Ɔbenfo Bi Kyerɛ Bere Foforo a Wɔkyerɛw Bible Nsaano Nkyerɛwee Bi
Sɛnea Carsten Peter Thiede, Germanni a ne ho akokwaw yiye wɔ mmɛw krataa ho adesua mu kyerɛ no, adanse kɛse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔkyerɛw Mateo Asɛmpa ho mmɛw krataa asinasin abiɛsa (a wɔfrɛ no Magdalen Papyrus) no wɔ afeha a edi kan no mu.
Bere a Thiede de nkyerɛwee asinasin (a Mateo ti 26 fã bi wom) no totoo tete adwuma krataa bi a wokohui wɔ Egypt ho no, ohui sɛ Egypt krataa no sɛ “Magdalen Papyrus no te sɛ nea wɔkyerɛw boom—ne su ne sɛnea ne hwɛbea te ne sɛnea wɔahyehyɛ nkyerɛwde nkorɛnkorɛ no.” Thiede ne Matthew D’Ancona a ɔne no kyerɛw nhoma Eyewitness to Jesus—Amazing New Manuscript Evidence About the Origin of the Gospels no ka wom sɛ sɛnea nkyerɛwee abien no di nsɛ no kyerɛ sɛ wɔkyerɛw no bere koro mu. Bere bɛn? Wɔkyerɛw adwuma krataa no “‘Wɔ Ɔhempɔn Nero afe a ɛto so 12, Epeiph 30’—a ɛyɛ July 24, 66 [Y.B.] wɔ yɛn kalenda so.”
Ɔbenfo Philip W. Comfort ka wɔ asɛm bi a wotintim baa Tyndale Bulletin mu no mu sɛ: “Sɛ da a wɔde ama yi yɛ nokware a, ɛnde na ɛho hia paa, efisɛ ɛkyerɛ sɛ Mateo Asɛmpa no ho nsaano nkyerɛwee bi a wɔyɛɛ no afeha koro no ara a wɔkyerɛwee mu wɔ hɔ.” Ɛbɛkyerɛ nso sɛ Magdalen Papyrus no ne Asɛmpa ho nkyerɛwee a akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ.
[Kratafa 29 mfonini]
“Magdalen Papyrus” no kɛse ankasa
[Asɛm Fibea]
By permission of the President and Fellows of Magdalen College, Oxford