Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 12/15 kr. 26-29
  • Trenee Ma Ɔman Bi So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Trenee Ma Ɔman Bi So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Fam Israel
  • Wiase no Betumi Ahu Nsonsonoe No
  • Nea Enti a Wotu Ebinom
  • Yehowa Trenee a Wogye Tom
  • Nya Yehowa Trenee Mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wudi Trenee Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Mpo Yehowa Nteɛso Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wɔtu Obi Fi Asafo no Mu a, Ɛkyerɛ Ɔdɔ—Adɛn Ntia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 12/15 kr. 26-29

Trenee Ma Ɔman Bi So

SƐ NSU tɔ toa so nna bi a, hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wobɛsɔre na wubehu sɛ owia ahyerɛn a amununkum nni wim! Asase so adwo fɔmm, na afei afifide betumi anyin ayɛ frɔmfrɔm. Yehowa Nyankopɔn de mfonini a ɛte saa yɛɛ trenee nniso ho nhyira horow ho mfatoho bere bi. Ɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid sɛ: “Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu. Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, bere a owia repue, sɛ anɔpa a amununkum nni hɔ, sɛ owia gyigye ne osutɔ nti wura fifi fam.”—2 Samuel 23:3, 4.

Onyankopɔn nsɛm baam wɔ Dawid ba, Ɔhene Salomo trenee nniso ase. Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Na Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-Seba, Salomo nna nyinaa.”—1 Ahene 4:25.

Na tete Israel yɛ Onyankopɔn man a wapaw. Ɔde ne mmara maa wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wodi n’asɛm so a, ɔbɛma wɔn so “akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so.” (Deuteronomium 28:1) Na ɛnyɛ Israel ankasa trenee, na mmom Yehowa trenee na ɛmaa wɔn so. Na ahyɛde a Onyankopɔn de maa wɔn no korɔn koraa sen amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mmara. Sɛ́ ɔman no, na wɔn nso wɔnyɛ pɛ te sɛ saa aman no nyinaa ara. Enti, Yehowa Mmara a ɛkorɔn no ne di a wodii so denneennen no na ɛma wɔmaa wɔn so sii amanaman so no. Bere a wodii Yehowa mmara so no, wonyaa n’anim dom ne nhyira. Ɔhene Salomo huu eyi wɔ ne nniso no mu. Otumi kae sɛ: “Trenee ma ɔman so, na,” ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ, “nkurɔfo ahohora ne bɔne.”—Mmebusɛm 14:34.

Nea ɛyɛ awerɛhow no, esiane asoɔden a Israel man no yɛe mpɛn pii nti, wɔbaa gyinabea a ɛba fam mu. Ɔman no anim guu ase. Eyi kowiee pow a wɔpow wɔn koraa na wɔpaw honhom fam man foforo mu.—Mateo 21:43.

Honhom Fam Israel

Wɔ Kristofo sodikuw no nhyiam bi ase wɔ Yerusalem no, Yakobo, a wɔwoo no sɛ Yudani no, fi honhom mu kae sɛ Onyankopɔn “kɔhwɛɛ amanaman no mu . . . paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din.” (Asomafo no Nnwuma 15:14) Ɔsomafo Paulo frɛɛ Kristofo man foforo yi sɛ “Nyankopɔn Israel.” (Galatifo 6:16) Ɛdefa wɔn frɛ no ho atirimpɔw ho no, Petro kyerɛwee sɛ: “Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.” (1 Petro 2:9) Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn no, na ɛsɛ sɛ wɔhyerɛn sɛ akanea wɔ wiase. Na Yehowa trenee bɛma wɔn so.—Filipifo 2:15.

Yebetumi de saa honhom fam Israelfo yi paw atoto dɛnkyɛmmo tu ho. Sɛ wotu abo a dɛnkyɛmmo wom ba soro a, ebia wobenya carat 1 (miligram 200) pɛ wɔ dɔte tɔn 3 biara mu. Ɔkwan a bere bi na wɔfa so yi adɛnkyɛmmo fi abo mu ne sɛ na wɔde nsu fra abo no na wohwie fa apon a srade wɔ so so. Adɛnkyɛmmo ntumi ne nsu nni afra nti, na etintim srade no mu ma nneɛma a wɔmpɛ no hohoro kɔ. Saa bere yi na efĩ wɔ adɛnkyɛmmo no ho. Nanso, sɛ wotwa so na wotwiw ho a, ɛho nyinaa hyerɛn.

Te sɛ adɛnkyɛmmo a entumi ne nsu nni afra a ɛnyɛ nneɛma a atwa ho ahyia no fã no, wɔate Yehowa nkurɔfo afi wiase no ho. (Yohane 17:16) Sɛ wɔba hann no mu nea edi kan a, ebia na wɔnhyerɛn. Nanso Yehowa Asɛm ne ne honhom ma wonya nipasu foforo wɔ wɔn mu, na wɔhyerɛn sɛ akanea wɔ wiase yi mu. Ɛyɛ Yehowa trenee na ama wɔn so na wɔda Ahenni nokware no hann a anuonyam wom no adi wɔ afã nyinaa no, na ɛnyɛ wɔn ankasa trenee ntia.

Nanso, efi afeha a edi kan Y.B. awiei hɔ no, ɔwae baa asafo no mu na enyaa nnipa bebree so tumi. Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no de wɔn ho bɔɔ wiase amanaman no, na wɔantumi anyɛ wɔn ho soronko wɔ wiase a atwa wɔn ho ahyia no mu.

Ɛnnɛ honhom fam Israelfo anokwafo bi anya Yehowa anim dom. Wɔatwe wɔn ho afi wiase no ho na wɔahohoro wɔn ho afi “ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.” (2 Korintofo 7:1) Wɔnam wɔn ho a wɔma ɛtew ne teɛ a wɔteɛ wɔ Yehowa anim so gyina ne trenee akyi. Eyi ama wɔakogyina gyinabea bi a ɛkorɔn a ɔdom wom wɔ wiase amanaman no so. Ɛdenam Ahenni no ho asɛmpa a wɔde nnamyɛ ka so no, nnipakuw kɛse a wofi amanaman mu aba Yehowa nkyɛn, na wɔabɛka ne nkurɔfo ho.—Adiyisɛm 7:9, 10.

Wiase no Betumi Ahu Nsonsonoe No

Ɛtɔ da bi a wiase atumfoɔ kamfo Onyankopɔn asomfo wɔ wɔn abrabɔ ho. Bere bi a atwam no, awɛmfo panyin a ɔwɔ Pretoria Adehwɛbea, South Africa, kaa Yehowa Adansefo a wofi mmusua nyinaa mu a wɔbɛyɛ wɔn afe afe nhyiam wɔ hɔ nneyɛe ho asɛm. Nea ɔkyerɛwee no bi ne sɛ: “Na obiara bu ade, wogu so yɛ saa, wɔkasa kyerɛ wɔn ho wɔn ho kama, su horow a wɔada no adi nna kakra a atwam ni—ne nyinaa di mo kuw no mufo su ho adanse, na ɛkyerɛ sɛ mo nyinaa bom tra sɛ abusua biako wɔ anigye mu.”

Ɛnyɛ nhyiam akɛse a ɛte saa ase nko na Yehowa nkurɔfo betumi ama ne man no trenee akɔ so, na mmom wɔ wɔn ankasa asetram nso. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no nsa kaa krataa bi fii ɔbea bi a ofi Johannesburg hɔ, na ɛka sɛ: “Dapɛn a etwaam no, mituu me kar a na me sika kotoku da atifi. Efi tɔe wɔ Jan Smuts Borɔn so, na mo asafo no muni bi, Owura R—, faa ɛne emu nneɛma no nyinaa, na ɔne me kasae wɔ telefon so de brɛɛ me. . . . M’ani sɔ saa nokwaredi a abɛyɛ ade a ɛho yɛ nã ɛnnɛ mmere yi no, na mekamfo mo asafo no sɛ mode nnyinasosɛm a mo nkurɔfo no di akyi asisi hɔ.”

Yiw, Yehowa trenee nnyinasosɛm a ne nkurɔfo di akyi no ama wɔayɛ soronko wɔ wiase no ho. Esiane sɛ eyinom da Yehowa trenee adi nti, ɛtwetwe komapafo ba Kristofo asafo no mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ade bi a ɛho tew na ɛyɛ kurennyenn bɛtwetwe obi. Sɛ nhwɛso no, bere bi, ɔhɔho bi baa Yehowa Adansefo asafo nhyiam bi ase wɔ Zurich, Switzerland, bɛkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ asafo no muni. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔatu ne nuabea wɔ ɔbrasɛe ho, na ɔde kaa ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɔ ahyehyɛde a “ɛmma abrabɔ bɔne ho kwan.” New Catholic Encyclopedia mpo gye tom sɛ wonim Yehowa Adansefo sɛ “nkurɔfo a wobu bra pa sen biara wɔ wiase no mu biako.”

Bere a trenee ma obi so no, bɔne betumi de ahohorabɔ aba din pa a obi wɔ so, titiriw sɛ bɔne a anibere wom bɛda adi wɔ mpɔtam hɔ a. Sɛ ɛtɔ mmere bi a animguase ba Kristofo asafo no so bere a emufo no bi kɔyɛ bɔne a anibere wom no. Sɛnea ntease wom no, asafo no mufo anokwafo no betumi abɔ asafo no din pa ho ban denam kyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔateɛ ɔbɔnefo no so wɔ ayamye mu, a nea ɛkyerɛ ne ɔkwan a ɛne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm hyia so. Sɛ obi kɔ so yɛ bɔne na onnu ne ho a, wobeyi no afi asafo no mu—wobetu no.—1 Korintofo 5:9-13.

Nea Enti a Wotu Ebinom

Ɛwom sɛ wotu nnipa mpempem pii fi Kristofo asafo no mu afe biara de, nanso wɔyɛ Adansefo a wɔreyɛ adu ɔpepem anum a wɔwɔ wiase nyinaa no mu fã ketewaa bi pɛ. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde Kristofo asafo no muni bi fa ɔkwan a emu yɛ den saa so? Bɔne ko a ɔyɛe no yɛ nneɛma a wogyina so yɛ saa no mu biako. Nanso ade a ɛho hia kɛse ne sɛ ebia ɔbɔnefo no anu ne ho ampa wɔ bɔne a anibere wom a wayɛ no ho. Sɛ wanu ne ho nokwarem, fi komam abɔ Yehowa mpae, asrɛ bɔne a wayɛ atia No no ho fafiri, na wahwehwɛ mmoa afi asafo no mu mmarima a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no hɔ a, ebia wɔbɛboa no ma wasan anya Onyankopɔn anim dom na wakɔ so atra asafo no mu.—Mmebusɛm 28:13; Yakobo 5:14, 15.

Sɛ abofra bi a ɔne n’agya wɔ abusuabɔ pa yɛ biribi a ɛma n’agya werɛ how a, ɛsɛ sɛ wɔn baanu yɛ ntɛm siesie saa abusuabɔ a ɛsom bo no. Saa ara na sɛ yehyira yɛn nkwa so ma Yehowa a, yɛne no nya abusuabɔ a ɛsom bo sen biara. Enti, sɛ yɛyɛ biribi a ɛma ne werɛ how a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ntɛm hwehwɛ sɛ yebesiesie abusuabɔ a ɛte saa a yɛne yɛn Soro Agya no wɔ no.

Nea ɛyɛ anigye no, ebinom a na wɔatu wɔn asusuw ɔba hohwini no mfatoho no ho. Ɛhɔ no wɔde Yehowa toto Agya a ɔwɔ dɔ a wayɛ krado sɛ obegye ɔdebɔneyɛfo bi a wanu ne ho asan aba ne nkyɛn ho, sɛ onii no sakra na ɔhwehwɛ Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri a. (Luka 15:11-24) Nokware ahonu a efi komam, ne dan a obi dan fi bɔne ho ne ɔkwan a ɔnam so san nya Yehowa dom ne Kristofo asafo no. Wɔakanyan nnebɔneyɛfo bi a afodi ama wɔn koma abubu ma wɔanu wɔn ho ma wɔatutu anammɔn asan aba Kristofo asafo a ɔdɔ wom no mu. Enti wɔabenya Yehowa nsɛm a ɛwɔ Yesaia 57:15 no ho anisɔ.

