Dɛn Na Ɔnokwafo A Wobɛyɛ No Kyerɛ?
ƆNOKWAFO a wobɛyɛ no kyerɛ sɛ wobedi nokware a worenni afoforo amim. Nokwaredi hwehwɛ sɛ wo ne afoforo bedi wɔ ɔkwan pa so—nokware mu, nidi mu na ɛnyɛ nnaadaa kwan so. Onipa nokwafo yɛ mudi mu kurafo. Esiane sɛ wotumi de ho to no so bere nyinaa nti, ɔrensisi ne yɔnko. Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ wɔne yɛn di wɔ saa kwan no so, ɛnte saa? Ɛnde so nokwaredi betumi ayɛ nea ne bere atwam da bi?
Kristoni hu nea enti a ɛsɛ sɛ obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ nokware somfo no yɛ ɔnokwafo wɔ nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ atifi hɔ no mu ntɛm ara. (Yohane 4:24) Ɔsom “[Yehowa], nokware Nyankopɔn” no. (Dwom 31:5; Tito 1:2) Ɛnde ntease wom sɛ “anokwafo” nkutoo na wɔfata sɛ wɔyɛ n’ananmusifo.—Exodus 18:21, New World Translation Reference Bible, asehɔ asɛm.
Nokwaredi nya yɛn asetra afã horow pii so tumi, enti ntease wom sɛ ɔsomafo Paulo kae sɛ: ‘Yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.’ Yɛbɛyɛ saa wɔ ɔkasa, adwuma, abusua mu nsɛm ne adwumayɛ mu, ne wɔ mmara biara a aban ahorow bɛhyɛ ama yɛn no ho dwumadi mu.—Hebrifo 13:18.
Wɔ Nea Yɛka Mu
Nkurɔfo nka nokware—wɔ akwan horow pii so—ɛwom sɛ wɔtaa bu no sɛ mfomso nni ho na eye de. Wodi atoro wɔ nnɔnhwerew a wɔde yɛ adwuma ho akontaabu mu, wɔma mmofra ka atosɛm ahorow kyerɛ nnipa a wɔba wɔn nkyɛn, wɔka nsɛm a enni mu kyerɛ ahobammɔ ho sika ho adwumayɛfo, wodi atoro sɛ wɔyare na amma wɔanyɛ adwuma, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi din a.
Ɛtɔ bere bi a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ obi foforo no. Esiane biribi nti, nnipa a wɔremfa wɔn ano nni atoro no te nka sɛ sɛ wɔka akatua a wonya na ama wɔatua ho tow anaasɛ wɔrehyehyɛ krataa ama ɔhye so adwumayɛfo wɔ amanaman ntam ɔhye so a, wɔte nka sɛ asɛm no yɛ soronko. Saa nsisi yi ka towtuafo nyinaa. So ɛno yɛ ɔyɔnko dɔ ankasa? Wɔ ɛno akyi no, so ɛnyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ ‘wɔmfa Kaesare de mma Kaesare’?—Luka 20:25; 10:27; hwɛ Romafo 13:1, 2, 7, 8 nso.
Ɛda adi sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua “nokware Nyankopɔn” no na ɛnyɛ “atoro agya” no wɔ nea yɛka mu. (Dwom 31:5; Yohane 8:44) Ebia nnipa a wɔmfa nnyinasosɛm nni dwuma bɛma wɔn ano ayɛ nta na ama wɔadaadaa afoforo. Nanso atoro a yedi kyerɛ yɛn yɔnko no nkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Wɔ ɛno akyi no, atorofo nni daakye ankasa biara.—Efesofo 4:25; Adiyisɛm 21:27; 22:15.
Wɔ Adwuma Mu
Da mũ adwuma pa a wɔbɛyɛ agye akatua no ye na Kyerɛwnsɛm no nso hwehwɛ saa. (Kolosefo 3:22-24) Nanso akorɔnfo a wowia bere mpempem pii wɔ hɔ a wɔsɛe adwuma no bere wɔ ahomegye a ɛkyɛ ho, wɔmma adwuma ntɛm nanso wɔpɔn ntɛm, wɔsɛe bere pii de siesie wɔn ho bere a wɔaba adwuma akyi, wɔde adwuma no telefon di dwuma bere a wɔmmaa wɔn kwan, na wɔde adwuma no bere yɛ wɔn ankasa nnwuma na wɔda mpo. Wɔn korɔnbɔ no ma obiara bɔ ka kɛse.
Nea ɛka adwuma mu korɔnbɔ ho ne nneɛma ne mfiri a wɔfa de yɛ wɔn ankasa adwuma. Ebinom ka sɛ eyi yɛ nea wɔde si akatua a ɛnnɔɔso ananmu, te sɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribi de tua adwumawura ɔyammɔnwenefo ka! Nanso sɛ obi fa biribi a ne wura anaasɛ adwumawura no nnim ho hwee anaa wamma no kwan a, ɛte sɛ korɔnbɔ ankasa.
Wɔ tebea ahorow yi nyinaa mu no, nokware Kristoni de afotu a efi honhom mu yi bedi dwuma: ‘Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.’—Efesofo 4:28; Asomafo no Nnwuma 20:35.
Nanso, sɛ w’adwumawura ka kyerɛ wo sɛ yɛ biribi a ɛnkyerɛ nokwaredi anaasɛ mmara mma ho kwan na sɛ ohunahuna wo sɛ sɛ woanyɛ a obeyi wo adi nso ɛ? Nhwɛso ahorow bi ni: Ma obi ntua afiri ho biribi a woamfa anhyɛ n’afiri no mu ho ka; fa aguade a ne bo nyɛ den a ɛnyɛ papa gu nnaka mu na ama adetɔfo no atua sika a ɛkɔ soro; kyerɛw “bo a wɔatew so” foforo gu aguade ho, bere a ne kan bo no te saa ara anaasɛ ɛba fam no. Adwumayɛfo pii bebu eyi sɛ adwumawura no asɛyɛde, na ɛnyɛ odwumayeni no de. Dɛn na Yehowa Adansefo ayɛ bere a wohyia tebea a ɛte saa no? Daryl J—ka sɛ:
“Bere a na mereyɛ adwuma sɛ ɔpanyin wɔ aduantɔbea no, adwuma no so mpanyimfo baa me nkyɛn na wɔka kyerɛɛ me sɛ memma mfaso no nyɛ kɛse a merento biribiara bo so. Nyansahyɛ ahorow a ebetumi ama mayɛ eyi ni: Menka sɛ nneɛma bi mu duru boro saa, na memfa nkrataa a wɔde firi nneɛma a ‘wɔde sisi nkurɔfo’ mma obi a ɔtɔn nneɛma ma yɛn no. Ɛyɛ nneɛma a wɔtaa yɛ nanso ɛnkyerɛ nokwaredi.”
Daryl ampene sɛ ɔbɛdaadaa afoforo. (Mmebusɛm 20:23) Adapɛn kakraa bi akyi no, woyii no adi. So na onni nyansa sɛ ɔmaa nea efii adwuma a ɔnyɛ no mu bae kaa n’abusua no? So onuu ne ho sɛ wadi nokware? Dabi, efisɛ bere a ne yɔnko Ɔdansefo bi tee nea aba no, ɔmaa no adwuma yɛe. Daryl ka sɛ: “Wɔ adapɛn abiɛsa rekɔ anan ntam no, na menam nneɛma a mede nokwaredi yɛ so tumi hwɛ me ho ne m’abusua bio. Mibu no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ Yehowa ahyira me wɔ me mudi mu a mikura maa no no ho.”
Wɔ ɔkwan foforo so no, wubetumi anya adwuma esiane sɛ woyɛ ɔnokwafo nti. Ahobammɔ ho sika adwuma a agye din wɔ amanaman so dwumayeni bi tuu aguadidan bi a emu adwuma rekɔ so yiye a ɛwɔ Toronto kesee fam no wura fo sɛ obetumi ama ne haw ahorow a ɛne korɔn a n’adwumayɛfo bɔ agyae denam Yehowa Adansefo a ɔbɛfa wɔn ma wɔayɛ adwuma ama no no so. Odwumayeni no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Bere a na mewɔ kurow foforo bi mu regye m’ahobammɔ ho sika ho ntetee no, mihui sɛ na aguadidan kɛse bi a ɛfa Yehowa Adansefo nkutoo ma wɔhyehyɛ nneɛma wom anadwo no ka wɔn a wɔyɛ adwuma ma wɔn no ho. Na adwumayɛfo afoforo ayeyɛ nneɛma a enye nanso na wɔn biribiara nyerae fi bere a wɔde nsafe no maa Adansefo no sɛ wɔmmɛhyehyɛ nneɛma wɔ bere a wɔapɔn akyi no.’
Akwan Afoforo a Wobɛfa So Adi Nokware
Sɛ obi rekɔbɔ bosea a, ɔtaa da ahobrɛase ne obu adi na ɔka awerɛhyem nsɛm a ɛkyerɛ sɛ obetua sika no na ɔde aseda ma wɔ mmoa a wanya no ho. Nanso sɛ bere du sɛ wotua sika no a, ebinom dan nnaadaafo. Nea wɔtaa hyɛ no nsow ne abufuw, ntawntawdi, nkurobɔ ahorow a ɛkyerɛ sɛ wɔhaw wɔn sɛ wommetua sika no na wɔka sɛ nea ɔde sika no fɛm wɔn no nni mmɔborohunu. Wɔ ɔdefɛmfo no ani so no, nea wabɔ no bosea no adan kakae! Nanso Bible no ka sɛ ‘ɔbɔnefo fɛm na ontua.’ (Dwom 37:21; Romafo 13:8) Eyi bɛyɛ nea ɛte saa titiriw bere a ɔdefɛmfo no mmɔ mmɔden biara sɛ obetua sika no kakraa bi mpo de ada no adi sɛ ɛsɛ sɛ wonya ne mu gyidi, na ebia ɔremmɔ mmɔden mpo sɛ ɔne nea ɔde sika no fɛm no no bedi nkitaho.
Wɔ abusua asetra mu no, wɔhwehwɛ nokwaredi wɔ nneɛma pii mu: Ɛsɛ sɛ nea ɔyɛ ti wɔ fie hɔ no di ne yere nokware wɔ akatua a onya ne sikasɛm mu; ɛsɛ sɛ ɔyere no di no nokware wɔ sɛnea ɔde abusua no sika tɔ nneɛma no mu; ɛho hia sɛ wɔn baanu no nyinaa yɛ mudi mu kurafo a nea ɛka ho ne nya a wɔne wɔn ho nkutoo na ebenya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa; eye sɛ mmofra no bedi nokware na wɔayɛ osetie wɔ wɔn fekubɔ, anigyede ho nsɛm mu na ɛne wɔn awofo apɛde a wɔaka ho asɛm ahyia.—Efesofo 5:33; 6:1-3.
Wɔ nea yɛaka no nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristoni ‘twe ne ho fi nea ɛnteɛ’—nnwuma ne aba bɔne a ɛka atorodi, nnaadaa, nsisi ne abrabɔ mu ɔporɔw ho no ho.—2 Timoteo 2:19; Romafo 2:21-24.
Akatua ne Mfaso Horow
Adepa ne afoforo a wɔne wɔn di nsɛm nokwarem no ma nokwaredi nya nkɔso. Ɛma wonya afoforo mu ahotoso na ɛno nso ma wonya su ne abusuabɔ pa. Nokwaredi nso ma obi nya asetra a ahotoso wom a ade ne ho afi ahobammɔ a ɛsɛe bere ne ahoɔden a adwemmɔne, adwenem naayɛ ne afoforo ho suro de ba no ho.—Fa toto Yesaia 35:8-10 ho.
Nokwaredi boa ma yenya ahonim pa, ade a ɛho hia sɛ yebetumi asɔ ani wɔ “ɔsom kronn a yɛde ma ɔteasefo Nyankopɔn no” mu a. (Hebrifo 9:14, NW; 1 Timoteo 1:19) Ɛmma biribi nhaw obi adwene na ɛma otumi da anadwo. Wubetumi akɔ afoforo anim a ɛrenhaw wo. Nokwaredi pam suro a wusuro sɛ wɔbɛkyere wo sɛ woayɛ bɔne bi. Wɔ ɔkwan yi so no yekura nidi ne obu a yɛwɔ ma yɛn ho no mu. Ɔkwan bɛn so na ɛno betumi ayɛ ade a ne bere atwam anaasɛ mfaso nni so?
Enti, akatua ne mfaso pii wɔ hɔ mprempren a yɛne afoforo nsa bɛka sɛ yɛyɛ anokwafo a. Nanso wɔ ne nyinaa mu no, ɛnyɛ sɛ nokwaredi yɛ nhyehyɛe a ɛsen biara ara kwa nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ anokwafo anaa esiane sɛ wɔde ahyɛde ama yɛn sɛ yɛnyɛ anokwafo nti, na mmom yɛdɔ yɛn Agya Yehowa nti. Yɛpɛ sɛ yekura abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne no wɔ no mu na yenya n’anim dom. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ anokwafo nso efisɛ yɛnam saayɛ so da ɔyɔnko dɔ adi. Enti sɛ yɛbɛka no tiawa a, nokware Kristoni a obi yɛ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ odi nokware.—Mateo 22:36-39.
Odwontofo no ka sɛ: “[Yehowa], hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu atra mu? Hena na ɔbɛtra wo bepɔw kronkron no so? Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware. . . ɔnyɛ ne yɔnko bɔne.” (Dwom 15:1-3) Sɛ yebu ɔbra pa sɛ Yehowa asomfo a, sɛ ɔde mprempren nhyehyɛe bɔne no ba awiei wɔ ɔkwan a ɛteɛ so na bere a “Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu” no, yɛbɛka wɔn a wobenya daa nhyira sɛ ‘nnipa a wɔakɔsoɛ’ no ho. Afei wɔremmu yɛn ntetekwaa!—Adiyisɛm 21:1-5.
[Adaka wɔ kratafa 5]
So Wubetumi Adi Wo Nokwaredi ho Nsɛnnennen ho Dwuma?
Wiase a yɛte mu no ma yehyia nsɛnnennen wɔ yɛn gyidi horow ne yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no ho. Wɔahyehyɛ wiase no sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi kan a yebedi wɔ biribiara mu bere a ɛma afoforo hwere biribi mpo no so dua.
So woda so ara kura adwene a ɛne sɛ nokwaredi ne nhyehyɛe a eye sen biara no? So wo gyidi yɛ den araa ma ɛbɛma woakɔ so adi nokware bere a nhyɛso ahorow ma wuhyia sɔhwɛ no? Sɛ nhwɛso no, dɛn na wobɛyɛ sɛ:
◻ Bere a wonyɛ adwuma asram pii no, wuhu sika pii a ebetumi atua ka a wo de na woanya bi a wode bɛto wo ho no?
◻ Wia a wobewiawia sukuu sɔhwɛ a ɛho hia no nkutoo ne ɔkwan a wobetumi afa so adi nkonim na akyerɛ sɛnea wo sikasɛm bɛyɛ daakye?
◻ Gye a wobegye wo atom sɛ nyansahufo no bɛhwehwɛ sɛ “wosakra” wo nhwehwɛmu no mu nsɛm mu na ama wɔatintim w’amanneɛbɔ no?
◻ Bere a wukodii akwamma wɔ ɔman foforo bi mu no, wotɔɔ biribi a ne bo yɛ den a sɛnea wotɔɔ no no ye nanso sɛ wode kyerɛ wɔ ɔhye so a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotua tow a ɛkɔ soro?
[Adaka wɔ kratafa 6]
Ɛnyɛ Nea Nneyɛe a Ɛkyerɛ Nokwaredi Bere Atwam
So nnipa da so ara dwen wɔn yɔnkonom ho? Yiw, ɛwom sɛ atesɛm nkrataa bɔ nneyɛe a ɛkyerɛ nokwaredi ho amanneɛ te sɛ nea ɛso bi mmae da ma enti ɛfata sɛ wɔka ho asɛm de.
Polisifo a wɔwɔ Fort Wayne, Indiana, U.S.A., bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa awifo denam TV a ne bo yɛ den a wɔde sii kar bi a wɔanto mu no mu no so. Wɔwɛnee adapɛn pii hwɛɛ nea ɛbɛba. “Nea yehui ne sɛ na nnipa twam wɔ kar no ho, wɔhwɛ mu na wohu TV no, wobue kar pon no, wɔto mu na wotwam kɔ.” Ɛdenam saayɛ so no wɔkyerɛɛ nokwaredi.
Canadafo atesɛm krataa nsɛmti ka sika pii a ɛyerae a wɔsan de bae esiane mfaso a ɛwɔ Bible nkyerɛkyerɛ so nti no ho asɛm:
“Samariani Pa amma ahomegye nna ansɛe.”—The Windsor Star
“Ɔnokwafo Pat san de $421 ba.”—The Spectator
“$983 a ɛyerae a wɔsan de bae ama oguadini asan anya gyidi.”—The Toronto Star
Wɔ nsɛm yi mu no, wɔn a wɔsan de sika a ɛyerae no bae no yɛ Yehowa Adansefo. Wɔ nea edi kan no mu no. Adansefo nkumaa baanu a na wɔreyɛ afie afie asɛnka huu sika kotoku bi na wɔde kɔmaa ɔbea bi. Ɔkae sɛ: “Misusuw sɛ saa mmarimaa no nnɔɔso. . . . Wunim, ɛno ma wosan nya nnipa su mu gyidi bio.” Esiane sɛ na onni kurow no mu nti, na anka ɛbɛyɛ mmerɛw ama mmerante no sɛ wɔbɛfa sika no nanso wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ hwee. Na yɛreyɛ obi foforo yiye ara kwa.”
Na amanneɛbɔ a ɛto so abien no nso fa ɔkwantufo bi ho. Krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nanso sɔhwɛ no amma [nea ohui no] adwenem anyɛ no naa.” Nea ohui no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, “na yegye nokwaredi di denneennen ankasa.”
Wɔ asɛm a ɛto so abiɛsa no mu no, onipa a ne sika yerae no kae sɛ “na aka kakraa bi ma gyidi a ɔwɔ wɔ nnipa mu no asa.” Ɔdansefo a ohuu bag a wɔde krataa nnodowee ayɛ no kunu ka kyerɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo bi sɛ Bible a ɛkyerɛ wɔn kwan no na ɛma wɔyɛ saa: “Ɛno ma ɛyɛɛ mmerɛw maa me yere sɛ” ɔde sika no bɛba.
Wɔ asɛm foforo mu no. Adansefo baanu a na wɔreyɛ afie afie adwuma huu nhoma kotoku bi a obi adwuma akatua wom. Bere a wɔde kɔɔ Polisifo atrae no, ɔpanyin a na ɔwɔ hɔ saa bere no kae sɛ obiara mmfaa amanneɛbɔ mmae sɛ ne sika ayera. Ɔdansefo no de nyansahyɛ mae sɛ wɔmmɔ ho dawuru wɔ kurow no mu radio so. Polisini no ho dwiriw no. Ɔkae sɛ: “Morebɔ mmɔden biara de sika no asan ama ne wura. Moyɛ ɔsom bɛn mufo?” Bere a Ɔdansefo no buae no, polisifo panyin no kae sɛ: “Misusuwii saa efisɛ mo nkutoo na moyɛ anokwafo a mobɛbɔ mmɔden saa.”
Bere a Yehowa Adansefo mu biako, W. K. rekɔ afie afie no, ohyiaa adesrɛ soronko bi. Ofiewura no ne ne yere yare denneennen nanso na ɛsɛ sɛ wɔde sika bi kɔ sikakorabea saa da no. Wobisae sɛ ebia ɔdansefo no bɛkɔ anaa. Bere a ɔpenee so no. wɔde $2,000 maa no sɛ ɔmfa nkɔ sikakorabea. Bere a ofii sikakorabea hɔ san bae no, obisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na mubetumi agye me adi bere a munnim me no?” Mmuae no ne sɛ: “Yenim, na obiara nim sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wobetumi agye wɔn adi.”
Ɛwom sɛ ɛda adi sɛ wɔ Yehowa Adansefo akyi no, wobetumi ahu nnipa anokwafo wɔ nsase nyinaa so de, nanso ɛte sɛ nea wɔnnɔɔso a ɛbɛma wɔahu wɔn titiriw. Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ mfaso ne nneɛma pa fi Bible nkyerɛkyerɛ a ɛde ma wɔ nokwaredi ho no mu ba.