Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase June 9
Dwom 121
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde June 1 Ɔwɛn-Aban ne June Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Akɔyɛ Bible Adesua. Ɔkasa a egyina August 2004, Yɛn Ahenni Som, kratafa 1 so. Ɔkasa no akyi no, ma ɔdawurubɔfo bi nyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛrekyerɛ sɛnea ɔrepɛ ntɛm akɔyɛ Bible adesua. Afei, ma ɔdawurubɔfo foforo a ɔde nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no yɛ adwuma de siesie ne ho no nso nyɛ ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Ka Asɛm no a Wunnyae.”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 201
Dapɛn a Efi Ase June 16
Dwom 90
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Kae atiefo ma wɔmfa July 1 Ɔwɛn-Aban ne July Awake! no mmra dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam ase na wonsiesie wɔn ho sɛ wɔbɛka nsɛm a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka de nsɛmma nhoma no ama no.
15 min: Si Mfaso a Ɛwɔ Asɛmpa no So so Dua. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 159 so. Ma atiefo nka nsɛm a seesei ɛhaw nnipa a wɔwɔ mo asasesin mu no ho asɛm. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ sɛnea yebetumi de nsɛm a yɛbɛka no adi ɔhaw a ɛte saa ho dwuma.
20 min: “So Woresiesie W’abusua Ama Nkwagye?”b Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 54
Dapɛn a Efi Ase June 23
Dwom 140
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma July, na ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ biako.
20 min: Yɛ Akwampae Adwuma na Nya Asetra a Mfaso wɔ So. Ɔkasa a egyina January 15, 2008, Ɔwɛn-Aban no kratafa 17-19 so. Sɛ mowɔ akwampaefo a, wubetumi abisabisa akwampaefo baanu a wɔn mu baako yɛ foforo na baako nso ayɛ akyɛ no nsɛm. Ma wɔnka sɛnea ɔsom adwuma a ɛsom bo yi aboa wɔn no ho asɛm.
15 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma a Aba Foforo Bɛma. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bere a woaka July 1 Ɔwɛn-Aban ne July Awake! ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo ma wɔnka nsɛmma nhoma no mu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a ɛte saa. Ma atiefo nka nsɛmma nhoma no mu nsɛm pɔtẽẽ bi a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka ho asɛm de ama no ho asɛm. Asɛm bɛn na wobetumi abisa de afi nkɔmmɔbɔ ase? Afei kyerɛwsɛm a ɛwom bɛn na wɔbɛkenkan? Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu anaa nea atiefo akyerɛ sɛ wɔbɛka de ama no yɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 82
Dapɛn a Efi Ase June 30
Dwom 97
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae wɔn nyinaa na wɔmfa June asɛnka akontaabu mma.
20 min: Sɛnea Yebetu Mpɔn wɔ Yɛn Nkɔmmɔbɔ Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 62, nkyekyɛm 4 kosi nkyekyɛm a etwa to wɔ kratafa 64 so. Ma asɛm no mfa mo asasesin no mu tebea ho. Bisabisa ɔdawurubɔfo bi a wonim no yiye sɛ otumi nya afoforo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ bere a ɔreyɛ afie afie asɛnka anaa ɔredi adanse bɔnnɔ so no nsɛm tiawa.
15 min: So Wokae? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina April 15, 2008, Ɔwɛn-Aban kratafa 29 so.
Dwom 179
Dapɛn a Efi Ase July 7
Dwom 125
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Bere a Ofiewura No ne Wo Nka Kasa Koro.”c Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, ma asafo no nhu akuw anaa asafo ahorow a wɔka kasa foforo a mo ne wɔn yɛ adwuma wɔ asasesin koro no ara mu no. Ka nhyehyɛe pɔtẽẽ a moayɛ a ɛbɛboa ma akuw anaa asafo ahorow no anya wɔn ho ntease bere a wɔreyɛ adwuma wɔ asasesin no mu no ho asɛm.
25 min: “Afe 2008 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam.”d Ɛsɛ sɛ asafo mu kyerɛwfo di ho dwuma. Kyerɛ nhyiam a mo asafo no bɛkɔ bi ne nna a wɔde bɛyɛ a ɛwɔ kratafa 6 wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu no. Ka adaka a ɛwɔ kratafa 5 no ho asɛm fa wie. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ ɔmantam nhyiam no ho nhyehyɛe ntɛm ara.
Dwom 99
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.