Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase April 28, 2008 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina March 3 kosi April 28, 2008 adapɛn no mu no so.
ƆKASA SU
1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ nsɛm a wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nsiesie yɛn kasa no so na yegyina ma ɔkasa no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? [be-TW kr. 234 nky. 1–kr. 235 nky. 1]
2. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, dɛn nti na mfaso wɔ so paa sɛ yɛde nsɛmmisa di dwuma? [be-TW kr. 236 nky. 1-5]
3. Ɔkwan bɛn so na nsɛmmisa betumi aboa yɛn atiefo ma wɔasusuw asɛm bi ho? [be-TW kr. 237 nky. 3–kr. 238 nky. 1]
4. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, dɛn nti na sɛ yɛde nsɛmmisa di dwuma yiye a ɛboa yɛn atiefo no ma wɔka wɔn komam nsɛm? (Mmeb. 20:5; Mat. 16:13-16; Yoh. 11:26) [be-TW kr. 238 nky. 3-5]
5. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛde ntotoho di dwuma wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu? (Gen. 22:17; Yer. 13:11) [be-TW kr. 240 nky. 1-3]
DWUMADI 1
6. Akwankyerɛ ahorow a wɔasi so dua wɔ Marko nhoma no mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nkwa akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu no bi ne dɛn? [bsi08-1-TW kr. 8 nky. 32]
7. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ? (Yoh. 14:25, 26) [be-TW kr. 19 nky. 2-3]
8. Mfaso kɛse bɛn na yenya fi akenkan so? [be-TW kr. 21 nky. 3]
9. Dɛn ne adesua? [be-TW kr. 27 nky. 3–kr. 28 nky. 1]
10. Ɔkwan bɛn so na Luka Asɛmpa no ma yenya awerɛhyem paa sɛ wɔde Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no? [bsi08-1-TW kr. 10 nky. 30-1]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn nti na Yesu teɛɛ ɔbarima bi a ɔfrɛɛ no “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa” no adwene? (Mar. 10:17, 18) [w08-TW 2/15 “Yehowa Asɛm wɔ Nkwa—Marko Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
12. Israel man no ho ade bɛn na Yesu de borɔdɔma dua no yɛɛ ho mfatoho no? (Mar. 11:12-14, 20, 21) [w03-TW 5/15 kr. 26 nky. 2-3]
13. Dɛn na asɛm a ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ Onyankopɔn honhom kronkron bɛba no so, na Onyankopɔn tumi akata no so ma ‘wafa yafunu’ no kyerɛ? (Luka 1:30, 31, 34, 35) [w08-TW 3/15 “Yehowa Asɛm wɔ Nkwa—Luka Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”; it-2-E kr. 56 nky. 2]
14. So na Yesu asuafo no reyɛ biribi a “mmara mma ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda” ankasa? (Luka 6:1, 2) [gt-TW 31]
15. Dɛn na yebetumi asua afi afotu a Yesu de maa Marta no mu? (Luka 10:40-42) [w99-TW 9/1 kr. 31]