi retie nsɛm pii wɔ sohyia midia so.
Video a yɛato din, “Hwɛ Yiye Na Woannye Nsɛm Nyinaa Anni” no, emu mfoni na yehu wɔ ha yi. Abarimaa koro no ara de ahwehwɛ aniwa kɛse bi a etumi ma nneɛma yɛ akɛse paa rehwɛ nneɛma bi wɔ ne laptop so.

Yi VIDEO a yɛato din, Hwɛ Yiye Na Woannye Nsɛm Nyinaa Anni. Afei bisa sɛ:

  • Adɛn nti na nnaadaasɛm ne nsɛm a ɛnyɛ nokware yɛ hu paa?

  • Sɛ yɛka deepfake technology a, ɛyɛ dɛn? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho?

  • Sɛ yɛte asɛm bi a, ɛdɛn na yebetumi ayɛ de ahwehwɛ mu ahu sɛ ɛyɛ nokware na yebetumi agye adi?—Hio 12:11

BISA WO HO SƐ: ‘Nsɛm a ɛyɛ me dɛ, anaa nea merepɛ atie nko ara na ɛyɛ a migye di anaa? Anaa ɛyɛ a midi kan hwɛ sɛ asɛm no yɛ nokware ansa na magye adi?’

Sɛ woyɛ obi a wotaa kɔ Intanɛt anaa sohyia midia so a, bere biara a wobɛkɔ hɔ no, nneɛma a wotaa hwɛ ho video anaa nsɛm a wotaa kenkan no, saa nneɛma no ara bi na ebebue ama wo. Enti sɛ worepɛ nsɛm anaa amanneɛbɔ pɔtee bi wɔ Intanɛt so a, gye sɛ woto wo bo ase yɛ ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ansa na woanya ho nsɛm a ɛyɛ nokware.

9. Asafo Mu Ahiade

(Simma 7)

10. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) lfb adesua 92-93

Nsɛm a Yɛde Wie (Simma 3) | Dwom 68 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena