Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 3/1 kr. 18-23
  • Mfirihyia Apem Ahene A Wonni Adedifo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfirihyia Apem Ahene A Wonni Adedifo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • ABUSUA BIAKO, ƆKASA BIAKO
  • WODI AMANAMAN NTAM ASOMDWOE SO
  • “DAWID AHENGUA SO NE N’AHENNI SO”
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 3/1 kr. 18-23

Mfirihyia Apem Ahene A Wonni Adedifo

1. Fi hena bere so reba na ada adi sɛ ahenni horow a nnipa ahyehyɛ nyɛ nea ɛma abotɔyam?

AHENNI HOROW a nnipa ahyehyɛ mfaa adesamma ahiade ahorow mmae. Anyɛ yiye koraa no efi afeha a ɛto so aduonu abien ansa na Yɛn Bere Yi reba, anaasɛ bɛboro mfirihyia 4,150 a atwam ni, na adesamma abusua no fii ase nyaa ahenni ahorow a nnipa ahyehyɛ. Onipa a odii kan dii hene no din de Nimrod, Noa a ɔpam adaka no nanankanso, na ɛda adi sɛ Nimrod yɛɛ n’ankasa ho hene, sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 10:8-12 kyerɛ no.

2. (a) Na Noa suban wɔ ahenni ho ne dɛn? (b) Nniso bɛn na nnipa dodow no ara ani gye ho titiriw nnɛ?

2 Noa, a ɔtraa ase huu Nimrod ahenni mfiase no, anyɛ no Babel (anaasɛ Babilon) hene. Noa anyɛ n’ankasa ho ɔhene mpo, na mmom ɔkɔɔ so yɛɛ agyapanyin a ɔyɛ ti ma adesamma abusua a na emu retrɛw no ara kwa. (Gen. 9:28, 29; 10:32 kosi 11:9) Ɛnnɛ, wɔ mmeae pii no, nkurɔfo mpɛ ahene ne adedifo a wofi mmusua pɔtee bi mu. Ɛda adi sɛ wɔpɛ nniso horow a wɔtow aba paw, te sɛ kwasafo ne demokrase nniso a ɛwɔ amampanyin a wɔapaw. Wɔ demokrase yi ase no ɛnkyɛ na nnipa no kyerɛ sɛ wɔmpɛ adedifo a wofi amanyɛ kuw biako mu titiriw no bio na wɔhwehwɛ nsakrae denam sodifo afoforo a wofi amanyɛ kuw foforo mu a wɔpaw wɔn so.

3. Hena na ahenni a nnipa ahyehyɛ afono no, na dɛn na ɔka kyerɛe bere a wɔde nnipa ahenni a edi kan sii hɔ no?

3 Ɛnyɛ nnipa nko na ahenni horow a nnipa ahyehyɛ a wɔn asefo adedifo ka ho no afono wɔn. Onyankopɔn nso saa ara. Nokwasɛm ni, Onyankopɔn mpɛ nniso horow a nnipa ahyehyɛ a ɛwɔ asase so no bio.a Sɛ nnipa da so pɛ wɔn a, Ɔno de ɔmpɛ. Nokwasɛm ni, ɛyɛ N’agyapade so (asase so) na nniso a nnipa ahyehyɛ adi tumi ɔkwammɔne so, anaasɛ wɔadi tumi a ɛmfata. Ɛno nti na Ɔma wɔkaa no faako a onipa a odi kan yɛɛ ne ho ɔhene no bedii tumi no, wɔ Babilon ankasa, sɛ wɔ N’ankasa ne bere a wapaw mu no ɔbɛsɛe nniso horow a nnipa ahyehyɛ no nyinaa na abue kwan ama ne Ba, Yesu Kristo mfirihyia apem ahenni no. Ɛdenam ne diyifo Daniel so no ɔka kyerɛɛ Nebukadnesar, Babilon hene no sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.”​—Dan. 2:44.

4, 5. (a) Henanom ne ahemfo a wodi adesamma so a Onyankopɔn dɔ wɔn? (b) Sɛnea ɔsomafo Yohane kyerɛ no, ɔdɔ a saa ahemfo no wɔ ma Onyankopɔn no ma wonya ɔdɔ ma henanom nso?

4 Esiane N’atirimpɔw yi nti, Ɔsorosoroni Nyankopɔn a ɔwɔ soro no mpɛ saa ahene no ne amammui atumfoɔ afoforo a wɔwɔ asase so no asɛm. Wɔn nso wɔnnɔ No, ɛwom mpo sɛ ebia wɔn mu bebree yɛ ahene ne amammui atumfoɔ wɔ nea wɔfrɛ no Kristoman mu de. Sɛ wɔdɔ No a, anka wɔbɛyɛ nea Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba, no ka kyerɛɛ n’akyidifo no: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan,” na anka wɔrenkura amammui dibea mu wɔ nniso a nnipa ahyehyɛ mu nnɛ. (Mat. 6:33) Ɛho hia yiye sɛ adesamma nya obi a ɔsoro Nyankopɔn no dɔ no ma odi wɔn so hene. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa nso wɔ ɔhene a ɔte saa no mfɛfo adedifo ho: adesamma yiyedi nti ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a Onyankopɔn dɔ wɔn. Ɛno nti na ɔbɛma wɔakɔ so adi hene. Na ɛno titiriw nti na wɔde ahenni hokwan maa wɔn. Wɔyɛ, na wɔbɛyɛ nokware teasefo Nyankopɔn koro no adɔfo. Eyi kyerɛ sɛ, wɔbɛyɛ nnipa a wɔte asase so no adɔfo nso. Wɔ saa asɛm yi ara ho no ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ:

5 “Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ? Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.”​—1 Yoh. 4:20, 21.

6. Ɔkwan bɛn so na pɛ a atumfo apɛ sɛ wonya ahye ne tumidi ahorow no akã adesamma?

6 Nnipa ahene ne amammui atumfo afoforo atwe wɔn man no ahye a ɛpaapae aman ne nkurɔfo mu no ɛho ninkunu. Amammui sodifo biara hwehwɛ sɛ odi n’ankasa n’asasesin so tumi, na ɔhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔwom no bedi no nokware. Wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no, wɔakyekyɛ asase no mu aman ne nsasesin bebree, a emu biara mu no wodi ɔman no so tumi, na eyi ntumi mmaa adesamma nyinaa a wɔbɛka wɔn abom no nyɛɛ yiye. Aman ntam akokoakoko akɔ so. Enti, afei, asemmisa bi a ɛyɛ anigye sɔre.

7. Ɛdefa ɔsoro nniso ma asase no ho no, dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw, na ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 14:1-5 da eyi adi?

7 Ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma Yesu Kristo nkutoo adi hene mfirihyia apem. Onyankopɔn dɔba no nkutoo rennyina hɔ sɛ ɔhene wɔ ɔsoro Bepɔw Sion, nea ahenni agua no si no. Na mmom sɛnea ɔsomafo Yohane ka kyerɛ yɛn no: “Mihui, na hwɛ, oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’agya din wɔn moma so no ka ne ho. . . . Na wɔtoo dwom foforo bi, ahengua no ne ateasefo baanan ne mpanyimfo no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan anan a wɔatɔ wɔn afi asase so no nko. Wɔn na wodi oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne oguammaa no, na wɔanhu atoro bi wɔ wɔn anom; na wonni dɛm.”​—Adi. 14:1-5.

8. Ɛdefa nsasesin mu dwumadi ahorow a wɔde hyehyɛ Ahenni adedifo 144,000 no nsa no ho, ne ɔkasa a wɔbɛka ho no, nsemmisa bɛn na ɛsɔre?

8 Esiane sɛ ahene adedifo 144,000 na wobedi asase so nti, so eyi kyerɛ sɛ wɔbɛkyekyɛ asase no mu nsasesin 144,000, a 144,000 no muni biara di asasesin biako so, a nnipa a wɔwom no som saa onii ko no sɛ ɔhene a ɔhyɛ Yesu Kristo Ti ne Ɔhene no ase? So asase sotefo a wɔbɛpaapae wɔn mu saa no remma ahye mma, ɛwom mpo sɛ aniwa nhu de, na so eyi remma mpaapaemu mmɛda wɔn a wɔtete asase so mmeae horow no ntam anaa? Afei nso, so wɔbɛpaw Ahenni ɔdedifo no mu bi a na anka ɔka China kasa no ma wadi faako a wɔn a wɔka China kasa no te no so, na Ahenni ɔdedifo a ɔka Russia kasa adi nnipa a wɔka Russia kasa so, na Ahenni ɔdedifo a ɔka Engiresi kasa adi wɔn a wɔka Engiresi kasa so, ne nea ɛkeka ho, sɛnea ɔkasa mu nkyekyemu ne kuw ahorow no te? So ɔkasa mu nkyekyem bɛkɔ so atra hɔ, na asiw ntease a ɛbɛba kwan?

9 (a) Hefo mu na wɔayiyi Ahenni adedifo 144,000 no afi, na ahyɛde bɛn a Yesu de mae na ɛne no hyia? (b) Ɛdefa wɔn kasa mu mpaapaemu ho no, asemmisa bɛn na ɛba?

9 Eyinom yɛ nsemmisa a ɛfata. Nanso wɔ eyi fam no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi sɛ Bible no nkyerɛ dwumadi ahorow a ɛyɛ ahemfo asɛyɛde a Yesu Kristo, Ɔhene ne Ti no, de bɛma wɔn a wɔbom yɛ 144,000 Kristo mfɛfo adedifo no. Bɛboro mfeha dunkron a atwam ni fi bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ wɔ 33 Y.B. mu no, wɔafa saa Kristo mfɛfo adedifo 144,000 yi afi aman, nkurɔfo ne mmusua a wɔka kasa horow mu. Yesu Kristo a wɔanyan no no ka kyerɛɛ n’akyidifo a na wɔaboa wɔn ho ano wɔ Galilea nna bi ansa na ɔreforo akɔ soro no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu.” (Mateo 28:19) So ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ wɔ ɔsoro, wɔ Ahenni anuonyam mu no, wɔnam kasa horow so bɛpaapae ahemfo ahokafo 144,000 no mu ma wɔabehia wɔn a wɔkyerɛ nsɛm ase anaa? Ɔsomafo Paulo kyerɛw “nnipa ne abɔfo tɛkrɛma” ho asɛm.​—1 Kor. 13:1.

10. Ɔkasa bɛn na 144,000 no bɛka wɔ ɔsoro, na dɛn na ɛba kasa a na wɔka kan wɔ asase so no so?

10 Akyinnye biara nni ho sɛ, 144,000 a wɔanyan wɔn na wɔahyɛ wɔn anuonyam no nyinaa bɛka ɔsoro kasa koro, ɔkasa a ɛyɛ akyɛde a wɔde ma wɔn bere a wɔde honhom nipadua foforo nyan wɔn fi awufo mu no. Eyi nkyerɛ sɛ wɔbɛpopa wɔn kan asase so ɔkasa no afi wɔn adwene mu. Dabi, efisɛ kasa a na wɔka no a wɔbɛkae no so na wɔnam behu wɔn ho sɛ wɔyɛ nnipa koro no ara. Nanso bere a wɔanyan wɔn kɔ ɔsoro no wɔbɛka Awurade Yesu Kristo kasa, na ɔno bɛka ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn kasa.

ABUSUA BIAKO, ƆKASA BIAKO

11. Wɔ mfirihyia apem ahenni no ase no, wɔbɛyɛ nnɛyi ɔkasa mu nyiyim a ɛwɔ asase so no dɛn, wɔ ɔkwan bɛn so, na dɛn ntia?

11 Saa nso na wobeyi nnɛ mmere yi asase so kasa horow no afi adesamma mu wɔ Kristo ne n’ahokafo ahemfo 144,000 mfirihyia apem ahenni no ase. Ná Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no ne sɛ nnipa abɔde a wɔka kasa koro, ɔkasa a na ɛyɛ wɔn asase so agya a odi kan, Adam a na ɔyɛ pɛ no kasa, bɛhyɛ so ma fɛfɛɛfɛ. Wɔ Eden turo no mu no adesamma abusua no fii ase kaa kasa koro. Nsuyiri a ɛbaa asase so wɔ Noa nna no mu akyi no, Onyankopɔn maa adesamma nyaa trenee mfiase foforo, a na wɔka kasa biako, ɔtreneeni Noa, a na ɔto so du wɔ Adam awo ntoatoaso mu no kasa. Saa kasa koro no traa hɔ kosii bere a wɔpɛe sɛ wɔto Babel Aban Tenten no

12. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so asakra nea ɔkasa mu basabasayɛ a ɔma ɛbae wɔ Babel Abantenten no ho de bae no?

12 Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no paapaee abantofo a na wɔayɛ biako a na wɔde wɔn mmɔdenbɔ reyɛ adwuma bɔne no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɔnam ɔkasa no a ɔyɛɛ no basabasa na enti ɔma wɔbɔ petee asase so sɛ ɔkasa akuw ahorow no so. (Gen. 11:1-9) Nea ɛne Ne mfitiase atirimpɔw hyia no, Onyankopɔn bɛma adesamma nyinaa asan abɛka abusua kasa koro, ɔkasa a Ɔde maa adesamma agya a odi kan no, nanso emu nsɛmfua dɔɔso koraa sen kan de no, a ebetumi aba sɛ ɔkasa afoforo a Onyankopɔn ma ɛbae bere a na wɔreto Babel Aban Tenten no mu nsɛmfua ahorow bi ka ho no.

13. Enti henanom na ɛde bere tiaa mu ɔkasa ho asɛnnennen bɛbrɛ wɔn, nanso mfaso horow bɛn na ebefi mu aba?

13 Wɔ wɔn a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba, a nnipa baawɔtwe a wonyaa nkwa wɔ Noa bere so nsuyiri no mu no ka ho no, eyi renyɛ asɛnkɛse biara mma wɔn wɔ wɔn wusɔre a wonya ba nkwa mu wɔ Onyankopɔn Mfirihyia Apem ahenni no mu no mu. Nanso wɔ adesamma fã kɛse no ara fam no, ɛbɛkyerɛ ɔkasa foforo a wobesua, ɔkasa a Onyankopɔn pɛ sɛ adesamma nyinaa ka no. Esiane ɔkasa ho akyerɛkyerɛfo pa a Ahenni no de wɔn bedi dwuma nti, ɛnsɛ sɛ eyi haw adwene kɛse. Wobetumi de kasa foforo no akyerɛkyerɛ nkokoa a wɔanyan wɔn no mpo afi mmofraase. Wɔ saa kwan yi so no wɔn nyinaa betumi ne wɔn ho wɔn ho adi nkitaho tee, a obiara te ɔfoforo kasa nyinaa ase. Nkabom bɛn na eyi de bɛba adesamma abusua no mu sɛɛ yi! Susuw sɛnea wɔn nyinaa betumi akan Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ho hwɛ,b sɛ obiara betumi akan ama ne ho, na wɔahu sɛnea ne nkɔmhyɛ ahorow no nyinaa abam ne sɛnea ekura abakɔsɛm a ɛyɛ nokware ho kyerɛwtohɔ besi odiyifo Malaki bere so! Ɛno na nnipa komapafo betumi aka sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo.”​—Rom. 3:4.

14. Ɔkwan bɛn so na wobeyi nnɛyi ɔman, abusua ne honam ani hwɛbea mu nyiyim afi hɔ ama wɔn a wonya afa wɔ owusɔre a edi kan no mu no?

14 Sɛnea ɛbɛyɛ wɔ ɔkasa mu akwanside no ho no, saa nso na ɛbɛyɛ wɔ nnɛyi akwanside ahorow a ɛwɔ hɔ esiane abusua, ɔman ne ɔkasa nti no ho. Wɔ Ahenni adedifo 144,000 a wonya “owusɔre a edi kan” no mu kyɛfa no fam no, akyiri yi akwanside ahorow no bɛyɛ nea atwam. Na saa akwanside ahorow no nyinaa fa ɔhonam nipadua no ho. Wɔn wusɔre no renyɛ honam nipadua a na wɔwɔ kan wɔ asase so ha no, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Anuanom, nea me [ɔsomafo Paulo] ka ne sɛ: Ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni, nso nea ɛporɔw no renni nea ɛmporɔw.” (1 Kor. 15:50) . “Na sɛ [Kristofo] yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de yennim no saa bio.” (2 Kor. 5:16) Wɔ “owusɔre a edi kan” no mu no Ahenni adedifo 144,000 no ba “honhom tebea mu,” ɛnyɛ ɔdesani tebea a ɔman, abusua ne honam ani hwɛbea mu nyiyim wɔ mu mu. (2 Pet. 1:4) Wɔn nyinaa bɛyɛ anuanom wɔ ɔsoro abusua soronko bi mu, Onyankopɔn mma: “Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo.” (Rom. 8:17) Enti biakoyɛ bɛba wɔn ntam esiane “honhom mu tebea” no nti.

15, 16. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakura biakoyɛ mu no, ɔkwan bɛn so na Ahenni adedifo 144,000 no di akwanside ahorow a ɛwɔ nnipa mu wɔ asase so no so nkonim? (b) Ade a Yesu srɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu maa wɔn bɛn na wokura mu?

15 Nanso, bere a na wɔwɔ asase so ɔhonam mu wɔ sɔhwɛ ase mpo no, saa Ahenni adedifo 144,000 yi amma ɔman, abusua ne honam ani hwɛbea mu nyinyim a ɛwɔ adesamma nyinaa mu no ampaapae wɔn mu. Wɔ ɔhonam mu de, wɔyɛ “amanaman nyinaa asuafo.” (Mat. 28:19) Nanso wɔyɛ Kristo asuafo kan, na wobu ɔman ne abusua a wofi mu anaa sɛnea wɔn honam ani hwɛbea te no sɛ nea ɛto so abien ara kwa. Sɛ́ wɔyɛ Kristo asuafo a wɔabɔ wɔn asu no ka wɔn bom asase so na ebunkam ɔhonam mu ne adesamma akwanside ahorow nyinaa so. Ɛno nti na wɔda wɔn ho adi na wɔtwe wɔn ho fi wiase yi mu ɔman, abusua ne honam ani hwɛbea ho ntawntawdi ho na wɔmmfa wɔn ho nnhyehyɛ amammui mu, kurow, ɔman anaasɛ amanaman ntam de mu no. Wɔde wɔn ho fam nea Yesu Kristo srɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu maa wɔn no ho:

16 “Me de, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea . . . Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. . . . Na mede anuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ biako, sɛnea yɛyɛ biako no. Mewɔ wɔn mu na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ biakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.”​—Yoh. 17:9-23.

WODI AMANAMAN NTAM ASOMDWOE SO

17. (a) Ɛdefa akodi ho no, ɔkwan bɛn so na 144,000 no nsuasuaa Kristoman mu nyamesomfo ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yudafo no? (b) Sɛ́ ɔsoro ahemfo no, ahyɛde a efi Kyerɛwnsɛm mu bɛn na wɔbɛhwɛ ma nnipa a wɔwɔ asase so adi so?

17 Ɛno nti na, wɔ asase so no, Ahenni adedifo 144,000 no nsuaa Roma Katolekfo a wɔde honam fam akode ko tia Roma Katolekfo, Ortodoks Asɔremma a wɔko tia Ortodoks Asɔremma, Protestantfo a wɔko tia Protestantfo ne ɔhonam fam Yudafo a wɔko tia ɔhonam fam Yudafo, esiane sɛ wɔte ɔman nniso horow a wɔde akodi a edi awu asi wɔn anim no mu nti. Wɔmfaa Asɛmpa no nyɛɛ asuafoyɛ adwuma no anaasɛ wɔmfaa Kyerɛw Kronkron no nkuraa wɔn nsa biako mu bere a nkrante anaasɛ etuo kura nsa biako mu. Ɛwom sɛ wofi aman ahorow so de, wɔadi nnyinasosɛm a wɔaka wɔ Yesaia 2:4 nkɔmhyɛ no mu no so: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw, ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi; na wɔrensua akodi bio!” Na sɛ wɔadi ɔsoro ahyɛde yi so bere a wɔn ankasa wɔ asase so no a, wɔde bedi dwuma bere a wɔabɛyɛ ahemfo wɔ asase so no, na wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔn a wodi wɔn so wɔ asase so no bedi ahyɛde koro no ara a ɛma asomdwoe no so.

18. Amanaman kuw foforo a wɔwɔ asase so bɛn na wɔredi ahyɛde yi so, sɛnea ɔsomafo Yohane hu siei no?

18 Sɛ́ nea ɛbɛba yi ho nhwɛso a ɛyɛ anigye no, nnipakuw kɛse a wofi aman horow so a mprempren wɔde wɔn ho abɔ Ahenni adedifo no nkaefo no ho na wɔredi ahyɛde koro no ara a ɛma asomdwoe no so wɔ hɔ. Ɛyɛ kuw soronko a wɔkaa wɔn ho asɛm siei sɛ wɔbɛboaboa wɔn ho ano saa bere yi wɔ wiase abakɔsɛm mu no, sɛnea ɔsomafo Yohane ka ho asɛm no, sɛ: “Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw, na wɔde nne kɛse teɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa [Yesu Kristo] no dea! . . . Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so.”​—Adi. 7:9-15

19. Nnipa a wɔne wɔn ho wɔn ho atra abusuabɔ bɛn mu dedaw wɔ asase so na wobefi Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ase, na asɛm a Petro ka kyerɛ wɔn a wɔdɔ nkwa tenten bɛn na wobedi so?

19 Esiane sɛ Onyankopɔn de n’ahobammɔ ntamadan kata “nnipakuw kɛse” yi a wɔwɔ hɔ nnɛ no so na ɔma wofi “ahohiahia kɛse” a abɛn no mu dwoodwoo nti, wɔn a wɔde anikan hyɛn Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu wɔ asase so no bɛyɛ amanaman nnipakuw a wɔwɔ asomdwoe. Aman a wɔpɛ akodi no befi hɔ saa bere no! “Nnipakuw kɛse” a wɔafi ahohiahia mu aka a wɔne wɔn ho wɔn ho anya asomdwoe dedaw na wɔbɛhyɛ adesamma abusua no ase wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu wɔ asase so. Esiane sɛ wɔdɔ daa nkwa nti, wɔbɛkɔ so ayɛ wɔn ade ma ɛne nsɛm a ɔsomafo Petro fa kae no ahyia: “Na nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, ma onyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm; ma onkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ma ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri.”​—1 Pet. 3:10, 11; Dw. 34:12-14.

20. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔama Bible nkɔmhyɛ bɛn a ɛfa ne ho aba mu nti na Kristo remma wɔnsɛe saa asomdwoe no? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo ahenni no bɛyɛ te sɛ Salomo de no?

20 Wɔ “ahohiahia kɛse” no ahum no akyi no, asase so asomdwoe a ɛte sɛ nyankontɔn bepue. Yehowa mfirihyia apem Hene, Oguammaa Yesu Kristo, remma kwan mma wɔnsɛe saa asomdwoe no. Sɛ wanyɛ saa a, ɔremma nkɔm a wofi tete hyɛ faa ne ho no mma mu: “Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn babanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyame otumfoɔ, Daa agya, Asomdwoe-hene; na wama n’ahenni mu atrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ akosi daa.​—Asafo Yehowa mmɔdenbɔ bɛyɛ eyi.” (Yes. 9:5, 6) Momma yɛnkae sɛ Yesu yɛ nea “ɔsen Salomo.” (Mat. 12:42) Ɔhene Salomo, Dawid ba, no mfirihyia aduanan ahenni no mu no, wohuu asomdwoe wɔ mu, nea na ɛne din Salomo, a asekyerɛ ne “Asomdwoeni” hyia no. Nanso, Yesu Kristo, bɛma mfirihyia apem asomdwoe atra hɔ.

“DAWID AHENGUA SO NE N’AHENNI SO”

21. Hena ahengua ne ahenni ho na wontumi ntew Asomdwoe Hene no ahenni anaasɛ n’asomdwoe no mfi?

21 Sɛ yɛkan Yesaia 9:5, 6 bio a, yehu sɛ Asomdwoe Hene no “ahenni” no bɛyɛ “Dawid ahengua ne n’ahenni so.” Yentumi ntew asomdwoe a enni awiei a wɔahyɛ ho bɔ yi mfi Dawid a odii hene wɔ mfe 1070-1037. A.Y.B. mu no ahengua ne ahenni ho. Ennyina Amerika ɔmampanyin anaasɛ Amanaman Nkabom nnipa ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra no so. Dɛn nti na eyi te saa?

22. Dɛn so na Yehowa mmɔdenbɔ nam bɛma saa nkɔmhyɛ no aba mu? (b) Ɛdefa ɔsom ho no, na Dawid yɛ onipa bɛn?

22 Esiane apam a etim hɔ daa anaasɛ ɔsoro bɔhyɛ a “Asafo Yehowa” ne ɔhene Dawid yɛe wɔ Yerusalem wɔ n’ahenni no mfiase hɔ no nti. Egyina dɛn so? Wiɛ, na Dawid nyɛ obi a ɔmpɛ nyamesom. Na ɔyɛ obi a n’ani gye Onyankopɔn som ho yiye, nanso na ɔnte sɛ aman a na wɔnyɛ Israelfo a na wɔpɛ ahonisom a na wɔwɔ ne bere so no. Wo ankasa wubetumi akan nnwom bebree a Dawid kyerɛwee a ɛwɔ Nnwom Nhoma no mu no, na wubehu sɛ na Dawid yɛ obi a ofi ne koma nyinaa mu som Yehowa, Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Wɔ ne nnwom a agye din no biako, Dwom 23, mu no, Dawid kae sɛ: “Yehowa ne me hwɛfo, hwee renhia me. Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa, na mɛsan makɔtra Yehowa ofi makyɛ yiye.” (Dwom 23:1, 6) Afei nso, wɔ Dwom 40:9, 10 mu no ɔkae sɛ: “Sɛ merebɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, ɛne nea mehwehwɛ, na wo mmara wɔ me komam. Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu, hwɛ, mammũa m’ano; Yehowa, wunim!”

23, 24. (a) Ɔde Onyankopɔn apam Adaka no baa Yerusalem bere bi akyi no, dɛn na Dawid pɛe sɛ ɔyɛ wɔ faako a ɔde besi ho? (b) Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Dawid wɔ adansi ho?

23 Ɔhene Dawid de Yerusalem yɛɛ n’ahenkurow asram bi akyi no, ɔma wɔde Apam Adaka kronkron, “Onyankopɔn adaka,” no baa Yerusalem na ɔde sii ntamadan bi a na ɛbɛn ahemfie hɔ no mu. Dawid huu nsonoe kɛse a ɛda ahemfie a ɔte mu, “kyeneduru dan,” no ne Yehowa Apam Adaka no de no ntam no. Awiei koraa no, osusuw asɔredan a edi mu a obesi ama Yehowa adaka no ho kyerɛɛ odiyifo Natan. (2 Sam. 7:1-3) Nanso Yehowa de n’asɛm kɔmaa Dawid sɛ:

24 “Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛse: nsi ofi mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim. Hwɛ, wɔbɛwo babarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoe nipa, na mɛma ne ho adwo no afi n’atamfo nyinaa ho ahyia; na Salomo [asomdwoeni] na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoe ne kommyɛ nso na mede mɛba Israel so, ne bere so; ɔno na obesi ofi ama me din.”​—1 Be. 22:8-10.

25. Ɔrekyerɛ sɛ n’ani asɔ no, ofi bɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obesi ama Dawid?

25 Ná eyi nkyerɛ sɛ Yehowa ani ansɔ ɔpɛ a na Dawid wɔ sɛ obesi asɔredan de ahyɛ Onyankopɔn din anuonyam no. Yehowa ani sɔe, na ɔrekyerɛ sɛ n’ani sɔ no, ɔyɛɛ apam anaasɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkyekye ofi ama Dawid, ɛnyɛ ofi ankasa a wɔbɛtra mu na mmom ahene a wobefi Dawid abusua mu aba. Wɔnam odiyifo Natan so de asɛm yi kɔmaa ɔhene Dawid: “Na Yehowa aka akyerɛ wo sɛ Yehowa na ɔbɛkyekye ofi ama wo. Na wo fi ne wo ahenni betim akosi daa, wo anim, wo ahengua besi pintinn akosi daa!”​—2 Sam. 7:11-16.

26. Wɔ aseda mu no, dɛn na Dawid kae wɔ Yehowa din ne N’atirimpɔw wɔ “ofi” no ho no ho?

26 Ɔnam aseda so regye ɔsoro apam yi atom no, Dawid kae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Na afei, Yehowa Nyankopɔn, asɛm a woaka wo akoa ne ne fi ho no, ma ennyina nkosi daa, na yɛ sɛnea woaka no. Na ma wo din nsõ nkosi daa [na wonse] sɛ: Asafo Yehowa ne Israel so Nyankopɔn; na ma wo akoa Dawid fi nsi wo anim pintinn! Na wo, asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, woayi wo akoa asiti sɛ: mɛkyekye ofi mama wo: enti na wo akoa ahu ne koma mu sɛ ɔde sɛɛ mpae yi rebɔ wo yi. Na afei, Awurade Yehowa, wo ara ne Nyankopɔn, na wo nsɛm bɛyɛ nokware, na woaka wo akoa asɛmpa yi: ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubehyira wo akoa ofi na ensi wo anim daa; na wo, Awurade Yehowa, na woaka, na wo nhyira mu na wobehyira wo akoa fi daa.”​—2 Sam. 7:25-29.

27. Sɛnea ɛbɛyɛ na wakyerɛ sɛ okura Ahenni apam a ɔne Dawid yɛe no mu no, dɛn na Yehowa nam Yesaia so kae, na akyiri yi ɔnam Hesekiel so ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia?

27 Ɔsorosoroni Awurade Yehowa buaa Dawid mpaebɔ no. Ɛno nti na, bɛboro mfirihyia ahasa akyi no, ɛdenam ne diyifo Yesaia so no, ɔkae sɛ asafo Yehowa mmɔdenbɔ na ɛde Asomdwoe Hene no ahenni no besi “Dawid ahengua ne n’ahenni so” pintinn na ɔbɛwowaw no “afi sesɛɛ de akosi daa.” (Yes. 9:5, 6, nky. 6, 7, Twi Bible foforo) Bɛboro mfe ɔha akyi, bere a na aka kakra ma wɔasɛe Dawid ahenni asefo a na wɔwɔ Yerusalem no, Yehowa kyerɛe sɛ na ɔda so ara kura ɔne Dawid Ahenni apam no mu denam ka a ɔkae sɛ nea ahenni no yɛ ne de no remfi Dawid fi no so. Ɔreka n’ankasa ho asɛm akyerɛ Sedekia, ɔhene a otwa to a ɔtraa Dawid ahengua so wɔ Yerusalem no, Yehowa nam ne diyifo Hesekiel so kasae na ɔkae sɛ: “Wɔayi abotiten no na wɔapɔn ahemmotri no; eyi nyɛ eyi; nea aberɛ ase no, wɔbɛma so, na nea ama so no bɛbere asɛ; nnanani, nnanani, nnanani na mɛdan no; na eyi nso rentra hɔ, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.”​—Hes. 21:31, 32; 21:25-27, Twi Bible foforo.

