Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/08 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 4/08 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko akɔ anigyefo foforo a wɔbaa Nkaedi no na wobetiee ɔkasa titiriw no nanso wɔne asafo no mmɔ kɛse no nkyɛn. Nsrahwɛ a ɛtete saa no atirimpɔw ne sɛ yɛne wɔn a wɔne obiara nyɛ Bible adesua no befi bi ase. June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. July: Momfa nhomawa biara a ekura kratafa 32 a mowɔ bi mma.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo nya Application for Regular Pioneer Service (S-205) ne Application for Auxiliary Pioneer Service (S-205b) nkratasin a ɛdɔɔso gu hɔ. Wobetumi de Literature Request Form (S-14) no akra bi. Anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ munya nea ɛbɛso mo afe biako gu hɔ. Monhwɛ nhu sɛ moahyehyɛ daa akwampaefo akwammisa nkratasin no awie koraa ansa na mode aba Betel.

◼ Ɛho hia sɛ Betel adwumayɛbea no nya ahwɛfo guamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa address ne telefon nɔma a wɔda so ara de di dwuma no. Bere biara a wɔbɛsakra no no, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no kyerɛw krataa de bɔ Betel adwumayɛbea no amanneɛ ntɛm ara. Telefon nɔma anaa onipa a krataa fa no so a ɛbɛsesa no nso ka ho.

◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so a wobɛpɛ sɛ wokɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam, na wopɛ sɛ wuhu nna, mmere ne mmeae a wɔyɛ nhyiam horow yi no, ɛsɛ sɛ wokyerɛw Betel adwumayɛbea a ɛhwɛ saa ɔman no adwuma so no bisa ho asɛm. Wɔatintim Betel adwumayɛbea ahorow no address wɔ kratafa a etwa to wɔ Yearbook foforo no mu.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hwɛ sɛ sɛ wowie Nkaedi no ara pɛ a, wɔde ɛho akontaabu bɛmena Betel ntɛm ara. Sɛ asafo bɛboro biako na wɔboom yɛɛ Nkaedi no a, ɛsɛ sɛ asafo a wɔbɛyɛ wɔ ne din mu no NKUTOO na ɛhyehyɛ Nkaedi ho akontaabu no, na wɔkyerɛw asafo ahorow a wɔne wɔn yɛe no din wɔ ɔfã a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw no. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo aguamtrafo no hwɛ ma wɔde akontaabu no ba ntɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena