Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 2/1 kr. 3-4
  • Daakye A Ahotɔ Wom Abɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye A Ahotɔ Wom Abɛn!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Sɛnnahɔ Bi Wɔ Hɔ?
  • Asase Gye Abɛn
    Nyan!—1993
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Sɛnea “Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo” Fi Ase
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Nea Asase Wura No Bɛyɛ
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 2/1 kr. 3-4

So Wote Nka Sɛ Ɛbɛyɛ Nea Ahotɔ Wom?

Daakye A Ahotɔ Wom Abɛn!

“MOMMFA mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Saa afotu a emu da hɔ a wɔde mae bɛboro mfirihyia mpem abien a atwam ni no fata kɛse nnɛ mpo, bere a amansɛmdifo, abɔde ho nyansahufo, asɔfo ne asraafo mpanyimfo rebɔ mmɔden sɛ wobedi adesamma nsɛm a emu yɛ den ho dwuma no.

Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to “ahene” so? Efisɛ, ɛwom mpo sɛ ebia ɛbɛsono gyidi a wokura de, nanso asase yi ne adesamma daakye nni wɔn nsam. Bible no da no adi pefee sɛ: “Asase ne n’ade dodow yɛ [Yehowa] dea, wiase ne wɔn a wɔte mu wɔ no.” (Dwom 24:1) Yiw, asase no yɛ Yehowa dea, ɛyɛ ne nan ase ntiaso, nanso ɔde ama adesamma ma wɔde adi dwuma pa.​—Genesis 1:28; Yesaia 66:1.

So onipa ahwɛ asase a wɔde ama no sɛ ɔntra so no so yiye anaa? So wada ne ho adi sɛ ɔfata sɛ ɔkɔ so tra okyinsoromma fɛfɛ a ɛwɔ amansan yi mu no so anaa? Afide bebrebe a nnipa ayɛ wɔ asase so no di adanse pefee sɛ ontumi nyɛɛ saa. Wura ne efĩ a wogyaw wɔ mmɔnten so, wohwie gu nsubɔnten mu ne mpoano ahorow no di adanse pefee sɛ nnipa a wɔte asase so no pii mfata sɛ wɔtra so. Wɔn pɛsɛmenkominya nneyɛe no haw wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔtra asase a ɛso tew so no daakye ne wɔn ahotɔ.

Mprempren, dɛn na nnipa atumfoɔ yɛ bere a obi nhwɛ agyapade bi so yiye na ontua ɛho ka no? Wɔde no fa mmara kwan so yi no fi saa asase no so. So ɔsorosoroni Awurade Yehowa nni hokwan sɛ otu wɔn a wɔde asase yi daakye yiyedi to asiane mu no fi hɔ anaa? Yiw, ɔwɔ hokwan ankasa, efisɛ ɔno na “ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe . . . wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.”​—Yesaia 45:18.

So Sɛnnahɔ Bi Wɔ Hɔ?

Bere a Yehowa de Bɔhyɛ Asase no hokwan maa Israelfo no mfe 3,500 a atwam ni no, ɔde akwankyerɛ a emu da hɔ nso mae sɛ: “Monnyɛ saa nnhura asase a mote so no ho, efisɛ mogya no ara na ehura asase . . . no ho na munngu asase a mote so no ho fĩ.” (Numeri 35:33, 34) Tete Israel akyi no, adesamma abakɔsɛm wɔ eyi fam no nyɛ nea ɛfata. Wɔ mfehaha no mu no wɔde nnipa ɔpepem pii a wɔakunkum wɔn wɔ akodi mu, wɔ amammui ne nyamesom ntawntawdi ahorow mu no mogya agu asase yi ho fĩ, na yɛn afeha a ɛto so aduonu yi mu nnipa a wɔnam nsɛmmɔnedi ne yafunu a woyi gu so akunkum wɔn no nso abɛka ho.

Awiei koraa no tete Israel buu ani guu Yehowa mmara so na wonyaa ɛso akatua​—pam a wɔpam wɔn fii asase no so. Mmusua abien a wɔboom yɛɛ Yuda man no nso faa ɔkwan koro no ara so na ɛfatae sɛ wɔka wɔn anim sɛ: “Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no.” (Yesaia 24:5) Ne saa nti, wotuu wɔn fii asase no so mfirihyia aduɔson. Yehowa bɛyɛ ade koro no ara wɔ awo ntoatoaso a ɛretwam ntɛmntɛm yi mu.​—Luka 21:25-36.

Dɛn na Yehowa bɛyɛ? Bible no hyɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn tirim a wabɔ sɛ obeyi afide nyinaa afi amansan yi mu no abɛn. Ɛno ne Harmagedon ko a wɔaka ho asɛm asie bere tenteenten no. Ɛrenyɛ Demokrase ne Komunism ntam akodi. Wɔ Onyankopɔn fam no asɛm no korɔn sen adesamma amansɛmdi a nsɛmmɔnedi ahyɛ no ma no. Asɛm no fa tumi a Yehowa bedi no trenee mu wɔ asase so no ho. Wɔn a wɔsɔre tia no, “ahonhommɔne dɔm” ne adesamma a wogyina wɔn akyi no, susuw sɛ wobetumi akɔ so atra asase so na wɔasiw Onyankopɔn ho a ɔde begye mu ano. (Efesofo 6:12; Dwom 14:1-3) Harmagedon, Yehowa ɔsɛe atemmu no, beyi adesamma nyinaa a wohura okyinsoromma a ɛsom bo yi ho na wogu ho fĩ no nyinaa afi hɔ. Eyi a Yehowa bɛyɛ de atew asase ho no beyi “ahonhommɔne dɔm” a wɔakɛntɛn nnipa pɛsɛmenkominyafo a tumidi abɔ wɔn dam so no afi hɔ na abrɛ wɔn ase.​—Adiyisɛm 16:14, 16; 20:1-3.

Dɛn na ebedi Harmagedon akyi aba? Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo.” Ɛwom sɛ enyaa mmamu ketewaa bere a Yudafo no fii nnommumfa mu wɔ Babilon san baa Yerusalem wɔ 537 AYB mu no de, nanso afei na mmamu a etwa to na edi mu no reba. Kristoni somafo Petro sii daakye ho anidaso pa yi so dua bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” no. Saa nhyehyɛe foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no de daakye a ahotɔ wom bɛba ama adesamma anokwafo ne asoɔmmerɛfo.​—Yesaia 65:17; 2 Petro 3:13; Tito 1:2.

Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya saa daakye a ahotɔ wom wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo so ase no ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo, bɔ mmɔden hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ no, anaasɛ kyerɛw wɔn a wɔyɛ saa nsɛmma nhoma yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena