Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 26
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 26
Dwom 200
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Deuteronomium 11-13
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 67
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Watchtower ne Awake! Bɛma. Ɔkasa. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo no mu asɛm, na kyerɛ emu nsɛm a nnipa a wɔwɔ mo asasesin no mu no ani begye ho paa. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ biako mfa nkyerɛ sɛnea ɔwofo bi boa ne ba ma osiesie ne ho ma asɛnka. Ɔwofo no ne ne ba no paw emu asɛm bi, wosusuw asɛmmisa a wɔde bedi dwuma no ho, na wɔpaw kyerɛwsɛm a wɔbɛkenkan. Afei abofra no yɛ sɛnea ɔbɛka asɛm no ho ɔyɛkyerɛ, na ɔka ntoboayi ho nhyehyɛe no ho asɛm.
10 min: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bisa atiefo ma wɔnka ti ahorow a ɛwɔ nhoma no mu a wɔatumi de adi dwuma yiye paa wɔ mo asasesin mu no ho asɛm. Sɛ wɔde nhoma no rekyerɛ obi a, asɛmmisa, mfonini, anaa kyerɛwsɛm bɛn na wɔde di dwuma? Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ biako.
10 min: Asɛmmisa Afã. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Monkenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ adaka no mu no, na munsusuw ho.
Dwom 70