‘Asɛmpa no a Wɔka’ Denam Honam Fam Adwuma So
KUO TUNG a ɔyɛ abrante bi a ofi Hong Kong nyaa kɔlege adesua. Hsiu Ying a ɔyɛ ɛna bi a ɔwɔ Taiwan nyaa ayaresa a ohia kɛse no maa ne babarima a na ne yare mu yɛ den no. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ saa nsɛm abien yi a ɛte sɛ nea enni abusuabɔ biara yi mu?
Ná ɛnyɛ ade a anka Kuo Tung nsa betumi aka kɔlege adesua. Nanso ɛdenam asɔre a ɔwɔ mu no so no, onyaa hokwan no. Saa ara na na wobetumi anya aduruyɛ mu nimdeɛ a ɛkɔ anim a na Hsiu Ying babarima no hia no wɔ ayaresabea a ɛyɛ asɔre de nkutoo mu. Bio, ɛdenam asɔre no nkitahodi so no, wodii asɛnnennen no so.
Kuo Tung ne Hsiu Ying asɛm no nyɛ nea ebi ntaa nsisi. Wɔde nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no akɔ sukuu, ayaresabea, nyisaa nteteebea, ne ɔman ahyehyɛde ahorow a asɔre ahorow na wɔhwɛ so mu. Wɔ saa kwan yi so no, wɔn ankasa anya honam fam mfaso pii. Na eyi ama wɔn mu pii akɔdɔm asɔre ahorow no na ama emu nnipa no dodow akɔ soro.
Adeyɛ a Akyɛ Wɔ Abakɔsɛm Mu
Nokwarem no, sukuu ne ayaresabea ahorow a asɔre sisi nyɛ ade foforo. Nokwasɛm ne sɛ, efi mfiase a wɔde asɛmpatrɛwfo kɔɔ nea ebinom frɛ no sɛ abosonsomfo a wɔn tirim yɛ den nsase so no, wɔabu sukuu ne ayaresabea ahorow a wosisi no sɛ ɔkwan a eye sen biara a wɔnam so nya nsasesin afoforo na wɔde ama nnipa a wɔwɔ hɔ no anya wɔn mu ahotoso na wɔayɛ nnamfo nso.
Sɛ nhwɛso no, ɛrekyerɛkyerɛ tebea a na ɛwɔ India wɔ afeha 19 mfiase hɔ no mu no, nhoma Nineteen Centuries of Missions (1899) no se: “Ɛnyɛ sɛ asɛmpatrɛwfo no yɛ nsi wɔ asɛmpaka adwuma no mu nko, na mmom wɔyɛ adwumaden a wɔanya mu nkɔso nso wɔ nhomasua nnuruyɛ, ne zenana nnwuma mu nso.” Dɛn na efii mu bae? “Asɔre no mu biara wɔ ne sukuu ahorow a sukuufo no fi fie kɔ, nnwumayɛ sukuu ne sukuu a wɔma sukuufo no tra hɔ ahorow, ntoaso sukuu anaa kɔlege, ne ɛkame ayɛ sɛ wɔ ne nyinaa mu no, asɔfodi nteteebea nso.”
Ɛreka afã a aduruyɛ nyae wɔ “asɛmpatrɛw adwuma” mu ho asɛm no, nhoma no kɔ so sɛ: “Wogye oduruyɛfo no tom bere biara, na ahotɔ a wonya wɔ honam fam amanehunu bi mu no mma wonnya oduruyɛfo no mu ahotoso nko, na mmom nea ɛtaa di akyiri ba nso ne gyidi a wonya wɔ nyamesom a ɔka ho asɛm no mu. Ɛtaa ba sɛ esiane aduruyɛ mu ayaresa yi nti, nkuraa bi asefo nyinaa pow abosonsom na wogye Kristofo akwankyerɛ tom.”
Nea na ɛyɛ nokware wɔ India yi bɛyɛɛ nokware nso wɔ aman afoforo a wɔwɔ Apuei Fam Nohoa, South America ne Afrika no mu. Ná adwene a ɛne sɛ wɔbɛka asɛmpa no denam ɔman nnwuma so no afi ase denneennen. Europa ne Amerika asɛmpatrɛwfo akuw horow, Katolekfo ne Protestantfo nyinaa, de adwumayɛfo kɔɔ saa mmeae yi na wɔde wɔn asɔre horow sisii hɔ, a wɔn sukuu, ayaresabea ne ahyehyɛde afoforo ka ho. Eyinom mu pii tumi twetwee ɔmanfo no araa ma ankyɛ koraa na ɔman nnwuma a ɛte sɛɛ bɛyɛɛ amannɔne asɛmpatrɛw adwuma a asɔre no yɛ ho nhyehyɛe no fã titirw.
Wɔ mfe pii akyi no, saa ahyehyɛde ahorow a asɔre hwɛ so yi abenya gyinabea titiriw bi wɔ ɔmanfo no asetra mu. Wɔn sukuu ne sukuupɔn ahorow no taa yɛ nea agye din kɛse ne nea obiara hwehwɛ mu akɔ na ama woanya adesua a ɛkɔ anim. Mpɛn pii no, wɔn ayaresabea ahorow no na ɛwɔ nneɛma a eye sen biara ne nea aba so foforo. Na wɔ mmeae pii no, faako a asetra mu nsɛnnennen hyɛ nniso ahorow no so no, wogye wɔn tom, sɛ ɛnyɛ nea wɔhyɛ wɔn anuonyam mpo a.
Akyinnye biara nni ho sɛ nnwuma a wɔnam nhyehyɛe a ɛte saa so ayɛ no ama ɔmanfo a wɔsom wɔn wɔ saa kwan no so no anya yiyedi pii. Sukuu ne sukuupɔn ahorow a asɔre hwɛ so no ama adesuafo mpempem pii anya nhomasua a anka wɔrennya wɔ ɔkwan foforo biara so. Ayaresabea ne apɔwmuden nnwuma a ɛtete saa no de ahotɔ abrɛ nnipa pii a wɔtete nkuraase ne mmeae ahorow a anibuei nni no. Sɛ nhwɛso no, wonim Albert Schweitzer ne “Maame” Teresa ayamye nnwuma a wɔyɛe no yiye wɔ amanaman mu na wɔn baanu nyinaa anya Nobel asomdwoe akyɛde no bi.
Ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ obi bisa sɛ: So ɔmanfo asɛmpa no atumi adu ne botae no ho? So ama wɔn a wɔanya n’ayamye nnwuma horow no mu mfaso no abɛyɛ Kristofo ankasa? So ama nkurɔfo no anya gyidi ne nokware anidaso? Nea ehia kɛse mpo no, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: So eyi na na ɛwɔ Yesu adwenem bere a ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa’ no anaa?—Mateo 24:14, King James Version.