Akwankyerɛ A Ɛho Wɔ Mfaso Ma Mmofra
Your Youth—Getting the Best out of It
Wɔde nhoma Your Youth—Getting the Best out of It no ɔpepem dunwɔtwe amema wɔ mfe nsia a atwam yi mu. Dɛn ntia? Asɛm a n’akenkanfo no mu biako kae no ma yehu nea enti. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn mu dodow no ara hu sɛ mmofra hyia sɔhwɛ ne gyinaesi ahorow a emu yɛ den. Mpɛn pii no awofo nhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wonni nhoma bi a ebetumi akyerɛ wɔn kwan. Mawie nhoma, Youth, Getting the Best out of It, a Yehowa Adansefo yɛe, a ɛwɔ afotu pa pii ma nnipa a wɔkɔ asɔre horow nyinaa no kenkan. . . . Ɛnyɛ sɛ mereyi saa asɔre no ayɛ akwan horow nyinaa so, nanso sɛ wowɔ biribi pa a, migye di sɛ ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛma ɛho ba yɛn mfaso.”
Wo nsa betumi aka saa akwankyerɛ a ɛho wɔ mfaso, Your Youth—Getting the Best out of It, yi bi denam kratasin a ɛwɔ ase ha yi a wobɛhyehyɛ de amana no so.
Mesrɛ mo, momfa nhoma, Your Youth—Getting the Best out of It, a ekura nkratafa 192, no biako mmana me. Mede ¢5 ahyɛ mu.