Wiase Foforo Bi Abɛn Pɛɛ!
SAA wiase yi wɔ ne owu yaw mu! So ɛno betumi ayɛ nokware ankasa? Wiɛ, susuw wiase tebea horow no ho yiye. Nuklea akode a ɛdɔɔso a ebetumi asɛe asase so nnipa nyinaa mpɛn pii wɔ hɔ. Amanko rekɔ so wɔ aman pii te sɛ Angola ne Mozambique so. Mmusua mu ntawntawdi wɔ South Africa, Sri Lanka, ne aman afoforo mu. Amumɔyɛsɛm ne ɔkɔm nso rekunkum nnipa wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so.
Na AIDS nsanyare no nso ɛ? South Africa atesɛm krataa Sunday Times a wotintim no October 25, 1987 mu no frɛɛ no “owu tuntum” na ɛkae sɛ: “Afei de Afrika Aids no ahude no ada adi: Wɔ aman bi mu no ennu 1994 mu no na nnipa du biara mu baasia awuwu.”
Ehu wɔ baabiara esiane tebea horow a ɛtete sɛɛ no nti. Sɛnea Harold C. Urey a onyaa Nobel akyɛde no kae mfe bi ni no: “Yebedi ehu, ada ehu mu, atra ehu mu na yɛawu ehu mu.” Nea ɛho hia no, Yesu Kristo a na ɔne odiyifo a ɔsen biara a watra asase so pɛn no ka siei sɛ wɔ wiase yi nna a edi akyiri mu no, “ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.”—Luka 21:26.
Nanso pii nsuro. Mmom no, wodi ahurusi. Dɛn ntia? Efisɛ wonim sɛ wiase nhyehyɛe yi (ɛnyɛ Asase okyinsoromma no) abɛn n’awiei, nanso wiase foforo bi abɛn pɛɛ. Ɔkwan bɛn so na wobetumi agye adi saa? Esiane Bible nkɔmhyɛ ahorow pii a anya mmamu nti.
Sɛ nhwɛso no, bere a wobisaa Yesu Kristo nea ɛbɛyɛ ne ba a waba ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne no, ɔkae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” Wiase Ko I pae gui 1914 mu. Ɛma wɔhweree nkwa kɛse sen bere biara a na aba pɛn besi saa bere no. Asraafo baahe na wowuwui? Bɛyɛ 9,000,000 wuwui, wɔ wɔn a wɔnyɛ asraafo ɔpepem pii akyi. Nanso Wiase Ko II no sɛee ade kɛse koraa, ekunkum nnipa 55,000,000! Yesu daa no adi sɛ ɔkɔm, nsasewosow, ɔyaredɔm, ne amumɔyɛ bɛka eyi nyinaa ho.—Mateo 24:7-13; Luka 21:10, 11.
Kristoni ɔsomafo Paulo nso kaa mprempren wiase tebea no ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!” (2 Timoteo 3:1-5) Paulo tumi kaa nnɛyi tebea ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ saa efisɛ Onyankopɔn na ɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛw saa nsɛm no.
Ɛdefa Yesu ankasa nsɛm a ɛfa awiei bere no ho ho no, ɔkae sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.” (Luka 21:31) Nnipa ɔpepem pii de Yesu mpaebɔ nhwɛso no di dwuma na wobisa sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra. (Mateo 6:9, 10) Nanso sɛ wobisa wɔn sɛ “Dɛn ankasa na saa Ahenni yi bɛyɛ?” a, wonnya mmuae biara. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔpepem pii a wɔde nsiyɛ sua Bible no ahu sɛ Ahenni no de wiase dedaw yi bɛba awiei na ɛde wiase foforo bi a ɛde nhyira horow a enni ano bɛbrɛ adesamma asi hɔ pintinn. Nanso ɔkwan bɛn so? Bere bɛn? Wiase Foforo bi
SAA wiase yi wɔ ne owu yaw mu! So ɛno betumi ayɛ nokware ankasa? Wiɛ, susuw wiase tebea horow no ho yiye. Nuklea akode a ɛdɔɔso a ebetumi asɛe asase so nnipa nyinaa mpɛn pii wɔ hɔ. Amanko rekɔ so wɔ aman pii te sɛ Angola ne Mozambique so. Mmusua mu ntawntawdi wɔ South Africa, Sri Lanka, ne aman afoforo mu. Amumɔyɛsɛm ne ɔkɔm nso rekunkum nnipa wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so.
Na AIDS nsanyare no nso ɛ? South Africa atesɛm krataa Sunday Times a wotintim no October 25, 1987 mu no frɛɛ no “owu tuntum” na ɛkae sɛ: “Afei de Afrika Aids no ahude no ada adi: Wɔ aman bi mu no ennu 1994 mu no na nnipa du biara mu baasia awuwu.”
Ehu wɔ baabiara esiane tebea horow a ɛtete sɛɛ no nti. Sɛnea Harold C. Urey a onyaa Nobel akyɛde no kae mfe bi ni no: “Yebedi ehu, ada ehu mu, atra ehu mu na yɛawu ehu mu.” Nea ɛho hia no, Yesu Kristo a na ɔne odiyifo a ɔsen biara a watra asase so pɛn no ka siei sɛ wɔ wiase yi nna a edi akyiri mu no, “ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.”—Luka 21:26.
Nanso pii nsuro. Mmom no, wodi ahurusi. Dɛn ntia? Efisɛ wonim sɛ wiase nhyehyɛe yi (ɛnyɛ Asase okyinsoromma no) abɛn n’awiei, nanso wiase foforo bi abɛn pɛɛ. Ɔkwan bɛn so na wobetumi agye adi saa? Esiane Bible nkɔmhyɛ ahorow pii a anya mmamu nti.
Sɛ nhwɛso no, bere a wobisaa Yesu Kristo nea ɛbɛyɛ ne ba a waba ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne no, ɔkae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” Wiase Ko I pae gui 1914 mu. Ɛma wɔhweree nkwa kɛse sen bere biara a na aba pɛn besi saa bere no. Asraafo baahe na wowuwui? Bɛyɛ 9,000,000 wuwui, wɔ wɔn a wɔnyɛ asraafo ɔpepem pii akyi. Nanso Wiase Ko II no sɛee ade kɛse koraa, ekunkum nnipa 55,000,000! Yesu daa no adi sɛ ɔkɔm, nsasewosow, ɔyaredɔm, ne amumɔyɛ bɛka eyi nyinaa ho.—Mateo 24:7-13; Luka 21:10, 11.
Kristoni ɔsomafo Paulo nso kaa mprempren wiase tebea no ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!” (2 Timoteo 3:1-5) Paulo tumi kaa nnɛyi tebea ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ saa efisɛ Onyankopɔn na ɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛw saa nsɛm no.
Ɛdefa Yesu ankasa nsɛm a ɛfa awiei bere no ho ho no, ɔkae sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.” (Luka 21:31) Nnipa ɔpepem pii de Yesu mpaebɔ nhwɛso no di dwuma na wobisa sɛ 0nyankopɔn Ahenni mmra. (Mateo 6:9, 10) Nanso sɛ wobisa wɔn sɛ “Dɛn ankasa na saa Ahenni yi bɛyɛ?” a, wonnya mmuae biara. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔpepem pii a wɔde nsiyɛ sua Bible no ahu sɛ Ahenni no de wiase dedaw yi bɛba awiei na ɛde wiase foforo bi a ɛde nhyira horow a enni ano bɛbrɛ adesamma asi hɔ pintinn. Nanso ɔkwan bɛn so? Bere bɛn?