“Mesom Bo Ma Yehowa!”
WƆ SAA “mmere a emu yɛ den” yi mu no, Yehowa nokware asomfo pii gyina nkate mu ɔko a ɛne sɛ, wɔnsom bo no ano. (2 Timoteo 3:1) Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ Satan “nnɛɛdɛe akwan” no biako ne sɛ ɔbɛma yɛate nka sɛ wɔnnɔ yɛn, yɛn Bɔfo no mpo saa ara! (Efesofo 6:11, NW ase hɔ asɛm) Sɛnea ɛfata no, April 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no kura nsɛm abien ma asafo adesua a ekura asɛmti “Wo Som Bo wɔ Onyankopɔn Ani So!” ne “Kanyan Afoforo Kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu—Ɔkwan Bɛn So?” Wosiesie saa nsɛm yi na akae yɛn sɛ Yehowa ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ ahorow no. Nea edidi so yi yɛ anisɔ nsɛm a yɛn nsa kae no bi:
“Wɔ me mfe 27 sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, nsɛmma nhoma biara nkanyan me saa da. Misui bere a na mintumi nyɛ hwee no—saa nsɛm yi ma minyaa ahomeka ankasa. Afei mete nka sɛ Yehowa dɔ me yiye. Na ɛte sɛ nea wɔayi adesoa kɛse bi afi me mmati so.”—C. H.
“Mekenkanee saa nsɛmma nhoma yi mpɛn anan da koro. M’ani gyee ɔkwan a asɛm no kae sɛ wodii atoro kyerɛɛ wo, sɛ wogye di sɛ wonsom bo a. Mede saa nsɛm yi bedi dwuma bere a mekɔsra nguankuw no ne wɔ apon apon ano asɛnka mu.”—M. P.
“Satan abɔ mmɔden yiye wɔ ma a wama wɔn a wɔdɔ Yehowa no mpo ate nka sɛ wɔnsom bo na wɔnnɔ wɔn no mu. Sɛ́ ‘akoa nokwafo’ kuw no bɛkae yɛn sɛ Yehowa dɔ yɛn yiye na n’ani sɔ nneɛma nketewa a yɛyɛ ma no nyinaa no, yɛ nkuranhyɛ nsɛm a ɛsen biara no mu biako a makenkan pɛn. Nkate a mokaa ho asɛm wɔ nsɛm no mu no yɛ nea manya mfe pii ni. Mammu me ho sɛ mefata ma Yehowa dɔ, enti mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ pii wɔ ne som mu sɛ ɔkwan a ɛbɛma mafata ama saa ɔdɔ no. Nanso afɔdi ne aniwu na ɛkanyan me. Enti ɛmfa ho sɛ nnɔnhwerew ahe na mede yɛ ɔsom adwuma no, anaa nnipa baahe na meboa wɔn no, metee nka sɛ ɛnnɔɔso. Me sintɔ no nkutoo na mihui. Mprempren sɛ mifi ɔdɔ mu som Yehowa a, misusuw m’adwene mu sɛ ɔreserew na n’ani gye me ho. Eyi ma ɔdɔ a mewɔ ma no no yɛ kɛse na ɛma minya ɔpɛ sɛ mɛyɛ pii. Mprempren mete anigye kɛse nka fi me som a mede ma Yehowa no mu.”—R. M.
“Eyinom ne nea ɛsen biara koraa a wɔasiesie no yiye a ɛhyɛ den sen biara, yiw, ɛda nsow na ɛka yɛn koma a makenkan pɛn! Makenkan Ɔwɛn-Aban no mfe 55 ni, na nsɛm a etu mpɔn pii aba. Nanso eyi twa biribiara a yɛanya a yɛde bɛdwodwo akyinnyegye, ehu, ne osuro a ɛne sɛ ‘yɛnsom bo’ na ‘wɔnnɔ’ yɛn na nea yɛbɛyɛ biara ntumi mma ‘yɛmfata’ mma Yehowa dɔ no. Saa Ɔwɛn-Aban no kura honhom mu mmoa a yɛn nuanom no hia yiye. Ɛyɛ nea mabɔ me tirim sɛ mede bedi dwuma mpɛn pii bere a mekɔsrasra nguankuw no.”—F. K.
“Wɔ yɛn a yɛne bu a yemmu yɛn ho di aperepere anaa mpo yekyi yɛn ankasa ho no fam no, ebetumi ayɛ den yiye sɛ yebekura yɛn ahoɔden mu akɔ so wɔ nokware no mu. Saa asɛm yi daa nkate a emu dɔ ne ntease adi, na ɛte sɛ aduru a edwudwo yaw a edu komam tɔnn. Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ wokenkan nsɛm a ɛte saa wɔ Ɔwɛn-Aban no mu na akyinnye biara nni ho sɛ wohu sɛ Yehowa te yɛn ase! Yɛda mo ase sɛ mokae yɛn sɛ Yehowa mfa afobu, aniwu, anaa osuro na ekanyan ne nkurɔfo. Ɛwom mpo sɛ nea mitumi yɛ de boa asɛnka adwuma no so atew nnansa yi esiane sikasɛm mu ahokyere ne ɔyare a ɛrehaw yɛn abusua no de, nanso meda so ara nya anigye wɔ nea mitumi yɛ no mu. Mihu sɛ minya anigye pii wɔ ɔsom mu bere a mebɔ mmɔden sɛ mɛma ɔdɔ akanyan me no.”—D. M.
“Seesei ara na mekenkan ‘Wo Som Bo wɔ Onyankopɔn Ani So!’ Ɔfã biara maa m’ani taataa nusu. Mifi abusua a wonni dɔ mu. Wobuu me animtia, dii me ho fɛw, na wɔserew me. Enti, asetra mu mfiase pɛɛ na metee nka sɛ mensom bo. Meda so ara kura nkate a ɛhyɛ me so na ɛbrɛ me ase bere a ɔhaw bi to me no mu. Metee nka sɛ sɛnea ɛte no, madi nkogu, bere a mede som a mesom sɛ asafo mu panyin no too hɔ wɔ—Onyankopɔn, m’abusua, ne me nuanom a wɔwɔ asafo no mu no anim. Nkate a ɛte saa gye bere ansa na akɔ, nanso saa nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de yi aboa me ma makari pɛ kakra. Ama me ho asiane me.”—D. L.
“Meda mo ase wɔ asɛm ‘Wo Som Bo wɔ Onyankopɔn Ani So!’ Meyɛ katee dodo wɔ me ho na mete nka sɛ mensom bo, a ne nyinaa fi ayayade a mihyiae me mmofra bere mu no. Ɛyɛ papa ankasa sɛ yebu saa adwene a akyea yi sɛ ɛyɛ nnɛɛdɛɛ a efi Satan ankasa. Ebetumi asɛe ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔtra ase mpo. Ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden daa sɛ mɛko atia atoro a ɛne sɛ wɔnnɔ me no. Saa nsɛm yi kyerɛ pii sen nea ebia mubetumi ahu.”—C. F.
“Ɛnnɛ anuanom no gye adwene a ɛne sɛ Yehowa ani sɔ nneyɛe a ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛyɛ sen sɛ efi amemenemfe anaa ɔhyɛ mu no tom. Yehowa nipasu a ɛda ɔdɔ adi, ne nkurɔfo ankorankoro nsɛm a ehia no, ne pɛ mu a ofi yɛ wɔn mmoa no kanyan na ɛma ahotɔ. Ne saa nti, bere a yɛn nsa kaa asɛm ‘Wo Som Bo wɔ Yehowa Ani So!’ no, pii kyerɛɛ ho anisɔ. Ɛkame ayɛ sɛ ɛrebue kwan ama pii ne Yehowa ahyehyɛ abusuabɔ. Me ne me yere pɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ wɔ adwene ne nyansa a wɔda no adi wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a ɛba nnansa yi no ho. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛde nyansahyɛ ahorow yi bedi dwuma bere a yɛsra asafo ahorow no.”—Efi ɔhwɛfo kwantufo bi hɔ.
“Bɛyɛ mfe 30 ni a makenkan, nanso menkenkan biribiara a ɛhyɛ nkuran na ɛma denhyɛ saa. Kyerɛwnsɛm a tumi wom a wofi ahokokwaw mu de dii dwuma no aboa ama matu atoro a na mete nka me mu no na ama matumi abɛn Yehowa. Mefi afobu mu na asom Yehowa mfe pii ni. Nhomanim mu ntease ara kwa na na mewɔ wɔ agyede no ne Onyankopɔn dɔ ho. Meda mo ase wɔ mo nhumu ne mo nsɛm a ekura ntease no ho. Mehwɛ kwan sɛ mɛkenkan nea ɛte saa pii.”—M. S.
“Wɔ me mfe 29 a mede atra nokware no mu no nyinaa no, menkae bere a asɛm bi akanyan anisɔ ne nkate a ɛkɔ akyiri wɔ me mu saa. Ɛwom sɛ wɔtetee me wɔ abusua a wosusuw me ho mu de, nanso m’ani nnyee nkwa mu a mewɔ no ho da, na kampɛsɛ fata a mefata sɛ mɛsom Yehowa. Mekenkan saa nsɛm yi wiei no, mekotoo me nkotodwe anim na mede nusu daa Yehowa ase. Mɛkae saa asɛm yi daa. Mede adwene foforo bebu me ho efisɛ afei mate ase sɛ mesom bo ma Yehowa.”—D. B.