Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
Dwom 151
8 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Fa dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe ka ho.
20 min: “Ma Wo Ho Nkokwaw wɔ Wo Som Adwuma Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ne 6 ho a, yɛ sɛnea wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ September 1, 1988 Ɔwɛn-Aban ne Reasoning nhoma no mu bedi dwuma ho ɔyɛkyerɛ. Afei nso, ma adawurubɔfo nka nneɛma pa a afi nyansahyɛ a yenya denam Yehowa ahyehyɛde no so a wɔde di dwuma no mu aba wɔ mo hɔnom no nkyerɛ.
17 min: Medical Document ne Identity Card. Kuw sohwɛfo ma wɔkyekyɛ nkratasin no na ɔka Medical Document ma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu ne Identity Card ma ɔwofo anaa awofo a wɔyɛ Adansefo mma nkumaa a wɔmmɔɔ wɔn asu no ho krataa a wɔkyerɛwee no May 15, 1990 ho asɛm fefeefe. (Kae sɛ nkratasin no mu biara bo yɛ ¢10.)
Dwom 178 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
Dwom 43
5 min: Asafo mu nkaebɔ, sika akontaabu, ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka.
10 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma.
15 min: “Ka Asɛm no Wɔ Afie Afie.” Nsemmisa ne mmuae. Ɛsɛ sɛ kuw sohwɛfo no di ho dwuma. Di kan yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo nka osuahu ahorow a ɛfa sɛnea wɔde nyansahyɛ ahorow a wɔde mae wɔ bere a atwam no mu, sɛ wonni bɔnnɔ so adanse ne adanse a wɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe a wɔde adi dwuma, ne nneɛma a afi mu aba ho. Kamfo wɔn nyinaa wɔ akokoduru ne ahokokwaw a wɔada no adi no ho.
15 min: Sɛnea Wofi Bible Adesua Ahorow Ase. Bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔatumi afi adesua ase nsɛm. Dɛn na wɔahu sɛ etu mpɔn? Ɔkwan bɛn so na wɔma anigye a wodi kan nya no kɔ so tra hɔ? Yɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan ne sankɔhwɛyɛ mu ho ɔyɛkyerɛ tiawa.
Dwom 143 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Dwom 91
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Fa nna a aka wɔ dapɛn no mu asɛnka ho nhyehyɛe ka ho.
20 min: “Wo Honhom mu Ahiade ho Dwuma a Wubedi.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bisabisa abusua ti bi ne ɔdawurubɔfo a onni ɔhokafo nsɛm fa sɛnea wodi asɛnnennen a ɛne bere a wonya de di wɔn honhom mu ahiade ho dwuma ho. Hyɛ anuanom nkuran sɛ wɔnhwehwɛ wɔn ankasa nhyehyɛe mu na wɔnyere wɔn ho sɛ wobedi nkɔso a ehia no ho dwuma.
18 min: “Mmoa wɔ Bere a Ɛsɛ Mu.” Kuw sohwɛfo ne atiefo susuw asɛm no ho. Si nhyehyɛe a wɔayɛ ma ɔsom adwuma sohwɛfo srasra Asafo Nhoma Adesua akuw so mfaso so dua: Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden titiriw sɛ wobenya dapɛn dwumadi wɔ ɔsom adwuma sohwɛfo nsrahwɛ mu no mu kyɛfa.
Dwom 177 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANUM
Dwom 213
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Bobɔ brochure ahorow a mowɔ wɔ mo asafo mu a mode bedi dwuma wɔ asɛnka mu August ne September no din. Yɛ sɛnea wobetumi de brochure adi dwuma wɔ mo asasesin mu ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ Abusua.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bisa nkyekyem biara ho asɛm biako anaa abien na ama moatumi akenkan.
25 min: “1990 ‘Kasa Kronn’ Ɔmantam Nhyiam.” Kuw sohwɛfo ne atiefo susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho. Boa atiefo ma wonhu nhyiam a wɔkyerɛ sɛ mo asafo no nkɔ ne bere a wɔde bɛyɛ no.
Dwom 214 ne mpaebɔ a wɔde wie.