JUNE 15-21
YEREMIA 7-8
Dwom 152 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Wɔbuu Yehowa Asɔrefie No Animtiaa
(Simma 10)
Ɛwom sɛ na Yudafo no reyɛ nneɛma bɔne de, nanso na wɔn mu bebree adwene yɛ wɔn sɛ, Yehowa asɔrefie no bɛbɔ wɔn ho ban (Yer 7:4, 8-10; jr 21 ¶12)
Israelfo no de wɔn subammɔne ne wɔn nneyɛe bɔne guu Yehowa din ho fĩ nso (Yer 7:11; it “Yehowa” ¶78, mwbr)
Yehowa de nea ɛtoo Silo no yɛɛ nhwɛso de kyerɛɛ nea na ɛbɛto asɔrefie no (Yer 7:12-14; w15 9/15 32 ¶17)
BISA WO HO SƐ, ‘Me suban ne me nneyɛe hyɛ Yehowa anuonyam bere nyinaa anaa?’
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yer 8:22—Bible kaa sɛ, na “Balsam ngo nni Gilead.” Saa asɛm no, na ɛkyerɛ sɛn? (jr 135 ¶14)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yer 8:4-13 (th adesua 2)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 5)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Bible mu nsɛm a ɛwɔ Dɔ Nnipa nhomawa no nkekaho A no mu no, wo ne onipa no mmɔ baako ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)
6. Yɛ Asuafo
(Simma 5) lff adesua 19 nkyekyɛm 6 (th adesua 19)
Dwom 91
7. Ɛdɛn Na Yɛbɛyɛ De Akyerɛ Sɛ Yɛn Ahenni Asa Ahorow No Som Bo Ma Yɛn?
(Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Yi VIDEO a yɛato din, Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Hwɛ Yehowa Fie So Yiye. Afei bisa sɛ:
Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de hwɛ yɛn Ahenni Asa so yiye, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?
Kenkan 1 Timoteo 2:9, 10. Afei bisa sɛ:
Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam anaa adesua a, ɛdɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu Yehowa?
8. Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma—Ahenni Asa Ahorow a Yesiesie
(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Egyina asɛm a yɛato din, “Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma—Ahenni Asa Ahorow a Yesiesie” so. Kyerɛ sika dodow a mode bɔ mo Ahenni Asa no ho bra.—hdu adesua 30.
Yehowa Adansefo bɔ wɔn Ahenni Asa ho ka sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbesiesie no kama na wɔahwɛ so yiye. Ɛka a wɔbɔ no, ebi ne sɛn? Adɛn nti na wei ho hia?
Sɛnea Yehowa Adansefo yɛ nnwuma akɛse de siesie wɔn Ahenni Asa ahorow ne akwan a wɔfa so nya sika de yɛ saa nnwuma no, ɛdɛn na ɛyɛ wo fɛ wɔ ho?
Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de aboa?
Wopɛ nsɛm pii a ɛbɛboa wo ama woatumi ayi ntoboa anaa? Sɛ wubue JW Library® app no, na wohwɛ ase hɔ a, wubehu “Donations” wɔ hɔ. Bɔ so, na ebebue wɔ jw.org. Sɛ wopɛ nso a, kɔ jw.org, na wubehu “Boa Wiase Nyinaa Adwuma No” wɔ ase hɔ; bɔ so.
9. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb ɔfã 14 no nnianim nsɛm ne adesua 94-95