28. (a) Bere bɛn na wotuu Dawid fi ahenni no gui, na dwuma bɛn na Serubabel dii wɔ Yuda mfirihyia aduɔson akyi? (b) Nkɔm bɛn na Sakaria hyɛ faa Dawid fi a wɔbɛtew ho no ho?

28 Wotuu Dawid ahengua no gui bere a wɔsɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. mu, na wade Yudafo a wofii mu kae no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no. Mfirihyia aduɔson akyi no woyii Yudafo nkaefo bi a wosuro Nyankopɔn no fii Babilon sɛ wɔnsan nkɔ Yuda asase no so na wonkosi asɔrefi foforo wɔ faako a na kan asɔrefi a ɔhene Salomo sii wɔ Yerusalem no wɔ no. Wɔde Sealtiel ba Serubabel, Ɔhene Dawid aseni, sii hɔ sɛ Yerusalem ne Yuda amrado. Yehowa maa adiyifo Hagai ne Sakaria sɔree na wɔahyɛ Amrado Serubabel nkuran wɔ adwuma a na ɛfa asɔrefi a wobɛsan asi no ho no yɛ mu. Ɔrekyerɛ sɛ na ɔda so ara kura nokwaredi mu ma ɔne Dawid Ahenni apam no mu no, Yehowa de ne honhom kaa odiyifo Sakaria sɛ ɔnka sɛ: “Ɛda no so wobebue nsu aniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.”​—Sak. 13:1.

29. Bere bɛn na Yerusalem ne Yuda nyaa Edomni hene, na asemmisa a ɛfa Ahenni apam a wɔne Dawid yɛe no ho bɛn na ebetumi aba sɛ na ɛwɔ hɔ?

29 Bɛboro mfirihyia ahanan twaam na Palestina asase no bɛhyɛɛ Romafo ahemman no tumi ase. Ɛdenam Roma Aban Agyinatufo no paw a wɔpaw no so no, obi a ɔnyɛ Yudani, Edomni a wɔfrɛ no Herode ɔkɛseɛ, bɛyɛɛ Yerusalem ne Yudea mantam no so hene. Wɔ saa mfehaha yi nyinaa akyi no, so na Yehowa Nyankopɔn werɛ mfii daa ahenni, asomdwoe a na ɛremma awiei no ho apam a na ɔne Dawid ayɛ no? Ne nyinaa mu no, ná bɛboro mfirihyia apem abɛsen fi bere a Onyankopɔn yɛɛ saa apam no, na ɛde besi nnɛ no so apam no nyɛɛ dedaw, ne bere ntwaam, a biribiara nkyerɛ sɛ ɛda so wɔ hɔ esiane sɛ aba tebea bi a ɛte sɛnea atwam mu no nti? Ebia nnipa a wonni gyidi susuw saa. Nanso Onyankopɔn ɛ?

[Ase hɔ nsɛm]

a Fa toto Yes. 1:14; 7:13; 43:24 no.

b Nanso, eyi nkyerɛ sɛ wobetintim wiase nyinaa kasa koro wɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu na wɔakyerɛw no sɛnea nnɛyi Hebri nkyerɛwde no te. Ɛwom sɛ nnɛ, nhoma ahorow wɔ Hebri mu a wɔde Latin kasa mu nkyerɛwde a wɔde di dwuma wɔ Brɔfo kasa mu akyerɛw. Sɛ nhwɛso no, nhoma Taryag Millim a wotintimii wɔ South Africa 1949 mu; nhoma Avi, a ɛka obi asetra mu nsɛm a wotintimii wɔ Yerusalem 1927 mu, afei nso atesɛm krataa Deror no fã ahorow bi a wotintimii wɔ Tel Aviv 1933-1934 mu no.

April Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena