Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/15 kr. 26-29
  • Wogyina Ankorankoro Gyinaesi Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wogyina Ankorankoro Gyinaesi Akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Mmara ne Abrabɔ
  • Nkuranhyɛ a Ɔnhwɛ Kwan a Onyae
  • Gyinaesi No
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/15 kr. 26-29

Wogyina Ankorankoro Gyinaesi Akyi

ƐNYƐ nipa hunu biara sɛ Nea ɔkorɔn sen biara wɔ amansan nyinaa mu no na wama ho kwan sɛ obiara nsi nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ho gyinae. Ɔno ne yɛn Bɔfo. Onim nea nnipa hia ho biribiara, na oyi ne yam de afotu, kɔkɔbɔ, ne ɔkwampa a yɛbɛfa so ho akwankyerɛ ma. Ne nyinaa akyi no, ɔmma n’ani mpa so sɛ ɔde n’abɔde a wonim nyansa no pɛ bɛma wɔn. Ne diyifo Mose kaa asɛm a ɛne Onyankopɔn adwene hyia sɛ: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa.”—Deuteronomium 30:19.

Saa nnyinasosɛm yi fa aduruyɛ ho. Adwene a ɛne sɛ wɔde obiara pɛ ama no anaa otumi paw nea ɔpɛ no de nkakrankakra renya akyitaafo pii wɔ Japan ne aman foforo a na wonnye ntom papa no so. Oduruyɛfo Michitaro Nakamura kyerɛkyerɛɛ nea obiara pɛ a otumi paw mu sɛ: “Ɛne sɛ oduruyɛfo no de kasa a ɔyarefo no betumi ate ase yiye bɛkyerɛkyerɛ ne yare no, nea ɛbɛkɔ akowie, ɔkwan a wɔbɛfa so akõ, ne ɔhaw a ɛbata ho mu akyerɛ no, na wagyae ɔyarefo no ama n’ankasa apaw ayaresa ko a ɔpɛ.”—Japan Medical Journal.

Mfe pii a abɛsen kɔ no, Japan nnuruyɛfo akyerɛ nneɛma bi a enti wɔmpene so sɛ wɔbɛfa saa kwan yi so asa nkurɔfo yare, na ɛkame ayɛ sɛ asɛnnibea ahorow no agyae mu ama ayaresafo no. Enti bere a Ɔtemmufo Panyin Takeo Inaba a ɔwɔ Tokyo Asɛnnibea Kɛse no sii gyinae wɔ February 9, 1998, sɛ wɔfoa obiara pɛ a wɔde bɛma no so no, na ɛyɛ asɛm a ebi nsii da. Dɛn ne saa gyinaesi no, na dɛn na ɛmaa asɛm no kopuee asɛnnibea?

Wɔ July 1992 no, Misae Takeda a na wadi mfe 63 a ɔyɛ Yehowa Adansefo no biako no, kɔɔ Tokyo Sukuupɔn no Ayaresa mu Nhwehwɛmu Asuae hɔ Ayaresabea no. Wohui sɛ kokoram aka ne mmerɛbo ma ahon, a na ehia sɛ wɔyɛ no oprehyɛn. Esiane sɛ na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔde Bible ahyɛde a ese ɛnsɛ sɛ wɔde mogya di dwuma ɔkwammɔne so no yɛ adwuma nti, ɔka kyerɛɛ ne nnuruyɛfo no pefee sɛ ɔmpɛ sɛ wɔma no ayaresa a mogya wom. (Genesis 9:3, 4; Asomafo no Nnwuma 15:29) Nnuruyɛfo no gyee asodiyi krataa bi a ɛkae sɛ sɛ biribiara fi ne gyinaesi no mu ba a, ɛho asodi biara nna wɔn anaa ayaresabea no so toom. Wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wobedi so.

