Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/08 kr. 1
  • So Woresiesie W’abusua Ama Nkwagye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woresiesie W’abusua Ama Nkwagye?
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Noa Gyidi Bu Wiase no Fɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Woasiesie Wo Ho Ama Nkwagye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 6/08 kr. 1

So Woresiesie W’abusua Ama Nkwagye?

1 Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu ma yehu pefee sɛ wiase bɔne yi awiei rebɛn ntɛmntɛm. Yɛte mmere a emu yɛ den a ɛte sɛ nna a na edi Nsuyiri no anim no ara mu. (Mat. 24:37-39) Esiane sɛ Noa ne “Onyankopɔn na ɛnantewee” nti, onyaa ne ti didii mu wɔ ɔsɛe a ɛbaa tete wiase no mu. (Gen. 6:9) Noa abusua nso a wogyee wɔn nkwa no kyerɛ sɛ, Noa kyerɛkyerɛɛ wɔn Yehowa apɛde. Sɛ́ abusua no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Noa, na yɛasiesie yɛn ho anya nkwa wɔ wiase bɔne yi awiei mu?

2 Trenee Sɛnkafo: Noa de boasetɔ somee sɛ “trenee sɛnkafo” bɛyɛ mfe 40 kosi 50. (2 Pet. 2:5) Sɛ́ ebia abɔfo atuatewfo a wɔdan bɛyɛɛ nnipa no na wonyaa Noa beresofo no so nkɛntɛnso anaa ɛnte saa no, wodii asɛm a na ɔreka no ho fɛw. Nkurɔfo ntaa ntie yɛn na wodi yɛn ho fɛw, na eyi di adanse sɛ wiase yi awiei abɛn. (2 Pet. 3:3, 4) Nanso, nnipa pii nte sɛ Noa beresofo no, efisɛ wɔretie asɛm a yɛreka no, na ‘wɔresen yuu’ ba Yehowa som mu. (Yes. 2:2) Sɛ yenya boasetɔ a, yebegye ‘yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa.’ (1 Tim. 4:16) Hwɛ hia a ehia sɛ awofo de wɔn kasa ne wɔn nhwɛso kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu sɛ, asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ!—2 Tim. 4:2.

3 “Saa Ara na Ɔyɛe”: Yehowa akwankyerɛ a Noa ne n’abusua dii so pɛpɛɛpɛ no na ɛma wonyaa wɔn ti didii mu. (Gen. 6:22) Ɛnnɛ nso, ɛho hia sɛ yɛyɛ “asoɔmmerɛw” na yetie akwankyerɛ a efi Bible mu ne nea akoa nokwafo no de ma no. (Yak. 3:17) Agya bi de akwankyerɛ a onya fii Yehowa ahyehyɛde no hɔ no yɛɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, nnawɔtwe biara na ɔyɛ abusua adesua, na na ɔne n’abusua kɔ asɛnka nnawɔtwe biara awiei sɛnea wɔhyɛ ho nkuran no. Nnawɔtwe biara nso na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde ne mma no mu baako bɛkɔ asɛnka. Mmɔden a ɔbɔ ‘yɛɛ saa’ no nyaa ne mma no so nkɛntɛnso kɛse, na mmofra baasia no nyinaa anyinyin abɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo.

4 Wiase yi awiei bɛba bere a nnipa nhwɛ kwan. (Luka 12:40) Sɛ yesuasua Noa na yɛda gyidi a ɛbɛma yɛanya nkwa adi a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛne yɛn mmusua besiesie yɛn ho ama nkwagye!—Heb. 11:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena