Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 6/15 kr. 4-6
  • Wiase Foforo No​—Paradise A Wɔasan Anya!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Foforo No​—Paradise A Wɔasan Anya!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔhwere Paradise
  • Wɔasan Anya Paradise
  • Wiase Foforo no​—Ɛyɛ Soronko Ampa!
  • So Wopɛ?
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Wubetumi Anya Daakye A Ɛyɛ Anigye!
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Wɔhyɛ Asetra Pa Ho Bɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 6/15 kr. 4-6

Wiase Foforo No​—Paradise A Wɔasan Anya!

AWAREFO bi a wɔaware foforo nyaa ofi fɛfɛ bi​—prama kɛse bi a nhwiren, nnomaa, ne mmoa ayɛ no ma. Na ɛyɛ Paradise, akyɛde a efi ayamye mu a wɔn Agya a ɔwɔ ɔdɔ de maa wɔn! So “wɔtraa ase anigye mu ɛno akyi”? Dabi. Ankyɛ na wɔhweree wɔn fie no. Nanso dɛn ntia?

Awarefo no hweree saa Paradise fie no efisɛ wɔankyerɛ nea na wɔn Agya no ayɛ ama wɔn no ho anisɔ. Nea enye koraa no, wɔyɛɛ asoɔden. Nea ɛbɛyɛ na wɔn Agya no asɔ wɔn mudi mu kura ahwɛ no, na waka akyerɛ wɔn sɛ wobetumi adi dua biara aba bi gye biako pɛ, nanso wofi atuatew mu yɛɛ asoɔden na wodii.​—Genesis 2:15-17; 3:6, 7)

Dɛn nti na wɔde asotwe a ɛte saa mae wɔ nea ɛte sɛ ɛyɛ bɔne ketewaa bi no ho no? Ebia mfatoho bi bɛboa ma yɛabua saa asemmisa no. Adetɔnbea wura bi fa adwuma sohwɛfo bi a ɔwɔ ahwehwɛde nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na owura no ahu sɛ obetumi de ne ho ato adwumayeni foforo no so nti no, ɔde nsafe nyinaa ma no nanso ɔka kyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ obue adaka biako bi ɔkwan biara so. Sɛ odwumayeni no yɛ saa a, obeyi no adi. Bere a aka adwuma sohwɛfo no nkutoo no, asɛmpɛ nya ne so nkɛntɛnso na obue adaka no. Owura no kyere no bere a ogu so bue no na oyi no adi.

Wɔhwere Paradise

Eyi fa awarefo a na wɔwaree nkyɛe no ho dɛn? Esiane sɛ wodii aduaba a wɔabara wɔn no nti, wɔn Agya no pamoo wɔn fi wɔn fie fɛfɛ no mu. Wɔ Eden Paradise no akyi no, awarefo no, Adam ne Hawa, kɔtoo nsɔe ne nnɛnkyɛnse. Sɛ́ anka wɔbɛyɛ pɛ no, afei de na wɔnyɛ pɛ. Na sɛ anka wɔbɛtra ase daa mmom no, wofii ase wuwui. Wɔde wɔn sintɔ, bɔne, ne owu no woo wɔn mma.​—Romafo 5:12.

Bere rekɔ so no, “[Yehowa] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii.” Enti, wɔ Noa nna no mu no, Onyankopɔn de Nsuyiri popaa asase no so. So adesamma bi nyaa nkwa? Baawɔtwe pɛ​—Noa ne ne mmabarima baasa ne wɔn yerenom baanan no. Wɔ ahosiesie ma nea wobetumi afrɛ no akwantu a wɔde kɔɔ wiase foforo bi mu no mu no, wotiee Onyankopɔn akwankyerɛ na wɔpam adaka kakraka bi a ebetumi afa wɔn, mmoa ahorow ahorow pii, ne nnuan a ɛdɔɔso. (Genesis 6:5-7, 13-22) Nsuyiri no popaa turo a Adam ne Hawa traa mu anigye mu no fii hɔ. Saa kwan no so na wɔhweree Paradise​—nanso na wɔnhweree no daa!

Wɔasan Anya Paradise

Mfehaha pii akyi no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro baa asase so sɛ ommegye adesamma mfi bɔne ne owu mu. Eyi ma etumi yɛɛ yiye sɛ wɔn a wobegye Yesu Kristo adi no benya daa nkwa. (Yohane 3:16) Yesu ka siei nso sɛ wɔbɛsan anya Paradise. Nokwarem no, bere a Yesu rewu wɔ amanehunu dua so no, ɔka kyerɛɛ nsɛmmɔnedifo bi a na wɔabɔ no asɛndua mu wɔ ne nkyɛn sɛ: “Wobɛka me ho wɔ Paradise.”​—Luka 23:43.

Paradise a wɔbɛsan anya no bedi nea wɔtaa frɛ no wiase awiei a Yesu ka siei bere a n’asuafo bisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne?” no akyi. Mmuaema mu no, Yesu kyerɛe sɛ akodi, ɔkɔm, nsasewosow, ɔyaredɔm, amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso, ne wiase nyinaa Ahenni asɛnka ɔsatu bɛba. Eyinom ne sɛnkyerɛnne no mu nneɛma afoforo ada adi fi 1914. (Mateo 24:3-14) Ɛbɔ saa nhyehyɛe yi awiei ne Paradise a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ asase yi so ho nkae.

Wɔ nkɔmhyɛ koro no ara mu no, Yesu kae nso sɛ: “Munsua borɔdoma ho bɛ no: Sɛ n’abaa nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano! Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba ansa.” (Mateo 24:32-35) Bible nkɔmhyɛ afoforo nso da no adi sɛ Paradise a wɔbɛsan anya no abɛn pɛɛ, sɛ wiase foforo bi abɛn. Nanso ɛbɛyɛ te sɛ dɛn?

Wiase Foforo no​—Ɛyɛ Soronko Ampa!

Onyankopɔn Ahenni besi nnɛyi nniso horow ananmu. (Daniel 2:44) Obiara benya atɛntrenee ne daa asomdwoe wɔ Yesu Kristo, “asomdwoe hene” no Ahenni nniso no ase. (Yesaia 9:6, 7) Esiane sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo ne amumɔyɛfo a mprempren wodi adesamma so no nti, “teefo” a wɔdɔ asomdwoe nkutoo na wɔbɛka. (Mmebusɛm 2:21, 22; Adiyisɛm 19:11-21; 16:14-16) Yiw, wɔn a wobenya nkwa no bɛyɛ nnipa a wodwo na wɔdɔ asomdwoe. Ahotɔ bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi!

Mmusua ho adwenkyea ne nea ɛtete saa nyinaa befi hɔ wɔ wiase foforo no mu. Nokwarem no, nnipakuw kɛse bi adu akyiri dedaw wɔ nneɛma a ɛtete saa a wobedi so no mu. Wɔne henanom? Yehowa Adansefo. Na dɛn nti na wɔyɛ soronko saa no? Efisɛ wɔde nsiyɛ sua Bible no, wɔde di dwuma wɔn asetra mu, na wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho. (Yohane 13:34, 35; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Mprempren Adansefo no dodow du ɔpepem pii wiase nyinaa, nanso Bible no aka asie sɛ bere rekɔ so no, Yehowa asase so asomfo bɛyɛ “pii pa, a wontumi nkan wɔn a wofi aman, mmusuakuw, nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.”​—Adiyisɛm 7:9, The Jerusalem Bible.

Ɔko renkunkum adesamma bio. Wɔrensɛe sika ɔpepepem pii wɔ nuklea akode, akode afoforo, ne sraadi ho bio. Aman anidan, mmusua mu ntawntawdi, ne basabasayɛ nyinaa rentra hɔ. (Yesaia 2:4) Asraafo ntetee ne nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ asraafo to betwa, efisɛ ɛho renhia. Sɛ Onyankopɔn de akodi nyinaa ba awiei a ɛbɛyɛ anigye da dɛn ara!​—Dwom 46:8, 9.

Nokware asomdwoe bɛtra hɔ. Odwontofo no kae sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Dwom 37:10, 11.

Ɔkɔm befi hɔ ama aduan abu so. Wɔ mmeae pii no, nkuraasefo ahiafo ne nsɔe ne nnɛnkyɛnse, dɔte a enye, anhweatam a ɛreba, ɔpɛ, ne ntuntummɛ ntua a ɛsɛe ade redi asi mprempren. Wɔbɛma eyinom nyinaa agyae. (Yesaia 35:1, 6, 7) Dɛn na ebefi mu aba? Aduan a ɛbɛba pii! (Dwom 72:16) Bere a Yehowa ayi ɔkɔm ne sukɔm afi hɔ no, ɔbɛto “pon”!​—Yesaia 25:6.

Obiara benya adwuma a akatua wom mu anigye. Akomatɔyam bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi sɛ wobesisi adan, adua nnua a ɛsow aba, na wɔayeyɛ nturo! Na anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi sɛ wobɛtra wo borɔdoma nwini ase na woadi n’aba dɛdɛ no!​—Mika 4:4.

Wɔbɛma obiara ɔdan a eye sen biara. Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii tete mmeae a ɛhɔ yɛ fi ne asese a ɛwɔ nkurotia mu. Asetra a anigye nnim bɛn ara ni! Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika no, abibifo ɔpepem pii refi nkuraase, nanso mpɛn pii no ɛsɛ sɛ wɔtra dɔte adan a wɔde ɛfa anaa nkanyee abɔ so, ɛhɔ yɛ fĩ na wontumi nyɛ ade kokoam mu. Nanso, wɔ wiase foforo no mu no, nkurɔfo besisi adan pa atra mu.​—Yesaia 65:21, 22.

Akwahosan a ɛyɛ pɛ besi ɔyare ne nyarewa te sɛ AIDS a edi awu no ananmu. Odiyifo a honhom kaa no no ka siei sɛ obiara renka sɛ: “Magurow!” Bio nso, wɔ wiase foforo a abɛn no mu no, “afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”​—Yesaia 33:24; 35:5, 6.

Owu, nusu, ne ayiyɛ befi hɔ. (Adiyisɛm 21:4) Na ɔpepepem pii a wɔawuwu dedaw no nso ɛ? Bere a na Yesu yɛ onipa wɔ asase so no, onyanee nnipa pii fii awufo mu. Sɛ nhwɛso no, bere bi ohyiaa ayiyɛfo bi a na wodi aberante bi a na owui nkyɛe wɔ Nain kurow no mu no funu adaka akyi. Bere a Yesu kaa awerɛkyekyesɛm bi kyerɛɛ ɛna a ne ba awu a na ɔyɛ okunafo no akyi no, ɔkae sɛ: “Aberante, mise wo sɛ: Sɔre!” Na ɔsɔree! (Luka 7:11-17) Bere foforo no, Yesu maa awerɛhyem sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa . . . [befi] adi.” (Yohane 5:28, 29) Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nsoromma ne ɔsoro abɔde afoforo pepeankama no na obobɔ wɔn “din” frɛfrɛ wɔn nti, akyinnye biara nni ho sɛ adesamma ɔpepepem pii a wɔawuwu no nyan renyɛ asɛnnennen biara.​—Yesaia 40:26.

So Wopɛ?

Ná Yehowa Nyankopɔn mfitiase atirimpɔw ne sɛ adesamma renwu na mmom wobenya nneɛma pa a ofi ɔdɔ mu de ma no mu anigye daa. Enti wo de fa w’ani bu wiase foforo a mmusua a wɔwɔ anigye te mu no mu asetra mu nhyira horow no! Susuw ho hwɛ sɛ mmofra tumi ne mmoa a mprempren wɔn ho yɛ hu kɛse no di agoru. (Yesaia 11:6-9) Susuw asomdwoe, adan pa, adwuma a akatua wom, ne aduan a ebebu so nhyira horow no ho. Yiw, na susuw asase so paradise mu a wɔbɛtra daa no ho.

So wubetumi akɔ hɔ? Yiw, sɛ wunya Onyankopɔn Asɛm no mu nimdeɛ na woyɛ ho ade a. Yehowa Adansefo asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛboa wo ma wode wo gyidi asi Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a enni huammɔ no so. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ wɔbɛsan anya Paradise nnansa yi ara, efisɛ wiase foforo bi abɛn pɛɛ!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena