Asɛmmisa Afã
◼ Henanom na Ɛsɛ sɛ Wosiesie Ahenni Asa So?
Adwuma a yɛyɛ de siesie Ahenni Asa so ne ɛho no yɛ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no fã titiriw. Nhyehyɛe nhoma no ka wɔ kratafa 121 sɛ: “Ɛsɛ sɛ asafo no mufo bu no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔbɛboa ma wɔatua Ahenni Asa no ho aka na afei nso wotu wɔn ho ma de siesie asa no ma ɛho tew na ɛyɛ fɛ. Ɛsɛ sɛ sɛnea Ahenni Asa no mu ne ɛho nyinaa te no ma wɔka Yehowa ahyehyɛde no ho asɛmpa.” Esiane sɛ yɛde Ahenni Asa no di dwuma mpɛn pii wɔ dapɛn no mu nti, ehia sɛ yɛtew ho na yesiesie no yiye daa. (2 Be. 34:10) Ɛsɛ sɛ mode Ahenni Asa so siesie ho nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn biara no bɔ amanneɛbɔ pon no so. Ɛsɛ sɛ asɛnka akuw no siesie asa no so nnidiso nnidiso dapɛn biara. Sɛ asafo bɛboro biako na wohyiam wɔ Ahenni Asa no so a, ɛsɛ sɛ asafo ahorow no mu mpanyimfo yɛ biako na wɔhwɛ sɛ asafo ahorow no mu biara benya hokwan asiesie Ahenni Asa no so dapɛn biara. Momma yɛn nyinaa mfa anigye nsiesie beae a yɛsom Yehowa no ma ɛhɔ ntew.—1 Pet. 1:16.