MAY 25-31
YESAIA 65-66
Dwom 24 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Yɛn Ani Gye Yɛn Honhom Fam Paradise No Ho!
(Simma 10)
Onyankopɔn asomfo wɔ Bible ne biribiara a ɛbɛboa wɔn ama wɔakɔ so atena honhom fam paradise no mu (Yes 65:13; cl 275 ¶12, 14)
Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bom som Yehowa a, ɛhyɛ yɛn den ma yetumi gyina ɔhaw ahorow a yɛrefa mu ano, na yɛn ho dwo yɛn (Yes 65:14-17; w24.04 22 ¶9-10)
Asomdwoe ne ahobammɔ a Yehowa asomfo wɔ no, wiase no nni bi (Yes 65:25; w24.04 23 ¶13)
NEA ƐKYERƐ: Yehowa asomfo som no wɔ anigye ne asomdwoe mu. Wɔne Yehowa ntam yɛ kama, na wɔdodɔ wɔn ho. Wei na yɛfrɛ no “honhom fam paradise no.”
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yes 66:24—Gehenna ho asɛm a Yesu kae wɔ Marko 9:47, 48 no, sɛn na kyerɛwsɛm yi boa yɛn ma yɛte ase? (w08 6/15 27 ¶4-5)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yes 65:17-25 (th adesua 10)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Wo ne onipa no mmɔ nkɔmmɔ bi a ɛbɛma wahu sɛ woyɛ Yehowa Danseni. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 3)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 2) BAGUAM ADANSEDI. Onipa no pɛ sɛ ɔne wo gye akyinnye. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 5)
6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa yɛn nkratawa no bi fi nkɔmmɔ ase. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 4)
7. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu
(Simma 3) Ɔyɛkyerɛ. ijwbq asɛm 87—Asɛmti: Hena Ne Nea Ɔsɔre Tia Kristo No? (th adesua 17)
Dwom 80
8. Ɛyɛ Wo Sɛ Wobɛhwere Biribi Anaa?
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Woredwen ho sɛ wobɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi anaa? Ebia ɛhaw wo sɛ, sɛ woyɛ bere nyinaa som adwuma no bi a, anhwɛ a wobɛhwere nneɛma bi wɔ w’asetenam. Anaa ebia w’adwene yɛ wo sɛ, obi yɛ bere nyinaa som adwuma no bi oo, wanyɛ bi oo, Yehowa asomfo nyinaa benya daa nkwa. Enti adɛn na ɛsɛ sɛ wode nneɛma bɔ afɔre na woyɛ pii? Sɛ adwene a ɛte saa ba wo tirim a, kae sɛ, Yehowa “remfa adepa biara nkame wɔn” a wɔde wɔn ho to no so. (Dw 84:11, 12) Sɛ yɛanyi yɛn yam nyinaa ansom Yehowa a, ɛno mmom na ɛma yɛhwere nneɛma pii a ɛbɛma yɛn ani agye.
Ɛnyɛ wiase foforo no mu nko ara na Yehowa behyira n’asomfo. Ɛnnɛ mpo, ohyira yɛn. Yi VIDEO a yɛato din, Dɛn Na “Asɛmpa No Nti” Wobɛyɛ? Afei bisa sɛ:
Mmerante ne mmabaa a yehuu wɔn wɔ video no mu no, bere a wɔtuu wɔn ho mae yɛɛ pii wɔ Yehowa som mu no, nhyira bɛn na wɔnyae?
Sɛ nneɛma bi nti, worentumi nyɛ bere nyinaa som adwuma no bi nso ɛ? Wɔn a wɔyi wɔn yam nyinaa som Yehowa no, ohyira wɔn. Enti kɔ so ara yi wo yam som Yehowa, na nya gyidi sɛ ‘obehwie ne nhyira agu wo so ama abu wo so.’—Mal 3:10.
9. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb adesua 88-89