Me Nhoma A Ɛka Bible Mu Nsɛm
Nhoma fɛfɛ yi a wɔfrɛ no Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no de nimdeɛ a ɛte saa ma wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na emu da hɔ so. Efi bere a woyii no adi 1978 mu no wɔatintim ɔpepem 15 dedaw. Saa krataa a wɔde brɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no Ghana baa dwumadibea no da sɛnea nkurɔfo hwehwɛ akyi kwan no adi:
“Kristo-Mu-Adɔfo,
“‘ME NHOMA A ƐKA BIBLE MU NSƐM’ A MEPƐ ATƆ HO ABISADE
“Makenkan nhoma a wɔfrɛ no ‘Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm’ a m’adamfo bi de fɛm me no ma m’ani agye ho kɛse.
“Migye di sɛ sɛ m’ankasa minya nhoma fɛfɛ yi bi a, ɛnyɛ me mma nko na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ mede Onyankopɔn Asɛm bɛkyerɛkyerɛ wɔn, na mmom metumi aboa me fifo mmofra ma wɔanya Kristo ho mfitiase nimdeɛ.
“Sɛ mode nhoma yi biako bɛmana me na moakyerɛ me ne bo ma mabetua ka, anaa sɛ mubetumi akyerɛ me faako a menya bi a, anka mɛda Nyankopɔn ase pii. Anka mede sika no bɛmana mo tẽe, nanso minnim ne bo.
“Mewɔ anidaso sɛ mobɛboa me wɔ saa asɛm a ɛho hia yi mu.
“Mehwɛ kwan sɛ mɛte mo nka bere a ɛsɛ mu.
Mo-Adamfo-Kristo-Mu,
E. O. A ———.”
Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm yi bi no, kyerɛw