JUNE 1-7
YEREMIA 1-3
Dwom 84 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
Yeremia reka Yehowa atemmusɛm akyerɛ Yerusalemfo a wɔnsom Yehowa nokware mu
1. “Mma Wɔnnhunahuna Wo, . . . Efisɛ ‘Midi W’akyi’”
(Simma 10)
[Yi VIDEO a yɛato din, Yeremia Nhoma no Nnianim Nsɛm.]
Ebinom pɛ sɛ wɔka asɛmpa no, nanso sɛnea na Yeremia suro no, wɔn nso suro. Ɛyɛ wɔn sɛ wɔrentumi nka asɛmpa no (Yer 1:6)
Yehowa boa yɛn, na ɔhyɛ yɛn den ma yetumi yɛ n’apɛde (Yer 1:8, 9; w10 1/15 9 ¶7-8)
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yer 3:14-25 (th adesua 12)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fi ase ne ofiewura no mmɔ asɛm bi a ɛda nnipa dodow no ara ano ho nkɔmmɔ. Afei dan kɔ Bible mu asɛm bi a wuhu sɛ ɛbɛboa no paa so. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka kyerɛ fiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 3)
6. Yɛ Asuafo
(Simma 5) Wo ne obi sua Bible, nanso ɔmfa nea ɔresua no nyɛ adwuma; wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 12 nkyekyɛm 5)
Dwom 76
7. Nya Akokoduru Te Sɛ Yeremia
(Simma 6) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Yi VIDEO a yɛato din, Sua Biribi Fi Yehowa Nnamfo Hɔ—Yeremia. Afei bisa sɛ:
Dɛn na Yeremia yɛe a ɛma ɔbɛyɛɛ Yehowa adamfo?—Yer 1:6-8
Hena na wopɛ sɛ woka Yehowa ho asɛm kyerɛ no?
Asɛm bɛn na wobɛka akyerɛ no, na ama ɔno nso abɛyɛ Yehowa adamfo?
8. ‘Fa Odwo Ne Nidi Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu’
(Simma 9) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Sɛ yɛreka asɛmpa no anaasɛ yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra a, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru yɛ saa. Nanso, sɛ yɛreyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛda Kristofo suban afoforo nso adi.
Kenkan 1 Petro 3:15. Afei bisa sɛ:
Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu akyerɛ nkurɔfo a, suban afoforo bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?
Adɛn nti na ehia sɛ yɛda suban ahorow yi adi?
Yi VIDEO a yɛato din, “Nokware Trenee De Asomdwoe Bɛba.” Afei bisa sɛ:
Sɛ obi bisa wo biribi fa mmarima ne mmarima ne mmea ne mmea nna ho, na worekyerɛkyerɛ nea wugye di mu akyerɛ no a, ɛdɛn na wuhui wɔ video no mu a ɛbɛboa wo ama wode obu akyerɛkyerɛ mu akyerɛ no?
KAE SƐ: Sɛ worekyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra mu akyerɛ nkurɔfo a, ɛnsɛ sɛ woma ɛdan amanyɔsɛm.—Yoh 18:36.
9. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb adesua 90-91