Nanso, bere a wɔyɛɛ oprehyɛn no wiei, a Misae ani so nnya ntetew no no, wɔmaa no mogya—a na ɛne ne pɛ a wakyerɛ mu pefee no bɔ abira koraa. Bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔremma ɛnna adi sɛ wɔawia wɔn ho ama no mogya bere a na ɔmpene so no, ɛda adi sɛ ayaresabea hɔ dwumayɛni bi tii ho kyerɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo bi maa wɔn ho daa hɔ. Sɛnea wobɛhwɛ kwan no, bere a saa Kristoni bea komapafo yi behui sɛ wɔawia wɔn ho ama no mogya no, ɔyɛɛ basaa. Ná wanya ayaresafo no mu awerɛhyem, wɔ gyidi sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so na wɔakyerɛ obu ama ne som gyidi no. Esiane yaw kɛse a ɔtee wɔ asɛmmɔne a nnuruyɛfo de dii ɔno ɔyarefo yi ho ne ɔpɛ a onyae sɛ ɔbɛko ama ayɛ sɛnnahɔ ama afoforo na akyiri yi nnuruyɛfo anni wɔn aborɔ saa nti, ɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea.

Mmara ne Abrabɔ

Tokyo Ɔmansin Asɛnnibea no atemmufo baasa dii asɛm no buu nnuruyɛfo no bem, na wɔannye antom sɛ obiara tumi paw nea ɔpɛ. Wɔkae wɔ gyinaesi a wɔde too gua March 12, 1997 no mu sɛ nhyehyɛe biara a wɔyɛe sɛ wɔmmfa mogya nni dwuma wɔ ayaresa no mu no nni mũ. Wɔn asɛm ara ne sɛ, ɛbɛyɛ nea ɛne kojo ryozoku,a anaa abrabɔ ho mmara, renhyia sɛ oduruyɛfo ne obi bɛyɛ nhyehyɛe soronko bi sɛ, sɛ tebea no mu yɛ den mpo a, ɔremma no mogya. Ná adwene a wokura ne sɛ, oduruyɛfo asɛyɛde titiriw ne sɛ obegye nkurɔfo nkwa wɔ ɔkwan a etu mpɔn sen biara a obetumi so, enti nhyehyɛe a ɛte saa no renni mũ fi nhyɛase pɛɛ, ɛmfa ho nyamesom mu gyidi a ɔyarefo no kura. Wɔkae sɛ awiei koraa no, ɛsɛ sɛ oduruyɛfo adwene wɔ n’adwuma ho no bunkam adesrɛ biara a ebia ɔyarefo bedi kan de ato n’anim ɛdefa n’ayaresa ho so.

Afei nso atemmufo no kae sɛ saa nnyinasosɛm no ara nti, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ ne kwan so sɛ oduruyɛfo bɛkyerɛkyerɛ ɔkwan titiriw a ɔbɛfa so, dwuma a oprehyɛn bi bedi ne ɔhaw a ebefi mu aba mu no, “sɛ ɔpɛ a ɔrenka sɛ wayɛ n’adwene sɛ ɔde mogya bedi dwuma anaa ɔrenyɛ saa.” Atemmu a wɔde too gua ne sɛ: “Biribiara nkyerɛ sɛ ɛto mmara anaa ɛmfata sɛ nnuruyɛfo a wɔyɛ Anoyifo yi gye toom sɛ wɔbɛyɛ Nkurobɔfo no apɛde a ɛne sɛ ɔrennye mogya wɔ tebea biara mu, na wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔbɛyɛ n’apɛde no ma enti ogyee oprehyɛn no toom.” Adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ, sɛ nnuruyɛfo no anyɛ no saa a, anka ebia ɔyarefo no rempene mma wɔnyɛ oprehyɛn no, ma enti wafi ayaresabea hɔ.

Sɛnea asɛnnibea no buaa asɛm no yɛɛ nnipa a wɔfoa ankorankoro gyinaesi so no nwonwa ne ahodwiriw. Bere a Ɔbenfo Takao Yamada, a wogye no tom paa wɔ ɔman mmara ho no reka Takeda asɛm no gyinaesi ne sɛnea ebesi aka ankorankoro gyinaesi wɔ Japan no ho biribi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔma nsusuwii a saa gyinaesi yi gyina so no tra hɔ a, mogya a wɔpo ne mmara kwan so nnyinasosɛm a ɛne sɛ obiara tumi paw nea ɔpɛ no bɛyɛ te sɛ kyɛnere a wɔasɔ asi mframa mu.” (Mmara ho nsɛmma nhoma Hogaku Kyoshitsu) Ɔde nsɛm a emu yɛ den kasa tiaa mogya a wɔhyɛɛ obi de maa no no sɛ “ɛyɛ nnaadaa bɔne a ɛte sɛ nea wɔtow hyɛ obi so putupuru.” Ɔbenfo Yamada de kaa ho sɛ nnaadaasɛm a ɛte saa no yɛ biribi a ɛnsɛ sɛ “wɔma ho kwan koraa da.”

Esiane sɛ na Misae fɛre ade nti, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi ama nkurɔfo ani aba ne so. Nanso bere a ohui sɛ obetumi aboa abɔ Yehowa din ne ne trenee gyinapɛn ahorow a ɛfa kronkron a mogya yɛ ho no ho ban no, osii ne bo sɛ ɔbɛyɛ ne fam de. Ɔkyerɛw kɔmaa ne mmaranimfo sɛ: “Menyɛ hwee sɛ mfutuma, mensɛ saa mpo. Minhu nea enti a ato ɔpapahwekwaa a ɔte sɛ me. Nanso sɛ mebɔ mmɔden yɛ nea Yehowa—nea obetumi ama abo akasa no—ka a, ɔbɛma me ahoɔden.” (Mateo 10:18; Luka 19:40) Bere a okogyinaa adaka mu wɔ asɛnnibea hɔ no, ɔde nne a ɛpopo kyerɛkyerɛɛ sɛnea nnaadaa no ama wabotow no mu. “Metee nka sɛ wɔabrɛ me ase, te sɛ ɔbea a wɔato no mmonnaa.” N’asɛm no maa nusu guu nnipa pii wɔ asɛnnii dan no mu saa da no.

Nkuranhyɛ a Ɔnhwɛ Kwan a Onyae

Esiane gyinae a Ɔmansin Asɛnnibea no sii nti, ntɛm ara na wɔde asɛm no kɔdan Asɛnnibea Kɛse no. Wɔtraa asɛm no so nea edi kan wɔ asɛnnibea a wɔde nsɛm kɔdan wɔn no wɔ July 1997, na na Misae a saa bere no na wayɛ furubann nanso na wasi ne bo no te mmubuafo akongua mu wɔ hɔ. Ná kokoram no asan aka ne ho bio, na na ɔregow. Misae nyaa nkuranhyɛ kɛse bere a ɔtemmufo panyin no yɛɛ ade a na obiara nhwɛ kwan, kaa nea asɛnni bagua no abɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no fefeefe no. Ɔmaa mu daa hɔ sɛ asɛnnibea a wɔde nsɛm dan wɔn no mpene asɛm a asɛnnibea ketewa no kae no so—sɛ oduruyɛfo wɔ hokwan sɛ obu n’ani gu ɔyarefo apɛde so, yɛ te sɛ nea ɔbɛyɛ ama no, nanso wabɔ ne tirim sɛ ɔnyɛ no saa. Ɔtemmufo panyin no kae sɛ asɛnnibea no remfoa tumidi kuntann ho mmara a ɛne “Shirashimu bekarazu, yorashimu beshi,”b a ɛkyerɛ “Nkyerɛ wɔn na wɔannya ano” wɔ aduruyɛ mu no so. Akyiri yi Misae kae sɛ: “M’ani agye paa sɛ mate ɔtemmufo no asɛm a animhwɛ nnim a ɛne atɛn a Ɔmansin Asɛnnibea no adi kan abu no nhyia koraa no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Eyi na mabɔ ho mpae akyerɛ Yehowa.”

Ɔsram a edi hɔ no, Misae wui wɔ ayaresabea foforo a na abusuafo a wɔdɔ no ne ayarehwɛfo a wɔte ne gyidi a efi komam no ase na wɔkyerɛɛ obu wɔ ho, atwa ne ho ahyia no. Ɛwom sɛ ne babarima Masami ne abusuafo foforo dii ne wu no ho awerɛhow kɛse de, nanso wosii wɔn bo sɛ wɔbɛhwɛ ama asɛm no atwa sɛnea ɔpɛe sɛ ɛyɛ no.

