MAY 18-24
YESAIA 62-64
Dwom 44 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Ɔnwemfo a Ɔwɔ Ɔdɔ Ne Mmɔborɔhunu
(Simma 10)
Sɛ yedi mfomso na ɛma yehu amane mpo a, Yehowa mmɔborɔhunu nti, ɔne yɛn di no yiye (Yes 63:9; cl 251-254 ¶7-9)
Sɛ yedi mfomso a, Yehowa mmɔ yɛn ho ban mfi nsunsuanso bɔne a efi mu ba no ho, nanso sɛ yɛkɔ so di nokware ma no a, ɔboa yɛn (w23.08 28-29 ¶8-9)
Sɛ yɛma Yehowa kwan a, ɔbɛkɔ so anwene yɛn ama yɛabɛyɛ nnipa a yɛsom bo wɔ n’ani so (Yes 64:8; w13 9/15 20 ¶15-17)
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yes 63:10—Saa kyerɛwsɛm yi, ɛdɛn na ɛma yehu fa Yehowa abotare ho? (it “Mmɔborɔhunu” ¶11, mwbr)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yes 64:4-12 (th adesua 12)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. Fa w’ani to fam hwɛ nea onipa no ani gye ho, anaa bisa no ma ɔnka nkyerɛ wo. Afei wo ne no nyɛ nhyehyɛe a wobɛsan de akɔ ne nkyɛn. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Video a ɛka Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no ho no, ka baako ho asɛm kyerɛ no na wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 4)
6. Yɛ Asuafo
(Simma 5) lff 254 adaka, “Metumi Afi Ase Ne Asafo No Abom Akɔ Asɛnka Anaa?” Wo ne obi a wo ne no sua Bible nsusuw ho nhwɛ sɛ obetumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu anaa. (lmd adesua 12 nkyekyɛm 3)
Dwom 115
7. Siesie Wo Ho Ma Atoyerɛnkyɛm—Hu Sɛ Biribiara Betumi Asi
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Asafo mu panyin na ɔbɛyɛ dwumadi yi. Ɛtɔ da a, Betel anaa mpanyimfo no de akwankyerɛ a ɛfa atoyerɛnkyɛm ho ma anuanom. Sɛ biribi saa wɔ hɔ a, ka ho asɛm.
Atoyerɛnkyɛm tumi si wɔ baabiara a ɛmmɔ nkae. Ebi ne awudifo a wɔtow hyɛ nkurɔfo so. (Ɔsɛ 9:11) Baabi a wote no, sɛ atoyerɛnkyɛm ntaa nsi wɔ hɔ mpo a, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ wiase a yɛte mu yi de, biribiara betumi asi prɛko pɛ. (Mme 22:3) Ɛnde, dɛn na wobɛyɛ de asiesie wo ho?
Sɛ wonam kurom a ma w’ani nna hɔ, titiriw, baabi a nnipa akyere so. Hu baabi a sɛ biribi bɔne bi si a, wubetumi afa hɔ aguan.
Sɛ woreboaboa wo ho ama atoyerɛnkyɛm a, pɛ go-bag na fa nneɛma gu mu,a na pɛ nneɛma a sɛ biribi si mpofirim a wubehia gu fie. Afei nso, nea wobɛyɛ ne baabi a wobɛkɔ akɔbɔ wo ho aguaa bere a atoyerɛnkyɛm bi asi no, di kan hu ne nyinaa. Bɔ mmɔden sɛ wubenya w’abusuafo ne wo nnamfo fon nɔma.—g17.5 4
Yi VIDEO a yɛato din, Siesie Wo Ho Ma Atoyerɛnkyɛm: Hu Sɛ Biribiara Betumi Asi. Afei bisa sɛ:
Bere a atoyerɛnkyɛm biara nnya nsii no, ahoboa a ehia sɛ yɛyɛ ma atoyerɛnkyɛm no, adwene bɛn na na anuanom wɔ wɔ ho?
Ɛdɛn na wɔyɛ de boaboaa wɔn ho?
Nhyehyɛe a anuanom yɛe de boaboaa wɔn ho maa atoyerɛnkyɛm no, sɛn na Yehowa hyiraa so?
Nea esii no, ɛdɛn na yɛn nuanom no sua fii mu?
BISA WO HO SƐ, ‘Sɛ meyɛ ahoboa ma atoyerɛnkyɛm a, adɛn nti na ɛkyerɛ sɛ mibu Yehowa?’
FA WEI SI W’ANI SO: Nnawɔtwe yi sɛ wonam kurom a, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ biribi si mpofirim a, ɛhe na ɛbɛn me paa a metumi afa aguan?’
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb adesua 86, ɔfã 13 no nnianim nsɛm, ne adesua 87
Nsɛm a Yɛde Wie (Simma 3) | Ne Mpaebɔ
a Hwɛ adaka a yɛato din, “Wowɔ Nea Wubehia?” Ɛwɔ Nyan! No. 5 2017, kr. 6.