Hwɛ! Ahenni Asa a Ɛwɔ Niue
NIUE yɛ abosam supɔw ketewa a ɛwɔ Pacific Kesee Fam wɔ New Zealand kusuu fam apuei kilomita 2,160. Sɛnea akwantu ho nhomawa bi kyerɛ no, edin Niue no fi nsɛmfua abien, Niu, a ɛkyerɛ “kube dua,” ne e, a ɛkyerɛ “hu” anaa “hwɛ,” mu. Nhomawa no ka sɛ: “Atetesɛm kyerɛ sɛ Polynesiafo atubrafo a wodii kan baa hɔ no na wɔkaa saa nsɛm yi bere a woduu hɔ na wohuu kube nnua a ɛwɔ asase no so no.”
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Niue no de anigye kɛse ka kyerɛ ahɔho sɛ, “E! Fale he Kautu ha mautolu!” a ɛkyerɛ, “Hwɛ! Yɛn Ahenni Asa Ni!” Dɛn nti na wɔn ani gye saa asa yi ho kɛse saa? Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabiara nni wɔn Ahenni Asa ahorow ho agoru, titiriw sɛ wɔn ankasa na wosii a. Nanso sɛ́ wobesi Ahenni Asa wɔ supɔw a atew ne ho wɔ Pacific Kesee Fam po kakraa no mfinimfini no yɛ asɛm foforo koraa. Asɛm no ne sɛ, Niue kɛse nyinaa yɛ kilomita 260 pɛ, na nnipa 2,300 pɛ na wɔte supɔw no nyinaa so.
Ná nnipa a wobesi Ahenni Asa no ayɛ asɛm. Asafo biako a ɛwɔ Niue no wɔ Adansefo 32 pɛ. Nnwinnade titiriw a ebehia te sɛ lɔre, katapila, ne mfiri a wɔde ma nneɛma so nyinaa yɛ aban dea. Afei nso, ɛkame ayɛ sɛ na ebehia sɛ wɔde adansi ho nneɛma a ehia nyinaa—nnade, kɔnkrit ntayaa, nea wɔde bɔ dan so, anyinam mfiri ne adorobɛn ho nneɛma, akasam mfiri, ne nkongua—fi New Zealand fa po so hyɛn a ɛyɛ adwuma pɛnkoro adapɛn anum biara ba. Nea etwa to no, na supɔw no so abotan bɛma ɔdansi ayɛ den, na na ebehia sɛ wosi asa no na atumi agyina ɛhɔ ahum ano. Ɛyɛ adwuma a ɛnna fam mma obiara ankasa!
Nanso, na tebea yi yɛ soronko koraa. Ahenni Asa ne beae titiriw a Yehowa Adansefo som, na wɔde wɔn ani to Yehowa Nyankopɔn so ma ɔma wɔn akwankyerɛ ne mmoa. (Dwom 56:11; 127:1) Anuanom Kristofo a wɔwɔ New Zealand, a Niuefo asafo bi a ɛwɔ Auckland, mufo ka ho, bɛboaa Adansefo kuw ketewaa a ɛwɔ Niue no, na wofi koma nyinaa mu besoo wɔn mu ma wɔyɛɛ adansi adwuma no.
Wosi Gyinae sɛ Wobefi Ase
Wɔ beae bi a na wɔresi Ahenni Asa wɔ Rotorua, New Zealand no, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wobetumi akɔboa Niue adansi no wɔ June 1994. Anwonwasɛm ne sɛ, anuanom Kristofo mmarima ne mmea 200 tuu wɔn ho mae. Woyii eyinom mu nnipa 80, a wɔn mu bi yɛ duadwumfo, nnade ho adwumayɛfo, adorobɛn ho adwumayɛfo, adansobɔfo, wɔn a wɔkokwaw dan ho, wɔn a wɔka dan ho, anyinam mfiri ho adwumayɛfo, akasam mfiri ho animdefo, wɔn a wogu kɔnkrit, abantofo, ne adwumayɛfo foforo.
Anuanom no yɛɛ ho nhyehyɛe fii adwuma no ase, na wonyaa Yehowa mu ahotoso. Asafo mu mpanyimfo baanu a wɔwɔ Niue no biako a ɔyɛ ɛhɔ adwumawura, fii ase yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔde nneɛma a wohia nyinaa afi amannɔne aba. Wodii wimhyɛn akwantu ne atrae soronko bi ano maa amannɔne adwumayɛfo a wofi wɔn pɛ mu kae sɛ wɔn ankasa betua wɔn ho ka, na wɔhyɛɛ bere a wɔde besi dan no. Na wɔde nnafua 20 na ebewie adwuma no, efi March 4 kosi March 23, 1995, ɛda a wobehyira Ahenni Asa no so.
Adwuma no sohwɛfo a ofi New Zealand baa hɔ dapɛn biako ansa na nneɛma refi ase de bɛtotoo nneɛma yiye no kae sɛ: “Bere a edi kan a me yam hyehyee me yiye ne bere a mekɔhwɛɛ baabi a yɛbɛyɛ adwuma no. Asase no yɛ abotan nko ara. Ne fapem no tu kɛkɛ begye adapɛn abien.” Nanso na wabu nea ɛhɔ Adansefo no betumi ayɛ no adewa, ogye toom akyiri yi. Ɔkae sɛ: “Anuanom Niuefo no wɔ abotan ho nimdeɛ. Wonim botan no fã a ɛsɛ sɛ wɔbɔ na atumi apae akɛse.” Wɔde nnanu tuu fapem no wiei!
New Zealand Adansefo a wodii kan de wimhyɛn bae no duu hɔ March 4, na wɔyɛɛ kɔnkrit ho adwuma no. Bere a adwumayɛfo akuw baa nnidiso nnidiso no, wɔyeyɛɛ adwuma no afã horow wiei. Adwumayɛ nna no, ade a na wodi kan yɛ no anɔpa 7:00 ne da biara da Bible mu asɛm ho a wosusuw no bere tiaa mu. Nna bi wɔ hɔ a anuanom bi de nnɔnhwerew 12 yɛɛ adwuma wɔ wim tebea bɛyɛ 36° Celsius mu. Awiei koraa no, eduu March 23 no, na wɔatwa asase no so adua nhwiren wɔ so. Wɔkyerɛw sɛnkyerɛnne fɛfɛɛfɛ bi wɔ mango dua so de hyɛɛ dan no agyirae sɛ “Yehowa Adansefo Ahenni Asa.”
Biakoyɛ ne Ahɔhoyɛ Honhom
Ade titiriw a ɛmaa adwuma no kɔɔ so yiye ne boa a Niuefo boae no. Tebea no kanyan ɛhɔ nkuraasefo no ma wɔde aduan ne sika bɛkyɛe. Bebree faa asa a wɔresi no sɛ ɛyɛ wɔn adwuma. Aban mpanyimfo ne adwumawuranom yɛɛ wɔn mmoa boroo nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔde nnwinnade ne duadwumfo adwinnan bi mae. Po so hyɛn adwumakuw no mpo sesaa baabi a ne hyɛn no kɔ de hwɛ hui sɛ nneɛma a wohia no bɛba abedu hɔ wɔ bere ano.
Akyinnye biara nni ho sɛ ahɔho no ani sɔɔ Niue Adansefo a wɔne wɔn trae ne wɔn kyɛɛ wɔn ahode no adwumaden ne wɔn ahɔhoyɛ no. Ɔdansifo biako kae sɛ: “Anuanom mmea a wɔwɔ hɔ no bɔɔ mmɔden yiye.” Awia aduan hyehyew a anuanom mmea no noaa no da biara no pa ho a, na wɔyɛ anɔpaduan 6:30 biara. Na wɔn mu bi sɔre anɔpa 4:30 na ɛnoa aduan no. Ɔdansifo bi kae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ yɛte yiye wɔ Niue ha sen yɛn ankasa afie mu.”
Wɔ March 10 no, Niue Star kaa adeyɛ no ho asɛm wɔ anim asɛm a eti asɛm ne sɛ “Ahenni Asa a Edi Kan Wɔ Niue” mu, na na New Zealandfo ne Niuefo a wɔreyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea hɔ mfonini ka ho. Ɛbɔɔ amanneɛ sɛ asa no kɛse bɛyɛ mita 280, na ɛbɛfa nnipa 70 kosi 100. Asɛm no de kaa ho sɛ: “Ɛyɛ ade a wobetumi awie adwuma no wɔ [adapɛn] abien mu, nanso sɛnea ɛte yi de ɛbɛkyɛ asen saa. Nnanu pɛ a wofii adwuma no ase yi, wɔato nhyɛase no, asisi adum ayeyɛ adampare de nnua abobɔ so, a na ne bere nnui.”
Adwumawura bi a ɔte hɔ kae sɛ anka ɛsɛ sɛ Niue Supɔw no sofo nyinaa bɛhwɛ adwuma no na wosua biribi fi mu. Ɔkae sɛ ɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛma obiara ahu nea ɔdɔ ne biakoyɛ betumi ama wɔayɛ.
Nnipadɔm 204 na wɔbaa dan so hyira dwumadi no. Ade a ɛkaa obiara a ɔbae koma ne dwumadi titiriw bi a Niue anuanom mmarima, mmea, ne mmofra, yɛe de nnwonto ne asaw yɛɛ Ahenni Asa no si ho mfonini. Wɔde aseda maa adwumayɛfo kuw no ne Yehowa, a ne honhom kaa nnipa adwene, wɔn koma, ne wɔn nsa ma wɔyɛe no.—Yesaia 40:28-31.