Sɛnea ɛbɛyɛ na Satan asiw nnipa bi kwan na wɔankɔ Yehowa hwɛ a ɔdɔ wom ase bio no, ɔbɛma ayɛ te sɛ nea wɔayɛ bɔne a wɔmfa mfiri. Nanso Kristo Yesu agyede afɔre no som bo sɛ ebetumi adi obiara a onu ne ho bɔne ho dwuma—yiw, “wiase nyinaa” bɔne a wonya fii awo mu mpo. (1 Yohane 2:1, 2) Bɔne biako a agyede no nni ho dwuma ne bɔne a wɔyɛ tia Onyankopɔn honhom kronkron, a ɛno yɛ atua a wɔboapa tew tia Onyankopɔn honhom dwumadi, te sɛ bɔne a anibere wom a Yuda Iskariot ne akyerɛwfo ne Farisifo bebree yɛe no.—Mateo 12:24, 31, 32; 23:13, 33; Yohane 17:12.

Yehowa Trenee a Wogye Tom

Efi bere a honhom fam Israelfo nyaa Yehowa anim dom bio wɔ 1919 no, wɔakɔ so akorɔn wɔ wiase a atwa wɔn ho ahyia no mu. Ɛnyɛ wɔn papayɛ nti na aba saa, na mmom esiane ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobedi Yehowa mmara ne ne gyinapɛn ahorow so no nti. Ne saa nti, Kristo “nguan foforo” ɔpepem pii ne honhom fam Israel abɛbɔ fekuw sɛ wɔn ayɔnkofo anokwafo. (Yohane 10:16) Saa nkurɔfo yi de anuonyam ne nidi brɛ Yehowa wɔ wiase a aman afi Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow ho koraa mu. Ɛte sɛ nea South Africa nsɛmma nhoma Personality, kae bere bi sɛ: “Ɛte sɛ nea su pa ayɛ Yehowa Adansefo mu ma, na ɛkame ayɛ sɛ wɔade wɔn ho afi bɔne ho.”

Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ so akura saa gyinabea a ɛkorɔn yi mu wɔ wiase bɔne mu no, ehia sɛ Kristofo asafo no muni biara bɔ bra a ɛho tew, na ɛteɛ wɔ Yehowa anim. Wɔ Bible mu no, wɔde nneɛma a ɛho tew na ɛyɛ Yehowa soro ahyehyɛde no ho mfonini. Wohu no sɛ ɔbea hoɔfɛfo bi a ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase. (Adiyisɛm 12:1) Wɔka Yerusalem Foforo no ho asɛm sɛ kurow kronkron a ɛyɛ fɛ. (Adiyisɛm 21:2) Wɔmaa Kristo ayeforo no mufo anokwafo no “nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew.” (Adiyisɛm 19:8) Wohu nnipakuw kɛse no mufo sɛ ‘wɔhyehyɛ ntade fitaa.’ (Adiyisɛm 7:9) Ahyehyɛde a ɛho tew twetwe nkurɔfo a wɔdɔ trenee. Nea ɛne no bɔ abira no, Satan ahyehyɛde no ho ntew. Wɔyɛ ne nyamesom ahyehyɛde ho mfonini sɛ aguaman, na wɔka wɔn a wɔwɔ kurow kronkron no akyi ho asɛm sɛ wɔn a wɔn ho yɛ fĩ na wɔn ho ntew.—Adiyisɛm 17:1; 22:15.

Wɔde daa nkwa ahyɛ treneefo bɔ. Asafo a wogye Yehowa trenee tom no wɔ anidaso sɛ wobefi nhyehyɛe bɔne yi awiei mu aka. Onyankopɔn hyɛ bɔ wɔ Mmebusɛm 1:33 sɛ: “Nea otie me no bɛtra hɔ . . . na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.”

Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ, bere a Salomo Ɔkɛseɛ, Kristo Yesu, di saa wiase foforo no so trenee mu, wɔ Yehowa suro mu no! (2 Petro 3:13) Ɛbɛyɛ sɛ hann a ɛba anɔpa, bere a owia hyerɛn no, anɔpa a amununkum nni hɔ. Asase sofo nyinaa bɛtra ase dwoodwoo, obiara bɛtra n’ankasa bobe ne ne borɔdɔma ase, sɛnea yɛbɛka no no. Adesamma abusua a wɔteɛ bɛma asase so ayɛ fɛ, na ama agyina ne gyinabea a ɛfata wɔ amansan no mu ayi yɛn Nyankopɔn, Yehowa, ayɛ daa.—Mika 4:3, 4; hwɛ Yesaia 65:17-19, 25 nso.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena