So Nokwaredi Yɛ Nea Ne Bere Atwam?
NOKWAREDI a wokura mu sɛ asetra kwan—so ɛyɛ nea ne bere atwam wɔ nnɛyi wiase yi mu a wɔpow sɛ enye anaasɛ mfaso biara nni so ankasa bio? Ɛte sɛ nea saa na ɛte. Susuw nhwɛso kakraa bi a ɛfa sɛnea nokware a wonni atrɛw, sɛnea egu ahorow, faako a atrɛw adu ne sɛnea abɛyɛ adesoa a emu yɛ duru kɛse no ho.
Wɔ nnansa yi mfe no mu no, wɔabu akontaa sɛ ka a nokware a wonni wɔ towtua mu ma wɔbɔ wɔ West Germany no yɛ (U.S.) dɔla ɔpepepem 10 afe biara, na wɔ Sweden no, ka a onipa biako biara ma wɔbɔ no yɛ (U.S.) dɔla 720 afe biara. Enti sɛ wote aman abien yi mu biako mu a, nokware a wonni ka tow ahorow a wutua no. Towtua mu nsisi abu so wɔ United States araa ma aban no hwere bɛyɛ dɔla ɔpepepem 100 afe biara. Susuw mmoa a anka saa sika no nyinaa betumi ayɛ wɔ aban no ka kɛse a ɔde no mu no ho! Afei nso, nnwuma ahorow a mmara mma ho kwan no sisi United States aban no dɔla ɔpepepem 10. Aguadidan mu nneɛma a wowia ne korɔn nketenkete wɔ United States ma aguadidan ahorow bɔ ka dɔla ɔpepepem 4 afe biara na ɛma nneɛma bo kɔ soro. Telefon ho ka a wobu ma obi foforo ma otua no ma Amerikafo bɔ ka dɔla ɔpepem biako afe biara.
Wɔ Canada no, “bere akorɔnfo,” wɔn a wɔsɛe bere wɔ adwuma ho ma wɔn adwumawuranom bɔ ka dɔla ɔpepepem 15 afe biara, “ɛdɔɔso sen ka a adwumayɛfo a wɔn nsa keka wɔn, wɔn a wodi sika, ahobammɔ ho sika mu amimdi, nneɛma a wɔhyɛ da sɛe no, nneɛma a wɔhyew ne nsɛmmɔne afoforo a wodi wɔ adwuma mu no mprensa.” Sɛnea 1986 nhwehwɛmu bi kyerɛ no, bere a wowia wɔ United States no yɛ dɔla ɔpepem 170 afe biara.
Nnwuma ahorow a wɔwɔ sika dɔla ɔpepem pii fi adifudepɛ mu wia wɔn ankasa aban sika. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nnwinade ne ho nneɛma a wɔtɔn no aboɔden ma wɔn no so: afiri ho ade bi a ɛyɛ sɛnt 12 a wɔtɔn de gye (U.S.) $9,606; radio ho ade a ɛyɛ sɛnt 67 de gye $814; rɔba bi a wɔde hyɛ akongua nan ase a ɛyɛ sɛnt 17 a wɔde gye $1,118. U.S. mmarahyɛ baguani bi kae sɛ “Woreka dɔla ɔpepepem pii” a aban no hwere “ho asɛm.”
Nea ɛka nea ɛwɔ atifi hɔ no ho no, nhwɛso bɔne a nnipa atitiriw yɛ a ɛwɔ baabiara no nhyɛ nokwaredi ho nkuran. Ebia sɛnea woahu no, akannifo a wɔwɔ nsase bi so di atoro, wɔtoto afoforo ano, wɔkata nnebɔne ahorow so, wɔkwati wɔn asɛyɛde—yiw, wokum amammuifo a wɔne wɔn nyɛ adwene na wɔma ɛda adi sɛ obi foforo na ɛsɛ sɛ wɔde asodi no to no so.
Enti so nokwaredi yɛ nea ne bere atwam? So ɛnna so nyɛ nhyehyɛe a eye sen biara bio? So nokwaredi ye esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yedi nokware nti? Sɛ wopɛ sɛ wobua nsemmisa yi a, asɛm a edi so no ho hia ma wo.