Ka Asɛm Wɔ Afie Afie
1 So ebetumi ayɛ yiye sɛ yebedi adanse wɔ afie afie, mprempren a nsa da yɛn dwumadi so no mu? Yiw! Efi bere a February 1990 Yɛn Ahenni Som de nyansahyɛ yi mae wɔ kratafa 1 wɔ asɛm a ɛne “Ma W’ani Nna hɔ wɔ Bible Nhoma a Wode Bɛma Ho” no nkyekyem 5 ne 6 no, adawurubɔfo ne akwampaefo pii renya afie afie asɛnka mu anigye. Na June de no kura asɛm a ɛne “Wo Nso, Wubetumi Adi Bɔnnɔ so Adanse ma Ayɛ Yiye,” na ɛkaa nnyinasosɛm a ɛboa ho asɛm. Dɛn na ebinom reyɛ wɔ nyansahyɛ ahorow yi a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma no ho?
2 Akuw bi yɛ asɛnka nhyiam horow ho nhyehyɛe, na kuw sohwɛfo no di wɔn anim ma wodi kan sua ɔkwan a wɔbɛfa so no ansa na wɔde wɔn ho ahyɛ afie afie som adwuma no mu. Wosusuw anifere kwan so nnianim nsɛm ne nsɛm a ebetumi aba sɛ afiewuranom bebisa no ho. Sɛ nhwɛso no, kuw sohwɛfo no bisa kuw no sɛ: “Sɛ ofiewura no hu sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo, na ɔkae wo sɛ wɔde nsa ato yɛn dwumadi so anaasɛ ‘wɔabara yɛn adwuma no,’ sɛnea ebinom ka no no a, dɛn na wobɛka?”
3 Nyansahyɛ biako a wɔkaa ho asɛm wɔ February Yɛn Ahenni Som no mu ne sɛ kɔ asasesin no mu na ka kyerɛ ofiewura bi sɛ wohwehwɛ Asiamasi. Ka sɛ onni a wohwehwɛ no no yɛ Yehowa Adansefo mu biako, na wo nso woyɛ bi. Bere a ofiewura no aka sɛ ebia onim onipa no anaa dabi akyi no, anuanom binom bisa ofiewura no sɛ na Yehowa Adansefo bɛsra no wɔ bere a atwam no mu anaa. Sɛ ɔma mmuae sɛ dabi a, ɔdawurubɔfo no ka sɛ “Ɛnde, wontee nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde asomdwoe bɛsan aba asase so no ɛ, anaa woate?” Afei ɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ba mu. Sɛ ofiewura no buae sɛ yiw a, hokwan fɛfɛ bue wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so wɔ asɛm yi mu nso ma wosusuw mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti anaa asɛmti foforo a ɛyɛ anigye ho.
4 Faako a wubisa Asiamasi a ɔyɛ Ɔdansefo ase, na ɛba sɛ ofiewura no nim no na ɔkyerɛ wo faako a ɔte no, hwɛ hu sɛ wobɛkɔ Asiamasi fie na ama nea wobisae no ayɛ nokware. Anuawanom baanu yɛɛ eyi ma enti wotumi “kokyiaa” onuawa a wobisaa no ase fii ofiewura no hɔ no. Afei wɔsan baa ofiewura no nkyɛn bɛdaa no ase. Wɔkaa kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Luka 17:11-19 ho asɛm kyerɛɛ no, faako Yesu saa akwatafo 10 yare nanso ɔbiako pɛ na ɔsan n’akyi kɔdaa no ase no. Anuawanom no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ bonniayɛ; afei wɔkaa sɛnea Bible no ho wɔ mfaso ma yɛn bere yi. Eyi ma wɔbɔɔ Bible no ne nyansa a ɛwom sɛ yɛde ne nnyinasosɛm bedi dwuma ho nkɔmmɔ. So wubetumi ayɛ biribi a ɛte saa ara?
AKWAN AFOFORO
5 Anuawanom baanu a wɔredi adanse wɔ afie afie wɔ mprempren tebea a nsa da yɛn dwumadi so mu no huu ɔbarima bi a ɔregye n’ahome wɔ dua bi ase. Wɔkɔɔ ne nkyɛn na onuawa biako kae sɛ: “Woregye mframa pa wɔ ha. Eyi ma mekae Bible mu bɔhyɛ bi a ɛwɔ Mika ti 4, nkyekyem 4 no.” Ɔkaa aba a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu ho asɛm, na obisae sɛ: “So wugye bɔhyɛ yi di?” Eyi ma wɔbɔɔ Onyankopɔn Ahenni no nhyira ho nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye.
6 Enti, bere a yɛde bɔnnɔ so adansedi ho nnyinasosɛm di dwuma sɛnea wɔkaa ho asɛm wɔ June Yɛn Ahenni Som, mu no, ɛnsɛ sɛ bere nyinaa yebisa baabi a Yehowa Adansefo mu biako te de fi yɛn nnianim asɛm no ase. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde nnianim nsɛm ahorow pii di dwuma, na ama ayɛ den ama nkurɔfo sɛ wobehu sɛ yɛredi wɔn adanse.
7 Kuw biako mu no, kuw sohwɛfo no faa adawurubɔfo afoforofo kaa ne ho kɔɔ asɛnka. Ofii nkɔmmɔbɔ no ase akyi no, ɔde Onyankopɔn Ahenni nhyira horow no baa mu na obisaa ɔdawurubɔfo ɔfoforofo no sɛ saa nhyira horow no bi ne nea ɛwɔ he. Sɛnea wɔadi kan ahyehyɛ no, ɔdawurubɔfo ɔfoforofo no toaa nkɔmmɔbɔ no so, na saa kwan yi so no, onyaa nnipa afoforo baasa a ɔbɛsan akɔsra wɔn. Enti yɛhyɛ akuw so ahwɛfo nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe pa mma afoforofo ne adawurubɔfo a wɔnkɔ asɛnka daa mfa wɔn nkɔ asɛnka, na ama wɔanya yɛn ɔsom adwuma fã yi mu nhyira horow no bi, na wɔnam saayɛ so aboa afoforo pii ma wɔabehu nokware Nyankopɔn no.—1 Tim. 2:4.
8 Ɛyɛ papa sɛ sɛ wufi ofie biako mu a, wubegyaw ofi dodow bi wɔ ntam ansa na woakɔ foforo mu, bere a wudi adanse wɔ mprempren tebea yi mu no. Nokwarem no, Yehowa ka yɛn ho. (Yer. 1:19) Awurade Yesu Kristo nam abɔfo kronkron no so rekyerɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse yi kwan wɔ yɛn bere yi mu. (Mat. 28:19, 20; Adi.14:6, 7) Enti momma yɛn nyinaa mfa akokoduru ne anifere nkɔ so nka asɛm no, nnyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu,’ na yɛbɛkɔ so adi adanse kɛse, wɔ mprempren tebea a ɛyɛ nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so yi mu mpo, ma ne nyinaa ahyɛ Yehowa din kɛse no anuonyam.—Dw. 96:10; 2 Tim. 4:2.