Gyinaesi No

Awiei koraa, wɔ February 9, 1998 no, Asɛnnibea Kɛse no de wɔn gyinaesi too gua, de sesaa asɛnnibea ketewa no gyinaesi no. Ná nsɛm ho amanneɛbɔfo, animdefo, ne afoforo a wɔadi asɛm no akyi fi mfiase ayɛ asɛnnii dan ketewa no mu ma. Atesɛm nkrataa a agye din ne television dwumadibea horow bɔɔ gyinaesi no ho amanneɛ. Nsɛm a wɔkyerɛwee no bi asɛmti ne sɛ: “Asɛnnibea Se: Ayarefo Betumi Apo Ayaresa Bi”; “Asɛnnibea Kɛse Se: Mogya a Wɔde Maa Obi no Yɛ Nnipa Hokwan a Wobuu So”; “Oduruyɛfo Bi a Ɔhyɛɛ Obi Maa no Mogya Di Fɔ Wɔ Asɛnnibea”; ɛne “Wogye Sika Ma Yehowa Dansefo Bi Wɔ Mogya a Wɔde Maa no Ho.”

Ná nsɛm a amanneɛbɔfo ka fa gyinaesi no ho no di mũ, na na ɛhyɛ nkuran kɛse. The Daily Yomiuri bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔtemmufo Takeo Inaba kae sɛ ɛnyɛ ne kwan so sɛ nnuruyɛfo no faa akwan bi a ɔyarefo no mpene so so saa no yare.” Ɛkaa no pefee nso sɛ: “Nnuruyɛfo a wɔmaa no [mogya no] amma no kwan amma wampaw ayaresa a ɔpɛ.”

Asahi Shimbun daa no adi sɛ ɛwom sɛ wɔ asɛm yi mu no, asɛnni bagua no tee nka sɛ na adanse a ɛdɔɔso nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na nhyehyɛe bi wɔ afanu no ntam a ɛkyerɛ sɛ wɔapene so sɛ, sɛ ɛba owu ne nkwa tebea mu mpo a, wɔremfa mogya nni dwuma de, nanso atemmufo no ne asɛnnibea ketewa no anyɛ adwene sɛ na saa nhyehyɛe no nni mũ wɔ mmara kwan so: “Sɛ afanu no traa ase yɛɛ nhyehyɛe a edi mũ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mogya di dwuma wɔ tebea biara mu a, Asɛnnibea yi remmu no sɛ etia mmara, ma enti ɛmfa kwan mu.” Bio nso, atesɛm krataa yi daa atemmufo no adwene adi sɛ “owu da hɔ ma nnipa nyinaa, na ankorankoro biara betumi asi nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ owu tebea mu ho gyinae.”

Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa Adansefo ayɛ asɛm yi mu nhwehwɛmu anya ahotoso sɛ wɔrepaw asetra a eye sen biara. Ebi ne sɛ wɔbɛkwati asiane ahorow a wonim sɛ ɛwɔ mogya mu no, na wɔagye ayaresa a mogya nka ho a wɔtaa de di dwuma wɔ aman pii so na ɛne Nyankopɔn mmara hyia no mmom. (Asomafo no Nnwuma 21:25) Japanni bi a wagye din na waben wɔ ɔman mmara mu daa no adi sɛ: “Nokwarem no, sɛ obi po [mogya] a wɔde sa yare sɛnea yɛreka ho asɛm yi a, ɛnkyerɛ sɛ ɔrepaw ‘ɔkwan a ɔbɛfa so awu’ na mmom, ɔrepaw ɔkwan a ɔbɛfa so atra nkwa mu.”

Ɛsɛ sɛ gyinae a Asɛnnibea Kɛse no sii no ma nnuruyɛfo ani ba wɔn ho so sɛ wɔn tumi nkɔ akyiri pii sɛnea ebinom asusuw no. Na ɛsɛ sɛ ɛma ayaresabea pii nya abrabɔ fam nnyinasode ahorow. Ɛwom sɛ nnipa dodow no ara agye saa asɛnnibea gyinaesi yi atom na ɛyɛ nkuranhyɛ ma ayarefo a na wonni ano wɔ wɔn ayaresa mu no de, nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wofi koma nyinaa mu agye atom. Aban ayaresabea no ne nnuruyɛfo baasa no de asɛm no akɔdan Asɛnnibea Kunini no. Enti ɛsɛ sɛ yɛtwɛn hwɛ sɛ ebia Japan asɛnnibea a ɛsen biara no nso bɛfoa hokwan ahorow a ayarefo wɔ no so te sɛ Amansan hene no a.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mmara kwan so adwenkyerɛ bi a emu nna hɔ a ɔtemmufo tumi kyerɛ mu de di dwuma sɛnea ɔpɛ biara.

b Ná eyi yɛ Tokugawa bere so asase wuranom no nnyinasosɛm a na wɔde di wɔn nkoa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena