Honam Fam Ɔsom Adwuma—Sɛnea Ɛkã Nkurɔfo
BERE a Yesu Kristo de awi abodoo ne mpataa nketewa abien pɛ fii ase no, ɔnam anwonwa kwan so maa mmarima, mmea ne mmofra a wɔboro 5,000 aduan bɛyɛ Twam bere (March-April) wɔ afe 32 Y.B. mu. (Mateo 14:14-21; Yohane 6:1-13) Bere a nkurɔfo no huu tumi a Yesu wɔ no, wɔpɛe sɛ wɔde no si wɔn so hene. Ebia wɔtee nka sɛ obegye wɔn afi Romafo kɔndua no ase na ama wɔanya nkɔanim wɔ asetra mu. Dɛn na Yesu yɛe?
Sɛ anka Yesu bɛyɛ nea ɔmanfo no hwehwɛ no, “ɔtwee ne ho na ɔno nko ara kɔɔ bepɔw no so bio.” (Yohane 6:15) Nanso nnipakuw no ampa abaw. Ade kyee no wɔsan baa ne nkyɛn. Bere a Yesu huu wɔn adwene a ɛnteɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ sɛ muhuu sɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na mudii abodoo no bi na momee nti.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtra hɔ kɔ daa nkwa mu.”—Yohane 6:25-27.
Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Wɔ nneɛma afoforo mu no, ɛda no adi pefee sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde honam fam mfaso horow bɛtwetwe nkurɔfo adwene. Nanso, nokware anisɔ a wobenya ama honhom mu nneɛma—nneɛma a ɛsom bo a ɛtra hɔ daa—yɛ ade foforo koraa. Ɛnnɛ, sɛ́ wɔde honam fam nneɛma ho adwene bɛhwɛ ade no yɛ kɛse sen bere biara.
Tumi a Emu Yɛ Den a Honam Fam Ɔsom Adwuma No Wɔ
Wɔ nnipa a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu ani so no, Atɔe fam aman a wɔanya nkɔanim no gyina hɔ ma hokwan ne honam fam mfaso horow nyinaa a obi betumi ahwehwɛ—hokwan ahorow a wɔn nsa ntumi nka wɔ wɔn ankasa man mu. Wɔn ani bere wɔn yiyedi no, na wosuasua wɔn asetra kwan no. Ɛkame ayɛ sɛ wɔde hokwan a wobenya de asua nhoma akɔ akyiri no si sukuuni biara anim sɛ ɔkwan a wɔnam so nya nkɔanim ne nea wɔnam so di yiye.
Sɛ nhwɛso no, ɔpɛ a nnipa a wɔwɔ Apuei fam aman no mu wɔ sɛ wɔbɛyɛ biribiara a asɔre no hwehwɛ na ama wɔ nsa aka akyɛde ahorow no ama wɔde animtiaabu frɛ wɔn sɛ “ɛmo Kristofo.” Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow kɛse ne sɛ, sɛ ogye anaa mmoa nhyehyɛe no gyae a, na nnipa no anigye no nso asa. Ɛmo Kristofo no pii wɔ hɔ a sɛ ɛba saa a wonhu wɔn bio. Cantonfo mu no, wobu bɛ bi a wobetumi akyerɛ ase wɔ ɔkwan bi so te sɛɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase, nanso wiase no dɔ nufusu a wɔayɛ no siam.”
Ɛwom sɛ asɔreasɔre no pii nyɛ saa nhyehyɛe no bio, gye sɛ ebia amanehunu bere mu de, nanso nea esii tete no aka hɔ. Wɔ Apuei fam no, asɔre ne ayamye nhyehyɛe na ɛnam, na ntease koro pɛ nti a wɔkɔ asɔre ne sɛ wobegye, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛma. Wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔn ankasa yɛ biribi ma asɔre no. Sɛ nhwɛso no, wohu saa su yi wɔ ɔpɛ a wonni sɛ wobeyi ntoboa wɔ Bible nhoma ho no mu. efisɛ wɔ wɔn adwene mu no, ɛsɛ sɛ wɔde biribiara a asɔre bi ayɛ no ma kwa.
Wohu sɛnea wɔde asɔre no di dwuma de nya nea wɔpɛ no yiye wɔ nhomasua mu. Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no pii mu no, wobu Atɔe fam aman no kwan so nhomasua sɛ ɔkwan a ɛde kɔ kɛseyɛ ne yiyedi mu. Sɛnea nhwehwɛmu biako bi kyerɛ no, bere a India nyaa ahofadi fii Britania ase no, na ɔman mmarahyɛ baguafo no mu ɔha biara mu 85 akɔ “Kristofo sukuu ahorow.” Na sɛnea Konfusio adwenkyerɛ ahorow ka no, wɔ Apuei Fam Nohoa no, sɛ́ wubenya nhomasua pa no yɛ asetra mu botae a ɛkorɔn sen biara no biako. Sɛnea ɛte no, pii bu asɔre sukuu ahorow a wɔtaa de Atɔe famfo akwan ne gyinabea na edi dwuma wom no sɛ ɔkwan a wɔnam so benya nkɔanim. Esiane sɛ Apuei famfo awofonom pii a anka wodi atetesɛm akyi no wɔ anidaso sɛ wobenya kwan ama wɔn mma wɔ asɔre sukuu ahorow no mu na ebia wɔakɔ aburokyiri nti, wɔn ankasa de anigye kɔ asɔre na wɔhyɛ wɔn mma ma wɔyɛ saa.
Dɛn ne Aba a Asow?
Sɛ wɔde toto asɔre ahorow a ɛwɔ asɛmpatrɛwfo no kurom no ho a, nnipa kɔ asɛmpatrɛwfo asɔre no yiye. Wɔ saa kwan no so no wɔma nnipa pii hu asɔre no nkyerɛkyerɛ na wonya Kristosom ho adwene bi. Nanso so eyi a wɔma wohu no aboa ma wɔate Bible no ne ne nkrasɛm no ase? So ama wɔayɛ Kristofo ankasa, kyerɛ sɛ, Yesu Kristo akyidifo?
Fa Kuo Tung a ɔne aberante a yedii kan kaa ne ho asɛm no sɛ nhwɛso. Bere a wobisaa no sɛ afei de ogye Onyankopɔn di esiane sɛ wakɔ asɔre bere bi nti no, obuae sɛ: “Dabi. Wɔanka biribi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ho asɛm.” Nokwarem no, ogye toom sɛ ɔrentumi nka sɛ ne nnamfonom no mu bi gye di sɛ Onyankopɔn yɛ obi ankasa, ɛwom sɛ ɔne wɔn nyinaa na ɛkɔ asɔre de. Ose, wɔkɔe esiane hokwan a wobenya de asua Engiresi kasa ara kwa nti.
Aberante foforo nso a ɔkɔ kɔlege wɔ United States baa akwamma wɔ ne kurom. Bere a Yehowa Adansefo mu biako kɔɔ ne nkyɛn no, obisae sɛ ebia Adansefo no yɛ wɔn nhyiam ahorow no wɔ Engiresi kasa mu anaa. Dɛn ntia? Ose: “Na matumi akɔ so wɔ me Engiresi kasa no mu.” Bere a wɔkyerɛɛ aberante no sɛ wɔyɛ nhyiam horow no wɔ ɔman no kasa mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya mu mfaso honhom mu no ɔkae sɛ ɔbɛkɔ faako a wɔyɛ nhyiam no wɔ Engiresi kasa mu no mpɛn abien dapɛn biara no.
Wɔn a wɔabɛyɛ asɔremma ma wɔabɔ wɔn asu no mpo, nsakrae kakraa bi pɛ na wɔda no adi wɔ sɛnea wɔhwɛ ade no mu. Wɔn mu pii da so ara bata wɔn tete gyidi anaa nneyɛe ahorow no ho, a mpɛn pii no, wɔn asɔre no pene so, sɛ ɛnyɛ nea wonya wɔn nhyira mpo a. Wɔ China, sɛ nhwɛso no, wɔma Roman Katolek asɔre no mufo kwan ma wɔkɔ so som wɔn nananom a wɔawuwu, ɛwom sɛ wɔabara eyi wɔ mmeae afoforo de. Wɔtaa hu nneɛma a wɔakyerɛw a wɔde rehwehwɛ ɔpon nyame hɔ nhyira wɔ apon ano wɔ “Kristofo fi.” Na wɔ Okinawa no, wɔde ɔmanfo no anyame a wɔayeyɛ wɔn te sɛ mmoa sisi adan atifi na abɔ abusua no ho ban.
Na wɔn a wɔanya nhyehyɛe ahorow no mu mfaso no nso ɛ? Wɔ wɔn sika ne honam fam ahobammɔ a wɔanya no mu no, ɛnyɛ nea wɔntaa nte sɛ wɔka sɛ nnɛyi nsɛnnennen no ano aduru ne sɛ obi de ne ho bɛto n’ankasa so. Nea afi mu aba ne sɛ, wɔn mu pii tew wɔn ho fi asɔre mu biribiara ho koraa anaasɛ wɔayɛ bi koraa no, wogyina beae bi a nidi wɔ mu.
Asɔre ahorow no asɛmpatrɛwfo anya hokwan pa pii a wɔde bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no nea Bible ka. Nanso sɛ́ anka wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadi Yesu afotu sɛ “monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan, na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho” no so no, “eyinom nyinaa” no so dua na wosi mmom. (Mateo 6:33) Ɛdenam wɔn ɔman som nhyehyɛe no so no, wɔayɛ pii de aboa wɔ honam fam; nnuruyɛ mu ne nhomasua mu, nanso mfaso horow no yɛ nea ɛntra hɔ nkyɛ. Esiane sɛ ɛmma honhom mu nneɛma nti, nhyehyɛe ahorow a ɛtete saa no taa yɛ nea wɔde hyɛ wiase ade a ɛntra hɔ nkyɛ a wɔbɛpere anya ho nkuran.
Asɔre ahorow no fii ase sɛ wɔbɛka asɛmpa no. Nanso wɔ nhwɛso pii mu no, nea afi mu aba ne Atɔe famfo asetra kwan a ɛhwehwɛ honam fam nneɛma no a wɔma ɛkɔ so. Yiw, wɔasakra nnipa pii. Nanso sɛnea yɛahu no, eyinom mu dodow no ara dan kɔ wiase ne honam fam nneɛma so kɛse sen bere biara. Wɔ Yesu nna no mu no, ɔka faa nyamesom mu akannifo no ho sɛ: “Motwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni, na sɛ ɔyɛ a moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ankasa.” (Mateo 23:15) Esiane eyi nti, Kristoman mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛka asɛmpa no denam honam fam mmoa so no ankosi baabiara. Annu ahyɛde a Yesu Kristo de mae no ho hwee: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.