Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase June 12
Dwom 136
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw ne adaka mu asɛm “Nkaebɔ” no. Ka adawurubɔfo nkɔanim foforo a yɛanya no ho asɛm.
15 min: “Mo Brɛ Nyɛ Ɔkwa.” Mma nnianim nsɛm nnni simma biako na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Ka osuahu a ɛwɔ June 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32.
22 min: Ahwehwɛde Nhomawa no a Yɛde Befi Adesua Ase. Ɔkasa a ɛfa asɛm a ɛwɔ January 1999 Yɛn Ahenni Som, kratafa 6 no ho. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ a wɔde ho nyansahyɛ ama wɔ nkyekyem 6 no ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nka sɛnea wɔatumi afi adesua ase na wɔnkyerɛ sɛnea wofii adesua no ase ne nea wɔyɛe a etumi ma wɔyɛ adesua no dapɛn biara.
Dwom 209 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 19
Dwom 14
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ ne mo sikasɛm ho nhwehwɛmu a moyɛ no asram abiɛsa biara no ho amanneɛbɔ. Sɛ mo asafo no wɔ Young People Ask anaa Youth nhoma no bi a, kyerɛ sɛnea yebetumi de adi dwuma ma mfaso aba so wɔ asɛnka mu wɔ akwamma bere mu a yebetumi ato mmofra pii wɔ fie no.
10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma.
20 min: Bible nnyinasosɛm a Mmusua De Bedi Dwuma no Bɛma Wɔayɛ Den. Nkɔmmɔ a anuanom baanu bɔ, a egyina nyansahyɛ awotwe a ɛwɔ Reasoning nhoma no, nkratafa 253-4 no so. Kyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ yɛboa Bible asuafo ma wohu sɛ nea ɛde abusua mu anigye ba ne te a yɛbɛte Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ase na yɛde adi dwuma no mu. Fa adesua 8 a ɛwɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu di dwuma fa kyerɛ sɛnea yɛbɛyɛ eyi. Mmusua a wotie Bible afotu no tumi nya abusuabɔ a emu yɛ den na wonya anigye kɛse denam ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛkɔ so wɔ wɔn ntam no so. Ka osuahu a ɛwɔ Abusua Anigye nhoma no, ti 13, nkyekyem 1, 21-2 no.
Dwom 51 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 26
Dwom 44
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn June asɛnka akontaabu mmra. Ka nhoma a yɛde bɛma July ho asɛm. Kyerɛ nhomawa dedaw a mowɔ wɔ mo asafo no mu na ka emu biara ho asɛm tiawa. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ sɛnea yɛde emu biako bɛma wɔ asɛnka mu.
15 min: Munhu Sɛnea Ɛsɛ sɛ Mubua Asɛm. (Kol. 4:6) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Sɛ wuhyia obi a ogye akyinnye a ennyina Kyerɛwnsɛm so a, dɛn na woyɛ? Yɛtaa nya nyansahyɛ a ɛfata fi Reasoning nhoma no mu a ɛboa yɛn ma yɛfa anifere kwan so de mmuae ma. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ yegye di sɛ owu yɛ ɔtamfo a wɔnam Kristo agyede no so beyi afi hɔ de, nanso, ebinom gye di sɛ owu ntumi mfi hɔ, na wɔwɔ gyidi mpo sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no. Kyerɛkyerɛ nea yebetumi aka a ɛwɔ Reasoning nhoma no fã a ɛne “If Someone Says—”a ɛwɔ nkratafa 103-4 ne 321 no mu. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa nhoma no nkɔ asɛnka.
22 min: “2000 ‘Onyankopɔn Asɛm Yɛfo’ Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam.” Ɔkyerɛwfo di asɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a egyina krataa a ɛhyɛ mu no so ho dwuma. Kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ obiara di kan srɛ kwan fi adwuma mu na ama watumi akɔ nhyiam no nyinaa, a Fida nso ka ho. Kamfo anuanom wɔ Asafo ti nhyehyɛe a wodi so no ho.
Dwom 56 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 3
Dwom 157
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
18 min: “Wobɛkɔ Bi?” Ɔkasa ne osuahu ahorow a ɔpanyin di ho dwuma. Efi Bible mmere mu besi nnɛ no, wɔnam nhyiam akɛse so adi dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn den mu. (Hwɛ Proclaimers nhoma, kratafa 254, nkyekyem 1-3, ne Insight, po 1, kratafa 821, nkyekyem 5.) Hyɛ obiara nkuran ma omfi saa bere yi nyɛ nhyehyɛe na ama watumi akɔ nnansa a wɔde bɛyɛ afe yi ɔmantam nhyiam no nyinaa bi. Ma atiefo nka wɔn suahu a ɛkyerɛ sɛ mmɔden kɛse a wɔbɔ de kɔɔ afe a etwaam no, wonyaa so akatua wɔ honhom fam.
22 min: ‘Sɛ Obi Ankyerɛ Me a, . . . Mɛyɛ Dɛn Ahu?’ Nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a asɛnka sohwɛfo di ho dwuma. Ma wɔnkenkan nkyekyem ahorow no mma obiara nte, na afei kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 3, 4, ne 7 no. Sɛ moresusuw nkyekyem 6 ho a, kyerɛkyerɛ hokwan a asɛnka sohwɛfo wɔ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔne obi a wabɔ asu yɛ Bible adesua bio anaasɛ ɛnsɛ sɛ wɔne no yɛ no mu.—Hwɛ asɛmmisa afã a ɛwɔ November 1998 Yɛn Ahenni Som mu no.
Dwom 89 ne mpaebɔ a wɔde wie.