So Ɛsɛ sɛ Me Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo Te Hɔ?
1. (a) Ɔhaw bɛn na awofo binom hyia wɔ wɔn mma nhomasua ho? (b) Dɛn nti na awofo binom de wɔn mma kɔ sukuu a sukuufo te hɔ?
1 Awofo a wodwen wɔn mma ho nyinaa pɛ sɛ wɔma wɔn mma nya nhyɛase pa wɔ asetram. Eyi nti, nhomasua a edi mũ na ɛkari pɛ ho hia na ama wɔatumi ayɛ saa. Mpɛn pii no, nhomasua ma mmofra nya adwuma bere a wɔanyin, na ɛboa wɔn ma wonyin bɛyɛ mpanyimfo a wotumi hwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua a wobenya daakye. Wɔ Ghana no, Adansefo a wɔyɛ awofo hyia nsɛnnennen kɛse wɔ wɔn mma nhomasua ho. Nea obiara yɛ ne sɛ ɔde ne ba kɔ sukuu a sukuufo te hɔ, a mpɛn pii no, wɔwɔ nneɛma pa a wɔde sua ade, na ɛhɔ nhomasua nso tu mpɔn sen sukuu a mmofra no fi fie kɔ. Ɛmfa ho mpo sɛ sukuu a sukuufo no fi fie kɔ a ɛfata wɔ hɔ no, awofo binom de wɔn mma kɔ sukuu a sukuufo te hɔ.
2. (a) Nnyinasosɛm a ɛho hia bɛn na ɛwɔ Marko 8:36 a ɛsɛ sɛ yesusuw ho? (b) Kyerɛwsɛm yi fa sukuu a sukuufo te hɔ ho dɛn?
2 Ebia obi bebisa sɛ: ‘Sɛ sukuu a sukuufo te hɔ no nhomasua tu mpɔn a, dɛn nti na womfa wo mma nkɔ hɔ?’ Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo rebua asɛmmisa yi a, ɛsɛ sɛ wɔde mpaebɔ susuw asɛyɛde bi a ɛho hia kɛse paa ho—sɛ́ wɔbɛma wɔn mma ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa. Yesu Kristo bisae sɛ: “Nokwarem no, mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ onipa benya wiase nyinaa na wahwere ne kra?” (Mar. 8:36) Nokwarem no, mfaso biara nni so. Enti dɛn na ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo susuw ho ansa na wɔasi eyi ho gyinae? Sɛ yɛde yɛn mma kɔ sukuu a sukuufo te hɔ a, asiane bɛn na wobetumi ahyia wɔ Onyankopɔn som ho?
3. (a) Tebea bɛn na ɛwɔ sukuu ahorow a sukuufo te hɔ mu nnɛ? (b) Nhyɛso bɛn na eyi ma yɛn mma hyia?
3 Mfɛfo Sukuufo Nkɛntɛnso: Ebia na sukuu a sukuufo te hɔ no bi bɔ mmɔden wɔ nhomasua mu. Nanso sukuufo ne akyerɛkyerɛfo no abrabɔ nso ɛ? Sukuufo no pii nhu mfomso biara wɔ ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo a wɔbɛda ho. Wobu korɔnbɔ, atorodi, ne nnaadaa sɛ nneyɛe a ɛnhaw adwene. Mmarima a wɔne mmarima da, mmea a wɔne mmea da, nguamansɛm ho mfonini, ne ahonhonsɛmdi abu so wɔ sukuu a sukuufo te hɔ mu nnɛ. Esiane sɛ Adansefo mma mfa wɔn ho nhyɛ nneyɛe a ɛtete saa mu nti, mpɛn pii no, wɔtaa wɔn, wodi wɔn ho fɛw, na wɔde nhyɛso a emu yɛ den ba wɔn so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nea wiase no yɛ no bi.—1 Pet. 4:4.
4. (a) Ɔkwan bɛn so na sukuu a sukuufo te hɔ ne sukuu a sɛ wowie ntoaso sukuu a wɔkɔ no mu bi yɛ soronko wɔ sukuu afoforo ho? (b) Nkɛntɛnso bɛn na eyi betumi anya wɔ yɛn mma so?
4 Nokwarem no, ebia ebinom bɛka sɛ saa na ɛte wɔ sukuu biara mu. Nanso sukuu a sukuufo te hɔ ne sukuu a sɛ obi wie ntoaso sukuu a ɔkɔ no mu bi yɛ soronko, efisɛ sukuu ahorow yi ma awofo ne mmofra no ntam tetew. Wɔhyɛ mmofra no ma wodidi wɔ hɔ, da hɔ, na wɔne mmofra afoforo a wommu Yehowa ne ne trenee gyinapɛn ahorow anaa wɔmfa nyɛ hwee no bɔ. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi nnɔnhwerew 24 da biara! Fekubɔne a yɛn mma wom bere nyinaa yi de nkakrankakra sɛe wɔn gyidi, na ebetumi asɛe wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. (1 Kor. 15:33) Esiane sɛ mmofra no nnya honhom fam mmoa mfi wɔn awofo hɔ da biara nti, ɛnyɛ den sɛ mmofra no bebu bra abien—bra a wɔbɔ wɔ sukuu mu, ne bra a sɛ wɔne wɔn awofo wɔ fie a wɔbɔ.—Dw. 12:2.
5. Ka asɛm bi a esii ankasa a ɛkyerɛ sɛ asiane wɔ sukuu a sukuufo te hɔ mu.
5 Susuw aberante bi a wabɔ asu a ɔkɔɔ sukuu a sukuufo te hɔ no suahu a ɛyɛ awerɛhow yi ho hwɛ. Wɔ ne sukuu afe a edi kan mu no, ne yɔnko sukuuni abeawa bi kyerɛɛ ne ho anigye. Wampene so, na ɔka kyerɛɛ n’awofo. N’awofo kaee no asiane ahorow a ɛwɔ mu, na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnhwɛ ne ho yiye. Nanso bere kɔɔ so no, esiane sɛ abeawa no ne ne mfɛfo sukuufo no kɔɔ so haw no nti, owiaa ne ho bɔɔ aguaman. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nneyɛe bɔne yi mu bɛboro afe ne fã kosii sɛ awiei koraa no ɛbɛdaa adi. Hwɛ sɛnea ɔmaa n’awofo dii awerɛhow fae bere a wotuu no fii asafo no mu no!
6. (a) Adwene bɛn na awofo binom anya? (b) Dɛn nti na adwene a ɛte saa renyɛ papa? (d) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho, na dɛn ntia?
6 Ebia awofo binom besusuw sɛ, sɛ wɔn mma nam wɔn kasa ne wɔn nneyɛe so da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo a, ɛbɛbɔ wɔn ho ban afi nkɛntɛnso bɔne a ɛwɔ sukuu a sukuufo te hɔ no ho. Wosusuw sɛ ebia sukuu mu mpanyimfo no renhyɛ wɔn ma wɔmmfa wɔn ho nhyɛ atoro som anaa wiase no dwumadi ahorow mu. Wɔn adwene ne sɛ wɔn mma mfɛfo sukuufo rentwetwe wɔn ma wɔmmɔ nkɔmmɔ a ɛnhyɛ nkuran, na wɔremma wɔmfa wɔn ho nhyɛ abrabɔ bɔne mu. Nanso osuahu ama ada adi sɛ nneɛma nkɔ saa bere nyinaa. Sɛ́ wɔbɛyɛ soronko bere a mmabun a wɔnsom Onyankopɔn atwa wɔn ho ahyia no ma ɛyɛ den paa sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Mmofra a wɔnsom Onyankopɔn a wɔn bra asɛe, na wɔyɛ pɛsɛmenkominya a Adansefo mmofra ne wɔn bɔ daa no nya wɔn so tumi kɛse. Bisa wo ho sɛ: Sɛ me de me ba kɔ sukuu a sukuufo te hɔ a, so ɛbɛyɛ mmerɛw anaa ɛbɛyɛ den ama no sɛ ‘obeguan aguamammɔ’ na ‘ɔrenyɛ wiase no fã’? (1 Kor. 6:18; Yoh. 17:16) Awofo a wosuro Nyankopɔn de mpaebɔ susuw nsɛm a ɛte saa ho yiye.
7. (a) Akwan bɛn so na akyerɛkyerɛfo binom betumi anya yɛn mma so tumi? (b) Dɛn na wɔkyerɛkyerɛ yɛn mma a ɛne Yohane 17:16 nhyia?
7 Akyerɛkyerɛfo Nkɛntɛnso: Wɔ sukuu biara mu no, ebetumi aba sɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn bra asɛe a wɔde tumi a wɔwɔ hunahuna sukuufo, na wɔne mmofra a wɔkyerɛ wɔn ade mpo tumi da wɔ hɔ. Nanso, ɛda adi yiye sɛ wɔ sukuu a sukuufo te hɔ mu no, wɔntaa mmɔ akyerɛkyerɛfo a wɔte saa no nneyɛe ho amanneɛ. Bio nso, akyerɛkyerɛfo no pii de “sikanibere” ne ‘adefo a wɔbɛma wɔn ani abere abɛyɛ’ hyɛ sukuufo no adwenem. (1 Tim. 6:9, 10) Akyerɛkyerɛfo afoforo de adwempa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete mmofra ma wɔabɛyɛ ɔmamma pa, na ama wɔatumi ne wiase no abɔ anan. Nanso ɔhaw foforo wɔ eyi mu. Ɛsono gyinapɛn a nokware Kristofo de bɔ wɔn bra, ɛnna ɛsono wiase no nso de. Akyerɛkyerɛfo hyɛ sukuufo nkuran sɛ wɔne wiase no mmɔ anan, nanso Yesu kae sɛ n’akyidifo bɛyɛ wɔn a “wɔnyɛ wiase no fã.”—Yoh. 17:16.
8. Sɛ mmofra wɔ sukuu a sukuufo te hɔ mu na wohyia ɔhaw a, dɛn na wontumi nyɛ?
8 Na sɛ mmofra no rebɔ mmɔden sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma na ɔhaw bi sɔre wɔ sukuu mu nso ɛ? Sɛ mmofra no fi fie da biara kɔ sukuu a ɛwɔ mpɔtam hɔ san ba a, wobetumi ne wɔn awofo asusuw asɛm a ɛte saa ho. Sɛ ɛba saa a, awofo no betumi aboa wɔn mma, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a wɔne ɔkyerɛkyerɛfo no akasa. Eyi ma wotumi siesie ɔhaw ne nsɛmnsɛm a ɛsɔre no ntɛm. Nanso ɛnte saa wɔ sukuu a sukuufo te hɔ no mu. Yɛn mma no hyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔnsom Yehowa no tumi ase bere nyinaa. Sɛ mmofra no pɛ sɛ wɔde Kristofo nnyinasosɛm bɔ wɔn bra a, ɛsɛ sɛ wɔn nkutoo na wɔyɛ saa, a wɔn awofo mmoa a anka wobenya no da biara no nka ho.
9. (a) Nneɛma bɛn bio na sukuu a sukuufo te hɔ no mma kwan mma yɛn mma nyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na sukuu no bi ahyɛ yɛn mma ma wɔde wɔn ho ahyɛ atoro som mu? (d) Dɛn nti na ɛremfata sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo bɛyɛ eyi?
9 Hokwan Pii a Wonnya Mpue: Wɔ sukuu a sukuufo te hɔ ne sukuu a sɛ obi wie ntoaso sukuu a ɔkɔ no bi mu no, wɔmma sukuufo no kwan ma wompue mfi sukuu no mu. Esiane sɛ sukuu mu mpanyimfo pii mmu yɛn gyidi ahorow nti, wɔmpɛ sɛ wɔma Adansefo mmofra kwan ma wɔkɔ asafo nhyiam ahorow anaa wɔne asafo no kɔ asɛnka. Sukuu ahorow bi a nyamesom ahyehyɛde bi atew hyɛ yɛn mmofra no daa ma wɔkɔ asɔre, na wɔahyɛ ebinom ma wɔde wɔn ho ahyɛ atoro som nneyɛe mu mpo. Esiane sɛ wɔmma mmofra no nkɔ asafo nhyiam nti, ɛsɛ sɛ mmofra no ankasa yɛ nhyehyɛe de yɛ asafo nhyiam. Wɔ sukuu a sukuufo te hɔ no bi mu no, ebia Adansefo mmofra no bɛyɛ nhyehyɛe abom akenkan Bible ne asafo nhoma ahorow. Ɛnsɛ sɛ ɔwofo a ɔyɛ Kristoni biara nya adwene sɛ nhyehyɛe a ɛte saa no ara dɔɔso a ɛbɛma ne ba anya honhom fam mmoa a ɛfata. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛma yɛn mma akɔ sukuu a wɔrennya Kristofo dwumadi ne fekubɔ mu kyɛfa, na ɛtɔ bere bi mpo a, wɔhyɛ wɔn ma wɔkɔ asɔre wɔ Babilon Kɛse asɔredan bi mu!—Adi. 18:4.
10. (a) Dɛn na ebinom betumi agyina so aka de wɔn mma akɔ sukuu a sukuufo te hɔ? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na Ɔwɛn-Aban no de mae wɔ eyi ho?
10 “Mommma Wɔnnnaadaa Mo”: Sɛnea awofo a wɔnyɛ Kristofo adwene yɛ wɔn no, ebia ebinom besusuw sɛ mfaso wɔ so sɛ abofra bi befi fie akɔtra sukuu a sukuufo te hɔ mu. Wosusuw sɛ eyi boa abofra no ma onyin yiye, na ɛma ɔno ara tumi sisi gyinae. Ebia afoforo bɛtwe adwene asi Kristofo mmabun bi a wɔkɔɔ sukuu a sukuufo te hɔ na mprempren wɔyɛ mpanyimfo ne akwampaefo so de akyerɛ sɛ, sɛ obi kɔ ‘sukuu a sukuufo te hɔ koraa mpo a, ɛnyɛ bɔne ankasa.’ Nanso, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de kɔkɔbɔ yi maa awofo wɔ March 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26, nkyekyɛm 3 sɛ: ‘Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Kor. 15:33) Ɛnsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo daadaa wɔn ho susuw sɛ, sɛ wɔn mma ne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn bɔ bere nyinaa a, ɛrensɛe wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Nkakrankakra, mmofra a wosuro Nyankopɔn no remfa Kristofo gyinapɛn aniberesɛm, na wɔn ani rensɔ honhom fam nneɛma bio. Ɛtɔ mmere bi a eyi nna adi mma awofo nhu kosi sɛ wɔn mma no befi sukuu no mu. Mpɛn pii no, ebedu saa bere no, na aka akyi dodo sɛ wobesiesie tebea no.’
11. (a) Ɛdefa sukuu a sukuufo te hɔ ho no, yɛbɛyɛ dɛn de afotu a ɛwɔ Efesofo 6:4 ayɛ adwuma? (b) Sɛ awofo de wɔn mma kɔ sukuu a sukuufo te hɔ a, na dɛn na wɔde rehyɛ wɔn adwenem?
11 Awofo Asɛyɛde: Awofo binom de wɔn mma ama abusuafo anaa Adansefo afoforo sɛ wɔnhwɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ sukuu a sukuufo te hɔ. Wɔanya adwene sɛ saa mpanyimfo yi betumi ama wɔn ani akɔ nneɛma a wɔn mma no yɛ ne wɔn nneyɛe ho. Nanso, Paulo kyerɛw awofo sɛ: “Mo, papanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Ɛbɛyɛ dɛn na awofo atumi de Onyankopɔn afotu yi ayɛ adwuma bere a wɔn mma ne obi foforo na ɛte anaasɛ wɔwɔ akyirikyiri wɔ sukuu mu, baabi a ebia pɛnkoro anaa mprenu pɛ na wɔma kwan ma wɔbɛsra wɔn wɔ ɔsram no mu, anaa baabi a ɛrentumi nyɛ yiye sɛ abofra no bɛkɔ Kristofo nhyiam daa? Sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo de wɔn mma kɔhyɛ sukuu a ɛte saa mu a, dɛn na na wɔde rehyɛ wɔn mma no adwenem? Eyi: Ɛne sɛ nhomasua a edi mu ho hia koraa sen hyia a yebehyiam asom ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa a yebenya—ɛho hia koraa mpo sen nokware a yebedi ama Onyankopɔn! Gyinapɛn abien a ɛte saa betumi asɛe abofra no gyidi ne ne daakye.—2 Tim. 1:5.
12. (a) Asɛyɛde bɛn na awofo nyinaa wɔ wɔ wɔn mma ho? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛne yɛn mma bɔ da biara? (d) Wosi aniberesɛm a eyi yɛ so dua dɛn wɔ 1 Timoteo 5:8?
12 Awofo a wɔyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw nim sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, sukuu, obusuani, anaa obi foforo biara nni hɔ a obetumi atete wɔn mma ma wɔayɛ Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so ma afata. Eyi yɛ asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa! (Gal. 6:5; Deut. 6:6, 7) Yɛn mma hia mmoa bere nyinaa na wɔatumi anantew nkwa kwan no so. Ehia sɛ wɔne wɔn yɛ Bible adesua daa, wɔkɔ asɛnka, na wɔkɔ asafo nhyiam nyinaa. Ehia sɛ awofo ne wɔn mma bɔ da biara sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔreda wiase no subammɔne bi adi anaa wɔreyɛ mmerɛw wɔ honhom mu a, wobehu. (1 Kor. 15:33; Mmeb. 20:11) Awofo begye atom sɛ eyi yɛ nna fam! Sɛ wo mma wɔ wo nkyɛn wɔ fie na egye mmɔdenbɔ pii, na ehia sɛ woboa wɔn da biara, na wobɔ mpae daa a, ɛnde bere a wɔwɔ akyirikyiri wɔ sukuu a sukuufo te hɔ mu a wonnya wɔn awofo mmoa daa no, wɔbɛyɛ dɛn? Wosi aniberesɛm a eyi yɛ so dua wɔ Bible mu asɛm yi mu: “Nokwasɛm ni, sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ nipa bɔne sen nea onnye nni mpo.”—1 Tim. 5:8.
13. (a) Sɛ ntoaso sukuu nni baabi a mote a, dɛn na awofo betumi ayɛ? (b) Sɛnea Efesofo 6:4 ne 1 Timoteo 5:8 kyerɛ no, sɛ ɔwofo bi de ne mma kɔtra afoforo nkyɛn a, dɛn na ɔrentumi nyɛ? (d) Afotu bɛn na akoa nokwafo no de ama wɔ yɛn mma nhomasua ho?
13 So Nneɛma Foforo Wɔ Hɔ a Awofo Betumi Ayɛ? Dɛn na awofo betumi ayɛ bere a ɛte sɛ nea sukuu abien pɛ na ɛwɔ hɔ a wobetumi apaw mu biako—sukuu a sukuufo te hɔ anaa sukuu a sukuufo fi fie kɔ a wonni nneɛma pa a wɔde sua ade? Awofo binom a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu no ayɛ nhyehyɛe ma wɔkyerɛ wɔn mma ade wɔ fie de ka nhomasua a wonya wɔ sukuu mu no ho. Awofo binom ankasa nso gye bere de kyerɛ wɔn mma ade anaa wɔma wokosua adwuma bi. Awofo binom atu akɔtra mmeae bi a ntoaso sukuu a sukuufo no fi fie kɔ wɔ hɔ. Sɛ ɛno renyɛ yiye na sɛ awofo pɛ sɛ wɔn mma ne wɔn abusuafo anaa nnamfo foforo a wɔwɔ nokware no mu kɔtra wɔ akyirikyiri a, ɛsɛ sɛ wohu sɛ nea ebesi biara ho asodi da wɔn so. (Efe. 6:4; 1 Tim. 5:8) Nyansa wom sɛ wɔn a wɔtete baabi a ntoaso sukuu nni no susuw afotu pa a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de ma wɔ asɛm yi ho no ho yiye ansa na wɔasi gyinae.—1 Tim 3:2; w88-E 9/1 28-30; w82-E 8/15 30-31; w70-E 12/1 732-735.
14. Sɛ ɛsɛ sɛ mmofra fi fie kɔ sukuu a wonni nneɛma pa a wɔde sua ade a, dɛn na awofo betumi ayɛ?
14 Osuahu ama ada adi sɛ, sɛ Adansefo mmofra yere wɔn ho sua ade yiye a, wɔtaa bɔ mmɔden wɔ sukuu a wofi fie kɔ a wonni nneɛma pa a wɔde sua ade mpo mu. Sɛ awofo ma wɔn ani kũ wɔn mma adesua ho nso a, ɛboa. Wobetumi ne akyerɛkyerɛfo adi nkitaho de ayɛ eyi, na mpo wɔabisa sɛnea wɔn mma betumi abɔ mmɔden wɔ sukuu mu ho asɛm. Eyi betumi akanyan akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ sukuu a wonni nneɛma pa a wɔde sua ade mpo mu ma wɔabɔ mmɔden kɛse aboa wo mma no.
15. Kristofo a wɔn ho akokwaw bu nhomasua dɛn?
15 Awofo a wosuro Onyankopɔn pɛ sɛ wɔn mma sua nhoma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ wɔn ho na wɔadi wɔn asɛyɛde ho dwuma sɛ Onyankopɔn asomfo. Eyi nti, wɔpɛ sɛ wɔn mma no tumi susuw nneɛma ho yiye, wɔn ano tew, na wɔkenkan ade, na wɔkyerɛw yiye. Wɔpɛ sɛ wɔn mma tumi kenkan Kyerɛwnsɛm no ne Bible ho nhoma ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkɔso wɔ honhom mu, na wɔde wɔn ho ahyɛ asɛnka mu yiye na wɔatu mpɔn. (1 Tim. 4:15; 2 Tim. 2:15) Yɛn mma no mpempem pii atumi ayɛ saa a wɔankɔ sukuu a sukuufo te hɔ anaa sukuu a sɛ wowie ntoaso sukuu a wɔkɔ a ebetumi asɛe wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ.
16. (a) Nhomasua nti, sɛ ɔwofo bi bu n’ani gu ne ba honhom fam yiyedi so a, ɛbɛkyerɛ dɛn wɔ ne ho? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ awofo de wɔn adwene si so wɔ asɛm yi mu? (d) Dɛn na ɛho hia koraa sen ɔsom hokwan a ebia a ebefi obi nsa esiane sɛ ɔde ne ba kɔ sukuu a sukuufo te hɔ nti?
16 Esiane asiane ahorow a mmofra hyia nti, Kristofo a wɔyɛ awofo a wɔde wɔn mma kɔ sukuu a sukuufo te hɔ anaa sukuu a sɛ wowie ntoaso sukuu a wɔkɔ a wɔmma wɔn kwan mma wɔnkɔ asafo nhyiam nnawɔtwe biara ne asɛnka no nyɛ nhwɛso pa. Esiane sɛ sɛ obi yɛ eyi a, ɛbɛkyerɛ sɛ wanyɛ ade nyansam na ne ho nkokwawee wɔ honhom mu nti, gyinae a ɛte saa a Kristoni bi besi no remma ɔmfata sɛ asafo mu ɔpanyin, ɔsomfo anaasɛ ɔkwampaefo. (1 Tim. 3:4, 5, 12, 13; 5:8; Tito 1:6, 7) So eyi kyerɛ sɛ sɛ obi nni ɔsom hokwan bi wɔ asafo no mu na ɔde ne mma kɔ sukuu a ɛtete saa a, asɛm biara nni ho? Ɛnte saa! Awofo a wɔyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw a wɔte Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa asɛm yi ho ase no behu sɛ ɛnyɛ hokwan a sɛ wɔde wɔn mma kɔ sukuu a sukuufo te hɔ a wɔbɛhwere no ne asɛm no. Abusuabɔ a yɛn mma ne Onyankopɔn benya a yɛbɛbɔ ho ban no ho hia koraa sen ɔsom hokwan biara a obi betumi anya anaa ɔbɛhwere wɔ asafo no mu. Nea ehia awofo a wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ “Kristo adwene” ne sɛ wɔbɛboa wɔn mma ma wɔanya daa nkwa sen sɛ ebia wobenya hokwan bi wɔ asafo no mu anaa sika fam mmoa a sɛ wɔde wɔn mma kɔ sukuu a ɛtete saa a ebia wobenya daakye no.—1 Kor. 2:16; Filip. 1:10.
17. Yebetumi de obi a obu n’ani gu ne ba honhom fam yiyedi so esiane nhomasua papa a obenya nti no atoto dɛn ho?
17 Dɛn na Wobɛyɛ? Esiane sɛ daa nkwa a yɛn mma benya wɔ asɛm no mu nti, ɛsɛ sɛ awofo de mpaebɔ susuw ho anibere so hwɛ sɛ mfaso wɔ so sɛ ebia wobesi gyina de wɔn mma akɔ sukuu a sukuufo te hɔ. Yebetumi de saa a wɔbɛyɛ no atoto obi a ɔrebɔ hwii awura ɔdan bi a ɛrehyew mu akɔfa biribi a ɛsom bo—a nea ebewie ara ne sɛ ogya bɛhyew no. Hwɛ sɛnea sɛ obi bu n’ani gu ne ba honhom fam yiyedi so de no kɔ sukuu a sukuufo te hɔ esiane nhomasua papa a obenya nti a, ɛbɛkyerɛ sɛ onsusuw nneɛma ho nkɔ akyiri!—Mar. 8:36.
18. (a) Afotu pa bɛn na ɛwɔ Mmebusɛm 22:3? (b) Yɛbɛyɛ dɛn de kyerɛwsɛm yi ayɛ adwuma?
18 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmeb. 22:3) Ɛmmra sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo nyinaa de nyansa a efi soro bɛyɛ adwuma na ‘wɔahu bɔne a ɛbɛba,’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ wɔn mma honhom fam yiyedi ho ban. Esiane sɛ “nneɛma nyinaa awiei abɛn” nti, ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo de mpaebɔ susuw asɛmmisa, “So ɛsɛ sɛ me ba kɔ sukuu a sukuufo te hɔ?” no ho anibere so.—1 Pet. 4:7; Mat. 16:26.